Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onipa Pa Nya Onyankopɔn Anim Anisɔ’

‘Onipa Pa Nya Onyankopɔn Anim Anisɔ’

‘Onipa Pa Nya Onyankopɔn Anim Anisɔ’

YEHOWA NYANKOPƆN na nkwa nyinaa fi no. (Dwom 36:9) Yiw, “ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.” (Asomafo no Nnwuma 17:28) Na so anisɔ nhyɛ yɛn koma ma bere a yesusuw nhyira a ɔde dom wɔn a wɔne no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den no ho no? Hwɛ, “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa.” (Romafo 6:23) Hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛhwehwɛ Yehowa anim anisɔ!

Odwontofo no ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘Onyankopɔn ma ɔdom.’ (Dwom 84:11) Nanso hena na Ɔde ma no? Ɛnnɛ nnipa taa gyina nhomasua, ahonyade, honam ani hwɛbea, abusua a obi fi mu, ne nneɛma foforo a ɛte saa so na ɛyɛ adom. Hena na Onyankopɔn dom no? Tete Israel hene Salomo bua sɛ: ‘Onipa pa nya Yehowa anim anisɔ, na onipa busuyɛfo de, obu no fɔ.’Mmebusɛm 12:2.

Ɛda adi sɛ, Yehowa ani gye onipa pa—onipa a ɔwɔ su pa—ho. Su pa ahorow a onipa pa wɔ no bi ne su te sɛ ahohyɛso, atɛntrenee, ahobrɛase, mmɔborohunu, ne anidahɔ. Ne nsusuwii yɛ trenee, ne nsɛm hyɛ nkuran, ne nnwuma teɛ na mfaso wɔ so. Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm ti 12 no fa a edi kan no kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ papayɛ nya yɛn da biara da asetra so nkɛntɛnso, na ɛkyerɛ mfaso horow a yenya fi saa su yi a yɛbɛda no adi no mu. Sɛ yesusuw nea wɔakyerɛw wɔ hɔ no ho a, ɛbɛma yɛanya ‘nhumu ayɛ papa.’ (Dwom 36:3) Emu afotu a nyansa wom a yɛde bedi dwuma no bɛboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn anim anisɔ.

Nteɛso Ho Hia

Salomo ka sɛ: “Nea ɔdɔ nteɛso dɔ nimdeɛ, na nea ɔtan animka yɛ aboa.” (Mmebusɛm 12:1) Onipa pa de anigye hwehwɛ nteɛso, esiane sɛ n’ankasa pɛ sɛ onya nkɔso nti. Ɔde afotu a onya wɔ Kristofo nhyiam ase anaa n’ankasa nkɔmmɔbɔ mu no di dwuma ntɛm. Nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ne Bible ho nhoma ahorow mu no te sɛ anantwikafo mpeaw a ɛkanyan no ma ɔfa ɔkwan a ɛteɛ so. Ɔhwehwɛ nimdeɛ na ɔde teɛ n’akwan. Yiw, nea ɔdɔ nteɛso no dɔ nimdeɛ nso.

Hwɛ sɛnea nteɛso ho hia ma nokware asomfo—titiriw ahohyɛso! Yebetumi anya ɔpɛ sɛ yɛn yam a anka yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a emu dɔ. Ebia yɛbɛpɛ sɛ yetu mpɔn kɛse wɔ Kristofo som adwuma no mu na yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ho akyerɛkyerɛfo pa. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Nanso egye ahohyɛso na ama ɔpɛ a ɛtete saa no atumi abam. Ahohyɛso nso ho hia wɔ asetra afã foforo. Sɛ nhwɛso no, nneɛma a wɔayeyɛ a wɔde kanyan akɔnnɔ bɔne no abu so nnɛ. So ɛnhwehwɛ sɛ yenya ahohyɛso na yɛamfa yɛn ani anhwɛ nneɛma a ɛmfata? Bio, esiane sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase” nti, ɔbrasɛe ho nsusuwii betumi afi ase wɔ yɛn adwenem. (Genesis 8:21) Ahohyɛso ho hia na yɛamfa yɛn adwene ansi nsusuwii a ɛte saa so.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nea ɔtan animka no ani nnye nteɛso anaa nimdeɛ ho. Esiane sɛ ogyae ne ho mu ma nnipa abɔnefo su sɛ ɔmpɛ animka nti, ogu n’ankasa anim ase te sɛ aboa a onnim nyansa—aboa—a onni abrabɔ ho gyinapɛn biara. Ɛsɛ sɛ yɛko tia saa nsusuwii yi denneennen.

“Ntini Renhim”

Nokwarem no, onipa pa rentumi nyɛ obi a ɔnteɛ anaa omumɔyɛfo. Enti adetreneeyɛ nso ho hia na ama obi anya Yehowa anim anisɔ. Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “Wo, [Yehowa, NW] wuhyira ɔtreneeni, wode anisɔ twa ne ho si sɛ ɔkyɛm.” (Dwom 5:12) Salomo de ɔtreneeni tebea toto ɔbɔnefo de ho na ɔka sɛ: “Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na treneefo ntini renhim.”Mmebusɛm 12:3.

Ɛbɛyɛ te sɛ nea abɔnefo redi yiye. Susuw odwontofo Asaf suahu no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Me de, anka me nan reyɛ aman, m’anammɔn rekame awatiriw.” Adɛn ntia? Asaf bua sɛ: “Metwee ahupoofo ho ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no.” (Dwom 73:2, 3) Nanso bere a ɔbaa Onyankopɔn asɔrefie kronkron mu hɔ no, obehui sɛ, nea ɛhɔ yɛ toro na na Yehowa de wɔn agyina. (Dwom 73:17, 18) Yiyedi biara a ɛte sɛ nea abɔnefo anya no yɛ bere tiaa mu de. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere wɔn?

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nea ɔwɔ Yehowa anim anisɔ no atim. Salomo de dua ntini a ɛyɛ den reyɛ ntotoho no, ɔkae sɛ: “Treneefo ntini renhim.” (Mmebusɛm 12:3) Dua kɛse a aniwa nhu ne ntini, te sɛ sequoia a ɛwɔ California no betumi atrɛw akodu hekta pii, na ebetumi agyina pintinn wɔ nsuyiri anaa ahum a ano yɛ den mu. Sequoia a ɛware paa betumi agyina asasewosow a ano yɛ den mpo ano.

Te sɛ ntini a ɛwɔ asase a nneɛma pa wom mu no, ehia sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn koma bɔre hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu kɔ akyiri na yenya emu nsu a ɛma nkwa no mu ahoɔden. Sɛ yɛyɛ saa a yɛn gyidi betim na ayɛ den, na yɛn anidaso atim. (Hebrifo 6:19) Yɛrenyɛ wɔn a “[atoro] ɔkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba.” (Efesofo 4:14) Nokwarem no, yɛbɛte sɔhwɛ a emu yɛ den nka na ebi mpo a wɔ ahohia bere mu no ehu bɛka yɛn. Nanso yɛn ‘ntini renhim.’

“Ɔyepa Yɛ Ne Kunu Abotiri”

Nnipa pii nim asɛm a wɔka yi sɛ, “Ɔbarima biara a esi no yiye no na ɔbea pa taa n’akyi.” Salomo retwe adwene asi ɔbea a ɔyɛ ɔboafo ho mfaso so no, ɔkae sɛ: “Ɔyepa yɛ ne kunu abotiri, na nea ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 12:4) Asɛmfua “pa” bɔ papayɛ ho nsɛm pii mua. Su pa horow a ɔyepa wɔ, a wɔakyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri wɔ Mmebusɛm ti 31 no ne nsiyɛ, nokwaredi, ne nyansa. Ɔbea a ɔwɔ saa su horow yi yɛ ne kunu abotiri efisɛ n’abrabɔ pa de nidi brɛ ne kunu na afoforo hu hyɛ no anuonyam. Ɔmfa nyɛ ne botae da sɛ obedi ne kunu anim anaasɛ ɔne no besi akan apɛ anuonyam. Mmom no, ɔyɛ ɔboafo pa ma ne kunu.

Ɔkwan bɛn so na ɔbea betumi ayɛ aniwude na dɛn na ebefi mu aba? Saa aniwude yi betumi ayɛ nea egu ahorow fi ntɔkwapɛ so kosi awaresɛe so. (Mmebusɛm 7:10-23; 19:13) Ɔyere nneyɛe a ɛte saa pira ne kunu kɛkɛ. Ɔte sɛ “nnompe mu porɔw” a sɛnea nhwehwɛmu nhoma bi ka no, ɛkyerɛ sɛ, “ɔsɛe no te sɛ nea ɔyare bi sɛe nipadua no.” Nhoma foforo ka sɛ, “ɛnnɛyi nkyerɛase a ɛfata bɛyɛ ‘kokoram’—yare bi a ɛma onipa ahoɔden so tew nkakrankakra.” Ɛmmra sɛ Kristofo yerenom bɛbɔ mmɔden sɛ wobenya Onyankopɔn anim anisɔ denam ɔyepa ho su pa ahorow a wɔbɛda no adi so.

Fi Nsusuwii Mu Kɔ Nneyɛe So Kɔ Nea Efi Mu Ba So

Nneyɛe fi nsusuwii mu ba, na nneyɛe na ɛkyerɛ nea ebefi mu aba. Salomo asɛm a edi hɔ no de atreneefo ne abɔnefo yɛ ntotoho nnidiso so fi nsusuwii mu kɔ nneyɛe so. Ɔka sɛ: “Treneefo adwene teɛ, na abɔnefo agyinatu yɛ nkontompo. Abɔnefo nsɛm yɛ mogyatɛw, na tẽefo ano beyi wɔn.”Mmebusɛm 12:5, 6.

Nnipa pa nsusuwii mpo ho tew wɔ abrabɔ fam na ɛtwe adwene kɔ atɛntrenee ne nea ɛteɛ so. Esiane sɛ ɔdɔ a atreneefo wɔ ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa na ɛkanyan wɔn nti, wɔwɔ adwempa. Nea ɛne no bɔ abira no, pɛsɛmenkominya na ɛkanyan abɔnefo. Nea efi mu ba ne sɛ, wɔn tirimpɔw—ɔkwan a wɔfa so du wɔn botae horow ho no—yɛ nnaadaa. Wɔn nneyɛe yɛ nkontompo. Ɛnyɛ wɔn den sɛ wobesum nea ne ho nni asɛm no afiri, ebia denam atoro sobo a wɔbɛbɔ no wɔ asɛnnibea so. Wɔn nsɛm yɛ “mogyatɛw” efisɛ wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn a wɔn ho nni asɛm no. Esiane nimdeɛ a teefo wɔ fa pɔw bɔne no ho ne nyansam a wofi yɛ ahwɛyiye nti, wotumi kwati saa asiane yi. Wobetumi mpo abɔ wɔn a wɔn ani nna hɔ no kɔkɔ na wɔagye wɔn afi abɔnefo no nnaadaa akwan ho.

Ebewie ɔtreneeni ne ɔbɔnefo dɛn? Salomo bua sɛ: “Wobutuw abɔnefo, na wonni hɔ, na treneefo fi begyina.” (Mmebusɛm 12:7) Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, ofie no “gyina hɔ ma fie hɔfo ne biribiara a ɛwom a ɛsom bo ma onipa no a ɛma no tra ase ankasa.” Ebetumi mpo agyina hɔ ama ɔtreneeni no abusuafo ne n’asefo. Sɛnea ɛte biara no, aba a ɛwɔ abebusɛm no mu no mu da hɔ: Ɔtreneeni begyina pintinn wɔ ahohia bere mu.

Ebesi Ɔhobrɛasefo Yiye

Israel hene no resi mfaso a ɛwɔ nhumu mu so dua no, ɔkae sɛ: “Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ, na nea wakyea ne koma no anim begu ase.” (Mmebusɛm 12:8) Nhumu nipa mpere ne ho nkasa. Odwen ansa na wakasa, na onya ɔne afoforo abusuabɔ a asomdwoe wom mu anigye, efisɛ “nimdeɛ” ma no yɛ ahwɛyiye wɔ ne nsɛm a ɔpaw mu. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ nhumu nipa yi nsɛmmisa a nyansa nim anaa nsɛmmisa hunu ano a, ‘ɔkyɛe ne nsɛm so.’ (Mmebusɛm 17:27) Woyi onipa a ɔte saa ayɛ na Yehowa ani sɔ no. Hwɛ sɛnea ɔyɛ soronko fi nea ne ‘koma akyea’ a nsusuwii a akyea na efi mu ba no ho!

Yiw, woyi onipa a ɔwɔ nimdeɛ ayɛ, nanso abebusɛm a edi hɔ no kyerɛ yɛn ahobrɛase so mfaso. Ɛka sɛ: “Nea wommu no nanso ɔwɔ akoa no ye sen nea ɔhyehye ne ho na n’aduan bɔ no.” (Mmebusɛm 12:9) Ɛte sɛ nea Salomo reka sɛ, sɛ wowɔ akoa biako, na wudi hia a, eye sen sɛ wode nea wode bɛtɔ w’asetrade a ehia no bɛsesa asetram gyinabea a ɛkorɔn a wubenya no. Afotu a mfaso wɔ so ma yɛn bɛn ni—sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ!

Kuayɛ ne Mmoayɛn De Papayɛ Ho Asuade Ahorow Ma

Salomo reka kuayɛ ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛ papayɛ ho asuade ahorow abien. Ɔka sɛ: “Ɔtreneeni nim n’afieboa kra, na abɔnefo ayamye yɛ atirimɔden.” (Mmebusɛm 12:10) Onipa trenee fi ayamye mu hwɛ ne mmoa. Onim wɔn ahiade na odwen wɔn yiyedi ho. Ebia onipa bɔnefo bɛka sɛ odwen mmoa ho, nanso onnwen wɔn ahiade ho ankasa. Ɔwɔ pɛsɛmenkominya adwene, na sɛnea ɔyɛn mmoa no gyina mfaso a ebia obenya wɔ wɔn ho so. Nea onipa a ɔte saa susuw sɛ ɛyɛ ɔhwɛ a ɛfata a ɔde ma mmoa no betumi ayɛ atirimɔdensɛm ankasa.

Nnyinasosɛm a ɛfa sɛnea wɔhwɛ mmoa yiye ho no fa afieboa hwɛ nso ho. Hwɛ atirimɔdensɛm a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛyɛn mmoa wɔ fie na yɛbɛma wɔahu amane kwa denam sraha a yɛbɛto wɔn anaa basabasa a yɛbɛyɛ wɔn so! Wɔ aboa a yare a emu yɛ den aka no anaa wapira a ɔrehu amane kɛse fam no, ɛbɛyɛ nea ayamye wom sɛ wubekum no.

Ɔda so ara reka kuayɛ foforo—asase dɔw—ho asɛm no, Salomo ka sɛ: “Nea ɔdɔw n’asase no didi mee.” Nokwarem no, adwumaden a atirimpɔw wom de mfaso pii ba. “Na nea odi nsɛnhunu akyi nni ti.” (Mmebusɛm 12:11) Esiane sɛ onni adwempa anaa ntease nti, nea ‘onni ti’ no di nnwuma hunu, nea mfaso biara nni so, na ɛsɛe bere, akyi. Asuade ahorow a ɛwɔ saa nkyekyɛm abien yi mu no mu da hɔ: Yɛ mmɔborohunufo ne nsiyɛfo.

Ɔtreneeni Yɛ Frɔmfrɔm

Ɔhene nyansafo no ka sɛ: “Ɔbɔnefo pɛ nea nnipa bɔne anya.” (Mmebusɛm 12:12a) Ɔkwan bɛn so na ɔbɔnefo yɛ saa? Ɔyɛ saa denam ne kɔn a ɔma ɛdɔ nneɛma a wɔfow no ɔkwammɔne so.

Dɛn na yebetumi aka afa onipa pa ho? Onipa a ɔte saa dɔ nteɛso na watim wɔ gyidi no mu. Ɔyɛ treneeni na ɔteɛ, ɔyɛ ɔbadwemma ne ɔhobrɛasefo, mmɔborohunufo ne nsiyɛfo. Salomo ka sɛ: “Treneefo ntini bɛsow,” anaasɛ “ɛbɛyɛ frɔmfrɔm.” (Mmebusɛm 12:12b; New International Version) An American Translation nkyerɛase ka sɛ: “Treneefo ntini betim hɔ daa.” Onipa a ɔte saa no atim na ɔwɔ ahobammɔ. Nokwarem no, ‘onipa pa nya Onyankopɔn anim anisɔ.’ Enti, momma ‘yɛmmata Yehowa ho, na yɛnyɛ papa.’—Dwom 37:3.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Te sɛ dua a ɛwɔ ahoɔden no, ɔtreneeni gyidi atim pintinn