Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Bɔne Adi Nkonim?

So Bɔne Adi Nkonim?

So Bɔne Adi Nkonim?

ADWENE a ɛne sɛ papa ne bɔne ntam akodi bi rekɔ so wɔ amansan no mu no ama nhomakyerɛwfo ne nyansapɛfo abɔ wɔn tirim aka nsɛm pii wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Nanso, nhoma bi wɔ hɔ a ekura akodi a ɛda Onyankopɔn ne Ɔbonsam ntam no ho kyerɛwtohɔ nyinaa. Saa nhoma no ne Bible. Ɛma yehu nsɛmpɔw a ɛde ntawntawdi yi aba, na ɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ahu onii ko a wadi nkonim ankasa.

Wɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no bɔ akyi bere tiaa bi no, honhom abɔde bi a aniwa nhu no, Satan Ɔbonsam, sɔre tiaa Onyankopɔn tumidi. Ɔkwan bɛn so? Denam anifere kwan so a ɔnam kyerɛe sɛ Onyankopɔn de nneɛma pa resie n’abɔde, ɛne sɛ sɛ nnipa tew wɔn ho fi Nyankopɔn ho a, wobedi yiye koraa no, so.—Genesis 3:1-5; Adiyisɛm 12:9.

Akyiri yi, wɔ tete agya Hiob nna no mu no, Satan maa ɔsɛmpɔw foforo sɔree. Esiane sɛ na Satan mpɛ sɛ Hiob bɛkɔ so akura ne mudi mu ama Nyankopɔn nti, ɔkae sɛ: “Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.” (Hiob 2:4) Asɛm a ɛfa nnipa nyinaa ho bɛn ara ni! Ɛdenam asɛm a egyina hɔ ma obiara, “onipa,” a ɔde dii dwuma na wamfa edin Hiob anni dwuma so no, Satan maa nnipa nyinaa mudi mu kura ho baa asɛm. Enti, ɔnam saayɛ so kyerɛe sɛ: ‘Onipa bɛyɛ biribiara de akora ne nkwa so. Sɛ wɔma me kwan a, metumi adan obiara afi Nyankopɔn ho.’

Nea ɛbɛma yɛahu onii a wadi nkonim wɔ akodi a ɛda Onyankopɔn ne Ɔbonsam ntam no mu ne nsɛmmisa abien yi ho mmuae: So onipa atumi adi ne ho so ma ayɛ yiye? So Ɔbonsam atumi adan nnipa nyinaa afi nokware Nyankopɔn no ho?

So Nnipa Betumi Adi Wɔn Ho So Ma Ayɛ Yiye?

Nnipa de mfe mpempem pii asɔ nniso ahorow ahwɛ. Wɔaso nniso ahorow, te sɛ kankabi nniso, adehye anaa nnipa atitiriw bi nniso, dodow amammu, onipa biako a ne tumi nni ano nniso, Fasist nniso, ne Kɔmunis nniso, ahwɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛho abehia bere nyinaa sɛ wɔsɔ nniso bi hwɛ no nkyerɛ sɛ akwan horow a wɔfa so di tumi yi mfata?

H. G. Wells kyerɛw wɔ A History of the World a wotintim no 1922 mu no mu sɛ: “Romafo no sɔɔ nniso pii hwɛe a na wonnim sɛ wɔreyɛ saa.” Ɔtoa so sɛ: “Ɛsakrae bere nyinaa, nniso biara antim da. Ɔkwan bi so no, nniso biara a wɔsɔ hwɛe no dii nkogu. Ɔkwan foforo so no, nniso a wɔsɔ hwɛe no amma awiei da, na nnɛyi Europa ne Amerika da so ara redi wiase nniso mu nsɛnnennen a ɛkyere adwene a kan no na ɛhaw Romafo no ho dwuma.”

Nniso ahorow a wɔsɔ hwɛ no toaa so besii afeha a ɛto so 20 no mu. Bere a saa afeha no baa awiei no, na aman pii agye dodow amammu atom sen bere biara. Wɔkyerɛ sɛ dodow amammu yɛ nniso a obiara ho wom. Nanso so dodow amammu ada no adi sɛ onipa betumi adi ne ho so a Onyankopɔn mmoa nka ho? Jawaharlal Nehru, kan India soafo panyin, no kaa dodow amammu ho asɛm sɛ eye nanso ɔde kaa ho sɛ: “Meka eyi efisɛ nniso a aka no nye koraa.” Kan France mampanyin Valéry Giscard d’Estaing kae sɛ: “Yɛrehyia dodow amammu a ɛhwehwɛ sɛ afoforo gyina nkurɔfo ananmu no ho nsɛnnennen.”

Wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu mpo no, Helani nyansapɛfo Plato huu mfomso bi wɔ dodow amammu no mu. Sɛnea A History of Political Theory nhoma no kyerɛ no, ɔkasa tiaa “anibiannaso a amammuifo yɛ ne ahokokwaw a wonni a ɛno yɛ dodow amammu mu nnome ankasa no.” Nnɛyi amanyɔfo pii di nnipa a wɔn ho akokwaw a wonnya wɔn mma wɔnsom wɔ nniso ahorow mu no ho abooboo. The Wall Street Journal kae sɛ, nkurɔfo “bo afuw akannifo a wontumi nyɛ ɔhaw akɛse a wɔrehyia ho hwee no.” Ɛtoaa so sɛ: “Afono wɔn sɛ wohu koma ntanta ne porɔwee bere a wohia akwankyerɛ pa no.”

Afei susuw tete Israel hene Salomo nniso no ho hwɛ. Yehowa Nyankopɔn maa Salomo nyansa a ɛkyɛn so. (1 Ahene 4:29-34) Esii Israel man no dɛn wɔ Salomo mfirihyia 40 nniso no mu? Bible bua sɛ: “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.” Kyerɛwtohɔ no ka nso sɛ: “Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.” (1 Ahene 4:20, 25) Bere a ɔhene a onim nyansa dii ɔman no so sɛ Sodifo Pumpuni, Yehowa Nyankopɔn, a aniwa nhu no no nanmusini a aniwa hu no no, wonyaa asomdwoe, nkɔso, ne anigye a enni ano.

Hwɛ nsonsonoe kɛse ara a ɛda onipa nniso ne Onyankopɔn de ntam! So obi betumi aka no pen sɛ Satan adi nkonim wɔ tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu? Dabi, efisɛ odiyifo Yeremia ka ma ɛfatae sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

So Satan Betumi Adan Obiara Afi Onyankopɔn Ho?

So Satan atumi adan nnipa nyinaa afi Nyankopɔn ho sɛnea ɔkyerɛe no? Wɔ Bible mu nhoma a ɛne Hebrifo ti 11 no, ɔsomafo Paulo bobɔ mmarima ne mmea anokwafo pii a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no din. Afei ɔka sɛ: “Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.” (Hebrifo 11:32) Paulo ka Onyankopɔn asomfo anokwafo yi ho asɛm kɛkɛ sɛ ‘adansefo mununkum kɛse.’ (Hebrifo 12:1) Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha maa “mununkum” no nkyerɛ mununkum bi a ɛsã hɔ teaa ketewaa bi a atew ne ho, na mmom amununkum bebree pa ara a wonhu ne yɛbea. Eyi fata efisɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete bere mu no dɔɔso araa ma wɔte sɛ amununkum bebree bi. Yiw, wɔ mfehaha no nyinaa mu no, nnipa bebree a wɔn dodow nni ano afi wɔn pɛ mu apaw sɛ wɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn.—Yosua 24:15.

Dɛn na yehu wɔ yɛn bere yi so? Yehowa Adansefo dodow anya nkɔanim akodu bɛboro ɔpepem asia wɔ wiase nyinaa ɛmfa ho ɔtaa a ɛyɛ hu ne ɔsɔretia a wɔde baa wɔn so wɔ afeha a ɛto so 20 mu no. Ɔpepem akron foforo anaa nea ɛte saa ne wɔn bɔ fekuw, na eyinom mu pii retu anammɔn a edi mu ne Onyankopɔn abenya abusuabɔ a emu yɛ den ankasa.

Satan mpoatwa a ɛne sɛ obetumi adan adesamma nyinaa afi Yehowa ho no ho mmuae a edi mu koraa no fii Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo, hɔ bae. Asɛndua ho wu yayaw mpo amma wannyae ne mudi mu kura. Bere a Yesu guu ahome a etwa to no, ɔteɛɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ.”—Luka 23:46.

Satan yɛ biribiara a obetumi—efi sɔhwɛ ahorow so kosi ɔtaa a emu yɛ den so—de bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa aba ne nniso ase. Ɔnam “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa” so sɔ nnipa hwɛ, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa wɔn anaasɛ ɔbɛtwe wɔn afi Yehowa ho. (1 Yohane 2:16) Satan asan afura ‘wɔn a wonnye nni no adwene ani nso, na Kristo anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.’ (2 Korintofo 4:4) Na Satan ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde ahunahuna ne nnipa ho suro bedi dwuma de adu ne botae ho.—Asomafo no Nnwuma 5:40.

Nanso, Ɔbonsam ntumi nni wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn afã no so. Wɔabehu Yehowa Nyankopɔn na ‘wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa ne wɔn adwene nyinaa dɔ no.’ (Mateo 22:37) Yiw, Yesu Kristo ne nnipa ɔpepem pii nokwaredi a edi mu no ma ɛda adi sɛ Satan Ɔbonsam adi nkogu koraa.

Dɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Daakye?

So nnipa bɛkɔ so asosɔ nniso ahorow ahwɛ daa? Odiyifo Daniel ka siei sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Ahenni a ɔsoro Nyankopɔn no de besi hɔ no yɛ ɔsoro nniso a ɛwɔ Yesu Kristo nsam. Ɛyɛ Ahenni koro no ara a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no. (Mateo 6:9, 10) Saa Ahenni no bɛsɛe nnipa nniso nyinaa wɔ “ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko [a ɛreba] no” mu, na ebedi asase nyinaa so.—Adiyisɛm 16:14, 16.

Dɛn na ɛbɛto Satan? Bible ka asɛm a ebesi daakye yi ho asɛm sɛ: ‘Na Yehowa bɔfo kyeree ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no wiee du ansa.’ (Adiyisɛm 20:1-3) Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no befi ase bere a wɔatow Satan akyene bun mu na ontumi nyɛ hwee no.

Hwɛ sɛnea afei asase so bɛyɛ anigyebea afa! Abɔnefosɛm ne wɔn a wɔde ba no befi hɔ. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:9-11) Biribiara—nnipa anaa mmoa—rensɛe wɔn asomdwoe. (Yesaia 11:6-9) Wɔbɛsan de nnipa ɔpepem pii mpo a esiane anibiannaso ne hokwan a wɔannya anhu Yehowa nti, wɔkɔɔ Ɔbonsam afã wɔ mmere a atwam no aba nkwa mu ma Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn.—Asomafo no Nnwuma 24:15.

Ebedu Mfirihyia Apem Ahenni no awiei no, na asase adan paradise, na adesamma a wɔte so no adu pɛyɛ ho. Afei wobegyae Satan “kakra,” na ɛno akyi no wɔasan asɛe ɔne wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi no nyinaa koraa.—Adiyisɛm 20:3, 7-10.

Hena Afã na Wubegyina?

Afeha a ɛto so 20 no yɛ bere a Satan de amanehunu kɛse baa asase so. Nanso, sɛ anka asase so nsɛm tebea no bɛkyerɛ sɛ wadi nkonim no, ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu. (Mateo 24:3-14; Adiyisɛm 6:1-8) Ɛnyɛ sɛnea amumɔyɛsɛm adɔɔso wɔ asase so ne adwene a nnipa bebree kura no na ɛbɛkyerɛ onii ko a wadi nkonim. Nneɛma a ɛbɛkyerɛ nea wadi nkonim no ne onii a ɔfaa ɔkwan a eye sen biara so dii tumi, ne sɛ ebia obi fii ɔdɔ mu som Onyankopɔn. Wɔ n’abien no nyinaa mu no, Yehowa adi nkonim.

Sɛ bere a wɔama ho kwan no ada Satan adi dedaw sɛ ɔtorofo a, dɛn nti na Onyankopɔn ma kwan ma amumɔyɛ kɔ so? Yehowa reda boasetɔ adi ‘efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Petro 3:9) Onyankopɔn pɛ ne sɛ ‘wobegye nnipa nyinaa nkwa na wɔaba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:4) Ɛmmra sɛ wode bere a aka no besua Bible no na ‘woanya nokware Nyankopɔn koro no, ne nea ɔsomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.’ (Yohane 17:3) Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woanya saa nimdeɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wubetumi abɛka nnipa ɔpepem pii a wogyina onii a wadi nkonim no afã pintinn no ho.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Yehowa Adansefo nam wɔn mudi mu kura so ada no adi sɛ Satan adi nkogu koraa

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa wɔ anokwafo pii wɔ n’afa