Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?

So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?

So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?

“Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!”—MARKO 1:15.

1, 2. Wobɛkyerɛkyerɛ Marko 1:14, 15 mu dɛn?

NÁ ƐYƐ afe 30 Y.B. mu. Ná Yesu Kristo afi ne som adwuma kɛse no ase wɔ Galilea. Na ɔreka “Onyankopɔn ho asɛmpa,” na n’asɛm yi kaa Galileafo pii koma: “Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!”—Marko 1:14, 15.

2 Ná “ɛbere no” adu sɛ Yesu befi ne som adwuma no ase na ama nkurɔfo asisi gyinae a ɛbɛma wɔanya Onyankopɔn anim dom. (Luka 12:54-56) Ná “Onyankopɔn ahenni no abɛn” efisɛ na Yesu, Ɔhene a Wɔapaw no, no wɔ wɔn ntam. N’asɛnka adwuma no kaa nnipa komapafo ma wɔsakraa wɔn adwene. Nanso, ɔkwan bɛn so na wɔdaa no adi sɛ ‘wogye asɛmpa no di,’ na yɛn nso yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

3. Dɛn na nnipa ayɛ de akyerɛ sɛ wɔwɔ asɛmpa no mu gyidi?

3 Te sɛ Yesu no, ɔsomafo Petro hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene. Bere a na Petro rekasa akyerɛ Yudafo no wɔ Yerusalem Pentekoste 33 Y.B. no, ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.” Nnipa mpempem pii sakrae ma wɔbɔɔ wɔn asu, na wɔbɛyɛɛ Yesu akyidifo. (Asomafo no Nnwuma 2:38, 41; 4:4) Wɔ afe 36 Y.B. mu no, Amanaman mufo a wɔanu wɔn ho no yɛɛ saa ara. (Asomafo no Nnwuma 10:1-48) Wɔ yɛn bere yi so no, asɛmpa no mu gyidi rekanyan nnipa mpempem pii ma wɔasakra afi wɔn bɔne ho, ahyira wɔn nkwa so ama Onyankopɔn, na wɔabɔ wɔn asu. Wɔagye nkwagye ho asɛmpa no atom na wɔrekyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi. Afei nso, wɔreyɛ adetrenee, na wɔagyina Onyankopɔn Ahenni no afã.

4. Dɛn ne gyidi?

4 Nanso, dɛn ne gyidi? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.” (Hebrifo 11:1) Yɛn gyidi ma yenya awerɛhyem sɛ biribiara a Onyankopɔn hyɛ ho bɔ wɔ N’asɛm mu no te sɛ nea abam dedaw. Ɛte sɛ nea yɛwɔ tumi krataa bi a ɛkyerɛ sɛ agyapade bi yɛ yɛn dea. Gyidi nso yɛ “adansegye,” anaa adanse a ɛkyerɛ sɛ obi gye nneɛma a wonhu di. Adwene a yekura ne komam anisɔ a yɛwɔ ma yegye di sɛ nneɛma a ɛtete saa wɔ hɔ ankasa, ɛwom sɛ yenhui de.—2 Korintofo 5:7; Efesofo 1:18.

Yehia Gyidi!

5. Dɛn nti na gyidi ho hia saa?

5 Wɔwo yɛn a yɛte nka sɛ yɛwɔ honhom fam ahiade, nanso wɔmfa gyidi nwo yɛn. Nokwarem no, “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tesalonikafo 3:2) Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo nya gyidi na ama wɔn nsa aka Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no. (Hebrifo 6:12) Bere a Paulo twee adwene sii gyidi ho nhwɛso ahorow pii so wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu.” (Hebrifo 12:1, 2) Dɛn ne “bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si” no? Ɛyɛ gyidi a wonni, gyidi a na obi wɔ a wahwere. Sɛ yɛbɛkɔ so anya gyidi a emu yɛ den a, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ Yesu’ na yedi ne nhwɛso akyi. Ɛsɛ sɛ yɛpo ɔbrasɛe, ko tia ɔhonam nnwuma, na yɛkwati honam fam ade dodowpɛ, wiase nyansapɛ, ne atetesɛm a ennyina Kyerɛwnsɛm so no nso. (Galatifo 5:19-21; Kolosefo 2:8; 1 Timoteo 6:9, 10; Yuda 3, 4) Afei nso, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho, na N’asɛm mu afotu yɛ adwuma ankasa.

6, 7. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ gyidi?

6 Yɛn ankasa ntumi mfi yɛn pɛ mu nnya gyidi. Gyidi yɛ Onyankopɔn honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi no aba. (Galatifo 5:22, 23) Enti, sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den a, dɛn na yɛbɛyɛ? Yesu kae sɛ: ‘Sɛ munim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no!’ (Luka 11:13) Yiw, momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ honhom kronkron, efisɛ ebetumi ama yɛanya gyidi a yehia de ayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ tebea horow a emu yɛ den sen biara mpo mu no.—Efesofo 3:20.

7 Ɛfata sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ gyidi pii. Bere a na Yesu rebetu honhommɔne bi afi abarimaa bi mu no, abarimaa no agya srɛe sɛ: ‘Migye midi, boa me faako a mihia gyidi!’ (Marko 9:24) Yesu asuafo no kae sɛ: ‘Ma yɛn gyidi nnɔɔso.’ (Luka 17:5) Enti, momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ gyidi, bere a yɛwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bebua mpaebɔ a ɛtete saa no.—1 Yohane 5:14.

Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi Ho Hia

8. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm mu gyidi betumi aboa yɛn?

8 Aka bere tiaa bi ma Yesu awu n’afɔrebɔ wu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.” (Yohane 14:1) Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ Onyankopɔn ne ne Ba no mu gyidi. Na Onyankopɔn Asɛm nso ɛ? Sɛ yesua na yefi ahotoso mu koraa fa emu afotu ne akwankyerɛ no sɛ nea eye sen biara a yebetumi anya na yɛde di dwuma a, ebetumi anya yɛn asetra so nkɛntɛnso pa.—Hebrifo 4:12.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ gyidi ho asɛm a wɔaka wɔ Yakobo 1:5-8 no mu?

9 Sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, ɔhaw ahyɛ yɛn asetra ma. Nanso, Onyankopɔn Asɛm mu gyidi betumi aboa yɛn ankasa. (Hiob 14:1) Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ yennim ɔkwan a yɛbɛfa so adi sɔhwɛ bi ho dwuma. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn afotu yi: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no. Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba. Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya [Yehowa, NW] hɔ biribi. Onipa a ne kra yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.”—Yakobo 1:5-8.

10 Yehowa Nyankopɔn remmɔ yɛn ahohora sɛ yehia nyansa na yɛrebɔ ho mpae. Mmom no, ɔbɛboa yɛn ma yɛanya sɔhwɛ no ho adwene a ɛfata. Mfɛfo gyidifo betumi atwe yɛn adwene asi kyerɛw nsɛm a ɛbɛboa yɛn so anaasɛ yebehu wɔ bere a yɛresua Bible no. Anaasɛ Yehowa honhom kronkron no betumi akyerɛ yɛn kwan wɔ ɔkwan foforo bi so. Sɛ ‘yɛkɔ so bisa wɔ gyidi mu, na yɛannye biribiara ho kyim’ a, yɛn soro Agya no bɛma yɛanya nyansa a yɛde begyina sɔhwɛ ahorow ano. Sɛ yɛte sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ no a, yentumi nhwɛ kwan sɛ yebenya biribi afi Onyankopɔn hɔ. Dɛn ntia? Efisɛ eyi bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn adwene yɛ ntanta, na yɛn adwene nsi yɛn pi wɔ mpaebɔ mu anaa akwan foforo so—yiw, wɔ gyidi a yɛbɛda no adi mpo mu. Enti ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm no ne emu akwankyerɛ ahorow a ɛde ma no mu gyidi pintinn. Momma yensusuw sɛnea ɛma yɛn mmoa ne akwankyerɛ no bi ho nhwɛ.

Gyidi ne Daa Aduan

11. Awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn Asɛm mu gyidi ma yenya wɔ yɛn da biara da ahiade ho?

11 Na sɛ mprempren yɛn nsa nka yɛn ano aduan anaasɛ yedi hia nso ɛ? Onyankopɔn Asɛm mu gyidi ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka yɛn da biara da ahiade, na awiei koraa no, ɔbɛyɛ nsiesiei pii ama wɔn a wɔdɔ no nyinaa. (Dwom 72:16; Luka 11:2, 3) Ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran sɛ yebesusuw sɛnea Yehowa maa ne diyifo Elia aduan wɔ ɔkɔm bere mu no ho. Akyiri yi, Onyankopɔn faa anwonwakwan bi so ma enti asikresiam ne ngo bi a egyee ɔbea bi ne ne ba, ne Elia nkwa no ansa. (1 Ahene 17:2-16) Saa ara na Yehowa maa odiyifo Yeremia aduan wɔ bere a Babilon kaa Yerusalem hyɛɛ mu no. (Yeremia 37:21) Ɛwom sɛ na Yeremia ne Elia nnya aduan pii nni de, nanso Yehowa hwɛɛ wɔn. Ɔyɛ saa ara ma wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi nnɛ no.—Mateo 6:11, 25-34.

12. Ɔkwan bɛn so na gyidi bɛboa yɛn ma yɛn nsa aka yɛn ano aduan?

12 Bible nnyinasosɛm a yɛde bedi dwuma wɔ gyidi mu no remma yennya yɛn ho wɔ honam fam, nanso ɛbɛboa yɛn ma yɛanya yɛn ano aduan daa. Mfatoho bi ni: Bible tu yɛn fo sɛ yenni nokware, yɛnyɛ nsi, na yɛnyɛ adwumaden. (Mmebusɛm 22:29; Ɔsɛnkafo 5:18, 19; 2 Korintofo 8:21) Ɛnsɛ sɛ yebu din a yebenya sɛ odwumayɛfo pa no adewa da. Wɔ mmeae bi a adwuma pa ho ayɛ den mpo no, adwumayɛfo a wodi nokware, wonim adwuma, na wɔyɛ nsi no di yiye sen afoforo. Ɛwom sɛ ebia adwumayɛfo a wɔte saa no rennya honam fam nneɛma pii de, nanso wɔtaa nya abotɔyam sɛ wonya wɔn asetram ahiade titiriw na wodi wɔn ankasa nsa ano aduan.—2 Tesalonikafo 3:11, 12.

Gyidi Boa Yɛn Ma Yegyina Awerɛhow Ano

13, 14. Ɔkwan bɛn so na gyidi boa yɛn ma yegyina awerɛhow ano?

13 Onyankopɔn Asɛm da no adi nokwarem sɛ sɛ yɛn dɔfo bi wu a, ɛnyɛ den sɛ yebedi awerɛhow. Tete agya nokwafo Abraham gyam ne yere Sara a ɔdɔ no no bere a owui no. (Genesis 23:2) Bere a Dawid tee sɛ ne ba Absalom awu no, awerɛhow kyekyeree no. (2 Samuel 18:33) Onipa a ɔyɛ pɛ Yesu mpo sui wɔ n’adamfo Lasaro wu ho. (Yohane 11:35, 36) Sɛ yɛn dɔfo bi wu a, ɛkame ayɛ sɛ awerɛhow betumi abunkam yɛn so, nanso gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi aboa yɛn ma yɛagyina awerɛhow a ɛte saa ano.

14 Paulo kae sɛ: ‘Mewɔ Onyankopɔn mu anidaso sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.’ (Asomafo no Nnwuma 24:15) Ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn nsiesiei a wayɛ sɛ obenyan nnipa pii aba nkwa mu no mu gyidi. (Yohane 5:28, 29) Wɔn a wobenyan wɔn no bi ne Abraham ne Sara, Isak ne Rebeka, Yakob ne Lea—wɔn a wɔadeda wɔ owu mu mprempen na wɔretwɛn owusɔre akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu nyinaa. (Genesis 49:29-32) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a wɔanyan yɛn adɔfo afi owu mu ma wɔabɛtra asase so no! (Adiyisɛm 20:11-15) Enkosi saa bere no, gyidi renyi awerɛhow nyinaa mfi hɔ, nanso ɛbɛma yɛabɛn Onyankopɔn a ɔboa yɛn ma yegyina yɛn adɔfo wu ano no.—Dwom 121:1-3; 2 Korintofo 1:3.

Gyidi Hyɛ Wɔn a Wɔahaw no Den

15, 16. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi mpo betumi anya adwenemhaw? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de agyina adwenemhaw ano?

15 Onyankopɔn Asɛm da no adi nso sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi mpo betumi anya adwenemhaw. Bere a Hiob hyiaa ne sɔhwɛ a emu yɛ den no, osusuwii sɛ na Onyankopɔn agyaw no. (Hiob 29:2-5) Yerusalem ne n’afasu a na asɛe no maa Nehemia anim yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ. (Nehemia 2:1-3) Bere a Petro sanee sɛ onnim Yesu no, ɔhawee araa ma ‘osui pii.’ (Luka 22:62) Na Paulo hyɛɛ mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Tesalonika asafo no mu nkuran sɛ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi nnɛ tumi nya adwenemhaw. Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de agyina adwenemhaw ano?

16 Esiane ɔhaw ahorow pii a emu yɛ den a yɛrehyia nti, yebetumi anya adwenemhaw. Sɛ́ anka yebebu ɔhaw no nyinaa sɛ asɛnkɛse biako no, yebetumi adi ho dwuma nkakrankakra denam Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛde bedi dwuma so. Eyi betumi aboa atew adwenemhaw no so. Adwuma ne ahomegye a ɛkari pɛ nso betumi aboa. Ade biako na yegye tom: Onyankopɔn ne N’asɛm mu gyidi de honhom fam yiyedi ba efisɛ ɛma yenya gyidi a emu yɛ den sɛ odwen yɛn ho ankasa.

17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dwen yɛn ho?

17 Petro ma yɛn bɔhyɛ a awerɛkyekye wom yi sɛ: “Mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:6, 7) Odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina.” (Dwom 145:14) Ɛsɛ sɛ yegye saa bɔhyɛ ahorow yi di, efisɛ ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Bere a adwenemhaw no betumi akɔ so bere tenten no, hwɛ sɛnea ɛhyɛ gyidi den sɛ yebehu sɛ yebetumi de yɛn dadwen nyinaa ato yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no so!

Gyidi ne Sɔhwɛ Afoforo

18, 19. Ɔkwan bɛn so na gyidi boa yɛn ma yegyina yare ano na yɛkyekye mfɛfo gyidifo a wɔyare werɛ?

18 Sɛ yare a emu yɛ den bɔ yɛn anaa yɛn dɔfo bi a, yebetumi ahyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den. Ɛwom sɛ Bible nka anwonwakwan so ayaresa biara a Kristofo te sɛ Epafrodito, Timoteo, ne Trofimo, nyae ho asɛm de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa boaa wɔn ma wogyinae. (Filipifo 2:25-30; 1 Timoteo 5:23; 2 Timoteo 4:20) Afei nso, ɛdefa “nea odwen ɔbrɛfo ho” ho no, odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye.” (Dwom 41:1-3) Ɔkwan bɛn so na odwontofo no nsɛm no betumi aboa yɛn ma yɛakyekye mfɛfo gyidifo a wɔyare werɛ?

19 Ɔkwan biako a yebetumi afa so de honhom fam mmoa ama ne sɛ yɛne wɔn a wɔyare no bɛbom abɔ mpae na yɛabɔ bi ama wɔn. Bere a yɛnsrɛ sɛ wɔnsa wɔn yare anwonwakwan so nnɛ no, yebetumi asrɛ sɛ Onyankopɔn mma wɔn akokoduru mfa nnyina wɔn yare no ano, ɛne honhom fam ahoɔden a wobehia de agyina wɔ mmere a ɛtete saa a wɔyɛ mmerɛw no mu. Yehowa bɛwowaw wɔn, na wɔnam wɔn ani a wɔde bɛto bere a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” so no so bɛma wɔn gyidi ayɛ den. (Yesaia 33:24) Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ wubehu sɛ ɛdenam Yesu Kristo a wɔanyan no, ɛne Onyankopɔn Ahenni so no, adesamma asoɔmmerɛfo benya daa ogye afi bɔne, yare, ne owu mu koraa! Yɛda Yehowa a ‘ɔbɛsa yɛn nyarewa nyinaa’ no ase wɔ saa anidaso kɛse yi ho.—Dwom 103:1-3; Adiyisɛm 21:1-5.

20. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ gyidi betumi aboa yɛn wɔ “nna bɔne” a ɛyɛ bere a yɛn mfe akɔ anim no mu?

20 Gyidi betumi aboa yɛn nso wɔ “nna bɔne” a ɛne yɛn nkwakoraabere ne yɛn mmerewabere mu, bere a yɛn akwahosan ne yɛn ahoɔden resa no. (Ɔsɛnkafo 12:1-7) Enti wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ yɛn mu no betumi abɔ mpae sɛnea odwontofo a na ne mfe akɔ anim no yɛe no: ‘Wo Awurade Yehowa, ne m’anidaso. Ntow me nkyene nkwakoraabere mu, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.’ (Dwom 71:5, 9) Odwontofo no huu hia a Yehowa mmoa ho hia, sɛnea yɛn mfɛfo Kristofo pii a wɔn ani afi na wɔde mfe pii ayɛ Onyankopɔn som adwuma no te nka no. Esiane wɔn gyidi nti, wobetumi anya ahotoso sɛ Yehowa daapem abasa no wowaw wɔn daa.—Deuteronomium 33:27.

Kɔ so Nya Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi

21, 22. Sɛ yɛwɔ gyidi a, ɔkwan bɛn so na ɛka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ?

21 Asɛmpa no ne Onyankopɔn Asɛm mũ no nyinaa mu gyidi boa yɛn ma yɛbɛn Yehowa kɛse bere nyinaa. (Yakobo 4:8) Nokwarem no, ɔne yɛn Amansan Hene, na ɔne yɛn Bɔfo ne yɛn Agya nso. (Yesaia 64:8; Mateo 6:9; Asomafo no Nnwuma 4:24) Odwontofo no too dwom sɛ: “Wone m’agya, me Nyankopɔn ne me nkwagye botan!” (Dwom 89:26) Sɛ yɛkyerɛ Yehowa ne N’asɛm a efi honhom mu no mu gyidi a, yɛn nso yebetumi abu no sɛ ‘yɛn nkwagye Botan.’ Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

22 Yehowa yɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no ne wɔn ahokafo a wɔwɔ asase so anidaso no Agya. (Romafo 8:15) Na yɛn soro Agya no mu gyidi a yebenya no nni yɛn huammɔ da. Dawid kae sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Afei nso, yɛwɔ saa bɔhyɛ yi: “[Yehowa, NW] din kɛse no nti, ɔrempa ne man.”—1 Samuel 12:22.

23. Dɛn na ɛhwehwɛ na ama yɛne Yehowa anya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa?

23 Nokwarem no, sɛ yɛne Yehowa benya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa a, ɛsɛ sɛ yenya asɛmpa no mu gyidi na yegye Kyerɛwnsɛm no tom sɛ ɛyɛ nokware—ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. (1 Tesalonikafo 2:13) Ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu gyidi koraa na yɛma N’asɛm hyerɛn yɛn kwan so. (Dwom 119:105; Mmebusɛm 3:5, 6) Sɛ yɛkɔ so gyina n’ayamhyehye, ne mmɔborohunu, ne ne mmoa so de ahotoso bɔ no mpae a, yɛn gyidi bɛyɛ den.

24. Awerɛkyekyesɛm bɛn na wɔada no adi wɔ Romafo 14:8?

24 Gyidi kanyan yɛn ma yehyiraa yɛn nkwa so maa Onyankopɔn daa. Sɛ yɛwɔ gyidi a ɛyɛ den na sɛ yewu mpo a, yɛyɛ n’asomfo a yɛahyira yɛn ho so a yɛwɔ owusɔre ho anidaso. Yiw, “sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ [Yehowa, NW] dea.” (Romafo 14:8) Momma yɛmma awerɛkyekye nsɛm yi ntra yɛn komam bere a yɛkɔ so nya Onyankopɔn Asɛm mu ahotoso na yɛwɔ asɛmpa no mu gyidi no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne gyidi, na dɛn nti na yehia saa aba yi?

• Dɛn nti na ehia sɛ yenya asɛmpa no ne Onyankopɔn Asɛm no nyinaa mu gyidi?

• Ɔkwan bɛn so na gyidi boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ahorow ano?

• Dɛn na ɛbɛboa ma yɛakura yɛn gyidi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Esiane sɛ na Yeremia ne Elia wɔ gyidi nti, Yehowa wowaw wɔn

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Ná Hiob, Petro, ne Nehemia wɔ gyidi a ɛyɛ den

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Sɛ yɛne Yehowa benya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa a, ɛsɛ sɛ yenya asɛmpa no mu gyidi