Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’

‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’

‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’

‘Monkɔ so nsow aba pii na moada mo ho adi sɛ m’asuafo.’—YOHANE 15:8.

1. (a) Asuafoyɛ ho ahwehwɛde bɛn na Yesu bɔɔ din kyerɛɛ n’asomafo no? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

NA ƐYƐ anwummere a ade rebɛkye ma wawu. Ná Yesu agye bere pii aka nsɛm a anibere wom de ahyɛ n’asomafo no nkuran. Saa bere yi de, na ɛbɛyɛ sɛ anadwo dasum apa ho, nanso ɔdɔ a Yesu wɔ ma ne nnamfo paa no kanyan no ma ɔkɔ so kasa. Afei, wɔ ne nkɔmmɔbɔ no mu no, ɔkaee wɔn ahwehwɛde biako a ɛho hia paa na ama wɔakɔ so ayɛ n’asuafo no. Ɔkae sɛ: ‘Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mobɛkɔ so asow aba pii na moada mo ho adi sɛ m’asuafo.’ (Yohane 15:8) So yedu asuafoyɛ ho ahwehwɛde yi ho nnɛ? Dɛn na ‘aba pii a yɛbɛkɔ so asow’ no kyerɛ? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu no, momma yɛnsan nkɔ nkɔmmɔbɔ a ɛkɔɔ so saa anwummere no so.

2. Aba ho mfatoho bɛn na Yesu de mae anadwo ansa na ɔrebewu no?

2 Afotu a ɛne sɛ wɔnsow aba no yɛ mfatoho bi a Yesu de maa n’asomafo no fã. Ɔkae sɛ: “Mene nokware bobe no, na m’agya ne okuafo no. Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree. Asɛm a maka makyerɛ mo no nti mo ho anya afi. Montra me mu, na me nso mentra mo mu. Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtra obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motra me mu. Mene bobe no, mone abaa no. . . . Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo. Sɛnea agya no adɔ me no na me nso madɔ mo; montra me dɔ no mu. Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu.”—Yohane 15:1-10.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo yɛ na ama wɔasow aba?

3 Wɔ saa mfatoho yi mu no, Yehowa ne Okuafo no, Yesu ne bobe no, na asomafo a na Yesu rekasa akyerɛ wɔn no ne mmaa no. Bere tenten a na asomafo no bɛbɔ mmɔden ‘ne’ Yesu ‘ayɛ biako’ no, na wɔbɛsow aba. Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea asomafo no betumi akura biakoyɛ a ɛho hia yi mu sɛ: “Sɛ mudi m‘ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu.” Ɔsomafo Yohane kyerɛw nsɛm a ɛte saa kɔmaa mfɛfo Kristofo akyiri yi sɛ: “Nea odi [Kristo] ahyɛde so no te ne mu.” * (1 Yohane 2:24; 3:24) Enti, sɛ Kristo akyidifo di n’ahyɛde so a, wɔtra ne mu, na saa biakoyɛ no nso ma wɔsow aba. Aba bɛn ankasa na ɛsɛ sɛ yɛsow?

Hokwan a Yɛde Benyin

4. Dɛn na yebetumi asua afi nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa ‘twa’ baa biara a ɛnsow aba no kyene no mu?

4 Wɔ bobe ho mfatoho no mu no, Yehowa ‘yi’ anaasɛ otwa baa biara a ɛnsow aba no kyene. Dɛn na eyi kyerɛ yɛn? Ɛnkyerɛ yɛn hia a ehia sɛ asuafo nyinaa sow aba nko, na mmom sɛ wɔn nyinaa betumi asow aba nso, ɛmfa ho wɔn tebea anaa wɔn mmerɛwyɛ ahorow no. Nokwarem no, ɛbɛyɛ nea ɛne Yehowa dɔ nhyia sɛ ‘obeyi’ anaa obetwa Kristo suani bi akyene sɛ wantumi anyɛ biribi a na ontumi nnu ho.—Dwom 103:14; Kolosefo 3:23; 1 Yohane 5:3.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu mfatoho no kyerɛ sɛ yebetumi asow aba pii? (b) Aba abien bɛn na yebesusuw ho?

5 Yesu bobe ho mfatoho no kyerɛ nso sɛ ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te biara no, yebetumi atu mpɔn wɔ yɛn dwumadi mu sɛ asuafo. Hyɛ sɛnea Yesu kaa ho asɛm no nsow: ‘Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na ɛsow aba pii.’ (Yohane 15:2) Ɛrekɔ mfatoho no awiei no, Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ ‘wɔnsow aba pii.’ (Nkyekyɛm 8) Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ́ asuafo no, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anibiannaso da. (Adiyisɛm 3:14, 15, 19) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so asow aba pii. Aba bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsow no pii? Ɛno ne (1) “Honhom aba” ne (2) Ahenni aba.—Galatifo 5:22, 23; Mateo 24:14.

Aba a Ɛne Kristofo Su Horow

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo sii bo a honhom aba a wodi kan bɔ din no som so dua?

6 “Honhom aba” no mu nea wodi kan bɔ din ne ɔdɔ. Onyankopɔn honhom kronkron no na ɛma Kristofo nya ɔdɔ, efisɛ wotie ahyɛde a Yesu de mae bere tiaa bi ansa na ɔreka aba a ɛsow bobe ho mfatoho no. Ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho.” (Yohane 13:34) Nokwarem no, wɔ Yesu nkɔmmɔbɔ a ɛkɔɔ so anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu no nyinaa mu no, ɔkɔɔ so kaee asomafo no sɛ ehia sɛ wɔda ɔdɔ adi.—Yohane 14:15, 21, 23, 24; 15:12, 13, 17.

7. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro daa no adi sɛ aba a yɛbɛsow ne Kristo su horow a yɛbɛda no adi no wɔ abusuabɔ?

7 Petro, a na ɔwɔ hɔ saa anadwo no, tee ase sɛ ɛsɛ sɛ Kristo nokware asuafo da ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no ne su horow a ɛtete saa adi. Mfe bi akyi no, Petro hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonnya su te sɛ, ahohyɛso, onuadɔ, ne ɔdɔ. Ɔde kaa ho sɛ saa su no a yebenya no ‘remma yɛnyɛ anihafo anaa nnipa a wɔnsow aba.’ (2 Petro 1:5-8) Sɛnea yɛn tebea te biara no, yebetumi ada honhom no aba adi. Ɛnde momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ɔdɔ, ayamye, odwo, ne su horow a aka a ɛte sɛ Kristo de no bi adi pɛpɛɛpɛ, efisɛ “mmara bi ngu eyinom,” anaasɛ enni anohyeto. (Galatifo 5:23) Nokwarem no, momma yɛnsow ‘aba pii.’

Ahenni Aba a Yɛbɛsow

8. (a) Abusuabɔ bɛn na ɛda honhom aba ne Ahenni aba no ntam? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

8 Aba a abere na emu nsu yɛ dɛ ma dua bi yɛ fɛ. Nanso, ɛnyɛ aba no so mfaso ara ne sɛ ɛbɛma dua no ayɛ fɛ. Nnuaba ho hia nso na ama dua bi atrɛw ayɛ bebree. Saa ara na honhom aba no nso nsiesie yɛn Kristofo nipasu nko. Su horow te sɛ ɔdɔ ne gyidi nso hyɛ yɛn nkuran ma yɛtrɛw Ahenni asɛm a ɛte sɛ aba a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo sii abusuabɔ titiriw yi so dua no nsow. Ɔka sɛ: ‘Yɛn nso yɛwɔ gyidi [honhom no aba], enti yɛkasa.’ (2 Korintofo 4:13) Saa kwan yi so no, Paulo kyerɛkyerɛ mu bio sɛ, ‘yɛde yɛn anofafa—honhom aba a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi—bɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa. (Hebrifo 13:15) So yebetumi anya hokwan ahorow wɔ yɛn asetram a ɛbɛma yɛasow aba pii, kyerɛ sɛ yɛasow ‘aba pii’ sɛ Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo?

9. So aba a yɛsow no ne asuafo a yenya wɔn no? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Nea ɛbɛyɛ na yɛabua no yiye no, ɛsɛ sɛ yedi kan te nea Ahenni aba no kyerɛ ase. So ɛteɛ sɛ yɛbɛka sɛ aba a yɛbɛsow no kyerɛ sɛ yɛbɛma afoforo abɛyɛ asuafo? (Mateo 28:19) So nea aba a yɛbɛsow no kyerɛ titiriw ne ankorankoro a yɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ Yehowa asomfo a wɔabɔ wɔn asu no? Dabi. Sɛ saa na ɛte a, anka ɛbɛyɛ abasamtu kɛse ama Adansefo a wɔsom bo a wɔde nokwaredi aka Ahenni asɛm no mfe pii wɔ nsasesin a wontie asɛm no kɛse mu no nyinaa. Wiɛ, sɛ Ahenni aba a yɛsow no gyina hɔ ma asuafo foforo no nkutoo a, ɛnde na Adansefo a wɔte saa a wɔyɛ adwumaden no bɛyɛ sɛ mmaa a ɛnsow aba a ɛwɔ Yesu bɛ no mu no! Nokwarem no, ɛnyɛ saa na asɛm no te. Ɛnde na dɛn ne Ahenni aba titiriw a yɛsow wɔ yɛn som adwuma mu no?

Yɛnam Ahenni Aba a Yegu so Sow Aba

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu mfatoho a ɛfa ogufo ne dɔte ahorow ho no kyerɛ dekode a Ahenni aba no kyerɛ ne nea ɛnkyerɛ?

10 Yesu mfatoho a ɛfa ogufo ne dɔte ahorow ho no ma yenya mmuae no—mmuae a ɛhyɛ nkuran ma wɔn a wodi adanse wɔ nsasesin a ɛnsow aba kɛse mu no. Yesu kae sɛ aba no ne Ahenni asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, na dɔte no nso gyina hɔ ma sɛnkyerɛnne kwan so koma no. Aba no bi “koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba.” (Luka 8:8) Aba bɛn? Wiɛ, sɛ awi bɛtem fifi na enyin a, ɛnsow awi mmɛtem nketewaa bi, na mmom awi foforo. Saa ara na aba a Kristoni sow no nyɛ asuafo foforo ankasa, na mmom, Ahenni aba foforo.

11. Yebetumi akyerɛkyerɛ Ahenni aba no mu dɛn?

11 Enti, wɔ asɛm yi mu no, aba no nyɛ asuafo foforo no, ɛnna ɛnyɛ Kristofo su horow. Esiane sɛ aba a yegu no ne Ahenni asɛm no nti, ɛsɛ sɛ aba a saa aba no sow no bu bɔ ho pii. Ɛha yi, nea aba a yɛbɛsow no kyerɛ ne sɛ yɛbɛka nsɛm afa Ahenni no ho. (Mateo 24:14) So yebetumi asow Ahenni aba a ɛte saa—Ahenni ho asɛm a yɛbɛka no—ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea te biara? Yiw, yebetumi! Wɔ mfatoho koro no ara mu no, Yesu kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu.

Nea Yebetumi Nyinaa a Yɛbɛyɛ De Ahyɛ Onyankopɔn Anuonyam

12. So Kristofo nyinaa betumi asow Ahenni aba? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Yesu kae sɛ: ‘Nea woguu no asase pa mu no, ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.’ (Mateo 13:23) Aba dodow a awi a wogu wɔ afuw mu sow no betumi agu ahorow sɛnea tebea horow no te. Saa ara na nea yebetumi ayɛ de abɔ asɛmpa no dawuru no betumi agu ahorow sɛnea yɛn nsɛm tebea te, na Yesu kyerɛe sɛ n’ani sɔ eyi. Ebia ebinom benya hokwan pii; ebia afoforo benya akwahosan pa ne ahoɔden pii. Enti, ebia yebetumi ayɛ pii asen afoforo anaasɛ yɛbɛyɛ kakraa bi, nanso bere tenten a ɛkyerɛ nea yetumi yɛe nyinaa no, Yehowa ani gye ho. (Galatifo 6:4) Sɛ onyin anaa yare bi mma yentumi nnyɛ pii wɔ asɛnka adwuma mu a, akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn Agya, Yehowa, a ɔwɔ mmɔborohunu no, bu yɛn sɛ wɔn a ‘wɔsow aba pii’ no biako. Dɛn ntia? Efisɛ yɛde ‘nea yɛwɔ nyinaa’—ɔsom a efi ɔkra nyinaa mu—ma no. *Marko 12:43, 44; Luka 10:27.

13. (a) Ntease titiriw bɛn nti na ‘yɛkɔ so’ sow Ahenni aba? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asow aba wɔ nsasesin a wontie asɛm no kɛse mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 21 no.)

13 Baabi a yebetumi asow Ahenni aba akodu biara no, ɛbɛka yɛn ma ‘yɛakɔ so asow aba’ bere a yɛma nea enti a yɛreyɛ saa tra yɛn adwenem no. (Yohane 15:16) Yesu kaa ade titiriw nti a ɛte saa no ho asɛm sɛ: “Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mosow aba pii.” (Yohane 15:8) Yiw, yɛn asɛnka adwuma no ma Yehowa din ho tew wɔ adesamma nyinaa anim. (Dwom 109:30) Honor a ɔyɛ Ɔdansefo nokwafo a ɔwɔ ne mfe 70 mu, ka sɛ: “Wɔ nsasesin a wontie asɛm no kɛse mpo mu no, ɛyɛ hokwan sɛ yebegyina Ɔsorosoroni no ananmu.” Bere a wobisaa Claudio a wayɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam fi 1974 mu nea enti a ɔkɔ so ka asɛm no ɛmfa ho mpo sɛ nnipa kakraa bi na wotie asɛm no wɔ n’asasesin mu no, ɔfaa asɛm a ɛwɔ Yohane 4:34 no kae, baabi a yɛkenkan Yesu nsɛm yi no: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” Claudio de kaa ho sɛ: “Te sɛ Yesu no, ɛnyɛ nea ehia me ne sɛ mimfi ase nko, na mmom sɛ́ mewie m’adwuma sɛ Ahenni ɔdawurubɔfo nso.” (Yohane 17:4) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa gye tom saa.—Hwɛ adaka, “Sɛnea ‘Yɛnam Boasetɔ So Sow Aba,’” a ɛwɔ krafata 21 no.

Asɛnka ne Ɔkyerɛkyerɛ

14. (a) Atirimpɔw abien bɛn na na Yohane Suboni ne Yesu adwuma no kura? (b) Wobɛka Kristofo dwumadi ho asɛm dɛn nnɛ?

14 Ahenni ɔdawurubɔfo a odi kan a wɔbɔ ne din wɔ Nsɛmpa no mu ne Yohane Suboni. (Mateo 3:1, 2; Luka 3:18) Ná n’atirimpɔw titiriw ne sɛ ‘obedi adanse,’ na ɔyɛɛ saa denam gyidi ne anidaso a emu yɛ den a na ɔwɔ sɛ ‘nnipa nyinaa begye adi’ no so. (Yohane 1:6, 7) Nokwarem no, ebinom a Yohane kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no bɛyɛɛ Kristo asuafo. (Yohane 1:35-37) Enti, na Yohane yɛ ɔsɛnkafo ne obi a ɔma afoforo yɛ asuafo. Ná Yesu nso yɛ ɔsɛnkafo ne ɔkyerɛkyerɛfo. (Mateo 4:23; 11:1) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnka Ahenni asɛm no, na wɔnsan mmoa ankorankoro a wobetie no ma wɔmmɛyɛ n’asuafo nso. (Mateo 28:19, 20) Enti adwuma a yɛyɛ no nnɛ no yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma.

15. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ sɛnea nkurɔfo yɛɛ wɔn ade wɔ asɛnka adwuma no ho wɔ afeha a edi kan Y.B. mu ne nea yɛreyɛ no nnɛ no ho mu?

15 Afeha a edi kan Y.B. mu nnipa a wɔtee sɛ Paulo ka asɛm no kyerɛkyerɛ no ‘binom gyee nea ɔkae no dii, na ebinom nso annye anni.’ (Asomafo no Nnwuma 28:24) Saa ara na nnɛ nso, nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ asɛmpa no ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, Ahenni aba dodow no ara gu dɔte a ɛnsow aba mu. Ne saa mpo no, aba no bi da so ara gu dɔte pa mu, egye ntini, na efifi, sɛnea Yesu ka siei no. Nokwarem, wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛboro 5,000 na wɔbɛyɛ Kristo nokware asuafo dapɛn biara wɔ afe no mu! Saa asuafo foforo yi ‘gye nea yɛka no di,’ ɛwom sɛ nnipa dodow no ara a wɔaka no nnye nni de. Dɛn na ɛboa ma wogyee Ahenni asɛm no dii? Mpɛn pii no, anigye a Adansefo no kyerɛ wɔ wɔn ho—aba a wogu no foforo a wogugu so nsu sɛnkyerɛnne kwan so—no na ɛboaa wɔn. (1 Korintofo 3:6) Susuw nhwɛso horow no mu abien pɛ ho hwɛ.

Ankorankoro Ho Anigye a Yɛkyerɛ no Wɔ Nkɛntɛnso

16, 17. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkyerɛ wɔn a yehyia wɔn wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no ho anigye?

16 Karolien, Ɔdansefo abofra bi a ɔwɔ Belgium, kɔɔ aberewa bi a wankyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye hɔ. Esiane sɛ na wɔde ntamasin akyekyere ɔbea no nsa nti, Karolien ne ne yɔnko no yɛe sɛ wɔbɛboa no, nanso ɔbea no ampene so. Nnanu akyi no Adansefo koro yi ara kɔɔ ɔbea no fie kobisaa no sɛnea ne ho te. Karolien kae sɛ: “Eyi nyaa ne so nkɛntɛnso. Ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ yɛkyerɛɛ ne ho anigye sɛ onipa ankasa. Obuee hokwan maa yɛn, na yefii Bible adesua ase.”

17 Sandi, Ɔdansefo bi a ɔwɔ United States, nso kyerɛ wɔn a ɔka asɛm no kyerɛ wɔn no ho anigye. Ɔhwɛ atesɛm krataa mu afã a wɔde awo ho amanneɛbɔ ma wɔ hɔ no de hu mmea a wɔawo, na afei ɔde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm * no kɔ mmea a wɔawo foforo yi nkyɛn. Esiane sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ a na ɛna no wɔ fie na wɔn ani gye ho sɛ wɔde wɔn ba no bɛkyerɛ nti, nkɔmmɔbɔ taa fi mu ba. Sandi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Meka sɛnea yebetumi afa akenkan so ne mmofra a wɔawo wɔn foforo anya abusuabɔ no ho asɛm kyerɛ awofo no. Ɛno akyi no meka nsɛnnennen a ɛwɔ mmofra ntetee mu wɔ nnɛ wiase mu no ho asɛm.” Nnansa yi ara, esiane nsrahwɛ bi a ɛte saa nti, ɛna bi ne ne mma baasia fii ase som Yehowa. Anammɔn a yebedi kan atu ne ankorankoro ho anigye a yɛbɛkyerɛ no betumi akowie anigye a ɛte saa mu wɔ yɛn som adwuma no mu.

18. (a) Dɛn nti na yɛn nyinaa betumi adu ahwehwɛde a ɛne sɛ ‘yɛnsow aba pii’ no ho? (b) Asuafoyɛ ho ahwehwɛde abiɛsa a wɔkaa ho asɛm wɔ Yohane Asɛmpa no mu bɛn na woasi wo bo sɛ wubedu ho?

18 Hwɛ abotɔyam ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ yebetumi adu ahwehwɛde a ɛne sɛ ‘yɛnsow aba pii’ no ho! Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin, sɛ́ yɛwɔ akwahosan pa anaasɛ yenni bi, sɛ́ yɛka asɛm no wɔ asasesin a wotie anaa nea wontie kɛse mu no, yɛn nyinaa betumi asow aba. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam honhom no aba a yɛbɛda no adi akosi ase ne Onyankopɔn Ahenni asɛm a yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛka no so. Bere koro no ara no, yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛbɛtra Yesu asɛm mu’ na ‘yɛadodɔ yɛn ho.’ Yiw, sɛ yedu asuafoyɛ ho ahwehwɛde titiriw abiɛsa a wɔaka ho asɛm wɔ Yohane nhoma no mu ho a, yɛkyerɛ sɛ ‘yɛyɛ Kristo asuafo ampa.’—Yohane 8:31; 13:35.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Ɛwom sɛ bobe no mmaa a wɔka ho asɛm wɔ mfatoho no mu no fa Yesu asomafo ne Kristofo foforo a wɔwɔ gyinabea wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu ho de, nanso nokwasɛm ahorow bi wɔ mfatoho no mu a Kristo akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa betumi anya so mfaso.—Yohane 3:16; 10:16.

^ nky. 12 Wɔn a onyin anaa yare ama wɔaka fie no betumi adi adanse denam nkrataa-kyerɛw so, anaasɛ baabi a wobenya ho kwan no, denam telefon so, anaasɛ wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔbɛsra wɔn no.

^ nky. 17 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Ntĩmu Nsɛmmisa

• Aba bɛn na ehia sɛ yɛsow no pii?

• Dɛn nti na yebetumi adu botae a ɛne sɛ ‘yɛnsow aba pii’ no ho?

• Asuafoyɛ ho ahwehwɛde atitiriw abiɛsa a wɔaka ho asɛm wɔ Yohane Asɛmpa mu bɛn na yɛasusuw ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

SƐNEA “YƐNAM BOASETƆ SO SOW ABA”

DƐN na ɛboa wo ma wode nokwaredi kɔ so ka Ahenni asɛm no wɔ nsasesin a nkurɔfo ntie no kɛse mu? Asɛmmisa yi ho mmuae a ɛbɛboa yɛn bi na edidi so yi.

“Nim a yenim sɛ Yesu taa yɛn akyi no ma yenya anigye ne boasetɔ, ɛmfa ho sɛnea nnipa a wɔwɔ asasesin no mu yɛ wɔn ade no.”—Harry, mfe 72; wɔbɔɔ no asu 1946 mu.

“Asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 2:17 no hyɛ me nkuran bere nyinaa. Ɛka sɛ ‘Onyankopɔn ne Kristo ani tua’ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no. Sɛ menam asɛnka mu a, m’ani gye sɛ me nnamfonom a wɔsen biara no ka me ho.”—Claudio, mfe 43; wɔbɔɔ no asu 1974 mu.

“Nokwarem no, asɛnka adwuma no yɛ den ma me ankasa. Nanso, mihu nokware a nsɛm a ɛwɔ Dwom 18:29 yɛ no: ‘Mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu.’”—Gerard, mfe 79; wɔbɔɔ no asu 1955 mu.

“Sɛ mitumi kenkan kyerɛwsɛm biako pɛ mpo wɔ asɛnka mu a, ɛma minya abotɔyam sɛ obi ama Bible no apɛɛpɛɛ ne komam.”—Eleanor, mfe 26; wɔbɔɔ no asu 1989 mu.

“Mekɔ so sɔ akwan a wɔfa so da nsɛm adi pii hwɛ. Ɛdɔɔso ara ma mintumi mfa nni dwuma m’asetra mfe a aka no mu.”—Paul, mfe 79; wɔbɔɔ no asu 1940 mu.

“Memma tie a nkurɔfo ntie me no nhaw me. Mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ fakaa, na me ne nkurɔfo adi nkɔmmɔ atie wɔn adwenkyerɛ.”—Daniel, mfe 75; wɔbɔɔ no asu 1946 mu.

“Mahyia nnipa a wɔabɔ asu foforo a wɔka kyerɛɛ me sɛ m’asɛnka adwuma no ka ho bi na wɔbɛyɛɛ Adansefo. Akyiri yi, obi foforo ne wɔn suaa Bible no a na minnim, na ɛboaa wɔn ma wonyaa nkɔso. Ɛyɛ me anigye sɛ mihu sɛ yɛn asɛnka adwuma no yɛ kuw adwuma.”—Joan, mfe 66; wɔbɔɔ no asu 1954 mu.

Dɛn na ɛboa wo ma ‘wode boasetɔ sow aba’?—Luka 8:15.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Yɛnam honhom aba a yɛbɛda no adi ne Ahenni asɛm no a yɛbɛka so sow aba pii

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: ‘Monsow aba pii no’?