Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monnodɔ Mo ho’

‘Monnodɔ Mo ho’

‘Monnodɔ Mo ho’

“Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.

1. Su bɛn na Yesu sii so dua bere tiaa bi ansa na ɔrewu no?

“MMA nkumaa.” (Yohane 13:33) Yesu de saa asɛm a ɔdɔ wom no kasa kyerɛɛ n’somafo no anwummere a ade rebɛkye ma wawu no. Yenni kyerɛwtohɔ biara wɔ Nsɛmpa no mu a ɛkyerɛ sɛ na Yesu de asɛm a ɛda tema adi a ɛte saa akasa akyerɛ wɔn pɛn. Nanso, saa anadwo titiriw no, biribi kaa no ma ɔkaa nsɛm a ɔdɔ wom yi de kyerɛɛ ɔdɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ ma n’akyidifo no. Nokwarem no, Yesu kaa ɔdɔ ho asɛm bɛyɛ mpɛn 30 saa anadwo no. Dɛn nti na osii su yi so dua saa?

2. Dɛn nti na ɔdɔ a Kristofo bɛda no adi no ho hia saa?

2 Yesu kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔdɔ ho hia saa no mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35; 15:12, 17) Kristo kyidini a obi bɛyɛ no hwehwɛ sɛ ɔda onuadɔ adi ɔkwan biara so. Ɛnyɛ ahosiesie anaa amammerɛ soronko bi na wɔde hu nokware Kristofo, na mmom, ɔdɔ a emu yɛ hyew a wɔda no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no. Ɔdɔ a ɛda nsow yi a yebenya no ne ahwehwɛde atitiriw abiɛsa a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim no mu nea ɛto so abien a ɛsɛ sɛ Kristo suani biara du ho no. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adu saa ahwehwɛde yi ho?

‘Monkɔ So Nyɛ Mmoro Saa’

3. Ɔdɔ ho afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de mae?

3 Sɛnea na ɛda adi wɔ Kristo akyidifo mu wɔ afeha a edi kan mu no, wohu ɔdɔ a ɛkyɛn so yi nnɛ wɔ Kristo nokware asuafo mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa afeha a edi kan mu Kristofo no sɛ: “Na onuadɔ ho de, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho.” Ne nyinaa akyi no, Paulo de kaa ho sɛ: “Monkɔ so nyɛ mmoro sa.” (1 Tesalonikafo 3:12; 4:9, 10) Ehia sɛ yɛn nso yetie Paulo afotu no na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho ‘ma aboro saa.’

4. Sɛnea Paulo ne Yesu kyerɛ no, henanom na ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn ho titiriw?

4 Paulo hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran wɔ krataa koro no ara mu sɛ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn koma atu no werɛ’ na ‘wɔmmoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Bere foforo nso, ɔkaee Kristofo sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ den no soa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ.’ (Romafo 15:1) Yesu nso de akwankyerɛ a ɛfa mmoa a yɛde bɛma wɔn a wɔyɛ mmerɛw ho mae. Bere a Yesu kae sɛ Petro bɛpo no anadwo a wɔbɛkyere no wiei no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Sɛ daakye wodan a, hyɛ wo nuanom den.” Dɛn ntia? Efisɛ na wɔn nso bɛpo Yesu ma enti na wobehia mmoa. (Luka 22:32; Yohane 21:15-17) Enti, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom fam, ne wɔn a ebia wɔne Kristofo asafo no mmɔ bio no. (Hebrifo 12:12) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa? Mfatoho abien bi a emu da hɔ a Yesu yɛe no ma yenya mmuae no.

Oguan a Ɔyerae ne Dwetɛbona a Ɛyerae

5, 6. (a) Mfatoho ntiantia abien bɛn na Yesu de mae? (b) Dɛn na mfatoho ahorow yi da no adi wɔ Yehowa ho?

5 Yesu yɛɛ mfatoho ntiantia abien de kyerɛɛ n’atiefo no adwene a Yehowa kura wɔ wɔn a wɔaman no ho. Ná biako fa oguanhwɛfo ho. Yesu kae sɛ: “Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduakron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no? Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye. Na ɔba ofie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Momma mo ne me ani nnye, na mahu me guan a ɔyerae no. Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.”—Luka 15:4-7.

6 Ná mfatoho a ɛto so abien no fa ɔbea bi ho. Yesu kae sɛ: “Ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu? Na ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano, na ɔka sɛ: Momma mo ne me ani nnye, na mahu me dwetɛbona a ɛyerae no. Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.”—Luka 15:8-10.

7. Asuade abien bɛn na oguan a ɔyerae ne dwetɛbona a ɛyerae ho mfatoho no ma yenya?

7 Dɛn na yebetumi asua afi mfatoho ntiantia abien yi mu? Ɛkyerɛ yɛn (1) sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ho ne (2) nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa wɔn. Momma yensusuw saa nsɛm yi ho.

Wɔyerae Nanso na Wɔsom Bo

8. (a) Oguanhwɛfo no ne ɔbea no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ wɔn nneɛma a ɛyerae no ho? (b) Dɛn na sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ wɔn nneɛma a ɛyerae ho no kyerɛ yɛn?

8 Wɔ mfatoho abien no nyinaa mu no, biribi yerae, nanso hyɛ sɛnea wɔn wuranom yɛɛ wɔn ade no nsow. Oguanhwɛfo no anka sɛ: ‘Dɛn na oguan biako bɛyɛ me bere a meda so ara wɔ 99 no? Sɛ manhu no a, ɛrenhaw me.’ Ɔbea no anka sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho wɔ dwetɛbona biako ho? Akron a aka no dɔɔso ma me.’ Mmom no, oguanhwɛfo no hwehwɛɛ ne guan a wayera no te sɛ nea ne nkutoo ne oguan a ɔwɔ. Na ɔbea no tee nka wɔ ne dwetɛbona a ayera no ho sɛ nea onni dwetɛbona foforo biara bio. Wɔ nsɛm abien no nyinaa mu no, na ade a ayera no som bo ma ne wura no. Dɛn na eyi kyerɛ?

9. Dɛn na sɛnea oguanhwɛfo no ne ɔbea no yɛɛ wɔn ade no yɛ ho mfonini?

9 Hyɛ sɛnea Yesu de asɛm no baa awiei wɔ mfatoho abien no nyinaa mu no nsow: “Saa ara na anigye bɛba ɔsoro wɔ ɔbɔnefo biako a ɔsakra ho” na ‘saa ara na, mise mo sɛ, anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.’ Enti, sɛnea oguanhwɛfo no ne ɔbea no yɛɛ wɔn ade no da sɛnea Yehowa ne ne soro abɔde yɛ wɔn ade no adi wɔ ɔkwan kakraa bi so. Sɛnea na ade a ɛyerae no som bo ma oguanhwɛfo no ne ɔbea no, saa ara na wɔn a wɔatwe wɔn ho na wɔne Onyankopɔn nkurɔfo mmɔ no da so ara som bo wɔ Yehowa ani so. (Yeremia 31:3) Ebia na saafo no ayɛ mmerɛw wɔ honhom fam, nanso ɛnkyerɛ sɛ wɔyɛ atuatewfo. Ɛmfa ho sɛ wɔayɛ mmerɛw no, ebia na ɔkwan bi so no, wɔda so ara di Yehowa ahwehwɛde so. (Dwom 119:176; Asomafo no Nnwuma 15:29) Enti, sɛnea na ɛte wɔ tete mmere mu no, Yehowa mpere ne ho sɛ ‘ɔbɛtow wɔn akyene afi n’anim.’—2 Ahene 13:23.

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛpɛ sɛ yebu wɔn a wɔne asafo no mmɔ no? (b) Sɛnea Yesu mfatoho abien no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yedwen wɔn ho?

10 Te sɛ Yehowa ne Yesu no, yɛn nso yedwen wɔn a wɔayɛ mmerɛw na wɔayera afi Kristofo asafo mu no ho yiye. (Hesekiel 34:16; Luka 19:10) Yebu onipa a wayɛ mmerɛw wɔ honhom fam no sɛ oguan a wayera—ɛnyɛ obi a anidaso biara nni ne so. Yensusuw sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho wɔ obi a wayɛ mmerɛw ho? Onni hɔ no biribiara rekɔ so yiye wɔ asafo no mu.’ Mmom no, te sɛ Yehowa no, yebu wɔn a wɔatwe wɔn ho na wɔpɛ sɛ wɔsan ba no sɛ wɔsom bo.

11 Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yedwen wɔn ho? Yesu mfatoho abien no da no adi sɛ yebetumi ayɛ saa (1) denam anammɔn a yebedi kan atu, (2) boasetɔ a yebenya, ne (3) yɛn ani a yɛbɛma abere so. Momma yensusuw saa nneɛma yi ho mmiako mmiako.

Di Kan Tu Anammɔn

12. Dɛn na nsɛm ‘ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ nea wayera no’ kyerɛ yɛn fa oguanhwɛfo no suban ho?

12 Wɔ mfatoho abien no mu nea edi kan mu no, Yesu ka sɛ oguanhwɛfo no ‘bɛkɔ akɔhwehwɛ oguan a wayera no.’ Oguanhwɛfo no di kan tu anammɔn na ɔbɔ mmɔden kɛse sɛ obehu oguan a wayera no. Nsɛnnennen, asiane, ne ɔkwan no tenten mma ɔnsan. Mmom no, oguanhwɛfo no hwehwɛ no ‘kosi sɛ obehu no.’—Luka 15:4.

13. Ɔkwan bɛn so na mmarima anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu no dii wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ahiade ho dwuma, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Bible mu nhwɛso a ɛte saa?

13 Saa ara na mpɛn pii no, obi a ohia nkuranhyɛ nkyɛn a yɛbɛkɔ no hwehwɛ sɛ nea ɔyɛ den no bedi kan atu anammɔn. Mmarima anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu no tee eyi ase. Sɛ nhwɛso no, bere a Ɔhene Saulo ba Yonatan hui sɛ ne yɔnko berɛbo Dawid hia nkuranhyɛ no, Yonatan “sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Onyankopɔn mu.” (1 Samuel 23:15, 16) Mfehaha pii akyi, bere a Amrado Nehemia hui sɛ ne nuanom Yudafo no bi nsam agow no, ɔno nso ‘sɔree ntɛm ara’ hyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔnkae Yehowa.’ (Nehemia 4:14) Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ‘sɔre’—yedi kan tu anammɔn—de hyɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den. Nanso henanom na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ asafo no mu?

14. Henanom na ɛsɛ sɛ wɔkɔ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no nkyɛn wɔ Kristofo asafo no mu?

14 Kristofo mpanyimfo titiriw na asɛyɛde hyɛ wɔn nsa sɛ ‘wɔbɛhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ no den na wɔamia anankoroma a agow mu,’ na ‘wɔaka akyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ: Monhyɛ mo ho den. Munnsuro.’ (Yesaia 35:3, 4; 1 Petro 5:1, 2) Nanso, hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na wɔde Paulo afotu a ese ‘yɛnkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ’ na ‘yɛmmoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw’ no maa wɔn. Mmom no, wɔde Paulo nsɛm no kɔmaa “Tesalonikafo asafo” no nyinaa. (1 Tesalonikafo 1:1; 5:14) Enti wɔn a wɔayɛ mmerɛw nkyɛn a yɛbɛkɔ no yɛ Kristofo nyinaa asɛyɛde. Te sɛ oguanhwɛfo a ɔwɔ bɛ no mu no, ɛsɛ sɛ biribi ka Kristoni biara ma ‘ɔkɔhwehwɛ nea wayera no.’ Nokwarem no, sɛ yɛne mpanyimfo yɛ biako nkutoo a na yebetumi ayɛ eyi ma atu mpɔn. So wubetumi atu anammɔn bi aboa obi a wayɛ mmerɛw wɔ w’asafo mu?

Da Boasetɔ Adi

15. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa oguanhwɛfo no yɛɛ n’ade wɔ saa kwan no so?

15 Dɛn na oguanhwɛfo no yɛ bere a awiei koraa no ohu oguan a wayera no? “Ɔde no bɔ ne kɔn ho.” (Luka 15:5) Asɛm a ɛka koma na ɛhyɛ nkuran bɛn ara ni! Ebia na oguan no akyinkyin mmeae a onnim hɔ nnafua pii, a ebia anka agyata mpo betumi akyere no awe. (Hiob 38:39, 40) Akyinnye biara nni ho sɛ aduan a oguan no annya anni no bɛma wayɛ mmerɛw. Wayɛ mmerɛw dodo sɛ obetumi anya ahoɔden de adi akwanside a obehyia bere a ɔresan aba ne nguannan mu no so. Enti, oguanhwɛfo no bɔ ne mu ase, de boasetɔ ma oguan no so, de no bɔ ne kɔn ho fa akwanside no nyinaa mu san de no bɛka nguankuw no ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ɔdɔ a oguanhwɛfo yi daa no adi yi bi adi?

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua boasetɔ a oguanhwɛfo no daa no adi kyerɛɛ oguan a na wayera no?

16 Ebetumi aba sɛ obi a ɔne asafo no mmɔ bio no abrɛ wɔ honhom fam. Te sɛ oguan a ɔtew ne ho fii oguanhwɛfo no ho no, ebia na onipa a ɔte saa no awɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ saa wiase a nitan ahyɛ mu ma yi mu. Sɛ wannya ahobammɔ amfi nguankuw no, nokware Kristofo asafo no hɔ a, ɔba Ɔbonsam a ‘ɔnam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene’ no no ntua ase koraa. (1 Petro 5:8) Bio nso, honhom fam aduan a onnya nni no ma ɔyɛ mmerɛw. Enti, ɛda adi sɛ wayɛ mmerɛw koraa sɛ n’ankasa betumi adi akwanside ahorow a obehyia bere a ɔresan aba asafo no mu no so. Enti, sɛnea yɛbɛka no no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn mu ase, na yɛtɔ yɛn bo ase ma nea wayɛ mmerɛw no so san de no ba. (Galatifo 6:2) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua ɔsomafo Paulo bere a yɛkɔsra obi a wayɛ mmerɛw no?

17 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛ obi yɛ mmerɛw a, so me ne no nnkyɛ ne mmerɛwyɛ no?” (2 Korintofo 11:29, The New English Bible; 1 Korintofo 9:22) Ná Paulo wɔ tema ma nkurɔfo, a wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛda tema a ɛte saa ara adi ma wɔn a wɔayɛ mmerɛw no. Sɛ worekɔsra Kristoni bi a wayɛ mmerɛw wɔ honhom fam a, ma onnya awerɛhyem sɛ ɔsom bo wɔ Yehowa ani so na ne mfɛfo Adansefo ani agyina no yiye. (1 Tesalonikafo 2:17) Ma onhu sɛ wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa no, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ sɛ ‘onua a wɔwoo no maa hiada’ ama no. (Mmebusɛm 17:17; Dwom 34:18) Nsɛm a yebefi komam aka no betumi de nkakrankakra ahyɛ no nkuran ma awiei koraa no, watumi asan abɛka nguankuw no ho. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bio? Mfatoho a ɛfa ɔbea no ne dwetɛbona a ɛyerae ho no bɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Ma W’ani Mmere

18. (a) Dɛn nti na ɔbea a ɔwɔ mfatoho no mu no abam ammu? (b) Anibere bɛn na ɔbea no de yɛɛ ade, na dɛn na efii mu bae?

18 Ná Ɔbea a ne dwetɛbona yerae no nim sɛ tebea no yɛ den nanso ɛnyɛ nea anidaso nnim. Sɛ anka dwetɛbona no tɔɔ baabi a nwura pii wɔ anaasɛ ɔtare bi a emu dɔ mu a, anka obebu no biribi a ɔrenhu koraa bio na ama wagyae akyiri di. Nanso, esiane sɛ na onim sɛ dwetɛbona no bɛwɔ fie hɔ, baabi a obetumi ahu nti, ofii ase de anibere hwehwɛɛ hɔ nyinaa. (Luka 15:8) Nea edi kan no, ɔsɔɔ kanea ma hann baa ɔdan a emu ayɛ sum no mu. Afei, ɔpraa dan mu hɔ, a ɔwɔ anidaso sɛ prae no bɛka dwetɛbona no ma ayɛ dede. Awiei koraa no, ɔtoo ne bo ase hwehwɛɛ dan mu hɔ baabiara kosii sɛ kanea no kɔtɔɔ dwetɛbona no so. Ɔbea no nyaa n’ani a ɔma ɛberee no so akatua!

19. Wɔn a wɔayɛ mmerɛw a yɛbɛboa wɔn ho asuade bɛn na yebetumi anya afi nneyɛe a ɔbea a ɔwɔ dwetɛbona a ɛyerae ho bɛ mu daa no adi no mu?

19 Sɛnea mfatoho no kae yɛn no, Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a ɛne sɛ yɛmmoa Kristoni bi a wayɛ mmerɛw no mmoro yɛn ahoɔden so. Bere koro no ara nso, yehu sɛ egye mmɔdenbɔ. Efisɛ, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Efesofo mpanyimfo no sɛ: “Ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw.” (Asomafo no Nnwuma 20:35a) Ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbea no too n’ani hwɛɛ dan mu hɔ baabi piaa ade biako anaa abien bi sii nkyɛn ara pɛ na ohuu dwetɛbona no. Dabi, ohuu dwetɛbona no efisɛ ɔkɔɔ so hwehwɛe ‘kosii sɛ ohui.’ Saa ara na sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yebenya obi a wayɛ mmerɛw wɔ honhom fam a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere na atirimpɔw bata ho. Dɛn na yebetumi ayɛ?

20. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no?

20 Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa obi a wayɛ mmerɛw ma wakanyan ne gyidi ne anisɔ a ɔwɔ? Bible adesua a yɛne no bɛyɛ wɔ Kristofo nhoma bi a ɛfata mu betumi aboa. Nokwarem no, Bible adesua a yɛne obi a wayɛ mmerɛw yɛ no ma yɛboa no wɔ ɔkwan a edi mu na etu mpɔn so. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no ne obi a obetumi akyerɛ onii a obetumi de mmoa a ehia no ama. Obetumi akyerɛ nsɛmti a ɛsɛ sɛ wosua ne nhoma ko a ɛbɛboa kɛse. Sɛnea ɔbea a ɔwɔ mfatoho no mu de nnwinnade a mfaso wɔ so yɛɛ n’adwuma awiei no, saa ara na nnɛ yɛwɔ nnwinnade a ɛboa yɛn ma yedi asɛyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmmoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ho dwuma. Yɛn nnwinnade anaa nhoma foforo no mu abien betumi aboa paa wɔ eyi mu. Ɛno ne Som Nokware Nyankopɔn Koro No ne Bɛn Onyankopɔn nhoma no. *

21. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔayɛ mmerɛw a yɛboa wɔn no de nhyira brɛ yɛn nyinaa?

21 Wɔn a wɔayɛ mmerɛw a yɛboa wɔn no de nhyira brɛ yɛn nyinaa. Nea wɔreboa no no ani gye sɛ ɔresan ne nokware nnamfonom abɛyɛ biako bio. Yenya komam anigye a ɔma nkutoo na ɛma yenya no. (Luka 15:6, 9; Asomafo no Nnwuma 20:35b) Asafo mũ no nyinaa ani gye bere a wɔn nyinaa fi ɔdɔ mu kyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye no. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛhyɛ yɛn Nguanhwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ, Yehowa ne Yesu anuonyam, bere a ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no da adi wɔ wɔn asase so asomfo mu no. (Dwom 72:12-14; Mateo 11:28-30; 1 Korintofo 11:1; Efesofo 5:1) Hwɛ ntease pa ara a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘dodɔ yɛn ho yɛn ho’!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Yehowa Adansefo na wotintimii.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn mu biara da ɔdɔ adi?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no?

• Asuade bɛn na oguan a ɔyerae ne dwetɛbona a ɛyerae ho bɛ no ma yenya?

• Anammɔn a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi atu de aboa obi a wayɛ mmerɛw?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Sɛ yɛreboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no a, yedi kan tu anammɔn, yɛda boasetɔ adi, na yɛma yɛn ani bere

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Wɔn a wɔayɛ mmerɛw a yɛbɛboa wɔn no de nhyira brɛ yɛn nyinaa