Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Montra M’asɛm Mu’

‘Montra M’asɛm Mu’

Montra M’asɛm Mu

“Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa.”—YOHANE 8:31.

1. (a) Bere a Yesu san kɔɔ soro no, dɛn na ogyawee asase so? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

BERE a Yesu Kristo, Nea Ɔde Kristosom Bae no san kɔɔ soro no, wankyerɛw nhoma, ansisi nkaedum, anaasɛ wammoa ahode ano annyaw wɔ asase yi so. Nea ogyawee wɔ n’akyi ne asuafo ne ahwehwɛde ahorow pɔtee a ɛbɛma obi abɛyɛ osuani. Nokwarem no, wɔ Yohane Asɛmpa no mu no, yehu sɛ Yesu kaa ahwehwɛde atitiriw abiɛsa a ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ n’akyidini du ho no ho asɛm. Dɛn ne ahwehwɛde ahorow yi? Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛatumi adu ho? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ ahu sɛ yɛfata sɛ Kristo asuafo nnɛ? *

2. Ahwehwɛde titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ osuani du ho, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane Asɛmpa no mu no?

2 Bɛyɛ asram asia ansa na Yesu rewu no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkaa asɛm no kyerɛɛ nnipadɔm a na wɔaba hɔ rebedi naawɔtwe Asese Afahyɛ no. Enti, bere a woduu afahyɛ no mfinimfini no, “nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii.” Yesu kɔɔ so kaa asɛm no, ma enti bere a afahyɛ no baa awiei no, “nnipa pii gyee no dii” bio. (Yohane 7:10, 14, 31, 37; 8:30) Saa bere no, Yesu danee adwene kɔɔ wɔn a wɔagye adi foforo no so, na ɔdaa ahwehwɛde titiriw a ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ osuani du ho adi, sɛnea ɔsomafo Yohane yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no: ‘Sɛ motra m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa.’—Yohane 8:31.

3. Su bɛn na ehia na ama obi ‘akɔ so atra Yesu asɛm mu’?

3 Bere a Yesu kaa saa no, na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ne sɛ wɔn a wɔagye adi foforo no nni gyidi. Mmom no, na ɔreda no adi sɛ—sɛ wɔtra n’asɛm mu nkutoo, na wɔda boasetɔ adi a—wobenya hokwan sɛ wɔbɛyɛ ne nokware asuafo. Ná wɔagye n’asɛm no, nanso afei de na ehia sɛ wɔkɔ so tra mu. (Yohane 4:34; Hebrifo 3:14) Nokwarem no, Yesu buu boasetɔ sɛ su a ɛho hia ma n’akyidifo no araa ma wɔ ɔne n’asomafo no nkɔmmɔbɔ a etwa to koraa mu, sɛnea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane Asɛmpa no mu no, Yesu hyɛɛ wɔn nkuran mprenu sɛ: ‘Monkɔ so nni m’akyi.’ (Yohane 21:19, 22) Tete Kristofo no pii yɛɛ saa. (2 Yohane 4) Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔdaa boasetɔ adi?

4. Dɛn na ɛmaa tete Kristofo no gyinaa mu?

4 Ɔsomafo Yohane, a ɔde bɛyɛ mfirihyia aduɔson somee sɛ Kristo suani nokwafo no daa ade titiriw bi adi. Ɔkamfoo Kristofo anokwafo sɛ: “Mo ho yɛ den, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbɔne no so nkonim.” Saa Kristo asuafo no gyinaa mu, anaasɛ wɔtraa Onyankopɔn asɛm mu, efisɛ na Onyankopɔn asɛm no te wɔn mu. Ná wofi komam kyerɛ asɛm no ho anisɔ. (1 Yohane 2:14, 24) Saa ara na nnɛ, nea ɛbɛyɛ na ‘yɛagyina mu akodu awiei no,’ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ Onyankopɔn asɛm te yɛn mu. (Mateo 24:13) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Mfatoho bi a Yesu yɛe no ma yenya mmuae no.

“Ɔte Asɛm No”

5. (a) Dɔte ahorow bɛn na Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no biako mu? (b) Dɛn na aba ne dɔte a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no gyina hɔ ma?

5 Yesu de ogufo bi a okoguu aba yɛɛ mfatoho bi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo, Marko, ne Luka Nsɛmpa no mu. (Mateo 13:1-9, 18-23; Marko 4:1-9, 14-20; Luka 8:4-8, 11-15) Bere a wokenkan kyerɛwtohɔ no, wubehu sɛ ade titiriw a ɛda adi wɔ mfatoho no mu ne sɛ aba koro no ara koguu dɔte ahorow mu, na nea efii mu bae no gu ahorow. Ná dɔte a edi kan no yɛ den, na nea ɛto so abien no mu nnɔ, na na nsɔe ayɛ nea ɛto so abiɛsa no so mã. Nea ɛnte sɛ dɔte abiɛsa a aka no, na dɔte a ɛto so anan no yɛ ‘dɔte pa.’ Sɛnea Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu no, aba no ne Ahenni no ho asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, na dɔte no gyina hɔ ma nnipa a wɔn komam tebea gu ahorow no. Ɛwom sɛ na nnipa a dɔte ahorow no yɛ wɔn ho mfonini no kura botae koro de, nanso wɔn a wɔde dɔte pa yɛɛ wɔn ho mfonini no wɔ su bi a ɛmaa wɔyɛɛ soronko wɔ dɔte a aka no ho.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na dɔte a ɛto so anan wɔ Yesu bɛ no mu no yɛ soronko wɔ abiɛsa a aka no ho, na dɛn na ɛno kyerɛ? (b) Dɛn na ɛho hia na ama yɛada boasetɔ adi sɛ Kristo asuafo?

6 Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Luka 8:12-15 no kyerɛ sɛ wɔ tebea anan no nyinaa mu no, nkurɔfo ‘te asɛm no.’ Nanso, wɔn a wɔwɔ “koma pa a eye” no yɛ ade boro ‘asɛm no a wɔte’ kɛkɛ no so. “Wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.” Asase pa a eye na ɛyɛ mmerɛw na emu dɔ no ma aba no ntini kɔ asase no mu, na nea efi mu ba ne sɛ, aba no fifi na ɛsow aba. (Luka 8:8) Saa ara na wɔn a wɔwɔ koma pa no te Onyankopɔn asɛm ase, wɔkyerɛ ho anisɔ, na esian kɔ wɔn komam. (Romafo 10:10; 2 Timoteo 2:7) Onyankopɔn asɛm tra wɔn mu. Enti, wɔnam boasetɔ so sow aba. Enti, komam anisɔ a wonya ma Onyankopɔn Asɛm no yɛ ade titiriw a ɛma wɔda boasetɔ adi sɛ Kristo asuafo. (1 Timoteo 4:15) Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya komam anisɔ a ɛte saa ama Onyankopɔn Asɛm?

Komam Tebea ne Nsusuwho a Etu Mpɔn

7. Adwuma bɛn na wɔde bata koma pa ho pɛɛ?

7 Hyɛ adwuma ko a Bible no kɔ so de koma pa a eye bata ho no nsow. ‘Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.’ (Mmebusɛm 15:28) ‘Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nsusuwii nsɔ w’ani, Yehowa.’ (Dwom 19:14) ‘Me komam nsusuwii yɛ nhumu ara nko.’—Dwom 49:3.

8. (a) Sɛ yɛrekenkan Bible no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Mfaso horow bɛn na yenya bere a yɛde mpaebɔ susuw Onyankopɔn Asɛm ho no? (Fa adaka, ‘Wɔatim Wɔ Nokware no Mu’ ka ho.)

8 Te sɛ Bible akyerɛwfo yi no, ehia sɛ yɛn nso yɛde anisɔ ne mpaebɔ susuw Onyankopɔn Asɛm ne ne nnwuma ho. Sɛ yɛrekenkan Bible anaa Bible ho nhoma bi a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ nsrahwɛfo a wɔrepɛ ntɛm a wɔde ahopere fi beae biako kɔ foforo, a wotwa biribiara mfonini nanso wɔnnye bere nhwɛ dekode no yiye no. Mmom no, sɛ yɛresua Bible no a, ɛsɛ sɛ yegye bere gyina na yɛkyerɛ nea yehu no ho anigye, sɛnea yɛbɛka no no. * Bere a yɛyɛ koom susuw nea yɛkenkan ho no, Onyankopɔn asɛm no ka yɛn koma. Ɛka yɛn nkate, na esiesie yɛn nsusuwii. Ɛka yɛn ma yɛka yɛn komam nsusuwii nso ho asɛm kyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. Enti, yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu bɛyɛ den, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no kanyan yɛn ma yɛkɔ so di Yesu akyi wɔ tebea a emu yɛ den mpo mu. (Mateo 10:22) Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yedi nokware kodu awiei a, ɛho hia sɛ yedwennwen nea Onyankopɔn ka ho.—Luka 21:19.

9. Yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ ahu sɛ yɛn koma regye Onyankopɔn asɛm no?

9 Yesu bɛ no da no adi nso sɛ akwanside ahorow betumi asiw aba no, Onyankopɔn asɛm no nkɔso kwan. Enti, sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ asuafo anokwafo a, eye sɛ (1) yebehu akwanside ko a asase bɔne a wɔbɔɔ din wɔ bɛ no mu no gyina hɔ ma na (2) yetu anammɔn de siesie saa akwanside no anaasɛ yɛpo. Saa kwan no so no, yɛbɛhwɛ ahu sɛ yɛn koma regye Ahenni aba no na ɛkɔ so sow aba.

“Kwankyɛn”—Wɔn a Nneɛma Gye Wɔn Adwene

10. Ka dɔte a edi kan wɔ Yesu bɛ no mu ho asɛm, na kyerɛkyerɛ nea ɛkyerɛ mu?

10 Asase a edi kan a aba no koguu so no yɛ “kwankyɛn,” baabi a “wotiatiaa” aba no “so” no. (Luka 8:5) Kwankyɛn asase a wɔfa so kɔ aburofuw mu no yɛ asase a nnipa pii taa fa so ma ayɛ denneennen. (Marko 2:23) Saa ara na wɔn a wɔma wiase a adagyew nnim yi gye wɔn bere ne wɔn ahoɔden ɔkwan a ɛmfata so no behu sɛ nneɛma agye wɔn adwene araa ma wontumi nnya komam anisɔ biara mma Onyankopɔn asɛm. Wɔte, nanso wontumi nnwinnwen ho. Enti, ɛma wɔn koma kɔ so yɛ den. Ansa na wobenya ɔdɔ ama asɛm no, ‘na Ɔbonsam abeyi afi wɔn koma mu na wɔannye anni annya nkwa.’ (Luka 8:12) So yebetumi asiw eyi ano?

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn koma ho ban na ammɛyɛ sɛ asase a ɛyɛ den?

11 Pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de abɔ koma no ho ban na ammɛyɛ kwankyɛn asase a ɛnsow aba. Sɛ wogyae asase a wɔatiatia so ma ayɛ denneennen no so fa na wɔfɛntɛm a, ebetumi ayɛ mmerɛw na asow aba. Saa ara na bere a yebegye de asua Onyankopɔn Asɛm asusuw ho no betumi ama koma no ayɛ sɛ asase pa a ɛsow aba. Ano aduru ara ne sɛ woremma asetram nneɛma a ɛho nhia nnye w’adwene nyinaa. (Luka 12:13-15) Mmom no, hwɛ sɛ wowɔ bere a wode bedwennwen asetram “nneɛma a eye koraa” no ho.—Filipifo 1:9-11.

“Ɔbotan So”—Ehu Ka No

12. Ade titiriw bɛn paa nti na aba no wu wɔ dɔte a ɛto so abien a Yesu bɔɔ din wɔ ne mfatoho no mu no?

12 Bere a aba no koguu dɔte a ɛto so abien so no, ɛno nso antumi annyina, te sɛ dɔte a edi kan no ara. Egyee ntini na efifii. Nanso bere a owia puei no, ɛhyew no ma ewui. Nanso, hyɛ ade titiriw yi nsow. Ɛnyɛ ɔhyew no titiriw na ɛmaa aba no wui. Efisɛ ɔhyew no bi kaa aba a efifii wɔ asase pa mu no nso, nanso anwu—nokwarem no, enyinii. Nsonsonoe bɛn na ɛwom? Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ aba yi wu “efisɛ dɔte no mu nnɔ” na “enni fonwini ntia.” (Mateo 13:5, 6; Luka 8:6) “Ɔbotan” a dɔte no gu so no mma aba no ntini nkɔ asase no ase na anya fonwini a ɛfata na atumi agyina. Aba no wu efisɛ dɔte no mu nnɔ.

13. Ankorankoro bɛn na wɔte sɛ dɔte a emu nnɔ no, na ntease titiriw bɛn nti na wɔyɛ wɔn ade saa kwan no so?

13 Mfatoho no fã yi fa ankorankoro a ‘wɔde anigye gyee asɛm no’ na wɔde nsi dii Yesu akyi ‘kosii bere bi’ no ho. (Luka 8:13) Sɛ owia ano hyew a ɛne “amanehunu anaa ɔtaa” hyew wɔn a, wɔbɔ hu araa ma wɔhwere anigye ne ahoɔden a wɔwɔ no ma wogyae Kristo akyiri di. (Mateo 13:21) Nanso, ɛnyɛ ɔsɔretia titiriw nti na wɔbɔ hu. Efisɛ, Kristo asuafo ɔpepem pii fa amanehunu pii mu, nanso wokura wɔn gyidi mu. (2 Korintofo 2:4; 7:5) Ade titiriw nti a ehu ka ebinom na wɔwae ne sɛ wɔn komam tebea a ɛte sɛ ɔbotan no mma wonsusuw honhom fam nneɛma a ɛhyɛ den no ho nkɔ akyiri sɛnea ɛsɛ. Enti, anisɔ a wonya ma Yehowa ne n’asɛm no sua koraa sɛ ebetumi agyina ɔsɔretia ano. Obi bɛyɛ dɛn atumi asiw biribi a ɛte saa ano?

14. Anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ obi tu de bɔ ne koma ho ban na ammɛyɛ sɛ dɔte a emu nnɔ?

14 Ehia sɛ onii no hwɛ hu sɛ obeyi akwanside ahorow a ɛte sɛ abotan, te sɛ abufuw a emu yɛ den, pɛsɛmenkominya a ahintaw, anaasɛ nkate ahorow bi a ɛte saa a emu yɛ den nanso ahintaw no afi ne komam. Sɛ akwanside a ɛte saa wɔ hɔ dedaw a, tumi a Onyankopɔn asɛm de ma no betumi ayi afi hɔ. (Yeremia 23:29; Efesofo 4:22; Hebrifo 4:12) Ɛno akyi no, mpaebɔ a onii no de besusuw nneɛma ho no bɛma ‘wɔatɛw asɛm no’ yiye wɔ ne komam. (Yakobo 1:21) Eyi bɛma wanya ahoɔden de agyina abasamtu ano, na wanya akokoduru de akɔ so adi nokware ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow.

“Nsɔe Mu”—Nneɛma Twetwe N’adwene

15. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw dɔte a ɛto so abiɛsa a Yesu kaa ho asɛm no ho titiriw? (b) Dɛn na ɛto dɔte a ɛto so abiɛsa no awiei koraa, na dɛn ntia?

15 Ɛsɛ sɛ yesusuw dɔte a ɛto so abiɛsa, nea nsɔe wɔ so, no ho titiriw efisɛ akwan bi so no, ɛte sɛ dɔte pa no ara. Te sɛ dɔte pa no, dɔte a nsɔe wɔ so no ma aba no gye ntini na efifi. Mfitiase no, nsonsonoe biara nni nyin a aba foforo no nyin wɔ dɔte abien yi mu no mu. Nanso, bere kɔ so no, tebea bi sɔre a awiei koraa no, emia aba no. Nea ɛnte sɛ dɔte pa no, nsɔe nyin fa saa dɔte yi so. Bere a aba ketewa no pue fi dɔte yi mu no, ‘nsɔe a ɛne no nyin’ no ne no di asi. Nnɔbae abien no nyinaa pere aduan, hann, ne dabere ho kosi bere bi, nanso awiei koraa no, nsɔe no kɛntɛn aba no so na ‘emia no.’—Luka 8:7.

16. (a) Nnipa bɛn na wɔte sɛ dɔte a nsɔe wɔ so no? (b) Sɛnea Nsɛmpa abiɛsa no kyerɛ no, dɛn na nsɔe no gyina hɔ ma?—Hwɛ asehɔ asɛm.

16 Nnipa bɛn na wɔte sɛ dɔte a nsɔe wɔ so no? Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Eyinom ne wɔn a wɔate, nanso asetra yi mu ahonya ne anigye twetwe wɔn, na emia wɔn koraa ma ɛmma biribiara nwie pɛyɛ.’ (Luka 8:14) Sɛnea ogufo no aba ne nsɔe no nyin wɔ dɔte no mu bere koro no ara no, saa ara na ankorankoro bi bɔ mmɔden sɛ wobegye Onyankopɔn asɛm na wɔanya ‘asetra yi mu anigye’ bere koro no ara. Wɔde Onyankopɔn asɛm ho nokware no dua wɔn komam, nanso ɛne nneɛma foforo a ɛtwetwe wɔn adwene di asi. Wɔn sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu paapae. (Luka 9:57-62) Eyi mma wonnya bere a ɛfata mmɔ mpae nsusuw Onyankopɔn asɛm ho yiye. Wɔnte Onyankopɔn asɛm ase nwie, ma enti wonnya komam anisɔ a ehia na wɔde agyina ɔhaw ano no. Honam fam nneɛma de nkakrankakra bunkam honhom fam nneɛma so kosi sɛ ‘emia wɔn koraa.’ * Awiei a ɛyɛ awerɛhow ma wɔn a womfi koma nyinaa mu nnɔ Yehowa bɛn ara ni!—Mateo 6:24; 22:37.

17. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛpaw wɔ asetram na amma sɛnkyerɛnne kwan so nsɔe a wɔbɔɔ din wɔ Yesu mfatoho no mu no ammia yɛn?

17 Sɛ yɛde honhom fam nneɛma di honam fam de kan a, ɛremma wiase yi mu yaw ne anigye mmia yɛn. (Mateo 6:31-33; Luka 21:34-36) Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Bible akenkan ne nea yɛkenkan a yebedwennwen ho no so da. Sɛ yɛkwati akɛsesɛm sɛnea yebetumi a, yebenya bere pii de mpaebɔ asusuw nneɛma ho. (1 Timoteo 6:6-8) Onyankopɔn asomfo a wɔayɛ saa—wɔn a sɛnea yɛbɛka no no, wɔatutu nsɔe no afi dɔte no mu na ama dua no anya aduan, hann, ne dabere de asow aba—no renya Yehowa nhyira. Sandra a wadi mfe 26 no ka sɛ: “Sɛ misusuw nhyira a manya wɔ nokware no mu ho a, mihu sɛ biribiara nni hɔ a wiase no de ma a yebetumi de atoto saa nhyira no ho!”—Dwom 84:11.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so atra Onyankopɔn asɛm mu na yɛagyina mu sɛ Kristofo?

18 Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, yɛn nyinaa, mmofra ne mpanyin, bɛkɔ so atra Onyankopɔn asɛm mu, na yɛagyina mu sɛ Kristo asuafo bere tenten a Onyankopɔn asɛm te yɛn mu no. Enti, momma yɛnhwɛ nhu sɛ yɛremma dɔte a ɛne sɛnkyerɛnne kwan so koma no nyɛ den, nea emu nnɔ, anaa nea nsɔe ayɛ so ma, na mmom, nea ɛyɛ mmerɛw na emu dɔ. Saa kwan no so no, yebetumi ate Onyankopɔn asɛm ase koraa na ‘yɛnam boasetɔ so asow aba.’—Luka 8:15.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Yebesusuw ahwehwɛde ahorow yi mu nea edi kan no ho wɔ asɛm yi mu. Yebesusuw abien a aka no ho wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.

^ nky. 8 Nea ɛbɛyɛ na wode mpaebɔ asusuw Bible no fã bi a woakenkan ho, sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘So ɛda Yehowa su ahorow no biako anaa nea ɛboro saa adi? Ɔkwan bɛn so na ɛfa Bible no asɛmti ho? Ɔkwan bɛn so na metumi de adi dwuma wɔ m’asetram anaa metumi de aboa afoforo?’

^ nky. 16 Sɛnea Nsɛmpa abiɛsa a ɛfa Yesu mfatoho no ho kyerɛ no, wiase yi mu anigye ne yaw na emia aba no: ‘Wiase yi mu dadwen,’ “ahonyade nnaadaa,” “nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ,” ne ‘wiase mu anigye.’—Marko 4:19; Mateo 13:22; Luka 8:14; Yeremia 4:3, 4.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛkɔ so tra Yesu’ asɛm mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama kwan ma Onyankopɔn asɛm akɔ so atra yɛn komam?

• Nnipa ahorow bɛn na dɔte anan a Yesu kaa ho asɛm no gyina hɔ ma?

• Wobɛyɛ dɛn atumi anya bere de adwennwen Onyankopɔn asɛm ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

‘WƆATIM WƆ NOKWARE NO MU’

AFE biara, Kristo asuafo bebree a wɔde bere tenten asom no da wɔn ho adi sɛ ‘wɔatim wɔ nokware no mu.’ (2 Petro 1:12) Dɛn na ɛboa wɔn ma wogyina mu? Susuw nsɛm a wɔka no bi ho hwɛ.

“Mekenkan Bible no fã bi bɔ mpae da biara ansa na mada. Afei misusuw nea mekenkan no ho.”—Jean, wɔbɔɔ no asu afe 1939 mu.

“Sɛ misusuw sɛnea Yehowa, obi a ɔkorɔn saa no, dɔ yɛn no ho a, ɛma mete nka sɛ mewɔ ahobammɔ ne ahoɔden a metumi de adi nokware.”—Patricia, wɔbɔɔ no asu afe 1946 mu.

“Ɛdenam Bible adesua ho su pa a mikuraa mu ne ‘Onyankopɔn ade a emu dɔ’ a misusuw ho so no, matumi asom abesi nnɛ.”—1 Korintofo 2:10; Anna, wɔbɔɔ no asu afe 1939 mu.

“Mekenkan Bible ne yɛn Bible ho nhoma ahorow de pɛɛpɛɛ me koma ne me nsusuwii mu.”—Zelda, wɔbɔɔ no asu afe 1943 mu.

“Bere a eye ma me sen biara ne bere a mede tu mpase na me ne Yehowa di nkɔmmɔ wɔ mpaebɔ mu de ma ohu sɛnea mete nka fa ankasa no.”—Ralph, wɔbɔɔ no asu afe 1947 mu.

“Misusuw daa asɛm no ho kenkan Bible no fã bi de fi da biara ase. Eyi ma minya biribi foforo a mɛdwennwen ho wɔ da no mu.”—Marie, wɔbɔɔ no asu afe 1935 mu.

“Me fam no, Bible nhoma bi mu nkyekyɛm a mesusuw ho no ma me ahoɔden ankasa.”—Daniel, wɔbɔɔ no asu afe 1946 mu.

Bere bɛn na wugye bere de mpaebɔ susuw Onyankopɔn asɛm ho?—Daniel 6:10b; Marko 1:35; Asomafo no Nnwuma 10:9.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sɛ yɛde honhom fam nneɛma di kan a, yebetumi ‘de boasetɔ asow aba’