Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubenya Adwuma Ho Adwene A Ɛkari pɛ

Sɛnea Wubenya Adwuma Ho Adwene A Ɛkari pɛ

Sɛnea Wubenya Adwuma Ho Adwene A Ɛkari pɛ

WƆ ƐNNƐ wiase nyinaa aguadi a emu yɛ den a nhyɛso, akansi a emu yɛ den, ne nnwuma akɛse a wɔyɛ wɔn nneɛma ntɛmntɛm wom mu no, nnipa pii ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ adwuma da biara. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn ani gye yɛn adwuma ho. Dɛn ntia? Efisɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so—na Onyankopɔn ani gye n’adwuma ho. Sɛ nhwɛso no, Genesis 1:31 ka sɛ bere a Onyankopɔn resusuw nneɛma a wayɛ wɔ adebɔ ‘da’ a ɛto so asia, anaa bere tenten awiei ho no, “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”

Akyinnye biara nni ho sɛ ade biako a ɛma wɔfrɛ Yehowa ‘anigye Nyankopɔn’ no ne n’ani a egye adwuma ho. (1 Timoteo 1:11) Ɛnde, so ɛnyɛ nea ntease wom sɛ dodow a yesuasua no no, dodow no ara na yɛn ani begye kɛse? Wɔ eyi mu no, Ɔhene Salomo a ɔtraa ase tete Israel a na ɔyɛ ɔdansifo a ɔda nsow ne obi a ɔyɛ nhyehyɛe pa no, kyerɛwee sɛ: “Onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.”—Ɔsɛnkafo 3:13.

Ebetumi ayɛ asɛnnennen sɛ obi bɛkari pɛ na wanya adwuma ho adwene a ɛfata wɔ ɛnnɛ adwuma a nneɛma sakra ntɛmntɛm wom no mu. Nanso, Yehowa Nyankopɔn hyira wɔn a wotie n’akwankyerɛ a ɔdɔ wom no. (Dwom 119:99, 100) Saafo no bɛyɛ adwumayɛfo a wobu wɔn na wonya wɔn mu ahotoso, ma enti wɔntaa nyi wɔn adi. Afei wosua nso sɛ wonnyina sika ho adwene nkutoo so nsusuw wɔn asetra ne wɔn adwuma ho na mmom wobegyina honhom fam adwene so nso. Eyi ma wotumi sisi gyinae ahorow a ɛfata wɔ wɔn asetram, na wohu sɛ wɔn anigye ne wɔn abotɔyam nnyina wɔn adwuma anaa aguadi a ɛtaa hinhim no nkutoo so. (Mateo 6:31-33; 1 Korintofo 2:14, 15) Ɛboa wɔn ma wonya adwuma ho adwene a ɛkari pɛ ankasa.

Nya Adwuma Ho Adwene a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Nnipa bi yɛ adwuma tra so, na wɔn adwuma ho hia wɔn sen biribi foforo biara. Afoforo hwɛ kwan sɛ ɛda no bɛba awiei na wɔatumi apɔn adwuma akɔ fie. Dɛn ne adwene a ɛkari pɛ? Bible bua sɛ: “Nsa ma ne ɔhome ye sen nsa abien amaama ne ɔbrɛ ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:6) Nokwarem no, mfaso nni adwumaden a wɔyɛ no bere tenteenten no so—ɛyɛ “ɔdadwen hunu.” Dɛn ntia? Efisɛ yebetumi asɛe nneɛma a ɛma yenya anigye kɛse ankasa no: yɛne yɛn abusua ne yɛn nnamfonom abusuabɔ, yɛn honhom fam yiyedi, yɛn akwahosan, ne yɛn onyinkyɛ mpo. (1 Timoteo 6:9, 10) Adwene a ɛkari pɛ ne sɛ yɛbɛma honam fam nneɛma ne asomdwoe kakra a yɛwɔ no adɔɔso ama yɛn sen sɛ yɛbɛsoa nnwuma pii a nitan ne amanehunu ka ho.

Bere a Bible hyɛ adwene a ɛkari pɛ saa ho nkuran no, ɛmpene akwadworɔ so. (Mmebusɛm 20:4) Akwadworɔ ma yɛhwere obu a yɛwɔ, ne obu a ebia afoforo wɔ ma yɛn. Nea enye koraa no, ɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Bible ka no pefee sɛ ɛnsɛ sɛ obi a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no didi afoforo ho. (2 Tesalonikafo 3:10) Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔsakra n’akwan na ɔyɛ adwumaden, na ɔnam saayɛ so ahwɛ ne ho ne ne nkurɔfo. Ɔnam adwumaden a ɔyɛ so betumi aboa wɔn a ahia wɔn ankasa no mpo—adeyɛ a Onyankopɔn Asɛm hyɛ ho nkuran.—Mmebusɛm 21:25, 26; Efesofo 4:28.

Wɔatete Yɛn Fi Mmofraase sɛ Yemmu Adwuma

Yemfi prɛko pɛ nnya adwuma ho su pa; yesua fi yɛn mmofraase. Enti, Bible tu awofo fo sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Wɔ nhwɛso pa a awofo yɛ wɔ adwumayɛ ho akyi no, awofo a wonim nyansa tete wɔn mma nkumaa denam ofie nnwuma a ɛfata mfe a wɔadi a wɔde ma wɔn so. Ɛwom sɛ mmofra bo betumi afuw wɔ nnwuma bi ho de, nanso wɔbɛba abehu sɛ wɔyɛ abusua mufo a mfaso wɔ wɔn so—titiriw bere a Maame ne Paapa kamfo wɔn wɔ adwuma pa a wɔayɛ ho no. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛkame ayɛ sɛ awofo binom yɛ biribiara ma wɔn mma, ebia wofi ayamye a ɛmfata mu na ɛyɛ saa. Ɛyɛ papa sɛ awofo a wɔte saa susuw Mmebusɛm 29:21, NW, a ɛka sɛ: “Nea ɔkorɔkorɔ n’akoa [anaa ne ba] fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ bonniayɛ” no ho.

Awofo a wɔn ani kũ wɔn asɛyɛde ho ma wɔn mma sukuukɔ ho hia wɔn yiye, na wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔyere wɔn ho sua ade wɔ sukuu. Eyi tumi ma mmofra no nya gyinabea pa wɔ bere a akyiri yi wɔkɔyɛ adwuma no.

Da Nyansa Adi Wɔ Adwuma a Wopaw Mu

Bere a Bible nka adwuma kõ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, ɛma yɛn akwankyerɛ pa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnsɛe yɛn honhom fam nkɔso, yɛn Nyankopɔn som, ne asɛyɛde afoforo. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wodi wi yi ase nyɛ sɛnea wonni; na wi yi ase su retwam.’ (1 Korintofo 7:29-31) Mprempren nhyehyɛe yi mu biribiara nni hɔ a ɛtra hɔ daa anaasɛ etim hɔ afebɔɔ. Yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa a yɛde bɛma nhyehyɛe yi no te sɛ nea yɛde yɛn sika a yɛanya wɔ yɛn asetram nyinaa asi dan bi asi baabi a nsu yiri fa. Sikasɛe bɛn ara ni!

Bible nkyerɛase afoforo kyerɛ ɔkasasin ‘nyɛ sɛnea wonni’ no ase sɛ “wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ mu fee” ne “wɔmmma ennye wɔn adwene koraa.” (The Jerusalem Bible; Today’s English Version) Nnipa a wonim nyansa mma wɔn ani mpa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “wɔatwa” mprempren nhyehyɛe yi bere no “tiaa” no so, na sɛ obi de ne ho ‘hyɛ mu fee’ anaasɛ ɔma ‘egye n’adwene koraa’ a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛkɔ akowie abasamtu ne ɛyawdi mu.—1 Yohane 2:15-17.

‘Onyankopɔn Rennyaw Wo Da’

Yehowa nim yɛn ahiade koraa sen sɛnea yenim. Onim dwuma a yedi wɔ n’atirimpɔw mu no nso. Enti, ɔkae yɛn sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ [Onyankopɔn] ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Hwɛ sɛnea saa nsɛm no yɛ awerɛkyekye! Yesu resuasua sɛnea Onyankopɔn fi ɔdɔ mu susuw ne nkurɔfo ho no, ɔde ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no fã kɛse no ara kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wobenya adwuma ne honam fam nneɛma ho adwene a ɛfata.—Mateo 6:19-33.

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobetie saa nkyerɛkyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, bere a adwumawura bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔyɛ anyinam ahoɔden nkanea ho adwuma sɛ bere biara a wɔbɛpɔn no ɔnka mu nyɛ adwuma no, odwumayɛni yi ampene so. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔmpɛ sɛ ne honam fam adwuma betwitware n’akwan mu wɔ ne bere a ɔde di n’abusua ne ne honhom fam nneɛma ho dwuma no mu. Esiane sɛ na onim adwuma na ɔyɛ ɔnokwafo nti, n’adwumawura no tee no ase. Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma kowie saa, na etumi ba sɛ ɛsɛ sɛ onii no hwehwɛ adwuma foforo sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akari pɛ wɔ n’asetra mu. Nanso, wɔn a wɔde wɔn werɛ nyinaa hyɛ Yehowa mu no taa hu sɛ wɔn nneyɛe pa ne adwuma ho su pa a wɔwɔ no ma wonya wɔn adwumawura no anim dom.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Bere a Adwuma Nyinaa Bɛyɛ Nea Mfaso Wɔ So

Wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe a ɛnyɛ pɛ yi mu no, adwuma ne adwuma hokwan ahorow bɛkɔ so ayɛ nea ɔhaw ne nsakrae ahorow bɛkɔ so atra mu bere nyinaa. Nokwarem no, nneɛma betumi akɔ so asɛe kɛse bere a wiase no nni nnyinaso pa koraa na sikasɛm sakrasakra anaasɛ ɛsɛe mpo no. Nanso, saa tebea yi rentra hɔ nkyɛ. Ɛrenkyɛ, obiara benya adwuma ayɛ. Na nea ɛka ho no, adwuma nyinaa bɛyɛ nea anigye wom na mfaso wɔ so. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Dɛn na ɛde nsakrae a ɛte saa bɛba?

Yehowa nam ne diyifo Yesaia so twee adwene sii bere a ɛte saa so. Yehowa kae sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo, NW], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” (Yesaia 65:17) Na ɔreka nniso foforo a na ɔrehyehyɛ a emu na adesamma abusua foforo a wɔda nsow koraa bɛtra no ho asɛm.—Daniel 2:44.

Ɛdefa ɔkwan a nnipa bɛtra ase na wɔayɛ adwuma saa bere no ho no, nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa, NW] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.”—Yesaia 65:21-23.

Hwɛ nsakrae a saa wiase foforo a Onyankopɔn ayɛ no de bɛba! So wompɛ sɛ wotra wiase a ɛte saa a ‘worenyɛ adwumayɛhunu’ na mmom wubedi w’adwuma so “aba” no mu? Nanso, hyɛ wɔn a wobenya nhyira ahorow a ɛte saa no nsow: “Wɔyɛ wɔn a [Yehowa, NW] ahyira wɔn no asefo.” Wubetumi ayɛ wɔn a “wɔahyira wɔn” saa no mu biako denam Yehowa ho ade a wubesua na woadu n’ahwehwɛde ahorow ho so. Yesu kae sɛ: “Eyi kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3, NW) Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woanya saa nimdeɛ no denam Onyankopɔn Asɛm, Bible no, a wɔne wo besua no nkakrankakra no so.

[Adaka wɔ kratafa 6]

“WOHIA WƆN BERE NYINAA”

Bible ka sɛ: “Adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa, NW] na monyɛ mma nnipa.” (Kolosefo 3:23) Ɛda adi sɛ obi a ɔde nnyinaso pa yi di dwuma wɔ n’adwuma ho no bɛyɛ odwumayɛfo a wɔbɛpɛ no paa. Ɛno nti, wɔ J. J. Luna nhoma How to Be Invisible mu no, otu adwumawuranom a wɔrepɛ nyamesom kuw bi mufo a wɔyɛ nnam ma wɔabɛyɛ wɔn adwuma no fo, na ɔde ka ho sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ yɛtaa fa [Yehowa] Adansefo.” Nkyerɛkyerɛmu a ɔde ma no bi ne sɛ wonim wɔn sɛ nkurɔfo a wodi nokware, na ɛno ma “wohia wɔn bere nyinaa” wɔ nnwuma ahorow mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Honam fam adwuma a wɔma ɛne honhom fam nnwuma ne ahomegye kari pɛ no de abotɔyam ba