Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔasɔ Me Ahwɛ Wɔ Fononoo A Emu Yɛ Hyew Mu

Wɔasɔ Me Ahwɛ Wɔ Fononoo A Emu Yɛ Hyew Mu

Asetram Nsɛm

Wɔasɔ Me Ahwɛ Wɔ Fononoo A Emu Yɛ Hyew Mu

SƐNEA PERICLES YANNOURIS KA KYERƐE

Afiasedan a emu afɔw fɔkyee na emu bɔn no maa awɔw dee me yiye. Bere a na me nkutoo te hɔ a na kuntu hatahata bi na mede akata me ho no, na meda so ara kae sɛnea na me yere ababaa no amuna n’anim bere a asraafo aboafo no twee me fii me fie nnanu a na atwam no, ma migyaw me yere ne yɛn mma baanu a na wɔyare hɔ no. Akyiri yi, me yere a na ɔne me nni gyidi biako no de amenade ne krataa bi brɛɛ me kae wɔ mu sɛ: “Mede keeki yi rebrɛ wo, na mehwɛ kwan sɛ wobɛyare sɛnea wo mma no yare no.” So na da bi bɛba a mɛsan akɔ akohu m’abusua no bio?

NÁ ƐNO yɛ Kristofo gyidi no ho ko a ɛyɛ den na egye bere tenten, akodi a efi abusua mu ɔsɔretia, ne ɔhaw a me nkurɔfo de baa me so, mmara kwan so akodi, ne ɔtaa a emu yɛ den ka ho no mu biako pɛ. Nanso ɔkwan bɛn so ne dɛn nti na wɔde me a mempɛ kasa na misuro Onyankopɔn no, kɔɔ beae a ɛyɛ awerɛhow yi? Mesrɛ wo, ma menkyerɛkyerɛ mu.

Abarimaa Hiani a Ɔwɔ Botae a Ɛkorɔn

Bere a wɔwoo me wɔ afe 1909 mu wɔ Stavromeno, Crete no, na ɔman no wɔ akodi, ohia, ne ɔkɔm mu. Akyiri yi, me ne me nuanom nkumaa baanan nyaa yɛn ti didii mu wɔ Spania influensa a ekunkum nnipa pii no mu. Mekae sɛ yɛn awofo kaa yɛn hyɛɛ dan mu too pon mu adapɛn pii bere bi sɛnea ɛbɛyɛ a influensa no nka yɛn.

Na Paapa a ɔyɛ okuafo hiani no yɛ obi a nyamesom adi ne ti, nanso na ɔwɔ adwempa. Esiane sɛ na watra France ne Madagascar pɛn nti, na wanya nyamesom ho adwene a ɛfata. Nanso, yɛn abusua no kɔɔ so traa Greece Ortodɔks Asɔre no mu, kɔɔ Mass Kwasida biara, na na yɛma ɛhɔnom sɔfo panyin no bɛtra yɛn fie bere a waba hɔ nsrahwɛ no. Na meka asɔre no mu nnwontofo kuw no ho, na na me botae ne sɛ mɛyɛ ɔsɔfo.

Wɔ afe 1929 mu no, mede me ho hyɛɛ polisi adwuma no mu. Paapa wui bere a na mereyɛ adwuma wɔ Thessalonica, wɔ Greece atifi fam no. Esiane sɛ na merehwehwɛ awerɛkyekye ne honhom fam nkyerɛkyerɛ nti, mema woyii me kɔɔ Mount Athos polisi adwumam, na Ortodɔks Kristofo bu nkokorafie a ɛbɛn hɔ no sɛ “bepɔw kronkron.” * Meyɛɛ adwuma wɔ hɔ mfirihyia anan, na mebɛn nkokorafie no hwɛɛ hɔ asetra yiye. Sɛ́ anka ɛbɛma mabɛn Onyankopɔn no, nkokorafo no brasɛe ne wɔn asetra a aporɔw koraa no maa me ho dwiriw me. Nea ɛyɛɛ me tan koraa ne bere a ɔsɔfo a na mibu no paa no pɛe sɛ ɔne me da no. Ɛmfa ho abasamtu a ɛte saa no, na me da so ara pɛ sɛ mesom Onyankopɔn, na mebɛyɛ ɔsɔfo. Mehyɛɛ asɔfotade twaa mfonini a mɛhwɛ akae. Awiei koraa no, mesan tu kɔɔ Crete.

“Ɔyɛ Ɔbonsam!”

Wɔ afe 1942 mu no, mewaree ababaa hoɔfɛfo bi, Frosini, a na ofi abusua bi a wobu wɔn mu. Aware no maa gyinae a na masi sɛ mɛyɛ ɔsɔfo no mu yɛɛ den, efisɛ na me nsenom no yɛ nkurɔfo a nyamesom adi wɔn ti. * Ná masi me bo sɛ mɛkɔ Athens akosua ade wɔ nyamekyerɛ sukuu mu. Wɔ afe 1943 awiei no, mekɔɔ Iráklion po so hyɛn gyinabea hɔ wɔ Crete, nanso hyɛn no tu gyaa me ma mankɔ Athens sɛnea na mabɔ me tirim no. Ebia nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, saa bere no, na mahu honhom fam ɔhome fibea foforo. Dɛn na na asi?

Mfe bi a atwam no, na Emmanuel Lionoudakis, aberante hoɔdenfo ɔsɛmpakafo bi a ɔne Yehowa Adansefo bɔ no rekyerɛkyerɛ Bible mu nokware ahorow a ntease wom wɔ Crete nyinaa. * Ebinom ani gyee Onyankopɔn Asɛm mu ntease a emu da hɔ a Adansefo no kyerɛkyerɛe no ho na ɛma wogyaee atoro som. Wɔhyehyɛɛ Adansefo kuw bi a emufo wɔ anigye wɔ Sitía kurow a ɛbɛn hɔ no mu. Eyi haw ɛhɔnom sɔfo panyin no—a na watra United States pɛn—na onim sɛnea Yehowa Adansefo yɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn yiye no. Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛtɔre “atuatew” yi ase wɔ n’asase so. Opiapiaa polisifo ma wɔkyeree Adansefo no koguu afiase bere nyinaa, na wɔde wɔn kɔɔ asɛnnibea ahorow wɔ atoro sobo ahorow ho.

Adansefo yi mu biako bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ me Bible mu nokware no, nanso osusuwii sɛ m’ani nnye ho. Enti ɔmaa ɔsomfo bi a ne ho akokwaw yiye ne me bɛkasae. Ɛda adi sɛ sɛnea mitwaa asɛm no so no maa Ɔdansefo a ɔto so abien no san kɔka kyerɛɛ wɔn kuw ketewa no mufo sɛ: “Pericles rentumi mmɛyɛ Ɔdansefo. Ɔyɛ ɔbonsam!”

Ɔsɔretia a Edi Kan a Mihyiae

Ɛyɛ me anigye sɛ Onyankopɔn ammu me saa. Wɔ February 1945 mu no, me nua Demosthenes, a na ogye di sɛ Yehowa Adansefo na wɔkyerɛkyerɛ nokware no maa me Comfort All That Mourn, nhomawa no bi. * M’ani gyee emu nsɛm no ho. Yegyaee Ortodɔks Asɔre no kɔ ntɛm ara de yɛn ho bɔɔ kuw ketewa a na ɛwɔ Sitía no, na yɛkaa yɛn gyidi foforo no ho asɛm kyerɛɛ yɛn nuanom. Wɔn nyinaa gyee Bible mu nokware no. Sɛnea mehwɛɛ kwan no, gyinae a misi fii atoro som mu no maa me yere ne n’abusuafo de ɔsɔretia ne ɔhaw baa me so. M’asew barima ankasa me ho kosii bere bi. Wontwiwontwi ne ntɔkwaw kɔɔ so wɔ fie bere nyinaa. Eyi nyinaa akyi no, Onua Minos Kokkinakis bɔɔ me ne Demosthenes asu wɔ May 21, 1945. *

Awiei koraa no, mitumi duu me botae ho somee sɛ Onyankopɔn nokware somfo! Meda so ara kae ɛda a edi kan a mekɔɔ afie afie asɛnka no. Bere a na mewɔ nhomawa 35 wɔ me bag mu no, me nkutoo foroo bɔs kɔɔ akuraa bi ase. Mifii ase kɔɔ afie afie a na ehu wɔ me mu. Dodow a mekɔɔ afie pii mu no, dodow no ara na minyaa akokoduru kɛse. Bere a ɔsɔfo bi a na ne bo afuw bae no, mitumi ne no kasae akokoduru so, buu m’ani guu ka a ɔkae sɛ minni n’akyi ne no nkɔ polisifo adwumam no so. Meka kyerɛɛ no sɛ sɛ menkɔɔ obiara nkyɛn wɔ akuraa no ase nwiei a menkɔ, na saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe. M’ani gyei araa ma m’antwɛn bɔs no mpo, na mmom menantew twaa kilomita 15 san kɔɔ fie.

Nea Basabasayɛfo Atirimɔdenfo Bi Yɛɛ Yɛn

Wɔ September 1945 mu no, wɔmaa me asɛyɛde ahorow foforo wɔ yɛn asafo foforo a na wɔatew wɔ Sitía no mu. Ankyɛ na amanko sii wɔ Greece. Amanyɛkuw ahorow no tentan wɔn ho wɔn ho atirimɔden so. Ɔsɔfo panyin no de hokwan no dii dwuma hyɛɛ mpɔtam hɔ akofofo kuw bi a wɔnyɛ asraafo nkuran sɛ wɔmfa ɔkwan a wosusuw sɛ ɛfata biara so ntɔre Adansefo no ase. (Yohane 16:2) Bere a akofofo kuw no foroo bɔs a wɔreba yɛn akuraa hɔ no, ɔbea bi a na ɔte bɔs no mu bi a ɔpɛ yɛn asɛm tee ɔkwan a wɔbɛfa so adi dwuma a “Onyankopɔn de ama wɔn” no ho asɛm, na ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ. Yɛde yɛn ho hintawee, na yɛn abusuafo no mu biako de ne ho gyee asɛm no mu di maa yɛn. Yenyaa yɛn ti didii mu.

Eyi na ɛde amanehunu pii bae. Ɔhwe ne ahunahuna bɛyɛɛ da biara adeyɛ. Yɛn asɔretiafo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ yɛn ama yɛasan akɔ asɔre no, wɔbɛbɔ yɛn mma asu, na yɛayɛ nyame agya, nyame ɔba, ne nyame honhom kronkron sɛnkyerɛnne no. Da bi de, wɔhwee me nuabarima araa kosii sɛ wosusuwii sɛ wawu. Ɛyɛɛ me yaw sɛ mihui sɛ wɔatetew me nuabeanom baanu ntade mu rehwe wɔn. Saa bere no, asɔre no hyɛɛ Yehowa Adansefo mma baawɔtwe bɔɔ wɔn asu.

Maame wui wɔ afe 1949 mu. Ɔsɔfo no baa yɛn so bio, bɛbɔɔ yɛn sobo sɛ yɛamfa mmara kwan so ahwehwɛde ahorow so na egyee ayi ho tumi krataa no. Wodii m’asɛm wɔ asɛnnibea gyaee me. Eyi dii adanse kɛse, efisɛ wɔtee Yehowa din wɔ nsɛm a wɔka de dii kan wɔ asɛnni no mu no mu. Ɔkwan koro pɛ a na yɛn atamfo betumi afa so “akyerɛ yɛn nyansa” ne sɛ wɔbɛkyere yɛn atwa yɛn asu. Wɔyɛɛ eyi wɔ April 1949 mu.

Wɔde Me Too Fononoo a Emu Yɛ Hyew Mu

Na meka anuanom baasa a wɔkyeree wɔn no ho. Me yere amma ɛhɔnom polisifo adwumayɛbea hɔ mpo ammɛhwɛ me. Baabi a wodii kan de yɛn kɔe ne afiase bi a ɛwɔ Iráklion. Sɛnea mekaa ho asɛm mfiase no, na mayɛ ankonam, na na mabotow. Na m’agyaw me yere ababaa a ɔne me nni gyidi biako no ne yɛn mma nkumaa baanu hɔ. Mifi komam bɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa. Onyankopɔn asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hebrifo 13:5 no baa m’adwenem sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” Mihuu nyansa a na ɛwom sɛ mede me ho bɛto Yehowa so koraa.—Mmebusɛm 3:5.

Yehui sɛ wɔrebetwa yɛn asu akɔ Makrónisos, supɔw bi a ɛyɛ asasenini a ɛwɔ Attica mpoano wɔ Greece. Makrónisos din kɛkɛ a yɛtee no maa ehu kaa obiara efisɛ na ayayade ne adwumaden na wɔyɛ wɔ ɛhɔnom afiase hɔ. Yɛnam kwan so rekɔ afiase no, yegyinae wɔ Piraeus. Ɛwom sɛ na aban nkawa da so ara gu yɛn nsa de, nanso yɛn bo tɔɔ yɛn yam bere a yɛn mfɛfo gyidifo baa ahyɛmma no ho bɛyɛɛ yɛn atuu no.—Asomafo no Nnwuma 28:14, 15.

Ná Makrónisos asetra yɛ hu yiye. Asraafo no yɛɛ nneduafo no basabasa fii anɔpa kosii anwummere. Nneduafo a wɔnyɛ Adansefo no pii adwene sɛee, afoforo wuwui, na wɔn mu dodow no ara dii dɛm. Sɛ edu anadwo a, na yɛte wɔn a wɔreyɛ wɔn ayayade no sũ ne wɔn apinisi. Me kuntu hatahata no nkutoo ne ade a ɛmaa me ho yɛɛ me hyew kakra wɔ anadwo awɔw no mu.

Nkakrankakra no, wobehuu Yehowa Adansefo yiye wɔ afiase hɔ efisɛ na wɔbɔ din no anɔpa biara bere a wɔrebobɔ yɛn din no. Enti, yenyaa hokwan pii dii adanse. Minyaa hokwan mpo bɔɔ ɔdeduani bi a na wɔde no ato afiase wɔ amammuisɛm ho a na wanya nkɔso ahyira ne nkwa so ama Yehowa no asu.

Bere a wotwaa me asu no, mekɔɔ so kyerɛw me yere a medɔ no no nanso me nsa anka ne mmuae da. Eyi amma mannyae sɛ mɛkyerɛw no akasa akyerɛ no ayamye so, akyekye ne werɛ, ama no awerɛhyem sɛ nea aba no yɛ bere tiaa mu akwanside, ma enti yebenya anigye bio.

Nanso, yɛn dodow kɔɔ anim saa bere no, efisɛ wɔde anuanom pii bɛkaa yɛn ho. Bere a na mereyɛ adwuma wɔ adwumayɛdan mu no, me ne afiase hɔ asraafo panyin no faa adamfo. Esiane sɛ na obu Adansefo no nti, minyaa akokoduru bisaa no sɛ ebia yɛn nsa betumi aka Bible ho nhoma bi afi yɛn adwumayɛbea a ɛwɔ Athens no anaa. Ɔkae sɛ: “Ɛrenyɛ yiye, nanso dɛn nti na momma mo nkurɔfo a wɔwɔ Athens no nhyehyɛ nhoma no wɔ mo bag mu na wɔnkyerɛw me din ngu so, na wɔmfa mmrɛ me?” Mede ahodwiriw tew gyinaa hɔ komm! Nna kakra akyi, bere a na yɛreyi nneɛma afi ahyɛmma bi a na aba mu no, polisini bi kyiaa asraafo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔpanyin, wo nneɛma no aba.” Obuae sɛ: “Nneɛma bɛn?” Na mebɛn wɔn na metee nkɔmmɔ a na wɔrebɔ no nti, meka kyerɛɛ no brɛoo sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ yɛn de no na wɔde afa wo so sɛnea wokae no.” Akwan a Yehowa faa so hwɛ maa yɛn honhom fam aduan no mu biako ne no.

Nhyira Bi a Yɛnhwɛ Kwan—Afei Amanehunu Pii

Wɔ afe 1950 awiei no, woyii me. Mesan baa fie—a na meyare, mayɛ hoyaa, mafɔn, a na mintumi nhu sɛnea wobegye me atom. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mihuu me yere ne me mma no bio! Nea ɛho hia sen biara no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ na Frosini ntɔkwaw no akɔ fam koraa. Ná saa nkrataa a mekyerɛw fii afiase no ayɛ adwuma yiye paa. Ná me boasetɔ ne abaw a mampa no aka Frosini koma. Ɛno akyi bere tiaa bi no, me ne no bɔɔ nkɔmmɔ tenteeten dwudwoo ne bo de siesiee yɛn ntam. Ɔpenee so maa me ne no yɛɛ Bible adesua, na onyaa Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi. M’asetram nna a ɛyɛ anigye paa no mu biako bae afe 1952 mu bere a mebɔɔ no asu sɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so no!

Wɔ afe 1955 mu no, yetuu sa kyekyɛɛ Christendom or Christianity—Which One Is “the Light of the World”? nhomawa no maa ɔsɔfo biara. Wɔkyeree me ne me mfɛfo Adansefo bi kodii yɛn asɛm. Na sobo a wɔabɔ Yehowa Adansefo no dɔɔso araa ma na ɛsɛ sɛ asɛnnibea no yɛ bere nhyehyɛe soronko de di wɔn nsɛm no nyinaa. Saa da no, ɔmantam no mu mmaranimfo nyinaa hyiae, na asɔfo no bɛyɛɛ asɛnnibea dan no mu ma. Ɔsɔfo panyin no dii ɔkwan a ɛdeda nkongua ntam no so akɔneaba. Ná asɔfo no mu biako abɔ me sobo sɛ merema wasakra ne som. Ɔtemmufo no bisaa no sɛ: “So wo gyidi yɛ mmerɛw araa ma sɛ nhomawa a wobɛkenkan no betumi asakra wo gyidi?” Eyi amma ɔsɔfo no antumi ankasa bio. Wogyaee me, nanso wɔde anuanom binom guu afiase asram asia.

Wɔ mfe a edii hɔ mu no, wɔkyeree yɛn mpɛn pii, ma nsɛm a wodi wɔ asɛnnibea no dɔɔso. Yɛn asɛm a wodii no maa yɛn mmaranimfo no yɛɛ nkurɔfo a na wonni adagyew koraa. Wɔde me kɔɔ asɛnnibea mpɛn 17. Yɛkɔɔ asɛnka bere nyinaa a na ɔsɔretia mfa ho. Yɛde anigye gyee asɛnnennen yi toom, na sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den no maa yɛn gyidi mu yɛɛ den.—Yakobo 1:2, 3.

Ɔsom Hokwan Ahorow ne Nsɛnnennen

Yetu kɔtraa Athens wɔ afe 1957 mu. Ankyɛ na wɔpaw me ma mesomee wɔ asafo foforo bi a na wɔahyehyɛ mu. Koma nyinaa mu a me yere afi aboa no ama yɛakɔ so ama yɛn asetra ayɛ nea akɛsesɛm nnim, na yɛde honhom fam nneɛma ahorow adi kan wɔ yɛn asetra mu. Enti yetumi de yɛn bere fã kɛse no ara yɛɛ asɛnka adwuma. Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, wɔmaa yetu kɔɔ asafo ahorow a na mmoa ho hia mu.

Wɔ afe 1963 mu no, me babarima no dii mfirihyia 21 a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ asraadi. Esiane afã biara a Adansefo no nni nti, wɔhwee wɔn a wɔyɛe sɛ wɔde wɔn bɛkɔ asraadi no, dii wɔn ho fɛw, guu wɔn anim ase. Me babarima no nso suahu ne no. Enti mede kuntu a mede fii Makrónisos bae no maa no sɛnea ɛbɛhyɛ no nkuran sɛ sɛnkyerɛnne kwan a ɔbɛfa so adi wɔn a wɔadi kan akura wɔn mudi mu no nhwɛso akyi. Wodii anuanom a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔbɛma wɔakɔ asraadi no nyinaa asɛm wɔ asraafo asɛnnibea, na mpɛn pii wɔde wɔn guu afiase fi mfirihyia abien kosi anan. Sɛ woyi wɔn a na wɔsan frɛ wɔn de wɔn gu afiase bio. Sɛ́ ɔsom bi muni no, mitumi kɔsrasraa afiase ahorow, na me ne me babarima no ne Yehowa Adansefo foforo dii nkitaho kakra. Wɔde me ba no too afiase bɛboro mfirihyia asia.

Yehowa Wowaw Yɛn

Bere a wɔsan de nyamesom mu ahofadi baa Greece no, minyaa hokwan somee sɛ bere tiaa mu kwampaefo titiriw wɔ Rhodes supɔw no so. Afei wɔ afe 1986 mu no, ahiade bi sɔree wɔ Sitía, Crete, baabi a mifii me Kristosom ase no. M’ani gyei sɛ migyee asɛyɛde yi toom ne mfɛfo gyidifo a na minim wɔn fi me mmeranteberem no kɔsomee bio.

Sɛ́ obi a manyin sen obiara wɔ m’abusua mu no, ɛyɛ me anigye sɛ mihu sɛ m’abusuafo bɛyɛ 70 na wɔresom Yehowa nokware mu. Na wɔn dodow kɔ ara na ɛrekɔ anim. Ebinom asom sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, akwampaefo, Betelfo, ne ahwɛfo akwantufo. Wɔasɔ me gyidi ahwɛ wɔ fononoo a emu yɛ hyew mu bɛboro mfirihyia 58 ni. Mprempren madi mfirihyia 93, na sɛ mehwɛ m’akyi a, minnuu me ho sɛ meresom Onyankopɔn. Wama me ahoɔden de agye nsa a ofi ɔdɔ mu to frɛ me no so: “Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.”—Mmebusɛm 23:26.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Hwɛ December 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-1.

^ nky. 11 Wɔma kwan ma Greece Ortodɔks Asɔre asɔfo ware.

^ nky. 12 Sɛ wopɛ Emmanuel Lionoudakis asetra ho nsɛm a, hwɛ September 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25-9.

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso mprempren wɔagyae tintim.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ mmara kwan so nkonim a Minos Kokkinakis dii ho asɛm a, hwɛ September 1, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27-31.

[Adaka wɔ kratafa 27]

Makrónisos Supɔw a Ɛso Yɛ Hu

Wɔ mfirihyia du mu, efi afe 1947 kosi 1957 no, nneduafo bɛboro 100,000 na wɔde wɔn kɔɔ Makrónisos supɔw a ɛyɛ asase kesee a na hwee nni so no so. Na Adansefo anokwafo pii ka wɔn a wɔde wɔn kɔɔ hɔ no ho esiane afã biara a wonni sɛ Kristofo no nti. Mpɛn pii na Greece Ortodɔks asɔfo a wɔmaa wotwaa Adansefo no asu no bɔɔ wɔn atoro sobo sɛ wɔyɛ Komunisfo.

Ɛdefa ɔkwan a wɔfaa so de “nteɛso” mae wɔ Makrónisos ho no, Papyros Larousse Britannica, Greecefo nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm no, ka sɛ: “Akwan a wɔfaa so yɛɛ ayayade a emu yɛ den, . . . asetra a ɛmfata ɔman biara a wɔn ani abue, ne animguasede a afiase ahwɛfo no de yɛɛ nneduafo no . . . yɛ animguasesɛm wɔ Greecefo abakɔsɛm mu.”

Wɔka kyerɛɛ Adansefo binom sɛ sɛ wɔampa wɔn nyamesom mu gyidi a wonnyi wɔn da. Nanso, Adansefo no kɔɔ so kuraa wɔn mudi mu. Afei nso, amammuisɛm ho nneduafo bi begyee Bible mu nokware no toom esiane fekuw a wɔne Adansefo no bɔe nti.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Minos Kokkinakis (ɔtɔ so abiɛsa fi nifa so) ne me (metɔ so anan fi benkum so) wɔ Makrónisos supɔw no so afiase

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne ɔyɔnko Dansefo bi reyɛ adwuma wɔ Sitía, Crete, baabi a mesomee me mmeranteberem no