Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔrete’ Ahenni Asɛm no Wɔ Brazil

‘Wɔrete’ Ahenni Asɛm no Wɔ Brazil

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

‘Wɔrete’ Ahenni Asɛm no Wɔ Brazil

NEA ɛbɛyɛ na wɔatumi aka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔyɛ Mum no nti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Brazil no pii agye asɛyɛde a ɛyɛ den atom sɛ wobesua Brazilfo Mum Kasa. Wɔn mmɔdenbɔ no resow aba a ɛyɛ nwonwa, sɛnea osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛkyerɛ mu no.

Eva, * ɔbea sotifo bi a ɔte São Paulo, fii ase suaa mum kasa bere a ɔne ne mma baasa tu kɔtraa ɔbarima bi a ɔyɛ ɔsotifo nkyɛn no. Eva ne ne mpena no hyiaa Adansefo bi a wɔyɛ asotifo wɔ sotɔɔ bi mu, na Adansefo no too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Wɔpenee so, na na wosusuw sɛ ɛyɛ apontow bi.

Esiane sɛ na Eva nni mum kasa ho nimdeɛ pii nti, wante nea wɔkae wɔ nhyiam no ase no mu pii. Ɛno akyi no, Adansefo awarefo bi too nsa frɛɛ no ma ɔkɔɔ wɔn fie kodidii. Wɔde mfonini ahorow a ɛwɔ Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa mu no kyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa paradise asase a ɛbɛba daakye ho no. Eva ani gyee nea osuae no ho, na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow daa.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, Eva gyaee ne mpena no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de Bible gyinapɛn ahorow abɔ ne bra. Ɛmfa ho ɔsɔretia a emu yɛ den a n’abusuafo de baa ne so no, ɔkɔɔ so nyaa honhom fam nkɔso na wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1995 mu. Asram asia akyi no, Eva bɛyɛɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo. Efi saa bere no, waboa asotifo baanan ma wɔahyira wɔn nkwa so agye asubɔ.

Wɔwoo Carlos ɔsotifo. Ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔnenom, ɔbrasɛe, ne korɔnbɔ mu fi ne mmofraase. Bere a nsɛmmɔnedifo kuw foforo mufo hunahunaa no no, oguan kɔɔ São Paulo ne João kɔtrae kakra. Na João yɛ ɔsotifo te sɛ Carlos, na na ne bra asɛe.

Mfe bi akyi no, Carlos suaa Ahenni asɛm no, na ɛkaa no ma osiesiee n’asetra de n’aware hyɛɛ mmara ase. Bere a Carlos duu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow ho no, ɔbɔɔ asu de yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne. Saa bere yi nyinaa a na Carlos nnim no, na João nso abɛte asɛmpa no, na ɔno nso yɛɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetra mu. Bere a João hui sɛ Yehowa ani nnye dwuma a wɔde ahoni di ho no, ɔtow ‘n’ahotefo’ ahoni no gui. Bere a João gyaee ne kan asetra no, ɔno nso bɔɔ asu.

Hwɛ sɛnea Carlos ne João ani gyei bere a wohyiae wɔ Ahenni Asa so na wohuu nsakrae ahorow a wɔn mu biara ayɛ no! Wɔn baanu nyinaa yɛ mmusua ti a wɔn ho akokwaw, na wɔsom sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi.

Mprempren, wɔ Brazil no, wɔwɔ mum kasa asafo ahorow 30 ne akuw 154, a adawurubɔfo bɛboro 2,500, na wɔwom a emu bɛyɛ 1,500 yɛ asotifo. Wɔ afe 2001 “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam ahorow a wɔyɛ maa asotifo wɔ Brazil ase no, nnipa bɛboro 3,000 na wɔkɔe, na wɔbɔɔ nnipa 36 asu. Ɛdenam Yehowa nhyira so no, yɛhwɛ kwan sɛ asotifo foforo pii begye Ahenni asɛm no atom.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔasesa din ahorow no.