Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afɔremuka no—Ɔfã Bɛn Na Ɛwɔ Wɔ Ɔsom Mu?

Afɔremuka no—Ɔfã Bɛn Na Ɛwɔ Wɔ Ɔsom Mu?

Afɔremuka no—Ɔfã Bɛn Na Ɛwɔ Wɔ Ɔsom Mu?

SO WUBU afɔremuka sɛ ɛyɛ wo som ho ade titiriw? Wɔ Kristoman mu asɔrekɔfo pii fam no, ebia afɔremuka yɛ biribi titiriw ma wɔn. So woasusuw nea Bible ka fa afɔremuka a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu ho no ho pɛn?

Afɔremuka a wodi kan bɔ din wɔ Bible mu ne nea Noa si de bɔɔ mmoa afɔre bere a ofii adaka a wɔde gyee wɔn nkwa no mu bae wɔ Nsuyiri no akyi no. *Genesis 8:20.

Bere a wɔyɛɛ nnipa kasa basaa wɔ Babel akyi no, adesamma trɛwee wɔ asase ani nyinaa. (Genesis 11:1-9) Esiane sɛ na nnipa fi awosu mu nim sɛ tumi bi wɔ hɔ a ɛkorɔn sen wɔn nti, wɔhwehwɛe sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn a na wonnim no koraa, a ‘wɔhwehwɛ’ no a na wonhu no no. (Asomafo no Nnwuma 17:27; Romafo 2:14, 15) Efi Noa bere so no, nnipa pii asisi afɔremuka ama wɔn anyame. Ɔsom ahorow ne nnipa ahorow de afɔremuka adi dwuma wɔ atoro som mu. Esiane sɛ ebinom atwe wɔn ho afi nokware Nyankopɔn no ho nti, wɔde afɔremuka di dwuma de yɛ amanne a ɛyɛ hu, na wɔde nnipa bɔ afɔre, a mmofra mpo ka ho. Bere a Israel ahemfo no binom gyaw Yehowa no, wosisii afɔremuka maa abosonsom anyame te sɛ Baal. (1 Ahene 16:29-32) Nanso afɔremuka a wɔde di dwuma wɔ nokware som mu nso ɛ?

Afɔremuka ne Nokware Som Wɔ Israel

Wɔ Noa akyi no, mmarima anokwafo foforo sisii afɔremuka de dii dwuma wɔ nokware Nyankopɔn, Yehowa, no som mu. Abraham sisii afɔremuka wɔ Sekem, wɔ beae bi a ɛbɛn Betel, wɔ Hebron, ne Bepɔw Moria so, baabi a ɔde odwennini a Onyankopɔn de maa no bɔɔ afɔre de sii Isak ananmu no. Akyiri yi, Isak, Yakob, ne Mose fi ɔpɛ mu sisii afɔremuka de dii dwuma wɔ Onyankopɔn som mu.—Genesis 12:6-8; 13:3, 18; 22:9-13; 26:23-25; 33:18-20; 35:1, 3, 7; Exodus 17:15, 16; 24:4-8.

Bere a Onyankopɔn de ne Mmara maa Israelfo no, ɔhyɛe sɛ wonsi ntamadan korokorowa bi a na wɔbɛfrɛ no “ahyiae ntamadan,” sɛ nhyehyɛe titiriw a wɔnam so bɛkɔ ne nkyɛn. (Exodus 39:32, 40) Ná afɔremuka abien na ɛwɔ ntamadan no mu. Wɔde nea na wɔde bɔ ɔhyew afɔre, a wɔde ɔkanto nnua ayɛ na wɔde kɔbere adura ho no sii ɔkwan no ano, na na wɔbɔ mmoa afɔre wɔ so. (Exodus 27:1-8; 39:39; 40:6, 29) Wɔde afɔremuka a na wɔhyew so aduhuam, a wɔde ɔkanto nnua na ɛyɛɛ ɛno nso, na wɔde sika kɔkɔɔ adura ho no sii ntamadan no mu wɔ mmɔhɔɔ a ɛde kɔ Kronkron Mu Kronkronbea no anim. (Exodus 30:1-6; 39:38; 40:5, 26, 27) Ná wɔhyew aduhuam titiriw wɔ so mprenu da biara, anɔpa ne anwummere. (Exodus 30:7-9) Ntamadan a na ɛwɔ afɔremuka abien no so na Ɔhene Salomo hwɛ sii asɔrefie a na esi hɔ daa no.

‘Nokware Ntamadan No’ ne Sɛnkyerɛnne Kwan So Afɔremuka No

Bere a Yehowa de Mmara no maa Israelfo no, ɛnyɛ ahyɛde a na ɛbɛkyerɛ ne nkurɔfo nea wɔnyɛ wɔ asetram ne ɔkwan a wɔbɛfa so akɔ ne nkyɛn denam afɔrebɔ ne mpaebɔ so ho nhyehyɛe nko na na ɛwom. Ná Mmara no mu nhyehyɛe pii kura nneɛma a ɔsomafo Paulo frɛɛ no “nhwɛso,” “mfatoho,” anaasɛ ‘ɔsoro nneɛma sunsuma’ no. (Hebrifo 8:3-5; 9:9; 10:1; Kolosefo 2:17) Ɔkwan foforo so no, Mmara no ho nneɛma pii ankyerɛ Israelfo no kwan ankosi Kristo so nko, na mmom, na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛnam Yesu Kristo so bɛbam no sunsuma nso. (Galatifo 3:24) Yiw, na Mmara no mu nneɛma no kura nkɔmhyɛ kwan so nsusuwso. Sɛ nhwɛso no, Twam guan no ne mogya a wɔde dii dwuma de yɛɛ nkwa a na wobegye Israelfo ho sɛnkyerɛnne no yɛɛ Yesu Kristo ho nsusuwso. Ɔno ne “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ,” nea wohwiee ne mogya gui de gyee yɛn fii bɔne mu no.—Yohane 1:29; Efesofo 1:7.

Nneɛma pii a na ɛkɔ so wɔ ntamadan no mu ne asɔrefie hɔ no yɛɛ honhom fam nneɛma ho mfonini. (Hebrifo 8:5; 9:23) Nokwarem no, na Paulo reka “ntamadan a [Yehowa, NW] ankasa pamee, na ɛnyɛ onipa” ho asɛm. Ɔtoaa so sɛ: ‘Kristo bae sɛ nnepa a ɛrebɛba no ho sɔfo panyin, nam ntamadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛn so a wɔamfa nsa ansi, ɛne sɛ emfi adebɔ yi mu, mu.’ (Hebrifo 8:2; 9:11) “Ntamadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛn so” no ne Yehowa honhom fam asɔrefie nhyehyɛe no. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, honhom fam asɔrefie kɛse no ne nhyehyɛe a nnipa nam so betumi akɔ Yehowa nkyɛn denam Yesu Kristo mpata afɔrebɔ no so.—Hebrifo 9:2-10, 23-28.

Hu a yehu fi Onyankopɔn Asɛm mu sɛ Mmara no mu nsiesiei ne nhyehyɛe ahorow no yɛ honhom fam nneɛma a ɛsõ na ɛsom bo koraa ho mfonini no ma yenya Bible no mu gyidi kɛse. Ɛma yenya anisɔ kɛse nso ma Onyankopɔn nyansa a ɛda adi wɔ ɔkwan soronko so wɔ Kyerɛwnsɛm mu no.—Romafo 11:33; 2 Timoteo 3:16.

Afɔremuka a na wɔbɔ so ɔhyew afɔre no nso wɔ nkɔmhyɛ kwan so nsusuwso. Ɛte sɛ nea egyina hɔ ma Onyankopɔn ‘apɛde,’ anaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obegye Yesu afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ no atom no.—Hebrifo 10:1-10.

Akyiri yi, Paulo kaa asɛm a ɛyɛ anigye yi wɔ Hebrifo nhoma no mu: ‘Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom wɔ ntamadan no mu no nni ho kwan sɛ wodi ho biribi.’ (Hebrifo 13:10) Afɔremuka bɛn na na ɔreka ho asɛm?

Katolek nkyerɛkyerɛmufo pii kyerɛ sɛ afɔremuka a wɔbɔɔ din wɔ Hebrifo 13:10 no ne nea wɔde di dwuma ma Adidi Kronkron no, “adomenade” a wɔkyerɛ sɛ Kristo afɔrebɔ no ma ɛyɛ foforo bere a wɔrebɔ Mass no. Nanso wubetumi ahu afi nsɛm a ɛka ho no mu sɛ afɔremuka a na Paulo reka ho asɛm no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Animdefo pii kyerɛ sɛ “afɔremuka” a wɔka ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm yi mu no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Sɛnea Giuseppe Bonsirven a ɔyɛ Jesuitni kyerɛ no, “eyi ne sɛnkyerɛnne kwan so nneɛma a [ɛwɔ Hebrifo] nhoma no mu nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ.” Ɔka sɛ: “Wɔ Kristofo fam no, wɔde asɛmfua ‘afɔremuka’ no dii dwuma mfiase wɔ honhom fam, na ɛyɛ Irenaeus, ne titiriw no Tertullian ne Ɔhotefo Cyprian wu akyi na wɔde gyinaa hɔ maa adidi kronkron no na wɔde dii dwuma ankasa maa adidi kronkron pon no.”

Sɛnea Katolek nsɛmma nhoma bi daa no adi no, wɔde afɔremuka dii dwuma kɛse wɔ “Constantine bere so,” bere a “wosisii asɔredan akɛse no.” Rivista di Archeologia Cristiana (Kristofo Fam Tutu Ho Ntimu) kae sɛ: “Ɛda adi sɛ wɔ mfeha abien a edi kan mu no, na obi ntumi nkyerɛ beae pɔtee bi a wɔsom, na mmom na wohyiam wɔ nkurɔfo afie wɔ adan mu yɛ amanne ahorow . . . , adan a sɛ wowie nhyiam no pɛ a, na wɔsan de yɛ dekode a na ɛkɔ so wɔ fie hɔ no ara.”

Sɛnea Kristoman De Afɔremuka Di Dwuma

Katolekfo nsɛmma nhoma La Civiltà Cattolica ka sɛ: “Afɔremuka no nyɛ ade titiriw mma asɔredan no nko, na mmom Asɔremma no nso.” Nanso, Yesu Kristo amfa ɔsom mu amanne koro mpo ansi hɔ a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ afɔremuka so; na saa ara na wanhyɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ amanne bi a ɛbɛma wɔde afɔremuka adi dwuma. Afɔremuka a Yesu ka ho asɛm wɔ Mateo 5:23, 24 ne mmeae foforo no twe adwene si ɔsom mu nneyɛe a na ɛkɔ so wɔ Yudafo no mu so, nanso wankyerɛ sɛ n’akyidifo mfa afɔremuka nni dwuma wɔ Onyankopɔn som mu.

Amerika abakɔsɛm kyerɛwfo George Foot Moore (1851-1931) kyerɛwee sɛ: “Kristofo som ho nneɛma atitiriw no kɔɔ so sɛnea ɛte no bere nyinaa, nanso bere kɔɔ so no, wɔtrɛw amanne nketenkete a Justin kaa ho asɛm wɔ afeha a ɛto so abien no mfinimfini no mu bɛyɛɛ no ɔsom mu adeyɛ a ɛkorɔn.” Katolekfo amanne ne ɔsom mu guasodeyɛ no dɔɔso na ɛyɛ hwanyann araa sɛ ɛbɛma wɔanya asɛmti biako pɛ—ɔsom mu amanne—a wobesua ho ade wɔ Katolekfo nyamekyerɛ sukuu ahorow mu. Moore toaa so sɛ: “Ade titiriw a ɛmaa wɔtrɛw amanne biara mu yɛɛ no kɛse ne nkɛntɛnso a Apam Dedaw no nyae bere a wobebuu Kristofo asɔfo sɛ wɔn na wogyina hɔ sɛ kan Yudafo asɔfo no. Ntade akɛse a ɔsɔfopanyin no hyɛ, ntade soronko a asɔfo nkae no hyɛ, aperenten kronkron a wotu, nnwom a Lewi kwan so nnwontofo no to, aduhuam a wɔde gu ade mu hyew ma epuw wusiw—ɛte sɛ nea ne nyinaa yɛ ɔsom ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama, a ɛma asɔre no fata sɛ ɛne tete som ahorow no yɛ pɛ.”

Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ amanne, afahyɛ, ntade, ne nneɛma foforo a asɔre ahorow no de di dwuma wɔ ɔsom mu no nnyina Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Nsɛmpa no mu so, na mmom egyina Yudafo ne abosonsomfo amammerɛ so. Enciclopedia Cattolica ka sɛ Katoleksom “suaa afɔremuka a wɔde di dwuma no fii Yudasom ne abosonsom mu.” Minucius Felix, gyidi ho kyigyinafo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no, kyerɛwee sɛ na Kristofo ‘nni asɔrefie anaa afɔremuka.’ Saa ara na nsɛm asekyerɛ nhoma bi a ɛka nneɛma pii ho asɛm Religioni e Miti (Nyamesom ne Atosɛm) ka sɛ: “Tete Kristofo no amfa afɔremuka anni dwuma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛda nsow wɔ Yudafo ne abosonsomfo ho.”

Esiane sɛ na Kristosom gyina nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ wogye tom na wɔde di dwuma da biara da wɔ asetram ne mmaa nyinaa so titiriw nti, na ɛho nhia bio sɛ wobenya kurow kronkron bi wɔ asase so anaa asɔrefie a aniwa tua a afɔremuka wom, anaa asɔfo a wokura dibea titiriw na wɔhyɛ ntade soronko. Yesu kae sɛ: “Da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre agya no. . . . nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:21, 23) Amanne a ɛyɛ hwanyann ne afɔremuka ahorow a asɔre pii de di dwuma no mma wɔnsom nokware Nyankopɔn no wɔ ɔkwan a Yesu kyerɛe sɛ yɛnsom no no so.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Ansa na Noa resi n’afɔremuka no, ɛbɛyɛ sɛ afɔremuka so na Kain ne Habel bɔɔ afɔre maa Yehowa no.—Genesis 4:3, 4.