Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Awurade Anwummeduan No Kyerɛ Ma Wo?

Dɛn Na Awurade Anwummeduan No Kyerɛ Ma Wo?

Dɛn Na Awurade Anwummeduan No Kyerɛ Ma Wo?

“Nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.”—1 KORINTOFO 11:27.

1. Afahyɛ a ɛho hia sen biara bɛn na wɔayɛ ho nhyehyɛe a wobedi wɔ afe 2003 mu, na ɛyɛɛ dɛn na efii ase?

AFAHYƐ a ɛho hia sen biara a wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ afe 2003 no besi April 16 bere a owia akɔtɔ. Yehowa Adansefo behyiam saa bere no ahyɛ Yesu Kristo wu Nkaedi ho fã. Sɛnea wɔdaa no adi wɔ asɛm a edi kan no mu no, Yesu na ɔde afahyɛ yi a wɔsan frɛ no Awurade Anwummeduan no sii hɔ, bere a ɔne n’asomafo dii Twam no wɔ Nisan 14, 33 Y.B. no. Nkaedi abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ no yɛ Kristo nipadua a bɔne nni ho ne ne mogya a wohwie gui no ho sɛnkyerɛnne—afɔrebɔ koro pɛ a ebetumi agye adesamma afi bɔne ne owu a wonya fii awo mu no mu.—Romafo 5:12; 6:23.

2. Kɔkɔbɔ bɛn na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Korintofo 11:27?

2 Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Nkaedi abodoo na wɔnom bobesa no bi no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛfata so. Ɔsomafo Paulo maa emu daa hɔ bere a ɔkyerɛw Kristofo a wɔwɔ tete Korinto, baabi a na wɔhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ ɔkwan a ɛmfata so no. (1 Korintofo 11:20-22) Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.” (1 Korintofo 11:27) Saa nsɛm yi kyerɛ dɛn?

Ebinom Dii No Sɛnea Ɛnsɛ

3. Ɔkwan bɛn so na na Korintofo Kristofo pii yɛ wɔn ade bere a wɔrehyɛ Awurade Anwummeduan ho fã no?

3 Korintofo Kristofo pii dii Nkaedi abodoo no nom bobesa no sɛnea ɛnsɛ. Ná mpaapaemu wɔ wɔn mu, na anyɛ yiye koraa bere bi mu no, na ebinom de wɔn anwummeduan ba ase bedi ansa na nhyiam no afi ase anaa bere a wogu so no, na mpɛn pii no, wodidii nom nsa traa so. Na wɔn ani nna hɔ wɔ adwenem anaa honhom fam. Eyi ma ‘wodii Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.’ Ɔkɔm dee wɔn a na wonnidii anwummere no, na nneɛma twetwee wɔn adwene. Yiw, nnipa pii anni no obu so, na wɔanhu sɛnea na afahyɛ no yɛ aniberesɛm fa no ankasa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde atemmu baa wɔn ho so!—1 Korintofo 11:27-34.

4, 5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔn a wodi Nkaedi abodoo na wɔnom nsa no bi daa no hwehwɛ wɔn mu yiye?

4 Bere a Nkaedi no bɛn afe biara no, ɛho behia sɛ wɔn a wodi nkaedi aduan no bi daa no hwehwɛ wɔn ho mu yiye. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔn honhom fam tebea di mũ ansa na wɔadi asomdwoe aduan yi bi wɔ ɔkwan a ɛfata so. ‘Wobetwa’ obiara a ɔnkyerɛ obu anaasɛ obebu Yesu afɔrebɔ no animtiaa no ‘afi Onyankopɔn nkurɔfo mu’ sɛnea na wɔyɛ Israelni a na odi asomdwoe afɔre no bere a na ne ho agu fĩ no.—Leviticus 7:20; Hebrifo 10:28-31.

5 Paulo de Nkaedi no totoo tete Israel asomdwoe aduan ho. Ɔkaa wɔn a wodi bi no ho asɛm sɛ wɔne Kristo nya ayɔnkofa, na afei ɔde kaa ho sɛ: “Muntumi nnom [Yehowa, NW] kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; muntumi nnidi [Yehowa, NW] pon so ne ahonhommɔne pon so.” (1 Korintofo 10:16-21) Sɛ obi a odi Nkaedi abodoo no na ɔnom bobesa no bi daa yɛ bɔne a anibere wom a, ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ Yehowa na ɔhwehwɛ honhom fam mmoa fi asafo no mu mpanyimfo nso hɔ. (Mmebusɛm 28:13; Yakobo 5:13-16) Sɛ onu ne ho nokwarem na ɔsow aba a ɛsɛ adwensakra, na sɛ odi bi a, ɛrenyɛ nea ɔredi no sɛnea ɛnsɛ.—Luka 3:8.

Ase a Yɛbɛkɔ sɛ Bɛhwɛadefo a Yɛkyerɛ Obu

6. Henanom na Onyankopɔn ama wɔn kwan sɛ wonni Awurade Anwummeduan no bi?

6 So ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ Kristo nuanom 144,000 no mu nkaefo no papa mprempren no di Awurade Anwummeduan no bi? (Mateo 25:31-40; Adiyisɛm 14:1) Dabi. Onyankopɔn de saa hokwan no ama ankorankoro a ɔde honhom kronkron asra wɔn sɛ wɔnyɛ “Kristo yɔnkodifo” no. (Romafo 8:14-18; 1 Yohane 2:20) Ɛnde, gyinabea bɛn mu na wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ wiase nyinaa paradise mu wɔ Ahenni nniso no ase no wɔ? (Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3, 4) Esiane sɛ wɔnyɛ Yesu yɔnko adedifo a wɔwɔ ɔsoro anidaso nti, wɔkɔ Nkaedi no ase sɛ bɛhwɛadefo a wɔwɔ obu.—Romafo 6:3-5.

7. Dɛn nti na na afeha a edi kan no mu Kristofo no nim sɛ ɛsɛ sɛ wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom nsa no bi?

7 Wɔde honhom kronkron sraa nokware Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no. Wɔn mu pii tumi de honhom no akyɛde ahorow a wɔde yɛ anwonwade, te sɛ nea na wɔde ka kasa foforo, no mu biako anaa nea ɛboro saa dii dwuma. Enti, na ɛrenyɛ den sɛ saa nnipa no behu sɛ wɔde honhom asra wɔn ma enti ɛsɛ sɛ wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom nsa no bi. Nanso, wɔ yɛn bere yi mu no, obi betumi agyina nsɛm a efi honhom mu te sɛ nea edi so yi so ahu: “Dodow a Onyankopɔn honhom ka wɔn no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, agya!”—Romafo 8:14, 15.

8. Henanom na “awi” ne “wura” a wɔkaa ho asɛm wɔ Mateo ti 13 no gyina hɔ ma wɔn?

8 Mfehaha pii a abɛsen kɔ no mu no, wɔn a wɔasra wɔn ampa no dodow kɔɔ anim sɛ “awi” a ɛwɔ “wura,” anaa atoro Kristofo mu. (Mateo 13:24-30, 36-43) Efi afe 1870 no, “awi” no bɛdaa adi yiye, na mfe bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Kristofo ahwɛfo a wɔasra wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ mpanyimfo . . . de nsɛm yi sisi wɔn a wohyiam [ma Nkaedi no] anim,—(1) ɛsɛ sɛ wonya [Kristo] mogya no mu gyidi; na (2) wohyira wɔn ho so ma Awurade ne ne som adwuma no kosi owu mu mpo. Afei ɛsɛ sɛ wɔto nsa frɛ wɔn a wokura saa adwene no na wɔahyira wɔn ho so nyinaa ma wobenya Awurade wu nkaedi no mu kyɛfa.”—Studies in the Scriptures, Po VI, The New Creation, kratafa 473. *

“Nguan Foforo” a Wɔhwehwɛ Wɔn

9. Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛkyerɛɛ “nnipakuw kɛse” no gyinabea mu wɔ afe 1935 mu, na ɔkwan bɛn so na eyi kaa ebinom a na wodi Nkaedi abodoo na wɔnom bobesa no bi no?

9 Bere kɔɔ so no, Yehowa ahyehyɛde no fii ase de adwene sii afoforo a wɔde wɔn bɛka Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no ho so. Eyi ho asɛntitiriw bi sii wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ. Ansa na saa bere no reba no, na Onyankopɔn nkurɔfo bu “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no sɛ honhom mu kuw a ɛto so abien a wɔbɛkɔ akɔka nnipa 144,000 a wɔasra wɔn no mufo a wɔanya owusɔre no ho wɔ soro—sɛ Kristo ayeforo no nnamfo anaa wɔn mfɛfo. (Dwom 45:14, 15; Adiyisɛm 7:4; 21:2, 9) Nanso wɔ ɔkasa bi a wɔmae wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam ase wɔ Washington, D.C., U.S.A., wɔ May 31, 1935 mu no, wogyinaa Kyerɛwnsɛm no so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “nnipakuw kɛse” no ne “nguan foforo” a wɔbɛtra ase wɔ awiei bere mu no. (Yohane 10:16) Wɔ saa nhyiam no akyi no, ebinom a na wodi Nkaedi abodoo no nom bobesa no bi no gyaee efisɛ wohui sɛ na wɔn anidaso no yɛ asase so de, na ɛnyɛ ɔsoro de.

10. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ “nguan foforo” a wɔwɔ hɔ nnɛ no anidaso ne wɔn asɛyɛde ahorow mu?

10 Efi afe 1935 reba titiriw no, wɔahwehwɛ wɔn a wɔbɛyɛ “nguan foforo” a wɔwɔ agyede no mu gyidi, ma wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn, na wɔaboa “kuw ketewa” a wɔasra wɔn no wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu. (Luka 12:32) Saa nguan foforo yi wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa, nanso wɔsɛ nnɛyi Ahenni adedifo nkaefo no wɔ akwan foforo nyinaa so. Te sɛ ahɔho a na wɔte tete Israel a na wɔsom Yehowa na wodii Mmara no so no, ɛnnɛ nguan foforo no gye Kristofo asɛyɛde ahorow, te sɛ asɛmpa no a wɔne honhom fam Israelfo no ka no, tom. (Galatifo 6:16) Nanso, sɛnea na ɔhɔho biara ntumi mmɛyɛ Israel hene anaa ɔsɔfo no, saa ara na nguan foforo yi muni biara ntumi nni ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu, na wɔrentumi nsom sɛ asɔfo nso.—Deuteronomium 17:15.

11. Dɛn nti na bere a obi de hyiraa ne ho so no ne ka a ɔbɛka nkaefo a wɔasra wɔn no ho wɔ biribi yɛ?

11 Enti, eduu 1930 mfe no mu no, na ɛreda adi sɛ wɔapaw ɔsoro kuw no mufo awie. Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, wɔahwehwɛ nguan foforo a wɔwɔ asase so anidaso no. Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu bi anni nokware a, ɛda adi sɛ wɔn a wɔde mfirihyia pii asom Onyankopɔn nokware mu sɛ nguan foforo no mu bi na wɔbɛpaw no ahyɛ ɔkwan a abɛda hɔ wɔ 144,000 no mu no mu.

Nea Enti a Ebinom Di Mfomso Susuw sɛ Wɔapaw Wɔn

12. Tebea ahorow bɛn mu na ɛsɛ sɛ obi gyae Nkaedi abodoo no di ne nsa no nom, na dɛn ntia?

12 Kristofo a wɔasra wɔn no gye tom koraa sɛ wɔanya ɔsoro frɛ. Na sɛ wɔn a wonnyaa ɔfrɛ yi akɔ so adi Nkaedi abodoo no anom bobesa no bi nso ɛ? Bere a wɔabehu sɛ wonnyaa ɔsoro frɛ no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ahonim bɛhaw wɔn ama wɔagyae di. Onyankopɔn ani nsɔ obi a ɔda ne ho adi sɛ wɔapaw no sɛ onkodi hene ne ɔsɔfo wɔ soro bere a onii no nim ankasa sɛ onnyaa ɔfrɛ a ɛte saa no. (Romafo 9:16; Adiyisɛm 20:6) Yehowa kum Lewini Kora sɛ ofii ahantan mu hwehwɛɛ Aaron asɔfodi no. (Exodus 28:1; Numeri 16:4-11, 31-35) Sɛ Kristoni bi behu sɛ wadi mfomso adi Nkaedi abodoo no anom nsa no bi a, ɛsɛ sɛ ogyae na ofi ahobrɛase mu bɔ Yehowa mpae hwehwɛ bɔne fafiri.—Dwom 19:13.

13, 14. Dɛn nti na ebinom betumi adi mfomso asusuw sɛ wɔanya ɔsoro frɛ?

13 Dɛn nti na ebinom betumi adi mfomso asusuw sɛ wɔanya ɔsoro frɛ? Obi hokafo a owu anaa awerɛhosɛm foforo betumi ayɛ ama onii no ani rennye asase so asetra ho bio. Anaasɛ wɔn ani betumi agyina sɛ wɔne wɔn adamfo paa bi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a wɔasra no benya anidaso koro. Nokwarem no, Onyankopɔn mfa nhyɛɛ obiara nsa sɛ ɔmpaw afoforo mma saa hokwan yi. Na ɔnsra Ahenni adedifo no denam ɛnne bi a ɛkasa kyerɛ wɔn so.

14 Atoro som adwene a ɛne sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro no betumi adaadaa ebinom ma wɔasusuw sɛ wɔanya ɔsoro frɛ. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na adwene a ɛnteɛ a na yɛwɔ bere bi no anaa nneɛma foforo annaadaa yɛn. Sɛ nhwɛso no, ebinom betumi abisa wɔn ho sɛ: ‘So menom nnuru bi a enya me nkate horow so nkɛntɛnso anaa? So mewɔ nkate ahorow a emu yɛ den a ebetumi ama madi mfomso asusuw sɛ manya ɔsoro frɛ?’

15, 16. Dɛn nti na nnipa kakra bi betumi adi mfomso asusuw sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔasra wɔn?

15 Ebinom betumi abisa wɔn ho sɛ: ‘So mepɛ sɛ migye din? So m’ani gye tumidi ho mprempren anaasɛ mepɛ sɛ me ne Kristo kodi ade?’ Bere a wɔfrɛɛ Ahenni adedifo no wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na na wɔwɔ dibea wɔ asafo no mu. Na wɔn a wɔanya ɔsoro frɛ no nhwehwɛ dibea anaasɛ wɔmfa sra a wɔasra wɔn no nhoahoa wɔn ho. Wɔda ahobrɛase a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔwɔ “Kristo adwene” bɛda no adi no adi.—1 Korintofo 2:16.

16 Ebetumi aba sɛ ebinom anya adwene sɛ wɔanya ɔsoro frɛ esiane sɛ wɔanya Bible mu nimdeɛ pii nti. Nanso sɛ wɔde honhom sra obi a ɛmma onnya ntease soronko bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ Paulo kyerɛkyerɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu bi na otu wɔn fo. (1 Korintofo 3:1-3; Hebrifo 5:11-14) Onyankopɔn wɔ nhyehyɛe a ɔnam so de honhom fam aduan ma ne nkurɔfo nyinaa. (Mateo 24:45-47) Enti ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ ɔyɛ Kristoni a wɔasra no nti ɔwɔ nyansa bi a ɛkorɔn sen wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no. Ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛmmisa ho mmuae, adansedi, anaa Bible mu ɔkasa ahorow a obi tumi ma no yiye na ɛkyerɛ sɛ wɔde honhom asra no. Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso nso bɔ mmɔden wɔ eyi yɛ mu.

17. Honhom a wɔde sra obi gyina dɛn ne hena so?

17 Sɛ yɔnko gyidini bi bisa ɔsoro frɛ ho asɛm a, ɔpanyin bi anaa Kristoni foforo a ne ho akokwaw betumi ne no asusuw asɛm no ho. Nanso, onipa bi ntumi nsi eyi ho gyinae mma ɔfoforo. Sɛ obi anya ɔsoro frɛ ampa a, enhia sɛ obebisabisa ho asɛm afi afoforo hɔ sɛ ebia ɔwɔ anidaso a ɛte saa anaa. Wɔn a wɔasra wɔn no ‘mfi aba a ɛporɔw mu, na mmom wofi nea ɛmporɔw mu, ɛne sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm a ɛte ase na ɛbɛtra hɔ no so awo wɔn foforo.’ (1 Petro 1:23) Onyankopɔn nam ne honhom ne N’asɛm so de “aba” a ɛma obi yɛ “abɔde foforo,” a ɔwɔ ɔsoro anidaso no ma. (2 Korintofo 5:17) Na Yehowa na ɔpaw. Ɔsra no ‘mfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no.’ (Romafo 9:16) Enti ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ahu sɛ wanya ɔsoro frɛ ampa?

Nea Enti a Wogye Di Paa

18. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom ne wɔn a wɔasra wɔn no honhom di adanse?

18 Adanse a Onyankopɔn honhom de ma Kristofo a wɔasra wɔn no ma wogye tom sɛ wɔwɔ ɔsoro anidaso. Paulo kyerɛwee sɛ: “Moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, agya! Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.” (Romafo 8:15-17) Wɔ honhom kronkron no nkɛntɛnso ase no, honhom no, anaa wɔn a wɔasra wɔn no su titiriw no kanyan wɔn ma wogye nea Kyerɛwnsɛm no ka fa Yehowa honhom mu mma ho no tom sɛ ɛfa wɔn ho. (1 Yohane 3:2) Onyankopɔn honhom ma wɔte nka sɛ wɔyɛ ne mma na ɛma wonya anidaso soronko bi wɔ wɔn mu. (Galatifo 4:6, 7) Yiw, daa nkwa a yebenya wɔ asase so sɛ nnipa a yɛyɛ pɛ a abusuafo ne nnamfonom atwa yɛn ho ahyia no bɛyɛ anigye ankasa, nanso ɛnyɛ ɛno ne anidaso a Onyankopɔn de ama wɔn. Onyankopɔn nam ne honhom so ama wɔanya ɔsoro anidaso a emu yɛ den wɔ wɔn mu araa ma wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde asase so abusuabɔ ne anidaso nyinaa bɛbɔ afɔre.—2 Korintofo 5:1-5, 8; 2 Petro 1:13, 14.

19. Dwuma bɛn na apam foforo no di wɔ Kristofo a wɔasra wɔn no asetra mu?

19 Kristofo a wɔasra wɔn no adwene si wɔn pi wɔ wɔn soro anidaso no ho sɛ wɔde wɔn akɔ apam foforo no mu. Yesu kaa ho asɛm bere a ɔde Nkaedi no sii hɔ no sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” (Luka 22:20) Onyankopɔn ne wɔn a wɔasra wɔn no na wɔyɛɛ apam foforo no. (Yeremia 31:31-34; Hebrifo 12:22-24) Yesu ne ntamgyinafo. Kristo mogya a wohwie gui no na ɛmaa apam foforo a wɔnam so paw Yudafo ne amanaman mufo nyinaa maa Yehowa din no yɛɛ adwuma, na wɔnam so nso bɛyɛɛ Abraham “asefo.” (Galatifo 3:26-29; Asomafo no Nnwuma 15:14) “Daa apam” yi ma honhom fam Israelfo nyinaa nya owusɔre kɔ nkwa a owu nnim mu wɔ soro.—Hebrifo 13:20.

20. Apam bɛn na Kristo ne wɔn a wɔasra wɔn no ayɛ?

20 Wɔn a wɔasra wɔn no adwene si wɔn pi wɔ wɔn anidaso no ho. Wɔne wɔn ayɛ apam foforo bi nso, Ahenni apam no. Ɛdefa ade a wɔne Kristo bedi ho no, Yesu kae sɛ: “Mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo.” (Luka 22:28-30) Kristo ne ne yɔnko ahene no ntam apam yi bɛkɔ so atra hɔ daa.—Adiyisɛm 22:5.

Nkaedi Bere—Ɛyɛ Anigye Bere

21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso kɛse wɔ Nkaedi bere no mu?

21 Nhyira pii wɔ Nkaedi bere mu. Yebetumi anya saa bere yi mu Bible akenkan nhyehyɛe so mfaso. Ne titiriw no, ɛyɛ bere a ɛfata ma mpaebɔ, Yesu asase so asetra ne ne wu ho a yebesusuw, ne Ahenni asɛnka adwuma mu kyɛfa a yebenya nso. (Dwom 77:12; Filipifo 4:6, 7) Afahyɛ no ankasa kae yɛn ɔdɔ a Onyankopɔn ne Kristo ada no adi wɔ Yesu agyede afɔrebɔ no ho. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Saa nsiesiei yi ma yenya anidaso ne awerɛkyekye, na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛnantew Kristo kwan so no mu den. (Exodus 34:6; Hebrifo 12:3) Ɛsɛ sɛ Nkaedi no nso hyɛ yɛn den ma yedi yɛn ahosohyira ho dwuma sɛ Onyankopɔn asomfo na yɛyɛ ne Dɔba no akyidifo a wodi nokware.

22. Dɛn ne Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama adesamma, na dɛn ne ɔkwan biako a yɛbɛfa so akyerɛ ho anisɔ?

22 Hwɛ akyɛde pa a Yehowa de ma yɛn! (Yakobo 1:17) Yɛwɔ N’asɛm no akwankyerɛ, ne honhom no mmoa, ne daa nkwa ho anidaso. Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara ne afɔre a Yesu bɔe wɔ wɔn a wɔasra wɔn no ne afoforo a aka nyinaa a wɔbɛkyerɛ mu gyidi no bɔne ho no. (1 Yohane 2:1, 2) Enti Yesu wu no som bo ma wo dɛn? So wobɛka wɔn a wɔbɛkyerɛ ho anisɔ denam hyia a wobehyiam April 16, 2003, bere a owia akɔtɔ ahyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã no ho?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso mprempren wɔagyae tintim.

Wo Mmuae Ne Dɛn?

• Henanom na ɛsɛ sɛ wodi Nkaedi abodoo no nom bobesa no bi?

• Dɛn nti na “nguan foforo” no kɔ Awurade Anwummeduan no ase sɛ bɛhwɛadefo a wɔkyerɛ obu?

• Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ dɛn hu sɛ ɛsɛ sɛ wodi Kristo wu Nkaedi abodoo no na wɔnom bobesa no bi?

• Nkaedi bere no yɛ bere a ɛfata ma dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Akontaabu pon/Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Dodow a Wɔba Nkaedi Ase

ƆPEPEM MU

15,597,746

15

14

13,147,201

13

12

11

10

 9

 8

 7

 6

 5

4,925,643

 4

 3

 2

 1

878,303

63,146

1935 1955 1975 1995 2002

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So wobɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase afe yi?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Nkaedi bere yɛ bere a ɛfata sɛ yenya Bible akenkan ne Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa pii