Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?

‘Nea minya mifii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo.’—1 KORINTOFO 11:23.

1, 2. Dɛn na Yesu yɛe wɔ Twam anadwo no wɔ afe 33 Y.B.?

NÁ Yehowa Ba a ɔwoo no koro no wɔ hɔ. Saa ara na na mmarima 11 a na ‘wɔda so ka no ho ne sɔhwɛ mu’ no nso wɔ hɔ. (Luka 22:28) Na ɛyɛ Yawda anwummere, March 31, 33 Y.B., na ɛda adi sɛ na ɔsram a atwa puruw no ama wim ayɛ fɛfɛɛfɛ wɔ Yerusalem. Na Yesu Kristo ne n’asomafo no dii Twam afahyɛ no wiei nkyɛe. Na wɔama ɔfatwafo Yuda Iskariot afi adi, nanso na ennya nnuu bere a afoforo no bepue. Dɛn ntia? Efisɛ na Yesu rebɛyɛ biribi a ɛho hia yiye. Ná ɛyɛ dɛn?

2 Esiane sɛ na Asɛmpa kyerɛwfo Mateo wɔ hɔ nti, momma ɔnka nkyerɛ yɛn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.” (Mateo 26:26-28) So na adeyɛ yi bɛyɛ ade a wɔbɛyɛ no pɛnkoro pɛ? Na ɛho hia dɛn? So ɛkyerɛ biribi ma yɛn nnɛ?

‘Monkɔ so Nyɛ Eyi’

3. Dɛn nti na nea Yesu yɛe Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no yɛ ade a ɛho hia?

3 Ade a Yesu Kristo yɛe Nisan 14, 33 Y.B. anadwo no nyɛ biribi a esii wɔ n’asetram kɛkɛ. Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm bere a ɔkyerɛw Kristofo a wɔasra wɔn wɔ Korinto, baabi a na wɔadi afahyɛ no bɛboro mfirihyia 20 no. Ɛwom sɛ na Paulo nka Yesu ne asomafo 11 no ho wɔ afe 33 Y.B. de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɔtee nea esii saa da no ho asɛm fii asomafo no bi hɔ. Afei nso, ɛda adi sɛ Paulo nyaa saa asɛm no so duasi fii adiyisɛm a efi honhom mu no mu. Paulo kae sɛ: “Nea minya mifii Awurade hɔ no ara [na] mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo, na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Me nipadua a wobubu ma mo ni; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Ne saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—1 Korintofo 11:23-25.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ Awurade Anwummeduan ho fã?

4 Asɛmpa kyerɛwfo Luka si so dua sɛ Yesu hyɛe sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19, NW) Wɔakyerɛ saa nsɛm yi ase nso sɛ: “Monyɛ eyi mfa nkae me” (Today’s English Version) ne “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” Nokwarem no, wɔtaa frɛ afahyɛ yi Kristo wu Nkaedi. Paulo nso frɛ no Awurade Anwummeduan—edin a ɛfata, efisɛ wɔyɛɛ eyi anadwo. (1 Korintofo 11:20) Wɔhyɛ Kristofo sɛ wɔnhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã. Na dɛn nti na wɔde afahyɛ yi sii hɔ?

Nea Enti a Wɔde Sii Hɔ

5, 6. (a) Dɛn ne ade biako nti a Yesu de Nkaedi no sii hɔ? (b) Ma nhwɛso foforo nti a wɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ.

5 Ade biako nti a wɔde Nkaedi no sii hɔ no fa atirimpɔw biako a Yesu wu no dii ho dwuma ho. Owui sɛ obi a ɔsan ne soro Agya tumidi ho. Enti Kristo ma ɛdaa adi sɛ sobo a na Satan Ɔbonsam abɔ sɛ pɛsɛmenkominya adwene na nnipa de som Onyankopɔn no yɛ atoro. (Hiob 2:1-5) Nokwaredi mu a Yesu wui no ma ɛdaa adi sɛ asɛm yi yɛ atoro, na ɛmaa Yehowa koma ani gyei.—Mmebusɛm 27:11.

6 Ade foforo nti a wɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ ne sɛ ɛbɛkae yɛn sɛ Yesu nam ne wu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a bɔne nni ne ho no so ‘de ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Bere a onipa a odi kan yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn no, ɔyeraa onipa nkwa a ɛyɛ pɛ no ne ɛho anidaso nyinaa. Nanso, Yesu kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nokwarem no, “bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23) Awurade Anwummeduan no ho fã a yɛhyɛ no kae yɛn ɔdɔ kɛse a Yehowa ne ne Ba no ada no adi wɔ Yesu afɔrebɔ wu no ho. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ saa dɔ no ho anisɔ!

Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛhyɛ Ho Fa?

7. Ɔkwan bɛn so na na Kristofo a wɔasra wɔn no bedi Nkaedi abodoo no anom bobesa no bi “da biara”?

7 Ɛdefa Awurade Anwummeduan no ho no, Paulo kae sɛ: “Da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.” (1 Korintofo 11:26) Ná Kristofo a wɔasra wɔn no mu biara bedi Nkaedi abodoo no anom nsa no bi akosi sɛ obewu. Enti na wɔbɛkɔ so aka gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn nsiesiei a ɛne Yesu agyede afɔre no mu no ho asɛm wɔ Yehowa Nyankopɔn ne wiase anim.

8. Na nkaefo a wɔasra wɔn no bɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fa akosi bere bɛn?

8 Na Kristofo a wɔasra wɔn no bɛhyɛ Kristo wu Nkaedi no ho fa akosi bere bɛn? Paulo kae sɛ ‘kosi sɛ ɔbɛba,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ saa afahyɛ yi bɛkɔ so akosi sɛ Yesu bɛba abɛfa n’akyidifo a wɔasra wɔn no akɔ soro denam owusɔre so wɔ ne “ba” no mu. (1 Tesalonikafo 4:14-17) Eyi ne Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ asomafo anokwafo 11 no hyia: “Sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”—Yohane 14:3.

9. Dɛn na Yesu nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Marko 14:25 no kyerɛ?

9 Bere a Yesu de Nkaedi no sii hɔ no, ɔtwee adwene sii kuruwa a bobesa wom no so ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akosi da a mɛnom no foforo Onyankopɔn ahenni mu.” (Marko 14:25) Esiane sɛ ɛnyɛ nsa ankasa na Yesu bɛnom wɔ soro nti, ɛda adi sɛ ɛyɛ anigye a ɛtɔ mmere bi a wɔde nsa yɛ ho sɛnkyerɛnne no na na ɛwɔ n’adwenem. (Dwom 104:15; Ɔsɛnkafo 10:19) Ná Ahenni no mu a wɔbɛkɔ no bɛyɛ anigyesɛm a ɔne n’akyidifo no de anigyina kɛse hwɛ kwan.—Romafo 8:23; 2 Korintofo 5:2.

10. Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Nkaedi no ho fa?

10 So ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu wu no ɔsram biara, dapɛn biara, anaa da biara mpo? Dabi. Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ na wokum no Twam da a wɔhyɛɛ ho fa sɛ ogye a wogyee Israel fii Misraim nkoayɛ mu wɔ afe 1513 A.Y.B. no ho “nkae” no. (Exodus 12:14) Wodii Twam no pɛnkoro pɛ afe biara, wɔ Yudafo ɔsram Nisan da a ɛto so 14. (Exodus 12:1-6; Leviticus 23:5) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu wu no te sɛ nea na wodi Twam no pɛpɛɛpɛ—afe biara—ɛnyɛ ɔsram biara, dapɛn biara, anaa da biara.

11, 12. Dɛn na abakɔsɛm da no adi wɔ tete Nkaedi afahyɛ ahorow ho?

11 Enti, afei, ɛfata sɛ yɛhyɛ Nkaedi no ho fa afe biara wɔ Nisan 14. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Wogyinaa sɛnea na Kristofo a wɔwɔ Asia Kumaa no di pascha [Awurade Anwummeduan] a na ɛyɛ Nisan da a ɛto so 14 no so frɛɛ wɔn Quartodecimans [Da a ɛto so dunanfo] . . . Na da no tumi si Fida anaa dapɛn no mu da foforo biara.”—The New Schaff-Herzog Encyclopedia of Religious Knowledge, Po IV, kratafa 44.

12 Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo J. L. von Mosheim reka sɛnea na wɔyɛ no wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu ho asɛm no, ɔkae sɛ Quartodecimans no hyɛɛ Nkaedi no ho fa Nisan 14 efisɛ “wobuu Kristo nhwɛso no sɛ mmara a tumi wom.” Abakɔsɛm kyerɛwfo foforo ka sɛ: “Sɛnea na Quartodeciman asɔre ahorow no di no wɔ Asia no ne Yerusalem asɔre no de hyia. Wɔ afeha a ɛto so 2 no mu no, saa asɔre ahorow yi kaee ogye a Kristo wu no de bae no wɔ wɔn Pascha wɔ Nisan da a ɛto so 14.”—Studia Patristica, Po V, 1962, kratafa 8.

Nea Abodoo no Kyerɛ

13. Abodoo bɛn na Yesu de dii dwuma bere a ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ no?

13 Bere a Yesu de Nkaedi no sii hɔ no, ‘ɔfaa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa asomafo no.’ (Marko 14:22) Abodoo a wɔde dii Twam no ne nea na ɛwɔ hɔ a wɔde bedi saa afahyɛ no. (Exodus 13:6-10) Esiane sɛ wɔamfa mmɔkaw amfra mu na wɔtoe nti, na ɛyɛ tratraa a ebubu penpen, na na ɛsɛ sɛ obubu mu na ɔkyekyɛ. Bere a Yesu nam anwonwakwan so maa abodoo yɛɛ pii na wɔkyekyɛ maa nnipa mpempem pii no, na ɛyɛ nea ebubu penpen, efisɛ obubuu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyekyɛ. (Mateo 14:19; 15:36) Enti, ɛda adi sɛ, abodoo mu a wobubu Nkaedi da no nkyerɛ hwee wɔ honhom fam.

14. (a) Dɛn nti na ɛfata sɛ abodoo a wɔde hyɛ Nkaedi ho fa no yɛ nea mmɔkaw nnim? (b) Abodoo bɛn na wobetumi atɔ anaasɛ wɔatõ de adi dwuma wɔ Awurade Anwummeduan no ase?

14 Ɛdefa abodoo a wɔde dii dwuma bere a Yesu de Nkaedi no sii hɔ ho no, ɔkae sɛ: “Me nipadua a wobubu ma mo ni.” (1 Korintofo 11:24; Marko 14:22) Ná ɛfata sɛ mmɔkaw nni abodoo no mu. Dɛn ntia? Efisɛ mmɔkaw betumi akyerɛ amumɔyɛ, nnebɔne, anaa bɔne. (1 Korintofo 5:6-8) Ná abodoo no gyina hɔ ma Yesu nipadua a ɛyɛ pɛ a bɔne nni ho, a na ɛfata sɛ wɔde ma sɛ agyede afɔre no. (Hebrifo 7:26; 10:5-10) Yehowa Adansefo ma eyi tra wɔn adwenem na wodi nhwɛso a Yesu yɛ too hɔ no akyi denam abodoo a mmɔkaw nnim a wɔde hyɛ Nkaedi no ho fa no so. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde Yudafo abodoo a ebubu penpen a wɔmfaa biribiara te sɛ gyeene anaa nkesua mfraa mu na edi dwuma. Ɔkwan foforo so no, wotumi de nsu kakra fɔtɔw awi a wɔnsɔw ho esiam kakra de yɛ. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔre no nteaanteaa, na wobetumi atõ wɔ kyɛnsee a wɔde ngo kakra afam mu akosi sɛ abodoo no bɛyɛ wosee na abubu penpen.

Nea Nsa no Kyerɛ

15. Bere a Kristo de ne wu ho Nkaedi no resi hɔ no, dɛn na na ɛwɔ kuruwa a ɔde dii dwuma no mu?

15 Bere a Yesu de abodoo no maa wɔn wiei no, ɔfaa kuruwa, “daa ase de maa [asomafo no], na wɔn nyinaa nom bi.” Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie agu.” (Marko 14:23, 24) Dɛn na na ɛwɔ kuruwa no mu? Bobesa a akaw, na ɛnyɛ bobe mu nsu a ɛnkawee. Sɛ Kyerɛwnsɛm no ka bobesa ho asɛm a ɛnkyerɛ bobe mu nsu a ɛnkawee. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Yesu kae no, ɛyɛ bobesa a akaw na ɛbɛpae “nkotoku dedaw,” na ɛnyɛ bobe mu nsu. Na Kristo atamfo bɔɔ no sobo sɛ ɔyɛ “ɔsanomfo.” Sɛ na nsa no yɛ bobe mu nsu kɛkɛ a, anka sobo a wɔbɔɔ no no bɛyɛ nea ntease nnim. (Mateo 9:17; 11:19) Na wɔnom bobesa wɔ Twam afahyɛ no ase, na Kristo de dii dwuma bere a ɔde ne wu ho Nkaedi no resi hɔ no.

16, 17. Bobesa bɛn na ɛfata sɛ wɔde hyɛ Nkaedi no ho fa, na dɛn ntia?

16 Bobesa kɔkɔɔ nkutoo ne sɛnkyerɛnne a ɛfata sɛ wɔde gyina hɔ ma nea na ɛwɔ kuruwa no mu, kyerɛ sɛ, Yesu mogya a wohwie gui no. Ɔno ankasa kae sɛ: “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie agu.” Na ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Munim [Kristofo a wɔasra mo] sɛ wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.”—1 Petro 1:18, 19.

17 Akyinnye biara nni ho sɛ bere a Yesu de Nkaedi no resi hɔ no, ɛyɛ bobesa kɔkɔɔ na ɔde dii dwuma. Nanso, nnɛyi bobesa kɔkɔɔ ahorow bi nyɛ papa efisɛ wɔde mmosa foforo anaasɛ nhabamma ne ahuamhuamnne frafra mu ma ano yɛ den kɛse. Ná Yesu mogya no fata koraa, a na enhia sɛ wɔde biribi fra mu. Enti, bobesa ahorow a wɔde nnuru afrafra mu te sɛ port, sherry, ne vermouth no renyɛ nea ɛfata. Ɛsɛ sɛ wɔde bobesa kɔkɔɔ a ɛnyɛ fremfrem na wɔmfaa mmosa a ano yɛ den kɛse mfraa mu na egu Nkaedi kuruwa no mu. Wobetumi de bobesa kɔkɔɔ a wɔayɛ wɔ fie adi dwuma, na saa ara na wobetumi de bobesa kɔkɔɔ a wɔfrɛ no burgundy ne claret adi dwuma.

18. Dɛn nti na Yesu anyɛ anwonwade wɔ Nkaedi abodoo ne bobesa no ho?

18 Bere a Yesu de adidi yi resi hɔ no, wanyɛ anwonwade bi amma abodoo ne bobesa no annan honam ne mogya ankasa. Nnipa nam a wɔbɛwe ne mogya a wɔbɛnom bɛyɛ adeyɛ a etia Onyankopɔn mmara. (Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:10) Na Yesu da so ara kura ne honam ne ne mogya nyinaa. Ɔde ne honam mae sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ pɛ, na wohwiee ne mogya gui da a edi hɔ awia a na ɛda so yɛ Yudafo da, Nisan 14 no. Enti, Nkaedi abodoo ne bobesa no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ade, a egyina hɔ ma Kristo honam ne ne mogya. *

Nkaedi No—Ɛyɛ Asomdwoe Aduan

19. Dɛn nti na yebetumi de mprɛte ne nkuruwa pii adi dwuma bere a yɛrehyɛ Awurade Anwummeduan ho fa no?

19 Bere a Yesu de Nkaedi no sii hɔ no, ɔmaa n’asomafo anokwafo no nom kuruwa biako ano. Mateo Asɛmpa no ka sɛ: ‘Yesu faa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi.’ (Mateo 26:27) Anyɛ asɛnnennen sɛ wɔamfa nkuruwa pii anni dwuma na wɔde ‘kuruwa biako’ pɛ na edii dwuma, efisɛ saa da no, ɛda adi sɛ wɔn a wodii bi a na wɔyɛ 11 pɛ no traa pon biako ho, na na ɛnyɛ den koraa sɛ wobetumi de kuruwa no ama wɔn mu biara. Afe yi nnipa ɔpepem pii na wobehyiam wɔ Awurade Anwummeduan no ase wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 94,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Esiane sɛ nnipa pii na wobehyiam ahyɛ saa fa yi anadwo biako nti, wɔn nyinaa ntumi mfa kuruwa biako nni dwuma. Nanso, wokura nnyinasosɛm yi mu wɔ asafo ahorow a ɛyɛ akɛse no mu denam nkuruwa pii a wɔde di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de afa atiefo no anim wɔ bere a ɛfata mu so. Saa ara nso na wobetumi de abodoo no agu prɛte dodow bi so. Biribiara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ kuruwa pɔtee bi na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma. Nanso, ɛsɛ sɛ kuruwa no ne prɛte no yɛ nea ɛfata adeyɛ a nidi wom yi. Nyansa wom sɛ yɛmma nsa no nyɛ kuruwa no ma sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛde refa atiefo no anim a ɛmmobɔ ngu.

20, 21. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Nkaedi no yɛ asomdwoe aduan?

20 Ɛwom sɛ mprɛte pii ne nkuruwa pii na wɔde abodoo no gu so de nsa no gu mu de, nanso Nkaedi no yɛ asomdwoe aduan. Wɔ tete Israel no, na ɔbarima bi tumi ma asomdwoe aduan denam aboa bi a ɔde no bɛkɔ Onyankopɔn asɔrefie ma wɔakum no so. Na wɔhyew aboa no fã bi wɔ afɔremuka no so, de fã bi ma ɔsɔfo a ɔhwɛ afɔrebɔ no so no, de ɔfã foforo ma Aaron mma asɔfo no, na nea ɔde afɔrebɔde no bae no ne n’abusua adi aduan no bi. (Leviticus 3:1-16; 7:28-36) Nkaedi no nso yɛ asomdwoe aduan efisɛ wɔbom na edi.

21 Sɛ́ nhyehyɛe yi Yɛfo no, Yehowa di asomdwoe aduan yi bi. Yesu ne afɔrebɔde no, na Kristofo a wɔasra wɔn no di nkae aduan no bi sɛ nkurɔfo a wɔne Yehowa wɔ ayɔnkofa. Yehowa pon ho a wodidi no kyerɛ sɛ asomdwoe wɔ wɔne no ntam. Enti, Paulo kyerɛwee sɛ: “Nhyira kuruwa a yehyira so no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkofa anaa? Abodoo a yebubu no nyɛ Kristo nipadua no ayɔnkofa anaa? Efisɛ ɛyɛ abodoo koro, na yɛn a yɛyɛ bebree yɛ nipadua koro; na yɛn nyinaa di abodoo koro no bi.”—1 Korintofo 10:16, 17.

22. Nkaedi no ho nsɛmmisa bɛn na ɛda so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

22 Awurade Anwummeduan no nkutoo ne nyamesom mu afahyɛ a Yehowa Adansefo di no afe biara. Eyi fata efisɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Monkɔ so nyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.’ Yɛkae Yesu wu, owu a ɛma Yehowa tumidi so, wɔ Nkaedi no ase. Sɛnea yɛahu no, wɔ asomdwoe adidi yi ase no, abodoo no kyerɛ Kristo nipadua a ɔde bɔɔ afɔre no, na nsa no kyerɛ ne mogya a wohwie gui no. Nanso, nnipa kakraa bi pɛ na wodi abodoo no nom bobesa no bi. Dɛn nti na ɛte saa? So Nkaedi no kyerɛ biribi ankasa ma nnipa ɔpepem pii a wonni bi no anaa? Nokwarem no, dɛn na ɛsɛ sɛ Awurade Anwummeduan no kyerɛ ma wo?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 18 Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2 a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 271.

Wo Mmuae Ne Dɛn?

• Dɛn nti na Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ?

• Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Nkaedi no ho fa?

• Nkaedi abodoo a mmɔkaw nnim no kyerɛ dɛn?

• Nkaedi nsa no gyina hɔ ma dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yesu na ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ