Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntow Wo Ba Koma Asaworam!

Ntow Wo Ba Koma Asaworam!

Ntow Wo Ba Koma Asaworam!

ƆNWEMFO a onim adwuma tumi de dɔte tɔw hunu yɛ anwenne a ɛyɛ fɛ. Adwumfo kakraa bi na wotumi de ade ketewa saa yɛ nneɛma pii. Mfe mpempem ni na anwemfo ayɛ nkuruwa, mprɛte, nkwansɛn, akorade nkuku, ne nhwiren nkuku a ɛyɛ fɛ ama ɔmanfo.

Awofo nso yɛ mmoa kɛse ma ɔman denam wɔn mma a wɔtete wɔn ma wonya su pa no so. Bible no de yɛn mu biara toto dɔte ho, na Onyankopɔn de dwumadi a ɛho hia ahyɛ awofo nsa sɛ wɔnnwene wɔn mma “anwemmo.” (Hiob 33:6; Genesis 18:19) Te sɛ nea wɔnwene kuku a ɛyɛ fɛ no, abofra a wɔbɛtete no ma wabɛyɛ ɔpanyin a ogye asɛyɛde tom na ɔkari pɛ no yɛ nna fam koraa. Nsakrae a ɛte saa no mma ara kwa.

Tumi horow pii wɔ hɔ a ɛhyɛ yɛn mma koma so na ɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, saa tumi yi mu bi tumi di awu. Enti sɛ anka wɔbɛtow abofra koma asaworam no, ɔwofo a onim nyansa bɛkyerɛ ne ba “ɔkwan a ɔmfa so” a ɔwɔ ahotoso sɛ “sɛ onyin a, ɔremfi ho.”—Mmebusɛm 22:6.

Wɔ anigye bere tenten a ɛho hia a wɔde tete abofra mu no, ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo a wonim nyansa no gye bere de siw nkɛntɛnso bɔne a ebetumi asɛe wɔn ba koma no ano. Bere a wɔde boasetɔ ma abofra no “akwankyerɛ, na wɔteɛ ne so sɛnea ɛsɛ Kristoni” no, ɛbɛsɔ wɔn dɔ ahwɛ kɛse. (Efesofo 6:4, The New English Bible) Nokwarem no, sɛ awofo fi ase ntɛm a, wɔn adwuma no bɛyɛ mmerɛw.

Fi Ase Ntɛm

Anwemfo pɛ dɔte a emu yɛ mmerɛw sɛnea ɛsɛ a wobetumi de anwene kuku na bere koro no ara nso ebetumi ayɛ den bere a wɔanwene awie no. Bere a wɔawɔw dɔte no awie no, wɔpɛ sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ asram asia ntam. Saa ara na bere a eye sen biara a awofo betumi afi ase anwene wɔn ba koma ne bere a wobue wɔn komam tie asɛm yiye ne bere a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ saa no.

Mmofra ho animdefo ka sɛ, abofra bedi asram awotwe no, na wasua sɛnea ɔbɛhyɛ ne kurom kasa nnyigyei nsow dedaw, ɔne n’awofo anya abusuabɔ a emu yɛ den, rehu nyansa, na wafi ase rehu nneɛma a atwa ne ho ahyia no. Bere a eye a ɛsɛ sɛ wufi ase nwene ne koma ne bere a ɔda so sua no. Hwɛ mfaso a wo ba no benya, te sɛ Timoteo no, sɛ ‘wabehu nkyerɛwee kronkron no fi mmofrase’!—2 Timoteo 3:15. *

Mmofra fi awosu mu suasua wɔn awofo. Wɔ ɛnne nnyigyei, kasa, ne nipadua a wɔde kasa a wosuasua akyi no, wosua sɛnea wɔbɛda ɔdɔ, ayamye, ne ayamhyehye adi, sɛ wohu sɛ wɔn awofo reda su ahorow yi adi a. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Yehowa mmara tete yɛn mma a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn mmara da yɛn koma so. Komam anisɔ a ɛte sɛɛ bɛka awofo ma wɔaka Yehowa ne N’asɛm ho asɛm akyerɛ wɔn mma daa. Bible no tu fo sɛ: “Kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Francisco ne Rosa kyerɛ sɛnea wɔyɛ eyi wɔ wɔn mma nkumaa baanu fam. *

“Wɔ nkɔmmɔ a yɛne wɔn bɔ da biara akyi no, yɛbɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no yɛne wɔn mu biara bɛkasa simma 15 da biara. Sɛ yɛhyɛ ɔhaw bi nsow a, yegye bere pii—na ɛyɛ a yehyia ɔhaw nso. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi ara yɛn babarima a wadi mfe anum fi sukuu baa fie bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ onnye Yehowa nni. Ɛda adi sɛ, na ne yɔnko sukuuni bi adi ne ho fɛw aka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ.”

Saa awofo yi hui sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nya wɔn Bɔfo no mu gyidi. Wobetumi agyina nneɛma a Onyankopɔn abɔ a wɔn ani gye ho so ama wɔanya gyidi a ɛte saa no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmofra anigye sɛ wɔde wɔn nsa bɛka aboa bi, wɔbɛtetew nhwiren, anaasɛ wobedi agoru wɔ mpoano anhwea mu! Awofo betumi aboa wɔn ma wɔahu abusuabɔ a ɛda abɔde ne Ɔbɔadeɛ no ntam. (Dwom 100:3; 104:24, 25) Nidi ne obu a wonya ma Yehowa abɔde no betumi atra wɔn mu wɔn nkwa nna nyinaa. (Dwom 111:2, 10) Nea ɛka anisɔ a ɛte saa ho no, abofra no betumi anya ɔpɛ sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani na wasuro sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛnsɔ N’ani. Eyi bɛkanyan no ‘ma wakwati bɔne.’—Mmebusɛm 16:6.

Ɛmfa ho sɛ mmofra dodow no ara pɛ biribi ahu na wotumi sua ade ntɛm no, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ osetie. (Dwom 51:5) Ɛtɔ mmere bi a wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ anaasɛ wobenya biribiara a wɔpɛ. Ehia sɛ awofo de wɔn nan si fam, nya boasetɔ, ne nteɛso na amma saa su horow yi annye ntini wɔ wɔn mu. (Efesofo 6:4) Eyi te saa wɔ Phyllis ne Paul a wɔatumi atete mma baanum ama asi wɔn yiye no asɛm no mu.

Phyllis ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ na ɛsono mmofra no mu biara nipasu no, na wɔn mu biara pɛ sɛ ɔyɛ nea n’ankasa pɛ. Na ɛyɛ den, nanso nkakrankakra no wosuaa sɛnea wɔbɛte asɛmfua ‘dabi’ ase.” Ne kunu Paul kae sɛ: “Mpɛn pii no, sɛ na wɔanyin sɛ wɔbɛte ase a, na yɛma wohu nea enti a yesi gyinae ahorow no. Ɛmfa ho sɛ na yɛbɔ mmɔden da ayamye adi kyerɛ wɔn bere biara no, yɛkyerɛkyerɛɛ wɔn ma wɔkyerɛɛ obu maa tumi a Onyankopɔn de ama yɛn no.”

Bere a ebia abofra behyia ɔhaw ahorow bere a ɔrenyin no, awofo dodow no ara hu sɛ ɔhaw a emu yɛ den sen biara no ba bere a wadu ne mpanyin afe so a koma a ennyin nwiei no hyia sɔhwɛ ahorow foforo pii no.

Abofra a Wadu Mpanyin Afe so Komam a Wobedu

Ɛsɛ sɛ ɔnwemfo no nwene dɔte no ansa na awo. Sɛ onnya mfii ase a, obetumi de nsu agu dɔte no so na ama afɔw kakra na ayɛ mmerɛw. Saa ara na ɛsɛ sɛ awofo yere wɔn ho denneennen boa wɔn ba a wadu mpanyin afe so na amma ne koma anyɛ den. Nokwarem no, wɔn adwinnade titiriw ne Bible no, na ɛno na wobetumi de ‘ayi ntɛn, ateɛ abofra so, na wɔde asiesie no ama adwuma pa biara.’—2 Timoteo 3:15-17.

Nanso, ebia abofra a wadu mpanyin afe so rennye awofo afotu ntom ntɛm ara sɛnea ɔyɛe bere a na osua no. Ebia mmofra a wɔadu mpanyin afe so befi ase atie wɔn mfɛfo kɛse, enti ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobefi wɔn pɛ mu na wɔayɛ krado ne wɔn awofo abɔ nkɔmmɔ. Bere a awofo ne mmofra nya asɛyɛde ahorow foforo no, wobehia boasetɔ ne ahokokwaw pii. Ɛsɛ sɛ abofra a wadu mpanyin afe so gye tom sɛ honam fam ne nkate fam nsakrae ba saa bere yi. Ɛsɛ sɛ ofi ase sisi gyinae ahorow na ɔde botae ahorow a ebetumi aka n’asetra nna a aka no sisi n’ani so. (2 Timoteo 2:22) Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛsɛ sɛ ogyina nhyɛso bi a ebetumi anya nkɛntɛnso bɔne wɔ ne koma so—atipɛnfo nhyɛso—ano.

Nhyɛso a ɛte saa ntaa mma wɔ ɔkwan biako a wobetumi ahu no ntɛm so. Mmom no, ɛtaa yɛ nsɛm a wɔka anaa tebea horow a ebu abam a wohyia mpɛn pii. Wɔ pii fam no, baabi a wɔyɛ mmerɛw kɛse—osuro a emu yɛ den sɛ mmabun foforo bɛpo wɔn—no na wɔde ntua yi fa. Esiane sɛ ɔbabun no di apere wɔ adwene a ɔde si n’ankasa so ho na ɔpɛ sɛ wogye no tom nti, obefi ase agye “nneɛma a ɛwɔ wiase” a mmabun foforo hyɛ ho nkuran no atom.—1 Yohane 2:15-17; Romafo 12:2.

Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, esiane sɛ koma no nyɛ pɛ fi awosu mu nti, nsɛm a n’atipɛnfo ka no betumi anya ne so nkɛntɛnso. Afotusɛm te sɛ “Gye w’ani” na “Yɛ nea w’ankasa wopɛ” bɛyɛ te sɛ nea ɛhyɛ nkuran. María ka ne suahu sɛ: “Mitiee mfɛfo mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wogye di sɛ mmabun wɔ hokwan sɛ wogye wɔn ani sɛnea wɔpɛ, ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara. Esiane sɛ na mepɛ sɛ meyɛ nea na me nnamfonom sukuufo yɛ no bi nti, anka mereyɛ atɔ ɔhaw kɛse mu.” Sɛ́ ɔwofo no, wopɛ sɛ woboa wo ba a wadu mpanyin afe so no ma odi nhyɛso a ɛte saa so, nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ saa?

Fa wo nsɛm ne wo nneyɛe so ma no ahotoso ne awerɛhyem sɛ wudwen ne ho. Bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho, na bɔ mmɔden sɛ wobɛte ne haw ahorow a ebia ɛyɛ den sen ɔhaw ahorow a wuhyiae bere a na wokɔ sukuu no ase. Saa bere yi titiriw na ehia sɛ wo ba no bu wo sɛ obi a obetumi de ne ho ato wo so. (Mmebusɛm 20:5) Wonam ne nipadua a ɔde kasa anaa ne nneyɛe so betumi ahu ne haw anaa ahohia a ɔwɔ mu. Di n’ahiade a wuhu a ɔnka ho asɛm no ho dwuma, na ‘ka ne koma to ne yam.’—Kolosefo 2:2.

Nokwarem no, ɛho hia sɛ wugyina pintinn wɔ nea ɛteɛ ho. Awofo pii ahu sɛ bere ne bere mu no wohyia ntawntawdi wɔ wɔne wɔn mma apɛde ho, nanso sɛ wɔn gyinaesi no wɔ nnyinaso pa a, wontumi nnyae mu. Nanso, hwɛ hu sɛ wote tebea no ase yiye ansa na sɛ ɛho hia a woasi gyinae sɛ wode nteɛso a ɔdɔ wom bɛma ahu ɔkwan a wobɛfa so ayɛ no.—Mmebusɛm 18:13.

Ebetumi Afi Asafo no Mu Mpo

Sɛ kuku si hɔ a ɛbɛyɛ te sɛ nea adi mu awie, nanso sɛ wɔanto wɔ fononoo mu na sɛ wɔde nneɛma nsunsu a wɔyɛe sɛ wɔmfa ngu mu no gu mu a ebetumi asɛe no. Bible no de sɔhwɛ ahorow ne nsɛnnennen toto nkuku a wɔto wɔ fononoo mu no ho, efisɛ ɛma ɛda nnipa ko a yɛyɛ adi ankasa. Nokwarem no, ɛyɛ yɛn gyidi ho asɛm titiriw na Bible no reka, nanso aba a ɛwom no ho hia wɔ sɔhwɛ foforo mu nso. (Yakobo 1:2-4) Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, sɔhwɛ a emu yɛ den a mmabun hyia no bi betumi afi asafo no mu.

Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea wo ba a wadu mpanyin afe so no wɔ honhom fam ahoɔden no, nanso ebia na ne mu ankasa de ne koma yɛ no ntanta. (1 Ahene 18:21) Sɛ nhwɛso no, Megan hyiaa wiase adwene a na efi mmabun foforo a na wɔba Ahenni Asa so hɔ:

“Mmabun bi a na wobu Kristosom sɛ ɛyɛ mfonoe ne anigye ho akwanside no nyaa me so nkɛntɛnso. Wɔkaa nsɛm te sɛ: ‘Sɛ midi mfe 18 pɛ a, megyae nokware no,’ anaasɛ ‘Merepɛ ntɛm afi nokware no mu.’ Wɔtwee wɔn ho fii mmabun a wɔne wɔn anyɛ adwene no ho, na wɔfrɛɛ wɔn akronkronfo.”

Egye nipa biako anaa baanu pɛ a wɔwɔ suban bɔne na wɔakanyan wɔn a aka no. Ankorankoro a wɔwɔ kuw mu taa yɛ nea nnipa dodow no ara yɛ. Nkwaseasɛm ne akakabensɛm betumi ama wɔabu wɔn ani agu nyansa ne nea ɛteɛ so. Wɔ aman pii mu no, nsɛm a ɛyɛ awerɛhow a ɛfa Kristofo mmabun a wɔatɔ ɔhaw mu ho asisi esiane sɛ wodii nnipa dodow akyi nti.

Nokwarem no, mmofra a wɔadu mpanyin afe so hia fekubɔ a anigye wom kakra. Sɛ́ ɔwofo no, ɔkwan bɛn so na wubetumi de ama? Susuw wɔn anigyede ho yiye, na wo ne abusua no anaasɛ mmabun ne mpanyimfo binom mmom nyɛ nneɛma a anigye wom ho nhyehyɛe. Hu wo ba nnamfo. To nsa frɛ wɔn ma wommedidi, anaasɛ wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ anwummere bi. (Romafo 12:13) Hyɛ wo ba nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ nneɛma a ɛfata mu, te sɛ sanku a obesua bɔ anaa kasa foforo a obesua anaa adwini bi a obesua di. Mpɛn pii no, obetumi ayɛ eyi wɔ fie tebea a asiane nnim mu.

Sukuukɔ Betumi Ayɛ Ahobammɔ

Sukuu a abofra a wadu mpanyin afe so kɔ no nso betumi aboa no ma ɔde anigyede ahyɛ n’afa. Loli, a wayɛ sukuu kɛse bi sohwɛfo mfe 20 ni ka sɛ: “Mahu Adansefo mmabun pii a wɔakɔ sukuu awie. Ná pii abrabɔ yɛ nea ɛfata, nanso ebinom fam no na nsonsonoe biara nna wɔne sukuufo foforo a aka no ntam. Wɔn a wɔyɛɛ nhwɛso pa no yɛ wɔn a bere nyinaa na wɔn ani ku wɔn adesua ho no. Metu awofo fo denneennen sɛ wɔmma wɔn mma sukuu nkɔso nhia wɔn paa, wonhu wɔn akyerɛkyerɛfo, na wɔmma wɔn mma nhu sɛ sukuu mu mmɔdenbɔ ho hia. Ebinom bɛyɛ ade akyɛn so, nanso wɔn nyinaa betumi adu nea eye ho na wɔanya obu wɔ wɔn akyerɛkyerɛfo anim.”

Sukuu a ɛte sɛɛ a mmofra a wɔadu mpanyin afe so kɔ no nso betumi aboa wɔn ma wɔanya nkɔso wɔ honhom fam. Ebetumi ama wɔanya adesua ho su pa, sɛnea wɔbɛteɛ wɔn ho so, ne sɛnea wobegye asɛyɛde atom. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea wobetumi akenkan ade yiye na wɔate ase no bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔayɛ Onyankopɔn Asɛm asuafo ne akyerɛkyerɛfo pa. (Nehemia 8:8) Wɔn sukuu dwumadi ne honhom fam adesua ho ahwehwɛde horow bɛboa ma wɔde ahomegye ahyɛ n’afã.

Ɛhyɛ Wo ne Yehowa Anuonyam

Wɔ tete Hela no na ɔnwemfo no ne nea osiesie ho no nsa ano agyirae gu nhwiren nkuku pii ho. Sɛ yɛde toto ho a, wɔ abusua mu no, nnipa baanu na wɔtaa bom tete mmofra no. Agya ne ɛna no nyinaa na wɔbom tete abofra no koma, enti sɛnkyerɛnne kwan so no, mo baanu nyinaa “nsa ano agyirae” wɔ mo ba no ho. Te sɛ ɔnwemfo anaa nea osiesie ho a wonim adwuma yiye no, mubetumi anya anigye kɛse wɔ adwuma a moayɛ de atete ɔbabun a mfaso wɔ ne so na ɔwɔ anuonyam no mu.—Mmebusɛm 23;24, 25.

Sɛ adwuma a ɛsõ saa bɛyɛ yiye a, ebegyina sɛnea moatete mo ba koma no so kɛse. Yɛwɔ anidaso sɛ, mubetumi aka sɛ: “Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne komam, na ne nan nwatiriw.” (Dwom 37:31) Sɛnea abofra koma te ho hia dodo sɛ wɔbɛtow no asaworam.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Awofo binom kenkan Bible no kyerɛ wɔn ba a wɔawo no foforo. Saa nne a ahomeka wom ne osuahu a ɛyɛ anika yi betumi akanyan abofra no ma wanya anigye akenkan ade wɔ n’asetra nna a aka mu.

^ nky. 9 Wɔasesa din ahorow no bi.