Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahenni No A Wɔhwehwɛ No Kan—Ɛyɛ Asetra A Ahobammɔ Ne Anigye Wom

Ahenni No A Wɔhwehwɛ No Kan—Ɛyɛ Asetra A Ahobammɔ Ne Anigye Wom

Asetram Nsɛm

Ahenni No A Wɔhwehwɛ No Kan—Ɛyɛ Asetra A Ahobammɔ Ne Anigye Wom

SƐNEA JETHA SUNAL KA KYERƐE

Yedii anɔpa aduan wiei no, yɛtee amanneɛbɔ wɔ radio so sɛ: “Yehowa Adansefo nyɛ mmara kwan so ahyehyɛde, na wɔabara wɔn adwuma no.”

NA ƐYƐ 1950, na yɛn mmea baanan a yɛwɔ yɛn mfe 20 mu no resom sɛ Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo wɔ Dominican Republic. Yɛkɔɔ hɔ afe a na atwam no.

Ná asɛmpatrɛw adwuma nyɛ m’asetram botae bere nyinaa. Ɛwom, meyɛ abofra no na mekɔ asɔre. Me papa de, ogyaee asɔrekɔ wɔ Wiase Ko I no mu. Da a wohyiraa me sɛ Episcopal Asɔre no muni wɔ 1933 mu no, ɔsɔfo panyin no kanee asɛm biako pɛ na efii Bible mu, na afei ofii ase kaa amammuisɛm. Maame bo fuwii paa ma enti ogyaee asɔrekɔ.

Yɛn Asetra Kwan Sesae

M’awofo, William Karl ne Mary Adams woo mma baanum. Mmarima no ne Don, Joel, ne Karl. Na me nuabea Joy na ɔyɛ kumaa koraa, na me na meyɛ ɔpanyin. Da koro bi a mepɔn sukuu no, mihui sɛ Maame rekenkan nhomawa bi a Yehowa Adansefo atintim, ɛbɛyɛ sɛ na madi mfe 13. Na n’asɛmti ne, The Kingdom, the Hope of the World. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne nokware no.”

Maame kaa nneɛma a na ɔresua wɔ Bible mu no ho asɛm kyerɛɛ yɛn nyinaa. Ɔnam nsɛm a ɔkae ne nhwɛso so maa yɛtee nea enti a Yesu afotusɛm a ɛne: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan” no ho hia ase.—Mateo 6:33.

Ɛnyɛ bere nyinaa na na mepɛ sɛ mitie no. Bere bi mekae sɛ, “Maame, nka asɛm no nkyerɛ me bio, anyɛ saa merempopa nkyɛnsee no mu mma wo bio.” Nanso ɔyɛɛ anifere kɔɔ so ne yɛn kasae. Ná ɔde yɛn mmofra no nyinaa kɔ Bible adesua a na wɔyɛ wɔ Clara Ryan a na ɔte bɛn yɛn no fie a ɛwɔ Elmhurst, Illinnois, U.S.A. no daa.

Ná Clara kyerɛ sɛnea wɔbɔ adakabɛn nso. Sɛ́ n’adesuafo no yɛ nea wɔasua ho ɔyɛkyerɛ wɔ baguam afe biara a, ná ɔde hokwan no ka Onyankopɔn Ahenni ne owusɔre ho anidaso ho asɛm kyerɛ wɔn. Esiane sɛ na masua sanku bɔ fi bere a midii mfe ason nti na m’ani gye nnwom ho, nti mitiee nea Clara kae no.

Ankyɛ na yɛn mmofra no fii ase ne Maame kɔɔ asafo nhyiam ahorow wɔ Chicago atɔe fam. Sɛ wode bɔs ne keteke rekɔ a ɛyɛ kwantenten, nanso na ɛyɛ ntetee a yenya fii mfiase no fã wɔ nea Ahenni no a yɛbɛhwehwɛ kan no kyerɛ no mu. Wɔ 1938 mu, bere a Maame bɔɔ asu mfe abiɛsa akyi no, me ne no kɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam wɔ Chicago. Ná eyi yɛ nkuropɔn 50 a wɔnam radio telefon so tiee dwumadi no bere koro mu no mu biako. Nea metee wɔ hɔ no kaa me koma.

Nanso, nnwom ho anigye a na mewɔ nso nyaa me koma so nkɛntɛnso kɛse. Miwiee ntoaso sukuu wɔ 1938 mu no, na Paapa ayɛ nhyehyɛe ama me sɛ menkɔtoa m’adesua so wɔ Amerika Nnwom Ho Sukuu mu wɔ Chicago. Enti wɔ mfe abien a edi hɔ mu no, misuaa nnwom ho nimdeɛ, mebɔɔ sanku wɔ nnwontofo akuw abien mu, na misusuw ho sɛ mede ɛno bɛyɛ m’adwuma.

Ná me sanku kyerɛkyerɛfo Herbert Butler a ɔkyerɛ me sanku bɔ no atu afi Europa abɛtra United States. Enti memaa no Refugees nhomawa no bi, * a na mehwɛ kwan sɛ ebia ɔbɛkan. Ɔkanee, na dapɛn a edi hɔ a misuaa ade wiei no, ɔkae sɛ: “Jetha wunim sankubɔ, na sɛ wotoa w’adesua no so a wubetumi ne radio so nnwontofo kuw ayɛ adwuma anaasɛ wubetumi akyerɛ nnwom.” Ɔde ne nsa kaa nhomawa a na mede ama no no, na ɔde kaa ho sɛ: “Nanso, misusuw sɛ wo koma wɔ eyi mu. Adɛn nti na womfa eyi nyɛ w’adwuma wɔ asetram?”

Misusuw saa asɛm no ho anibere so. Sɛ anka mɛtoa m’adesua no so wɔ sukuu mu hɔ no, migyee nsa a Maame to frɛɛ me sɛ yɛnkɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam a wɔbɛyɛ no July 1940 wɔ Detroit, Michigan, no so. Yɛtraa ntamadan mu wɔ nsraban mu. Nokwarem no, mede me sanku no kɔe, na mebɔe wɔ nhyiam ase nnwontofo kuw no mu. Nanso wɔ nsraban no mu no, mihyiaa akwampaefo pii (bere nyinaa asɛmpakafo). Ná wɔn nyinaa ani agye yiye. Misii gyinae sɛ mɛbɔ asu na mede me ho ahyɛ akwampae adwuma no mu. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na menkɔ so nyɛ akwampae adwuma no me nkwa nna nyinaa.

Mifii akwampae adwuma ase wɔ me kurom. Akyiri yi mesomee wɔ Chicago. Mitu kɔɔ Kentucky wɔ 1943 mu. Saa ahohuru bere no, aka nna kakra bi na yɛayɛ ɔmantam nhyiam no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so abien no bi, faako a menya ntetee de akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Ná wobefi adesua no ase wɔ September 1943 mu.

Saa nhyiam a yɛyɛe wɔ ahohuru bere mu no, me ne Ɔdansefo bi a ɔde ne babea ntade biara a na mepɛ maa me na ɛtrae. Ná ne babea no de ne ho akɔhyɛ sraadi mu, na waka akyerɛ ne maame sɛ ɔmfa ne nneɛma nyinaa nkyɛ. Me fam no, na nneɛma yi yɛ Yesu bɔhyɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho” no mmamu. (Mateo 6:33) Asram anum wɔ Gilead no baa ntɛm, na bere a miwiei wɔ January 31, 1944 no, na mede anigye hwɛ kwan sɛ mefi asɛmpatrɛw adwuma no ase.

Wɔn Nso Pawee Bere Nyinaa Som Adwuma

Maame de ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu wɔ 1942 mu. Saa bere no, na me nuabarimanom baasa no ne me nuabea no da so kɔ sukuu. Sɛ wɔpɔn sukuu a na Maame taa hyia wɔn ne wɔn kɔyɛ asɛnka adwuma no. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa wɔ fie nnwuma mu nso. Mpɛn pii no, na ɔno ankasa nna ntɛm, efisɛ na ɔto nneɛma so yɛ adwuma foforo a ehia sɛ ɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ade kye a obetumi akɔ asɛnka.

Wɔ January 1943 mu, bere a na mereyɛ akwampae adwuma wɔ Kentucky no, me nuabarima Don nso fii akwampae adwuma ase. Eyi haw Paapa a na anka ɔpɛ sɛ ne mma nyinaa kosua ade wɔ kɔlege sɛnea na ɔne Maame anya mu kyɛfa no. Don yɛɛ akwampae adwuma no bɛyɛ mfe abien akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no muni, na ɔntoa ne bere nyinaa som adwuma no so wɔ hɔ.

Wɔ June 1943 mu, Joel fii akwampae adwuma ase bere a ɔte fie no. Saa bere no mu no ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Paapa akɔ ɔmantam nhyiam nanso anyɛ yiye. Nanso, bere a Joel bɔɔ mmɔden sɛ obefi Bible adesua ase wɔ mpɔtam hɔ na anyɛ yiye akyi no, Paapa penee so sɛ ɔne no nyɛ Bible adesua wɔ “The Truth Shall Make You Free” nhoma no mu. Ɔmaa nsɛmmisa no ho mmuae ntɛm so, nanso ɔhyɛɛ Joel sɛ ɔmma no Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛfa nea nhoma no ka no ho. Ɛno boaa Joel ma ɔno ankasa gyee Bible mu nokware ahorow no toom.

Ná Joel hwɛ kwan sɛ Ɔman Adwuma Nyiyim Boayikuw no a na wɔama Don kwan sɛ ɔnsom sɛ ɔsomfo no bɛyɛ saa ara ama no. Nanso bere a boayikuw no mufo huu sɛnea na Joel yɛ aberante fa no, wɔamma no kwan sɛ ɔnsom sɛ ɔsomfo na wɔkyerɛw no krataa sɛ ɔmmra sraadi. Bere a ɔyɛe sɛ ɔrenkɔ sraadi no, wɔsomae sɛ wɔnkɔkyere no. Bere a FBI kyeree no no, ɔdaa Cook Mantam afiase nnansa.

Paapa de yɛn fie dii agyinam ma wɔde yii no. Ɛno akyi no, ɔyɛɛ saa ara maa Adansefo mmerante foforo a wohyiaa tebea a ɛte saa no. Me papa bo fuwii wɔ atɛnkyea a na ɛwɔ asɛm no mu no, ma enti ɔne Joel kɔɔ Washington, D.C., kɔhwɛe sɛ wobetumi de asɛm no akɔdan asɛnnibea foforo anaa. Awiei koraa no, Joel nsa kaa krataa a ɛmaa wogyee no toom sɛ ɔsomfo, na asɛm no to twae. Me papa kyerɛw me krataa wɔ m’asɛmpatrɛw dwumadi mu sɛ, “Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nkonimdi yi ho anuonyamhyɛ ma Yehowa!” Eduu August 1946 awiei no, na wɔafrɛ Joel nso sɛ ɔmmɛsom sɛ adwumayɛbea ti no muni wɔ Brooklyn.

Karl de ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu mpɛn pii wɔ sukuu akwamma bere mu ansa na ɔrewie ntoaso sukuu wɔ 1947 mfiase, na ofii ase yɛɛ daa akwampae adwuma. Saa bere no na Paapa akwahosan rekɔ fam, enti Karl boaa no wɔ n’adwumam kakra ansa na ɔrefi fie akɔyɛ akwampae adwuma no wɔ baabi foforo. Wɔ 1947 awiei mu no, Karl kɔkaa Don ne Joel ho fii ase somee wɔ Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ sɛ Betel abusua no muni.

Bere a Joy wiee ntoaso sukuu no, ofii akwampae adwuma ase. Afei wɔ 1951 mu no, ɔkɔkaa ne nuabarimanom ho wɔ Betel. Ɔyɛɛ dan mu siesie adwuma, ne afei nso Adwumayɛbea a Wɔhwɛ Nsɛmma Nhoma Kra So. Wɔ 1955 mu no ɔwaree Roger Morgan, a ɔno nso yɛ Betel abusua no muni. Bɛyɛ mfe ason akyi no, esiane sɛ wɔn ankasa pɛe sɛ wonya wɔn abusua nti wofii Betel. Bere kɔɔ so no, wɔtetee mma baanu, a wɔn nso resom Yehowa.

Bere a mmofra no nyinaa wɔ bere nyinaa som adwuma mu no, Maame maa Paapa nkuranhyɛ a na ɛho hia, ma enti ɔno nso hyiraa ne nkwa so maa Yehowa na ɔbɔɔ asu wɔ 1952 mu. Ne mfe 15 a edi akyiri kosii ne wuda mu no, ɔfaa nyansakwan so de hwehwɛɛ akwan a obetumi afa so ne afoforo akyɛ Ahenni ho nokware no, ɛmfa ho mpo sɛ na ne yare no mma ontumi nyɛ pii no.

Maame gyaee akwampae adwuma no bere tiaa bi esiane Paapa yare nti, ɛno akyi no, ɔkɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma kosii sɛ owui. Wannya kar da; na wanka sakre nso. Ná ɔyɛ onipa tiatiaa, na ɔnantew kɔ baabiara, a mpɛn pii no, na ɔkɔ nkuraase a ɛwɔ akyirikyiri kɔyɛ Bible adesua ahorow.

Asɛmpatrɛw Dwumadi no Mu

Bere a yewiee Gilead Sukuu akyi no, yɛn mu binom yɛɛ akwampae adwuma no afe wɔ New York City atifi fam kosii sɛ yenyaa akwantu tumi nkrataa a ehia. Awiei koraa, wɔ 1945 mu no yefii hɔ kɔɔ yɛn dwumadi mu wɔ Cuba, baabi a yɛde nkakrankakra huu asetra kwan foforo no ani so. Wotiee yɛn asɛnka adwuma no, na ankyɛ na yɛn nyinaa fii ase yɛɛ Bible adesua pii. Yɛsomee wɔ hɔ mfe pii. Afei wɔmaa yɛn dwumadi foforo wɔ Dominican Republic. Da koro bi mihyiaa ɔbea bi a ɔhyɛɛ me sɛ menkɔsra Franseni bea bi a wɔfrɛ no Suzanne Enfroy a ɔyɛ adwuma ma no, a ɔpɛ obi aboa no ma wate Bible no ase.

Ná Suzanne yɛ Yudani, na na ne kunu ama ɔne wɔn mma baanu kɔ ɔman foforo so bere a Hitler tuu France so sa no. Suzanne kaa nea na ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo ntɛm ara. Odii kan ne ɔbea a ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔhwehwɛ no no kasae, afei ɔne n’adamfo Blanche a ofi France nso kasae. Wɔn baanu nyinaa nyaa nkɔso ma wɔfata maa asubɔ.

Suzanne bisaa me sɛ: “Dɛn na metumi ayɛ de aboa me mma?” Ná ne babarima resua aduruyɛ ho nimdeɛ, na ná ne babea resua asaw a na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛsaw wɔ Radio City Music Hall wɔ New York. Suzanne kraa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kɔmaa wɔn. Nea efii mu bae ne sɛ, Suzanne babarima, ne yere ne ne yere nuabea a ɔne no yɛ nta nyinaa bɛyɛɛ Adansefo. Suzanne kunu Louis bɔɔ hu wɔ anigye a na ne yere kyerɛ wɔ Yehowa Adansefo no ho no, efisɛ saa bere no na Dominican Republic aban no abara yɛn adwuma no. Nanso bere a abusua mũ no nyinaa tu kɔɔ United States akyi no, awiei koraa no ɔno nso bɛyɛɛ Ɔdansefo.

Wɔbaraa Yɛn Nanso Yɛkɔɔ so Somee

Ɛwom sɛ wɔde yɛn kɔɔ Dominican Republic wɔ 1949 mu no ankyɛ na wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no de, nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yebetie Onyankopɔn sɛ Sodifo mmom asen nnipa. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Yɛkɔɔ so hwehwɛɛ Onyankopɔn Ahenni kan denam ɛho asɛmpa a yɛkae, sɛnea Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ no so. (Mateo 24:14) Nanso, bere a yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no yesuaa sɛ yɛbɛyɛ ‘anifere sɛ awɔ, na yɛayɛ kronn sɛ mmorɔnoma.’ (Mateo 10:16) Sɛ nhwɛso no, me sanku no yɛɛ mmoa kɛse. Ná mede ka me ho kɔyɛ Bible adesua ahorow. M’adesuafo no ammɛyɛ asankubɔfo, nanso mmusua pii bɛyɛɛ Yehowa asomfo!

Wɔbaraa yɛn akyi no, woyii yɛn mmea baanan—Mary Aniol, Sophia Soviak, Edith Morgan, ne me—fii asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ San Francisco de Macorís no de yɛn kɔɔ foforo mu wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman no ahenkurow Santo Domingo mu no mu. Nanso na ɔsram biara mitu kwan kɔ yɛn kan dwumadi no mu kɔkyerɛ nnwom. Ɛno maa ɛyɛɛ yiye sɛ mede honhom fam aduan bɛhyɛ me sanku kotoku mu akɔma yɛn nuanom Kristofo no na mede wɔn asɛnka dwumadi kyerɛwtohɔ aba.

Bere a wɔde anuanom a wofi San Francisco de Macorís guu afiase wɔ Santiago esiane wɔn Kristofo gyinabea wɔ ɔfã biara a wonni ho nti no, wɔsomaa me sɛ memfa sika nkɔma wɔn, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a memfa Bible nka ho, na memfa amanneɛbɔ nsan mmrɛ wɔn abusuafo. Bere a awɛmfo no huu me wɔ Santiago afiase sɛ me sanku kotoku no hyɛ me mmɔtoam no, wobisaa sɛ: “Wode ɛno bɛyɛ dɛn?” Mibuae sɛ: “Mede begye wɔn ani.”

Nnwom a mebɔe no mu biako ne nea Ɔdansefo bi kyerɛwee bere a na ɔda Nazi nneduaban mu no. Mprempren saa dwom no na ɛto so 29 wɔ Yehowa Adansefo nnwom nhoma no mu. Mebɔe sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nuanom a wɔwɔ afiase no besua to.

Wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔayi Adansefo no pii kɔ ɔmampanyin Trujillo afuw bi mu. Wɔka kyerɛ me sɛ ɛbɛn kwan a bɔs fa so no. Enti misi fii bɔs no mu bɛyɛ awiabere na mibisaa kwan a ɛkɔ hɔ no. Sotɔɔ ketewaa bi wura de ne nsa kyerɛɛ me mmepɔw bi akyi, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mede me sanku no bedi agyinam a ɔde ne pɔnkɔ bɛma me na wama abarimaa bi akɔkyerɛ me hɔ.

Na ɛsɛ sɛ yetwa nsu wɔ mmepɔw no akyi, a yɛn baanu nyinaa te pɔnkɔ no so. Yehuu nkoo kuw bi a wɔn ntaban yɛ ahabammono ne bruu a ɛyɛ fɛ na ɛhyerɛn wɔ awia mu wɔ hɔ. Ná wɔn ho yɛ fɛ yiye! Mebɔɔ mpae sɛ: “Yehowa meda wo ase sɛ woyɛɛ wɔn fɛfɛɛfɛ saa.” Awiei koraa no, yeduu afuw mu hɔ awiabere nnɔnnan. Ɔsraani a ɔhwɛ hɔ no fii ayamye mu maa me ne anuanom no kasae, na ɔmaa me kwan ma mede nneɛma a mede kɔe no nyinaa maa wɔn, a Bible ketewaa bi mpo ka ho.

Meresan aba no, mebɔɔ mpae wɔ kwan so nyinaa efisɛ na ade asa. Yɛsan beduu sotɔɔ no ano no, na osu atɔ afɔw yɛn. Esiane sɛ na da no bɔs a etwa to kɔ dedaw nti, mesrɛɛ sotɔɔ wura no sɛ onnyina lɔre kɛse bi a ɛretwam mma me. So mansuro sɛ me ne mmarima baanu a wɔte lɔre kɛse yi mu bɛkɔ? Wɔn mu biako bisaa me sɛ: “Wunim Sophie? Ɔne me nuabea suaa ade.” Mihui sɛ eyi yɛ me mpaebɔ ho mmuae a efi Yehowa hɔ! Wɔde me koduu Santo Domingo dwoodwoo.

Wɔ 1953 mu no, na meka wɔn a wofi Dominican Republic a wɔkɔɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam wɔ Yankee Stadium, New York, no ho. M’abusua mũ nyinaa a na me papa ka ho bae. Bere a wɔde amanneɛbɔ a ɛfa sɛnea asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ Dominican Republic ho mae akyi no, me ne Mary Aniol a ɔyɛ me sɛmpatrɛwfo hokafo no nyaa kyɛfa ketewaa bi wɔ dwumadi no mu yɛɛ ɔyɛkyerɛ de kyerɛ sɛnea yɛyɛɛ yɛn asɛnka adwuma no bere a wɔbaraa yɛn no.

Anigye Soronko Wɔ Akwantu Adwuma Mu

Mihyiaa Rudolph Sunal, a ɔbɛyɛɛ me kunu afe a edi hɔ no wɔ saa ahohuru bere no mu. Ná n’abusuafo abɛyɛ Yehowa Adansefo wɔ Allegheny, Pennsylvania wɔ Wiase Ko I no akyi bere tiaa bi. Bere a ɔsomee wɔ afiase sɛ Kristoni a onni ɔfã biara wɔ Wiase Ko II mu wiei akyi no, ɔkɔsomee wɔ Betel wɔ Brooklyn, New York. Yɛwaree akyi bere tiaa bi no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔsra asafo ahorow sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Mfe 18 a edi hɔ no mekaa ne ho wɔ ɔmansin adwuma no mu.

Yɛn mansin adwuma no de yɛn kɔɔ Pennsylvania, West Virginia, New Hampshire, ne Massachusetts ne mmeae afoforo. Ná yɛtaa ne yɛn nuanom Kristofo tra wɔ wɔn fie. Hu a yebehuu wɔn yiye na yɛne wɔn boom som Yehowa no maa yenyaa anigye soronko. Ɔdɔ ne ahɔhoyɛ a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no yɛ nea na efi komam ankasa bere nyinaa. Bere a Joel waree Mary Aniol, me kan ɔsɛmpatrɛwfo hokafo akyi no, wɔde mfe abiɛsa yɛɛ akwantu adwuma no, srasraa asafo ahorow a ɛwɔ Pennsylvania ne Michigan. Ɛno akyi, wɔ 1958 mu no wɔtoo nsa frɛɛ Joel sɛ ɔnsan mmɛyɛ Betel abusua no muni bio, saa bere yi de na Mary ka ho.

Bere a Karl somee wɔ Betel bɛyɛ mfe ason no wɔmaa no de asram kakra kɔyɛɛ ɔmansin adwuma na ama no anya osuahu foforo. Ɛno akyi no ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Gilead Sukuu. Wɔ 1963 mu no ɔwaree Bobbie, a ɔde nokwaredi somee wɔ Betel kosii ne wu mu wɔ October 2002 mu no.

Wɔ mfe pii a Don de asom wɔ Betel no, watu kwan bere ne bere mu akɔ aman foforo so akɔsom wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea ne asɛmpatrɛw dwumadi mu no. Ne dwumadi ahorow no de no akɔ Apuei fam, Afrika, Europa, ne Amerika mmeae ahorow pii. Don yere nokwafo Dolores, taa ne no tu akwan no.

Yɛn Nsɛm Tebea Sesae

Bere a yare bɔɔ me papa bere tenten akyi no owui, nanso ansa na ɔrewu no ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ n’anigye pii sɛ yɛpawee sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn. Ɔkae sɛ yɛanya nhyira horow pii sen sɛ anka yɛbɛkɔ kɔlege a na anka ɔpɛ sɛ yɛkɔ kosua ade no. Bere a meboaa Maame ma otu kɔtraa baabi a ɛbɛn me nuabea Joy akyi no, me ne me kunu gye toom sɛ yɛbɛkɔ akɔyɛ akwampae adwuma wɔ New England sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abɛn ne maame a na ohia mmoa saa bere no. Bere a ne maame wui akyi no, me maame ne yɛn traa mfe 13. Afei, wɔ January 18, 1987, bere a na wadi mfe 93 no, owiee n’asase so som adwuma.

Mpɛn pii no, sɛ ná Maame nnamfo kamfo no sɛ watete ne mma nyinaa ma wɔabɛdɔ Yehowa na wɔsom no a, ná obua wɔ ahobrɛase mu sɛ: “Minyaa no yiye nyaa ‘asase’ pa yɛɛ mu adwuma kɛkɛ.” (Mateo 13:23) Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ nhyira sɛ yenyaa awofo a wosuro Onyankopɔn a wɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn wɔ nsiyɛ ne ahobrɛase mu!

Ahenni no Da So Ara Di Kan

Yɛakɔ so de Onyankopɔn Ahenni no adi kan wɔ yɛn asetram na yɛabɔ mmɔden nso de Yesu afotu a ɛfa afoforo a yɛne wɔn bɛkyɛ nea yɛwɔ ho no ayɛ adwuma. (Luka 6:38; 14:12-14) Yehowa nso, afi ayamye mu ama yɛn, yɛn ahiade. Yɛn asetra ayɛ nea asomdwoe ne anigye wom.

Me ne Rudy ani a egye nnwom ho no nsesae. Sɛ afoforo a wɔn nso wɔ anigye a ɛte saa no ba yɛn fie anwummere bi na yɛn nyinaa bom de yɛn nnwinnade bɔ nnwom a, ɛma yɛn ani gye. Nanso nnwonto nyɛ m’adwuma. Ɛyɛ ade foforo a ɛma asetra yɛ anigye. Seesei me ne me kunu ani gye aba a yɛn akwampae adwuma no asow ho, a ɛne nnipa a yɛaboa wɔn mfe a atwam no mu no.

Ɛmfa ho sɛ mprempren yare haw yɛn no, metumi aka sɛ bɛboro mfe 60 a yɛde ayɛ bere nyinaa som adwuma no, yɛn asetra ayɛ nea anigye ne asomdwoe pii wom. Sɛ mesɔre anɔpa biara a, meda Yehowa ase sɛ watie me mpaebɔ mfe bebree ni, fi bere a mehyɛɛ bere nyinaa som adwuma ase no, na midwen ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ahwehwɛ Ahenni no kan nnɛ?’

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso wɔagyae tintim.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yɛn abusua no wɔ 1948 mu (fi benkum kɔ nifa): Joy, Don, Maame, Joel, Karl, me, ne Paapa

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Maame yɛɛ nsi ho nhwɛso wɔ asɛnka adwuma no mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Karl, Don, Joel, Joy, ne me nnɛ, bɛboro mfe 50 akyi

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Fi benkum kɔ nifa: Me, Mary Aniol, Sophia Soviak, ne Edith Morgan, sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Dominican Republic

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Me ne Mary (benkum) wɔ Yankee Stadium, 1953

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne me kunu bere a na ɔwɔ ɔmansin adwuma no mu no