Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Nsɛm Tebea a Ɛsakra no Di Dwuma Nyansam

Fa Nsɛm Tebea a Ɛsakra no Di Dwuma Nyansam

Fa Nsɛm Tebea a Ɛsakra no Di Dwuma Nyansam

Kristofo mpanyimfo baanan, Pum, Jan, Dries, ne Otto, a wɔte Netherlands no nneɛma pii di nsɛ. Wɔn nyinaa yɛ awarefo a wɔwɔ mma. Afei nso, mfe bi a atwam no, na wɔn nyinaa de wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma na na wɔtete afie a ahotɔ wom mu. Nanso, wɔn nyinaa gyaee adwuma fii ase de wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa trɛw Ahenni adwuma no mu. Dɛn na ɛma wotumi yɛɛ nsakrae yi? Wɔn baanan nyinaa de nsakrae a ɛbaa wɔn nsɛm tebea mu no dii dwuma nyansam.

YƐN mu dodow no ara nsɛm tebea tumi sakra. Nsakrae ahorow pii te sɛ aware, abawo, anaa awofo a wɔn mfe akɔ anim a yɛhwɛ wɔn, de asɛyɛde foforo pii ba. Nanso, ebi ma yenya bere pii de trɛw yɛn Kristofo som adwuma mu. (Mateo 9:37, 38) Sɛ nhwɛso no, yɛn mma a wɔanyinyin betumi afi fie, anaasɛ yebetumi akɔ pɛnhyen wɔ adwuma mu.

Afei nso, bere a ɛyɛ nokware sɛ yɛn nsɛm tebea betumi asakra sɛ́ yɛpɛ anaasɛ yɛmpɛ no, Kristofo binom atumi ayɛ nhyehyɛe ahorow wɔ wɔn nsɛm tebea a ɛsakra no mu ama wɔanya hokwan ahorow de ayɛ ɔsom adwuma no pii. Saa pɛpɛɛpɛ na Pum, Jan, Dries, ne Otto yɛe. Ɔkwan bɛn so?

Bere a Yɛn Mma Fi Fie

Pum yɛɛ adwuma sɛ sika akontaabufo wɔ adwumakuw bi a wɔyɛ nnuru mu. Na ɔne ne yere Anny ne wɔn mmabea baanu no taa bom yɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi. Pum ne Anny yɛɛ ahomegye ho nhyehyɛe a wɔne afoforo a wɔreyɛ akwampae adwuma no nyaa mu kyɛfa nso. Wɔka sɛ: “Eyi bɔɔ yɛn ho ban fii ɔhaw ahorow a anka fekubɔ afoforo betumi de aba no ho.” Bere a wɔn mmabea baanu no wiee ntoaso sukuu no, wɔn awofo nhwɛso no kanyan wɔn ma wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo.

Bere a Pum ne Anny mma no fii fie no, wohui sɛ nsakrae yi ma wonyaa mmere foforo ne sika pii a wobetumi de atutu akwan akɔhwehwɛ mmeae a ɛhɔ yɛ anika anaasɛ wobetumi de adwudwo wɔn ho wɔ ɔkwan foforo so. Nanso, awarefo no sii gyinae mmom de nsakrae a aba wɔn tebea horow mu no trɛw wɔn Kristofo som adwuma mu. Enti Pum bisaa da koro ho kwan fii n’adwumawura hɔ dapɛn biara. Akyiri yi, Pum yɛɛ nhyehyɛe ahorow a ɛma otumi fii adwuma ase anɔpa nnɔn 7:00 na ɔpɔn awia nnɔn 2:00. Nokwarem no, nna kakraa bi a ɔde yɛɛ adwuma no hwehwɛe sɛ ɔde akatua ketewaa a na ogye no tra ase. Nanso, wotumi yɛɛ saa, na wɔ afe 1991 mu no, Pum kɔkaa ne yere ho wɔ daa akwampae adwuma no mu.

Afei, wɔka kyerɛɛ Pum sɛ ɔnkɔyɛ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa sohwɛfo boafo. Na ɛno hwehwɛ sɛ awarefo no tu fi wɔn fie, baabi a na wɔatra mfirihyia 30 no, kɔtra ɔdan bi mu wɔ Nhyiam Asa no ho. Wotu kɔe. So ɛyɛɛ wɔn den? Anny bua sɛ, bere biara a na n’ani begyina fie no, na obisa ne ho sɛ, ‘So mete sɛ Lot yere no anaa?’ ‘Wanhwɛ n’akyi.’—Genesis 19:26; Luka 17:32.

Pum ne Anny te nka sɛ gyinae a wosii no de nhyira pii abrɛ wɔn. Nea ɛka nneɛma foforo pii ho no, wɔn ani gye ɔsom adwuma a wɔyɛ wɔ Nhyiam Asa no so no ho, wosiesie hɔ ma amantam nhyiam ahorow, na wɔne amansin so ahwɛfo (ahwɛfo akwantufo) a wɔma kasa ahorow wɔ asa no so no di nkitaho. Bere ne bere mu no, wɔkɔ asafo ahorow mu nsrahwɛ bere a Pum kɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini no.

Dɛn na ɛmaa awarefo yi tumi trɛw wɔn som adwuma mu no? Pum ka sɛ: “Sɛ nsakrae kɛse ba w’asetra mu ntɛmntɛm a, ɛsɛ sɛ wusi wo bo de nsakrae ahorow foforo no di dwuma nyansam sɛnea wubetumi.”

Asetra a Akɛsesɛm Nnim a Wobɛhyehyɛ

Jan ne ne yere Woth, wɔ mma baasa. Te sɛ Pum ne n’abusua no, Jan de nsakrae a ɛbae wɔ ne nsɛm tebea mu no dii dwuma nyansam. Jan yɛɛ adwuma a akatua wom wɔ sikakorabea na ɔmaa n’abusua nyaa asetra a ahotɔ wom. Nanso, onyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɛsɛ sɛ ɔtrɛw ne som adwuma mu. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Anisɔ a mewɔ ma nokware no mu bɛyɛɛ den wɔ m’asetram, na mibenyaa ɔdɔ kɛse maa Yehowa.” Enti wɔ afe 1986 mu no, Jan yɛɛ nsakrae ahorow wɔ ne nsɛm tebea mu. Ɔka sɛ: “Mede nhyehyɛe foforo a wɔyɛe wɔ adwumam no dii dwuma, na mifii ase de nnɔnhwerew kakraa bi yɛɛ adwuma. Me mfɛfo adwumayɛfo a na me ho yɛ wɔn nwonwa no too me din Diwodo, efisɛ na meyɛ adwuma dinsdag [Benada], woensdag [Wukuda], ne donderdag [Yawda] nkutoo. M’akatua so tewee ɔha mu 40. Metɔn yɛn fie tɔɔ hyɛmma a ɔdan si so sɛnea yebetumi asom wɔ baabi a Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse wɔ hɔ no. Akyiri yi, mede hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ metumi akɔ pɛnhyen ntɛm no dii dwuma; m’akatua san kɔɔ fam ɔha mu 20 bio, nanso wɔ afe 1993 mu no, mitumi fii ase som sɛ daa kwampaefo.”

Ɛnnɛ, Jan yɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw muni, na wasom sɛ nhyiam sohwɛfo mpɛn pii. Ɛmfa ho sɛ Woth akwahosan nyɛ papa no, ɔyɛ akwampaefo boafo adwuma bere ne bere mu. Mprempren yɛn mma baasa no nyinaa awareware ne wɔn ahokafo resom sɛ Ahenni asomfo a wɔyɛ nsi.

Ɔkwan bɛn so na Jan ne Woth atumi ayɛ nsakrae atra asetra a ɛba fam mu? Jan bua sɛ: “Bere a na yɛwɔ sika pii no, yɛhwɛ hui sɛ yɛremma honam fam nneɛma nnye yɛn adwene pii. Nnansa yi etumi ba sɛ yɛtwɛn fa ahokyere mu kakra ansa na yɛn nsa atumi aka biribi, nanso honhom fam nhyira ne hokwan ahorow a yɛanya no bunkam ɛno so koraa.”

Te sɛ Jan ne Woth no, Dries ne ne yere, Jenny, nso sii gyinae maa wɔn asetra bɛyɛɛ nea akɛsesɛm nnim sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bere pii bɛyɛ Ahenni adwuma no. Dries ne Jenny somee sɛ akwampaefo kosii sɛ wɔbɛyɛɛ awofo. Afei, nea ɛbɛyɛ na wɔahwɛ wɔn abusua no, Dries kɔyɛɛ krakyedwuma wɔ adwuma kɛse bi mu. N’adwumawuranom ani sɔɔ n’adwumayɛ na wɔyɛe sɛ wɔbɛbɔ n’aba so. Nanso, Dries ampene amma wɔammɔ n’aba so efisɛ sɛ ɔpenee so a anka ɔrennya bere pii mfa nyɛ Kristofo som adwuma no.

Abusua a awarefo no hwɛe—ne Jenny maame a ɔyɛ ɔyarefo a wɔhwɛɛ no no—gyee wɔn bere ne wɔn ahoɔden pii. Nanso, wɔkɔɔ so nyaa akwampae honhom. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔyɛɛ eyi? Jenny kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛmaa akwampaefo bɛtraa yɛn nkyɛn, too nsa frɛɛ akwampaefo ma wobedidii, na yɛmaa amansin so ahwɛfo dabere.” Dries de ka ho sɛ: “Yɛmaa yɛn asetra yɛɛ nea akɛsesɛm nnim na yɛannede aka. Yesii gyinae sɛ yɛrenhyehyɛ nnwuma akɛse anaasɛ yɛrentɔ fie, sɛnea ɛbɛyɛ a saa nneɛma no mmɛyɛ yɛn so adesoa daakye.”

Mfaso baa gyinae a Dries ne Jenny sii sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya bere pii ama Ahenni nneɛma no so. Wɔn mmabarima baanu no nyinaa som sɛ mpanyimfo mprempren, na wɔn mu biako ne ne yere som sɛ akwampaefo. Dries ne Jenny somee sɛ akwampaefo titiriw, na akyiri yi Jenny ne Dries kɔyɛɛ ɔmansin adwuma. Mprempren wɔyɛ atuhoamafo wɔ Betel, a Dries som sɛ Baa Boayikuw muni wɔ hɔ.

Pɛnhyen a Wɔkɔ no Ntɛm

Te sɛ Dries ne Jenny no, Otto ne ne yere Judy, yɛɛ akwampae adwuma ansa na wɔrewo wɔn mmabea baanu no. Bere a Judy nyinsɛnee wɔn abakan no, Otto kɔyɛɛ adwuma sɛ sukuu kyerɛkyerɛfo.

Bere a na mmofra no renyin no, na Otto ne Judy taa gyigye akwampaefo ani wɔ wɔn fie sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mmabea no betumi ahu anigye a Kristofo a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ ɔsom adwuma no wɔ. Bere kɔɔ so no, wɔn babea panyin no de ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. Akyiri yi, ɔne ne kunu kɔɔ Gilead Sukuu, na wɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo mprempren wɔ Afrika man bi mu. Wɔn babea kumaa no fii ase yɛɛ akwampae adwuma no wɔ afe 1987 mu, na Judy nso yɛɛ bi.

Bere a nsɛm tebea sakrae maa Otto de nnɔnhwerew kakraa bi yɛɛ adwuma wɔ sukuu no, ɔde bere a aka no yɛɛ akwampae adwuma. Bere bi akyi no, ogyaee n’adwuma no koraa. Ɛnnɛ, bere a Otto wɔ akwantu adwuma no mu no, ɔde ne nimdeɛ a ɔwɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no hyɛ asafo ahorow den honhom fam.

Afotu bɛn na Otto wɔ ma wɔn a wɔkɔ pɛnhyen ntɛm wɔ adwumam no? “Sɛ wokɔ pɛnhyen a, nyɛ w’adwene sɛ wubedwudwo wo ho afe biako anaa nea ɛte saa. Ɛnyɛ den sɛ wo ho a ‘wubedwudwo’ no bɛka wo hɔ. W’ani bɛba wo ho so no, na wo werɛ afi akwampae adwuma a wobɛyɛ no. Mmom no, fi ase fa wo ho hyɛ ɔsom adwuma no mu pii ntɛm ara.”

Wo Suahu a Wode Bɛyɛ Adwuma

Nokwarem no, anuanom te sɛ Pum, Jan, Dries, ne Otto nni ahoɔden nnɛ sɛnea na wɔwɔ bere a na wɔyɛ mmerante no. Nanso wɔwɔ ahokokwaw, osuahu, ne nyansa pii. (Mmebusɛm 20:29) Wonim nea agya a obi bɛyɛ no kyerɛ, na wɔnam adwuma a wɔne wɔn yerenom ayɛ so ahu adwuma dodow a ɛnanom yɛ no ho biribi. Wɔne wɔn yerenom adi abusua mu nsɛnnennen ho dwuma, na wɔde teokrase botae ahorow asisi wɔn mma anim. Otto ka sɛ: “Sɛ mede afotu ma sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ abusua mu nsɛm ho a, ɛboa efisɛ m’ankasa atete mma pɛn.” Saa ara na mprempren Dries suahu sɛ agya no ama no ayɛ Betel abusua a adwumayɛfo a wɔwɔ hɔ no pii yɛ mmabun no muni a mfaso wɔ ne so paa.

Yiw, nimdeɛ a anuanom a wɔte saa wɔ no aboa ma wɔadi ahiade ahorow a ɛwɔ asafo ahorow mu ho dwuma. Sɛnea yɛbɛka no no, wɔn suahu no ama wɔn nnwinnade a wɔde di dwuma no ano ayɛ nnam, ma enti wɔde wɔn ahoɔden di dwuma ma ɛso ba mfaso pii. (Ɔsɛnkafo 10:10) Nokwarem no, wɔ bere bi mu no, wotumi yɛ nneɛma pii sen wɔn a wɔwɔ ahoɔden pii nanso wonni osuahu pii no.

Anuanom a wɔte saa no ne wɔn yerenom yɛ nhwɛso pa ma mmabun a wɔwɔ Yehowa nkurɔfo mu no. Mmabun hu sɛ awarefo a wɔte sɛ eyinom no ahyia nsɛnnennen anya nhyira pii a wɔka ho asɛm wɔ Kristofo nhoma ahorow mu. Ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ yehu mmarima ne mmea a wɔda honhom a ɛte sɛ Kaleb a na wadi mfirihyia pii de no bi adi bere a obisaa adwuma a na ɛyɛ den ho kwan no.—Yosua 14:10-12.

Munsuasua Wɔn Gyidi No

So wubetumi asuasua awarefo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ asɛm yi mu no gyidi ne wɔn nneyɛe no? Kae sɛ, wɔde nokware no bɔɔ wɔn bra. Wɔde akwampae honhom hyɛɛ wɔn mma mu. Sɛnea Jan ka no no, wɔyɛɛ saa “denam ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho nhwɛso a wɔyɛe, denam fekubɔ pa ho nhyehyɛe a wɔyɛe, ne kyerɛ a wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn mma sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn ho no so.” Wɔboom yɛɛ adwuma dii agoru sɛ abusua nso. Pum ka sɛ: “Wɔ akwamma bere mu no, na abusua mũ no nyinaa taa bom yɛ asɛnka adwuma no anɔpa, na na yɛbom dwudwo yɛn ho awia.”

Afei nso, saa Kristofo yi yɛɛ nhyehyɛe too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nsɛm tebea sakra a wɔde tebea foforo no bedi dwuma ntɛm ara. Wɔde botae ahorow sisii wɔn anim na wosisii gyinae ahorow a ɛma wotumi duu wɔn botae ahorow no ho ntɛm. Wɔhwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so a wɔrenyɛ honam fam adwuma pii, na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde akatua kakraa a wobenya no bɛhwɛ wɔn ho. (Filipifo 1:10) Ɔyerenom no gyinaa wɔn kununom no akyi pintinn. Na wɔn nyinaa wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛhyɛn ‘ɔpon kɛse a ɛkɔ adwumayɛ’ mu no mu, ma enti wɔanya Yehowa nhyira pii.—1 Korintofo 16:9; Mmebusɛm 10:22.

So wo nso wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu? Sɛ ɛte saa a, nsɛm tebea a ɛsakra no a wode bedi dwuma nyansam no betumi ayɛ ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Pum ne Anny rehwɛ Nhyiam Asa so

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Jan ne Woth reyɛ asɛnka adwuma

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Dries ne Jenny resom wɔ Betel

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Otto ne Judy resiesie wɔn ho akɔsom asafo a edi hɔ