Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Koma Nyinaa To Yehowa so

Fa Wo Koma Nyinaa To Yehowa so

Fa Wo Koma Nyinaa To Yehowa so

“Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so.”—DWOM 9:10.

1, 2. Dɛn ne nneɛma hunu a nnipa de wɔn ho ato so hwehwɛ ahobammɔ no bi?

ƐNNƐ, bere a nneɛma pii de yɛn yiyedi to asiane mu no, ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛhwehwɛ obi anaa biribi a ɛbɛma yɛanya ahobammɔ. Ebinom susuw sɛ sika pii a wobenya no bɛma wɔanya ahobammɔ daakye, nanso nokwasɛm no ne sɛ, sika nyɛ ade a obi betumi de ne ho ato so koraa. Bible ka sɛ: “Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase.” (Mmebusɛm 11:28) Afoforo de wɔn ho to nnipa akannifo so, nanso akannifo a woye sen biara mpo di mfomso. Na awiei koraa no, wɔn nyinaa wu. Bible ka no nyansam sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Saa nsɛm a efi honhom mu no nso bɔ yɛn kɔkɔ wɔ yɛn ankasa mmɔdenbɔ mu ahotoso a yebenya a obiara mmoa nka ho no ho. Yɛn nso yɛyɛ ‘nnipa mma.’

2 Odiyifo Yesaia nyaa Israel akannifo a na wɔwɔ ne bere so no ho mfomso efisɛ ‘wɔde atoro yɛɛ wɔn guankɔbea.’ (Yesaia 28:15-17) Esiane ahobammɔ a na wɔrepɛ nti, wɔne aman a ɛbemmɛn wɔn no yɛɛ amammui apam. Ná wontumi mfa wɔn ho nto apam a ɛtete saa—atoro apam—no so. Saa ara na nnɛ, nyamesom mu akannifo pii ne amammui akannifo anya abusuabɔ. Saa apam no nso bedi ‘huammɔ.’ (Adiyisɛm 17:16, 17) Ɛremma wonnya ahobammɔ a ɛtra hɔ daa.

Yosua ne Kaleb Nhwɛso Pa

3, 4. Ɔkwan bɛn so na amanneɛbɔ a Yosua ne Kaleb de bae no yɛ soronko wɔ akwansrafo du a wɔaka no de ho?

3 Ɛnde, ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛkɔhwehwɛ ahobammɔ? Beae koro no ara a Yosua ne Kaleb kɔhwehwɛɛ mmoa wɔ Mose bere so no. Wogyee Israel fii Misraim akyi bere tiaa bi no, na ɔman no ayɛ krado sɛ wɔbɛhyɛn Kanaan, Bɔhyɛ Asase, no so. Wɔsomaa mmarima dumien sɛ wɔnkɔhwɛ asase no, na nnafua 40 akyi no, wɔsan bae de amanneɛbɔ bae. Wɔn mu baanu pɛ, Yosua ne Kaleb, na wɔkaa asɛmpa faa kɔ a Israelfo betumi akɔfa Kanaan asase no ho. Wɔn a wɔaka no sii no pi sɛ asase no yɛ fɛ nanso wɔkae sɛ: “Aman a wɔtete asase no so no yɛ den, na nkurow no, wɔabɔ ho ban, ɛsosoe sɛ . . . Yɛrentumi nkɔforo nhyɛ ɔman no, efisɛ wɔyɛ den sen yɛn.”—Numeri 13:27, 28, 31.

4 Israelfo no tiee akwansrafo du no ma enti wɔbɔɔ hu araa ma wofii ase nwiinwii tiaa Mose. Awiei koraa no, Yosua ne Kaleb de nkate a emu yɛ den kae sɛ: “Asase a yetwaa mu kɔsrae no yɛ asase pa ara. Sɛ [Yehowa, NW] pɛ yɛn a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. [Yehowa, NW] ani so atua ara nko na monntew, na munnsuro asase no sofo no.” (Numeri 14:6-9) Nanso, Israelfo no antie, na ne saa nti, wɔamma wɔanhyɛn Bɔhyɛ Asase no so saa bere no.

5. Dɛn nti na Yosua ne Kaleb de amanneɛbɔ pa bae?

5 Dɛn nti na Yosua ne Kaleb de amanneɛbɔ pa bae na du a aka no amfa amanneɛbɔ pa amma? Nnipa 12 no nyinaa na wohui sɛ nkurow no ne aman no yɛ den. Na ɛteɛ sɛ du no kae sɛ Israel nyɛ den sɛ ebedi asase no so nkonim no. Ná Yosua ne Kaleb nso nim saa. Nanso, akwansrafo du no de honam fam adwene na esusuw nneɛma ho. Nanso Yosua ne Kaleb de wɔn ho too Yehowa so. Ná wɔahu nneɛma a tumi wom a ɔyɛe wɔ Misraim, Po Kɔkɔɔ no so, ne Bepɔw Sinai ase no. Mfe pii akyi no, eyi ho amanneɛbɔ kɛkɛ tumi kaa Rahab a na ɔwɔ Yeriko no ma ɔde ne nkwa too asiane mu maa Yehowa nkurɔfo! (Yosua 2:1-24; 6:22-25) Yosua ne Kaleb a wohuu Yehowa nnwuma no nyaa ahotoso koraa sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so ako ama ne nkurɔfo. Mfirihyia aduanan akyi no, wɔn ahotoso no yɛɛ nokware bere a Israel awo ntoatoaso foforo a wɔwɔ Yosua akanni ase tuu aperenten kɔɔ Kanaan kodii asase no so nkonim no.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛde Yɛn Ho To Yehowa So Koraa

6. Dɛn nti na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ nhyɛso ase, na hena mu na ɛsɛ sɛ wonya ahotoso?

6 Wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, yehyia atamfo a wɔyɛ den sen yɛn te sɛ Israelfo no ara. (2 Timoteo 3:1) Yehyia nhyɛso wɔ abrabɔ ne honhom fam, na ɛtɔ mmere bi a, yehyia nipaduam nhyɛso mpo. Yɛn ankasa ntumi nnyina saa nhyɛso no ano, efisɛ efi obi a ɔwɔ tumi sen nnipa, Satan Ɔbonsam, hɔ. (Efesofo 6:12; 1 Yohane 5:19) Ɛnde, ɛhe na yebetumi adan akɔ? Ɔbarima nokwafo bi a ɔtraa ase tete bere mu ka kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so.” (Dwom 9:10) Sɛ yenim Yehowa ampa na yɛte nea ne din no kyerɛ ase a, yebenya ne mu ahotoso ɔkwan biara so sɛnea Yosua ne Kaleb yɛe no.—Yohane 17:3.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na adebɔ ma yenya biribi a yebetumi agyina so anya Yehowa mu ahotoso? (b) Ntease bɛn na Bible no de ma a enti ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso?

7 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so? Ade biako nti a Yosua ne Kaleb de wɔn ho too Yehowa so ne sɛ wohuu ne tumi a ɔdaa no adi no. Saa ara na yɛn nso yɛahu. Sɛ nhwɛso no, susuw Yehowa adebɔ nnwuma, a amansan a nsoromma akuw ɔpepepem pii wom ka ho, no ho hwɛ. Adebɔ mu tumi kɛse a Yehowa wɔ no da no adi ankasa sɛ ɔno ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ. Bere a yesusuw sɛnea adebɔ yɛ nwonwa ho no, ɛsɛ sɛ yɛne Hiob a ɔkaa nea edi so yi faa Yehowa ho no yɛ adwene: “Hena na ɔbɛsan no? Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?” (Hiob 9:12) Nokwarem no, sɛ Yehowa wɔ yɛn afã a, ɛnsɛ sɛ yesuro obiara wɔ amansan yi nyinaa mu.—Romafo 8:31.

8 Susuw Yehowa Asɛm, Bible, no nso ho hwɛ. Nhoma a ɛkorɔn a Onyankopɔn nyansa ahyɛ no ma yi wɔ tumi a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi nneyɛe bɔne so na yɛama yɛn asetra ne Yehowa apɛde ahyia. (Hebrifo 4:12) Bible no na ɛma yehu Yehowa din ne nea ne din no kyerɛ. (Exodus 3:14) Yehu sɛ Yehowa betumi ayɛ biribiara a ɔka fa ne ho no—Agya a ɔwɔ dɔ, Ɔtemmufo a ɔteɛ, Ɔkofo nkonimdifo—na ama wadi n’atirimpɔw horow ho dwuma. Na yehu sɛnea n’asɛm bam bere nyinaa no. Bere a yesua Onyankopɔn Asɛm no, ɛka yɛn ma yɛne odwontofo no ka sɛ: “Mede me ho meto w’asɛm so.”—Dwom 119:42; Yesaia 40:8.

9. Ɔkwan bɛn so na agyede ne Yesu wusɔre no hyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu den?

9 Agyede no yɛ ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Mateo 20:28) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn somaa n’ankasa Ba ma obewui sɛ agyede maa yɛn! Na tumi wɔ agyede no mu ankasa. Ɛkata adesamma nyinaa a wonu wɔn ho na wɔde koma pa dan kɔ Yehowa nkyɛn no bɔne so. (Yohane 3:16; Hebrifo 6:10; 1 Yohane 4:16, 19) Ɔkwan biako a wɔfaa so tuaa agyede no ne Yesu wusɔre no. Saa anwonwade no, a nnipa ɔhaha pii dii ho adanse no, yɛ ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso. Ɛyɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛn anidaso renyɛ ɔkwa.—Asomafo no Nnwuma 17:31; Romafo 5:5; 1 Korintofo 15:3-8.

10. Ntease a ɛfa yɛn ankasa ho bɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso?

10 Eyi yɛ nneɛma a yebetumi agyina so, na ɛsɛ sɛ yegyina so, nya Yehowa mu ahotoso koraa no kakraa bi pɛ. Yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi agyina so, a emu bi fa yɛn ankasa ho. Sɛ nhwɛso no, bere ne bere mu no, yɛn nyinaa hyia nsɛm tebea a emu yɛ den wɔ yɛn asetram. Bere a yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ de di ho dwuma no, yehu sɛnea saa akwankyerɛ no di mu fa. (Yakobo 1:5-8) Mpɛn dodow a yɛde yɛn ho to Yehowa so da biara da wɔ asetram na yehu adepa a eyi de ba no, dodow no ara na ne mu ahotoso a yɛwɔ no yɛ kɛse.

Dawid De Ne Ho Too Yehowa So

11. Tebea horow bɛn mu na Dawid de ne ho too Yehowa so?

11 Dawid a ɔtraa ase wɔ tete Israel no yɛ obi a ɔde ne ho too Yehowa so. Ɔhene Saul a na ɔpɛ sɛ okum Dawid no de n’ani sii no so, na saa ara na Filistifo asraafo a wɔyɛ den a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi Israel so nkonim de wɔn ani sii no so. Nanso, Dawid nyaa ne ti didii mu dii nkonim mpo. Dɛn ntia? Dawid ankasa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hann ne me nkwagye, ɛhena na minsuro no? [Yehowa, NW] ne me nkwagye ahoɔden, ɛhena anim na me ho mpopo?” (Dwom 27:1) Sɛ yɛn nso yɛde yɛn ho to Yehowa so a, yebedi nkonim saa ara.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Dawid kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso, sɛ mpo atamfo de wɔn tɛkrɛma di dwuma sɛ akode tia yɛn a?

12 Bere bi, Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, tie me nne, me nkɔmmɔdi mu, bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfo ammeyi me hu. Fa me hintaw fi nnipa bɔne kokoam agyinatu ho, fi amumɔyɛfo gyegyeegye ho. Wɔn na wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa, wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fõ, sɛ wɔbɛtow abɔ nea ɔyɛ pɛ no kokoam.” (Dwom 64:1-4) Yennim dekode pɔtee a ɛkaa Dawid ma ɔkyerɛw saa nsɛm yi. Nanso yenim sɛ ɛnnɛ, atamfo ‘sew wɔn tɛkrɛma’ saa ara, na wɔde nsɛm di dwuma sɛ akode. ‘Wɔtow ta’ bɔ Kristofo a wɔn ho nni asɛm na wɔde anosɛm anaa nsɛm a wɔakyerɛw di dwuma sɛ “ta” de tõtõ wɔn ano. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛanhinhim a, dɛn na ebefi mu aba?

13 Dawid toa so sɛ: “Onyankopɔn bɛtow bɛmma abɔ wɔn, wobepira mpofirim, na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkrɛma so asɛm abua wɔn atifi . . . Ɔtreneeni ani begye [Yehowa, NW] ho, na waguan atoa no.” (Dwom 64:7-10) Yiw, ɛwom sɛ atamfo sew wɔn tɛkrɛma tia yɛn de, nanso awiei koraa no, ‘wɔn tɛkrɛma so asɛm bebua wɔn atifi.’ Awiei koraa no, Yehowa dan nsɛm ani ma ɛyɛ papa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonya ne mu ahotoso no betumi adi ne mu ahurusi.

Hesekia Nya N’ahotoso so Mfaso

14. (a) Tebea a emu yɛ den bɛn mu na Hesekia nyaa Yehowa mu ahotoso? (b) Ɔkwan bɛn so na Hesekia kyerɛe sɛ wantie atosɛm a Asiriani no kae no?

14 Ɔhene Hesekia yɛ onipa foforo a onyaa n’ahotoso wɔ Yehowa mu no so mfaso. Wɔ Hesekia nniso mu no, Asiria asraafo a wɔyɛ den no hunahunaa Yerusalem. Ná saa asraafo no adi aman foforo pii so nkonim. Ná wɔadi Yuda nkurow so ma aka Yerusalem nkutoo, na Sanaherib hoahoaa ne ho sɛ obedi saa kurow no so nso. Ɔnam Rabsake so daa no adi—a na ɛfata—sɛ Misraim so a ɔde ne ho bɛto ahwehwɛ mmoa no renkosi hwee. Na afei ɔsan kae sɛ: “Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to no so no nnnyigye wo sɛ: wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.” (Yesaia 37:10) Nanso, na Hesekia nim sɛ Yehowa renni no huammɔ. Enti, ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi [Asiriani no] nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wone [Yehowa, NW], wo nkutoo korɛ.” (Yesaia 37:20) Yehowa tiee Hesekia mpaebɔ. Wɔ anadwo biako pɛ mu no, ɔbɔfo biako kunkum Asiria asraafo 185,000. Wɔansɛe Yerusalem, na Sanaherib fii Yuda asase so. Wɔn a wɔtee saa asɛm yi nyinaa huu Yehowa kɛseyɛ.

15. Ade biako bɛn nkutoo na ɛbɛboa asiesie yɛn ama tebea dennen biara a ebia yebehyia wɔ wiase a basabasayɛ wom yi mu?

15 Ɛnnɛ, te sɛ Hesekia no, yɛwɔ tebea bi a ɛte sɛ akodi mu. Wɔ yɛn fam no, ɔko no yɛ honhom fam de. Nanso, sɛ́ honhom fam akofo no, ehia sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so adi nkonim. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ntua, na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi wɔn so nkonim. (Efesofo 6:11, 12, 17) Wɔ wiase a basabasayɛ wom yi mu no, tebea horow betumi asakra mpofirim. Ɔmanko betumi asɔre mpofirim. Aman a wɔwɔ nyamesom ho koma no betumi abɛyɛ ɔman a wonni nyamesom ho koma bio. Te sɛ Hesekia no, gye sɛ yesiesie yɛn ho denam Yehowa mu ahotoso a enhinhim a yebenya nkutoo so ansa na yɛayɛ krado ama biribiara a ɛbɛba.

Dɛn na Yehowa Mu Ahotoso a Yebenya no Kyerɛ?

16, 17. Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso?

16 Yehowa mu ahotoso a yebenya no nyɛ anosɛm ara kwa. Ɛyɛ biribi a efi komam na ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi de da no adi. Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, yɛde yɛn ho bɛto N’asɛm, Bible, so koraa. Yɛbɛkenkan no daa, adwennwen ho, na yɛama akyerɛ yɛn kwan wɔ asetram. (Dwom 119:105) Yehowa mu ahotoso a yebenya nso hwehwɛ sɛ yebenya tumi a honhom kronkron no wɔ mu ahotoso. Ɛdenam honhom kronkron no mmoa so no, yebetumi asow aba a ɛsɔ Yehowa ani, na yebetumi adi subammɔne biara a agye ntini so. (1 Korintofo 6:11; Galatifo 5:22-24) Enti, ɛdenam honhom kronkron no mmoa so no, nnipa pii atumi agyae tawa ne nnubɔnenom. Afoforo agyae ahohwibra. Yiw, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, yɛyɛ ade wɔ n’ahoɔden mu, na ɛnyɛ yɛn ahoɔden mu.—Efesofo 3:14-18.

17 Bio nso, Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ sɛ yebenya wɔn a ɔwɔ wɔn mu ahotoso no mu ahotoso. Sɛ nhwɛso no, Yehowa ayɛ nhyehyɛe ama “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔnhwɛ Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so no so. (Mateo 24:45-47) Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛtew yɛn ho ayɛ ade, na yemmu yɛn ani ngu wɔn a wɔapaw wɔn no so, efisɛ yɛwɔ Yehowa nhyehyɛe mu ahotoso. Bio nso, mpanyimfo som wɔ Kristofo asafo ahorow mu, na sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, honhom kronkron na ɛpaw wɔn. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Sɛ yedi mpanyimfo nhyehyɛe wɔ asafo mu no akyi a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso.—Hebrifo 13:17.

Di Paulo Nhwɛso Akyi

18. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ di Paulo nhwɛso akyi, nanso dɛn mu na wɔmfa wɔn werɛ nhyɛ?

18 Ɔsomafo Paulo hyiaa amanehunu pii wɔ ne som adwuma mu, sɛnea yɛn nso yehyia no. Wɔ ne bere so no, wɔkekaa Kristosom ho nsɛmmɔne kyerɛɛ atumfoɔ no, na ɛtɔ mmere bi a, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛteɛteɛ saa atosɛm no anaasɛ ɔbɛma wɔagye asɛnka adwuma no atom wɔ mmara mu. (Asomafo no Nnwuma 28:19-22; Filipifo 1:7) Kristofo di ne nhwɛso akyi nnɛ. Baabiara a ɛbɛyɛ yiye no, yɛde hokwan biara a yenya no boa afoforo ma wohu sɛnea yɛn adwuma no te. Na yɛyɛ adwuma de bɔ asɛmpa no ho ban de si hɔ mmara kwan so. Nanso, ɛnyɛ mmɔdenbɔ a ɛte saa mu na yɛde yɛn werɛ nyinaa hyɛ, efisɛ yemmu nkonim anaa nkogu a yebedi no sɛ egyina nkonim a yebedi wɔ asɛnnibea anaa nsɛm pa a wɔbɛka afa yɛn ho so. Mmom no, yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. Yɛkae Yehowa nkuranhyɛ a ɔde maa tete Israel no: “Kommyɛ ne anidaso mu na mo mmaninyɛ bɛtra.”—Yesaia 30:15.

19. Sɛ anuanom hyia ɔtaa a, ɔkwan bɛn so na Yehowa mu ahotoso a wɔda no adi no so ba mfaso?

19 Wɔ yɛn nnɛyi abakɔsɛm mu no, mmere bi wɔ hɔ a wɔabara yɛn adwuma no anaasɛ wɔde nsa ato so wɔ Europa Apuei ne Atɔe fam, Asia ne Afrika afã bi, ne Amerika Kusuu ne Kesee fam aman bi mu. So eyi kyerɛ sɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ayɛ ɔkwa? Dabi. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, Yehowa ma kwan ma ɔtaa a emu yɛ den ba yɛn so esiane n’ankasa atirimpɔw pa bi nti de, nanso ofi ɔdɔ mu ahyɛ wɔn a wɔafa ɔtaa a ɛte saa mu no den. Wɔ ɔtaa a ɛte saa mu no, Kristofo pii anya kyerɛwtohɔ pa sɛ nnipa a wɔdaa Onyankopɔn mu gyidi ne ahotoso adi.

20. Bere a yebetumi anya mmara mu ahofadi no, nneɛma bɛn mu na yɛrennyae yɛn mudi mu nsiesie?

20 Nanso, wɔ nsase pii so no, wɔagye yɛn atom wɔ mmara mu, na ɛtɔ mmere bi a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka yɛn ho nsɛm pa. Yɛkyerɛ eyi ho anisɔ na yenim sɛ eyi nso di Yehowa atirimpɔw ho dwuma. Ɛdenam ne nhyira so no, yɛmfa ahofadi kɛse a yɛanya no nyɛ nea yɛn ankasa pɛ, na mmom sɛ yɛde bɛsom Yehowa wɔ baguam akosi ase. Nanso, nea ɛbɛyɛ na atumfo no anya obu kɛse ama yɛn nti, yɛrennyae ɔfã biara a yenni no mu asiesie da, yɛremmrɛ yɛn asɛnka adwuma no ase, anaasɛ ɔkwan foforo so no, yɛrentoto ɔsom a yɛde ma Yehowa no ase da. Yɛyɛ Mesia Ahenni no nkoa, na yegyina Yehowa tumidi no afã pintinn. Yɛn anidaso nni nneɛma nhyehyɛe yi mu, na mmom, wiase foforo no mu, baabi a Mesia ɔsoro Ahenni no nkutoo na ebedi asase so no. Atopae, aprɛm, anaa nuklea ntua biara ntumi nwosow saa nniso no anaa ɛrentew no mfi soro mmɛhwe fam. Ɛyɛ Ahenni a obiara ntumi nni so nkonim, na ebedi Yehowa atirimpɔw ho dwuma.—Daniel 2:44; Hebrifo 12:28; Adiyisɛm 6:2.

21. Ɔkwan bɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yebedi akyi?

21 Paulo ka sɛ: “Yɛn de yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.” (Hebrifo10:39) Ɛnde, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛsom Yehowa akosi awiei. Yɛwɔ ntease pii a enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa nnɛ ne daa nyinaa.—Dwom 37:3; 125:1.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na Yosua ne Kaleb de amanneɛbɔ pa bae?

• Ntease horow bi bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa?

• Dɛn na Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ?

• Bere a yɛde yɛn ho to Yehowa so no, gyinabea bɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛpaw?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dɛn nti na Yosua ne Kaleb de amanneɛbɔ pa bae?

[Asɛm Fibea]

Ahoni abiɛsa no nyinaa: Courtesy of Anglo-Australian Observatory, photograph by David Malin

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Adebɔ ma yenya ntease a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa mu ahotoso a yebenya no kyerɛ sɛ yebenya wɔn a ɔwɔ wɔn mu ahotoso no mu ahotoso