Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monyɛ Den Na Monyɛ Nnam!”

“Monyɛ Den Na Monyɛ Nnam!”

“Monyɛ Den Na Monyɛ Nnam!”

‘Monhyɛ den! Me na madi wiase so nkonim.’—YOHANE 16:33.

1. Esiane nea na ɛretwɛn Israelfo no wɔ Kanaan nti, nkuranhyɛsɛm bɛn na wɔde maa wɔn?

BERE a aka kakra ma Israelfo no atwa Yordan Asubɔnten no akɔ Bɔhyɛ Asase so no, Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ den na monyɛ nnam, munnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam.” Afei Mose frɛɛ Yosua a na obedi Israelfo anim akɔ Kanaan no tĩĩ afotu no mu kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ den. (Deuteronomium 31:6, 7) Akyiri yi, Yehowa ankasa hyɛɛ Yosua nkuran sɛ: “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam . . . Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa.” (Yosua 1:6, 7, 9) Ná saa nsɛm no yɛ ne bere mu de. Ná Israelfo no behia akokoduru na wɔne atamfo a wɔyɛ den a na wɔwɔ Yordan agya no adi asi.

2. Tebea bɛn na yɛwom nnɛ, na dɛn na yehia?

2 Ɛnnɛ, nokware Kristofo betwa akɔ wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu nnansa yi ara, na te sɛ Yosua no, ehia sɛ wonya akokoduru. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 7:14) Nanso, yɛn tebea no yɛ soronko wɔ Yosua de no ho. Yosua de afoa ne mpeaw na edii ako. Yɛn de, honhom fam ako na yedi, na ɛnyɛ honam fam akode na yɛde ko. (Yesaia 2:2-4; Efesofo 6:11-17) Bio nso, na ɛsɛ sɛ Yosua di ako pii a ɛyɛ hu bere a wɔhyɛn Bɔhyɛ Asase so no mpo. Nanso yɛn de, yehyia yɛn akodi a ɛyɛ hu sen biara no mprempren—ansa na yɛahyɛn wiase foforo no mu. Momma yensusuw tebea horow bi a ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ den no ho nhwɛ.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Ako?

3. Dɛn na Bible no da no adi wɔ yɛn sɔretiafo kɛse no ho?

3 Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Saa nsɛm no kyerɛ ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ Kristofo di ako de kura wɔn gyidi mu. Sɛ Kristoni kura ne mudi mu a, ɛyɛ nkogudi ma Satan Ɔbonsam ɔkwan bi so. Enti, Satan nam sɛ “gyata a ɔbobom” rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Kristofo anokwafo abɔ hu na wakyere wɔn amene. (1 Petro 5:8) Nokwarem no, ɔko tia Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no. (Adiyisɛm 12:17) Wɔ saa akodi yi mu no, ɔde nnipa bi di dwuma de du ne botae horow ho, sɛ́ wonim anaasɛ wonnim no. Egye akokoduru na yɛatumi agyina pintinn ako atia Satan ne n’adwumayɛfo nyinaa.

4. Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae, nanso su bɛn na nokware Kristofo ada no adi?

4 Esiane sɛ na Yesu nim sɛ Satan ne n’adwumayɛfo bɛsɔre atia asɛmpa no denneennen nti, Ɔbɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:9) Saa nsɛm no baa mu wɔ afeha a edi kan no mu, na abam nnɛ nso. Nokwarem no, ɔtaa a Yehowa nnɛyi Adansefo binom ahyia no mu yɛ den te sɛ nea akɔ so wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no ara. Nanso, nokware Kristofo da akokoduru adi wɔ nhyɛso a ɛte saa mu. Wonim sɛ “onipa ho suro sum afiri,” na wɔmpɛ sɛ afiri bi beyi wɔn.—Mmebusɛm 29:25.

5, 6. (a) Tebea horow bɛn mu na ɛhwehwɛ sɛ yɛda akokoduru adi? (b) Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo yɛ wɔn ade bere a wɔsɔ wɔn akokoduru hwɛ no?

5 Sɛ ɔtaa da nkyɛn a, nsɛnnennen afoforo wɔ hɔ a ɛhwehwɛ sɛ yɛda akokoduru adi. Wɔ ebinom fam no, afoforo a wonnim wɔn a wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn no yɛ asɛnnennen. Wɔsɔ sukuu mmofra binom akokoduru hwɛ bere a wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnka pledge (ɔman ntam) anaa wonkyia frankaa mfa nkyerɛ sɛ wɔtaa ɔman no akyi no. Esiane sɛ ɔsom ho nsɛm na ɛwɔ pledge a ɛte saa mu nti, Kristofo mmofra de akokoduru ayɛ ade wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so, na nneyɛe pa a ɛte saa no ma akomatɔyam.

6 Afei nso yehia akokoduru bere a asɔretiafo bɔ mmɔden daadaa nsɛm ho amanneɛbɔfo ma wɔka nsɛm a ɛmfata fa Onyankopɔn asomfo ho anaa bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbara nokware som denam ‘mmara so a wɔnam bɔ musu’ so no. (Dwom 94:20) Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn bere a yɛte sɛ atesɛm krataa, radio, anaa television so amanneɛbɔ bi ka asɛm bi a wɔagugu mu anaasɛ ɛnyɛ nokware koraa fa Yehowa Adansefo ho no? So ɛsɛ sɛ yɛn ho dwiriw yɛn? Dabi. Yɛhwɛ nneɛma a ɛte saa kwan. (Dwom 109:2) Na ɛnyɛ yɛn nwonwa bere a ebinom gye atosɛm anaa nsɛm a wɔagugu mu a wotintim no di no, efisɛ “atetekwaa gye nsɛm nyinaa di.” (Mmebusɛm 14:15) Nanso, Kristofo anokwafo nnye asɛm biara a nkurɔfo ka fa wɔn nuanom ho no nni kɛkɛ, na saa ara na wɔmma nsɛm a enye a wɔte no mma wɔntoto Kristofo nhyiam ahorow mu, mmrɛ wɔn asɛnka adwuma no ase, na ɛmma wɔn gyidi nhinhim. Nea ɛne no bɔ abira no, ‘woyi wɔn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ anuonyam ne ahohora, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifo [sɛnea wɔn asɔretiafo kyerɛ no], nanso wɔyɛ anokwafo.’—2 Korintofo 6:4, 8.

7. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa de ahwehwɛ yɛn ho mu?

7 Bere a Paulo rekyerɛw Timoteo no, ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden de. Enti mma w’ani nnwu Awurade adansedi no ho.’ (2 Timoteo 1:7, 8; Marko 8:38) Bere a yɛakenkan saa nsɛm no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So m’ani wu me gyidi ho, anaasɛ mewɔ akokoduru? Sɛ mewɔ adwumam (anaa sukuu mu) a, so mema afoforo hu sɛ meyɛ Yehowa Dansefo, anaasɛ mebɔ mmɔden sɛ mede nsɛm besie? So ɛyɛ me aniwu sɛ meyɛ soronko wɔ afoforo ho, anaasɛ ɛyɛ me ahohoahoa sɛ meda nsow esiane abusuabɔ a me ne Yehowa wɔ nti?’ Sɛ obi wɔ adwene a ɛmfata wɔ asɛmpa no a ɔbɛka ho anaasɛ ɔrenya gyidi bi a ɛmfata a, ɔnkae Yehowa afotu a ɔde maa Yosua no: “Yɛ den na yɛ nnam.” Mma wo werɛ mmfi da sɛ ɛnyɛ nea yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa mfɛfo sukuufo ka no na ehia, na mmom, nea Yehowa ne Yesu Kristo ka no.—Galatifo 1:10.

Sɛnea Yebenya Akokoduru

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ tete Kristofo no akokoduru hwɛe bere bi? (b) Ɔkwan bɛn so na Petro ne Yohane yɛɛ wɔn ade wɔ ahunahuna ho, na osuahu bɛn na na wɔne wɔn nuanom anya?

8 Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akokoduru a ɛbɛboa ma yɛakura yɛn mudi mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu? Wiɛ, ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no fa nyaa akokoduru? Susuw nea esii bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo foforo a wɔwɔ Yerusalem ka kyerɛɛ Petro ne Yohane sɛ wɔnnkasa wɔ Yesu din mu no ho hwɛ. Asuafo no antie wɔn, na wohunahunaa wɔn na afei wogyaee wɔn. Ɛno akyi no, wɔkɔkaa wɔn nuanom ho maa wɔn nyinaa bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.” (Asomafo no Nnwuma 4:13-29) Yehowa nso tiee wɔn, na ɔde ne honhom kronkron no hyɛɛ wɔn den, na sɛnea Yuda akannifo no dii ho adanse akyiri yi no, wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ hyɛɛ “Yerusalem ma.”—Asomafo no Nnwuma 5:28.

9 Ma yɛmpɛɛpɛɛ nea esii saa bere no mu nhwɛ. Bere a Yuda akannifo no hunahunaa asuafo no, wɔannwen ho sɛ wobegyae nneɛma mu asiesie wɔ nhyɛso no ase. Mmom no, asuafo no bɔɔ mpae srɛɛ akokoduru a wɔde bɛkɔ so aka asɛm no. Afei, wɔyɛɛ ade ma ɛne wɔn mpaebɔ no hyiae, na Yehowa de ne honhom hyɛɛ wɔn den. Wɔn suahu no da no adi sɛ nea Paulo kyerɛwee mfe bi akyi wɔ asɛm foforo mu no fa Kristofo ho bere a wɔtaa wɔn no. Paulo kae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:13.

10. Ɔkwan bɛn so na Yeremia suahu no boa wɔn a wofi awosu mu yɛ ahufo no?

10 Na sɛ obi fi awosu mu yɛ ohufo nso ɛ? So ehu no nyinaa akyi no, obetumi de akokoduru asom Yehowa wɔ ɔsɔretia mu? Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte! Kae nea Yeremia yɛe bere a Yehowa paw no sɛ odiyifo no. Aberantewaa no kae sɛ: “Meyɛ abofra.” Ɛda adi pefee sɛ ɔtee nka sɛ ɔmfata. Nanso, Yehowa de nsɛm yi hyɛɛ no nkuran sɛ: “Nka sɛ: Meyɛ abofra; na mmom baabiara a mɛsoma wo no, kɔ, na asɛm biara a mɛka wo no, ka. Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi na mayi wo.” (Yeremia 1:6-10) Yeremia nyaa Yehowa mu ahotoso, na nea efii mu bae ne sɛ, ɛdenam Yehowa ahoɔden so no, odii ne hu no so na ɔbɛyɛɛ ɔdansefo kokodurufo a ɔda nsow wɔ Israel.

11. Dɛn na ɛboa Kristofo nnɛ ma wɔyɛ sɛ Yeremia?

11 Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ ahyɛde te sɛ Yeremia de no, na ɛdenam “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no mmoa so no, wɔkɔ so bɔ Yehowa atirimpɔw ho dawuru, wɔ anibiannaso, fɛwdi, ne ɔtaa mu mpo. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Wonya nkuranhyɛ fi Yehowa nsɛm a ɔde maa Yeremia a ɛse: “Nsuro” no mu. Wɔmma wɔn werɛ mfi da sɛ Onyankopɔn na ɔde ahyɛde ama wɔn, na n’asɛm na wɔreka.—2 Korintofo 2:17.

Akokoduru Ho Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yesuasua

12. Akokoduru ho nhwɛso a ɛkyɛn so bɛn na Yesu yɛe, na ɔkwan bɛn so na ɔhyɛɛ n’akyidifo no nkuran?

12 Sɛ yesusuw afoforo a wɔte sɛ Yeremia, a wɔdaa akokoduru adi no nhwɛso ahorow ho a, ebetumi aboa yɛn wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya akokoduru no mu. (Dwom 77:12) Sɛ nhwɛso no, bere a yɛpɛɛpɛɛ Yesu som adwuma, n’akokoduru a ɔdaa no adi bere a Satan sɔɔ no hwɛe ne afei bere a ohyiaa sɔretia a emu yɛ den fii Yudafo akannifo hɔ no mu no, ɛma yɛn ani gye. (Luka 4:1-13; 20:19-47) Ɛdenam Yehowa ahoɔden so no, Yesu anhinhim, na aka bere tiaa bi ma wawu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso monhyɛ den! Me na madi wiase so nkonim.’ (Yohane 16:33; 17:16) Sɛ na Yesu asuafo di ne nhwɛso akyi a, wɔn nso betumi ayɛ nkonimdifo. (1 Yohane 2:6; Adiyisɛm 2:7, 11, 17, 26) Nanso na ɛsɛ sɛ ‘wɔhyɛ wɔn ho den.’

13. Nkuranhyɛsɛm bɛn na Paulo de maa Filipifo no?

13 Yesu wu akyi mfe bi no, wɔde Paulo ne Silas koguu afiase wɔ Filipi. Akyiri yi, Paulo hyɛɛ Filipi asafo no nkuran sɛ wɔnkɔ so ‘nnyina pintinn honhom koro mu, na wɔmfa ɔkra koro mmom nni apere mma asɛmpa no gyidi, na wɔmmma wɔn atamfo nnyi wɔn hu biribiara mu.’ Nea ɛbɛyɛ na Paulo ahyɛ wɔn den wɔ eyi mu no, ɔkae sɛ: “Ɛno [Kristofo a wɔretaa wɔn no] na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn [ataafo no], nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, na ne saa fi Nyankopɔn, efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso.”—Filipifo 1:27-29.

14. Dɛn na efi Paulo akokoduru a ɔdaa no adi wɔ Roma no mu bae?

14 Bere a Paulo kyerɛw Filipi asafo no, na ɔda afiase bio, saa bere yi de na ɔwɔ Roma. Nanso, ɔkɔɔ so de akokoduru kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo. Dɛn na efi mu bae? Ɔkyerɛwee sɛ: “Me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu, na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani to me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.”—Filipifo 1:13, 14.

15. Ɛhefa na yebetumi anya gyidi ho nhwɛso a edi mu a ɛbɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛda akokoduru adi mu den no?

15 Paulo nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran. Saa ara na nnɛyi Kristofo a wɔagyina ɔtaa ano wɔ kankabi aman anaa asɔfo tumidi ase no nhwɛso pa hyɛ yɛn nkuran. Wɔabɔ eyinom pii ho amanneɛ wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ne Yearbook of Jehovah’s Witnesses ahorow mu. Bere a wokenkan saa nsɛm no, kae sɛ na ankorankoro a wɔka wɔn ho asɛm no yɛ nnipa te sɛ yɛn ara; nanso bere a wɔbaa tebea a emu yɛ den yiye mu no, Yehowa maa wɔn tumi a ɛboro so, na wogyinaa ano. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn, sɛ tebea no hwehwɛ sɛ ɔyɛ saa a.

Akokoduru a Yɛda no Adi no Sɔ Yehowa Ani na Ɛhyɛ no Anuonyam

16, 17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada akokoduru adi nnɛ?

16 Sɛ obi gyina nokware no ne adetreneeyɛ akyi pintinn a, ɛno kyerɛ akokoduru. Sɛ obi yɛ saa ɛmfa ho mpo sɛ ɔbɔ hu wɔ ne mu no, ɛno yɛ akokoduru kɛse paa. Nokwarem no, sɛ Kristoni biara pɛ sɛ ɔyɛ Yehowa apɛde ampa, sɛ wasi ne bo sɛ obedi nokware, sɛ ɔde ne ho to Onyankopɔn so daa, na sɛ ɔkae bere nyinaa sɛ Yehowa adi kan ahyɛ ankorankoro a wɔn dodow nni ano a wɔte sɛ ɔno den a, obetumi anya akokoduru. Bio nso, sɛ yehu sɛ yɛn akokoduru a yɛda no adi no sɔ Yehowa ani na ɛhyɛ no anuonyam a, ɛbɛma yɛayere yɛn ho kɛse mpo sɛ yɛn abam remmu. Yɛayɛ krado sɛ yebegyina fɛwdi anaa biribiara a ɛsen saa ano efisɛ yɛdɔ no yiye.—1 Yohane 2:5; 4:18.

17 Mma wo werɛ mmfi da sɛ sɛ yɛrehu yɛn gyidi ho amanne a, ɛnkyerɛ sɛ yɛayɛ biribi bɔne nti. (1 Petro 3:17) Yɛrehu amane esiane Yehowa tumidi akyi a yegyina, ade pa a yɛyɛ, ne wiase no fã a yɛnyɛ nti. Ɛdefa eyi ho no, ɔsomafo Petro kae sɛ: “Sɛ moyɛ papa na muhu amane na motɔ mo bo ase a, eyi na ɛyɛ ɔdom, Onyankopɔn anim.” Petro san kae sɛ: “Wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔ papayɛ mu.” (1 Petro 2:20; 4:19) Yiw, yɛn Nyankopɔn, Yehowa, a ɔwɔ dɔ no ani sɔ gyidi a yɛda no adi no, na ɛhyɛ no anuonyam. Ntease a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ yɛda akokoduru adi bɛn ara ni!

Atumfoɔ a Yɛne Wɔn Bɛkasa

18, 19. Sɛ yɛda akokoduru adi wɔ atemmufo anim a, nsɛm bɛn na yɛnam saayɛ so ka kyerɛ wɔn?

18 Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔbɛtaa wɔn no, ɔsan kae sɛ: “Wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman.” (Mateo 10:17, 18) Ɔtemmufo anaa sodifo bi anim a wobɛkɔ akogyina esiane atoro sobo bi nti no gye akokoduru. Nanso, sɛ yɛde akokoduru di saa nnipa no adanse wɔ mmere a ɛte saa mu a, na yɛde tebea a ɛyɛ den no redan hokwan de ayɛ biribi titiriw. Yɛnam saayɛ so de Yehowa nsɛm ma wɔn a wɔrebu yɛn atɛn no, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom a ɛto so 2 mu no: “Afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu. Monsom [Yehowa, NW], osuro mu.” (Dwom 2:10, 11) Mpɛn pii no, sɛ wɔbɔ Yehowa Adansefo atoro sobo wɔ asɛnnibea a, atemmufo no twe adwene si ɔsom mu ahofadi a ɔman no wɔ so, na yɛn ani sɔ ɛno. Nanso, atemmufo bi ma kwan ma asɔretiafo no kɛntɛn wɔn so. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ saafo no sɛ: “Muntie afotu.”

19 Ɛsɛ sɛ atemmufo hu sɛ mmara a ɛkorɔn sen biara ne Yehowa Nyankopɔn de no. Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ nnipa nyinaa, a atemmufo ka ho, bebu akontaa akyerɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. (Romafo 14:10) Yɛn fam no, sɛ́ nnipa atemmufo bebu yɛn atɛntrenee anaasɛ wommu no, yɛwɔ ntease a edi mu a enti ɛsɛ sɛ yɛda akokoduru adi efisɛ Yehowa ka yɛn ho. Bible ka sɛ: “Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.”—Dwom 2:12.

20. Sɛ ɛsɛ sɛ yegyina ɔtaa ne ntwiri ano a, dɛn nti na yɛn ani betumi agye?

20 Wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no, Yesu kae sɛ: “Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.” (Mateo 5:11, 12) Nokwarem no, ɔtaa ankasa nyɛ anigye, nanso gyina a yebegyina pintinn ɛmfa ho ɔtaa, a nea ɛka ho ne nsɛm a wɔka de twiri yɛn wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu no, ma yɛn ani gye. Ɛkyerɛ sɛ yɛresɔ Yehowa ani na yebenya so akatua. Akokoduru a yɛda no adi no kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi a edi mu na ɛkyerɛ nso sɛ yɛwɔ Onyankopɔn anim dom. Nokwarem no, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso koraa. Ahotoso a ɛte saa ho hia ma Kristoni, sɛnea asɛm a edi hɔ bɛda no adi no.

Dɛn na Wusuae?

• Tebea horow bɛn na egye akokoduru nnɛ?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya akokoduru su?

• Nnipa a wɔyɛɛ akokoduru ho nhwɛso pa no bi ne henanom?

• Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛda akokoduru adi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Simone Arnold (mprempren Liebster) a ofi Germany, Widdas Madona a ofi Malawi, ne Lydia ne Oleksii Kurdas a wofi Ukraine daa akokoduru adi na wɔko tiaa ɔbɔnefo no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Yɛn ani nwu asɛmpa no ho

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Akokoduru a Paulo daa no adi wɔ afiase no boae kɛse wɔ asɛmpa no ka mu

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Sɛ yɛde akokoduru kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu gyinabea a yɛwɔ mu kyerɛ ɔtemmufo a, na yɛreka asɛntitiriw bi akyerɛ wɔn