Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyamesom Mu Ɔtaa—Dɛn Ntia?

Nyamesom Mu Ɔtaa—Dɛn Ntia?

Nyamesom Mu Ɔtaa—Dɛn Ntia?

SO WUGYE di sɛ ɛsɛ sɛ wɔtaa nnipa binom esiane wɔn som nti? Ebia wunnye nni saa—bere dodow a wɔn som no nsɛe afoforo ahofadi no. Nanso, wofi tete na ataa afoforo wɔ wɔn som ho, na ɛda so kɔ so nnɛ. Sɛ nhwɛso no, wogyee hokwan a Yehowa Adansefo pii a wɔwɔ Europa ne wiase afã foforo wɔ no fii wɔn nsam mpɛn pii, na wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ afeha a ɛto so 20 no mu nyinaa.

Saa bere no, Europa katabaako nniso atitiriw no nyinaa faa akwan horow so de ɔtaa a emu yɛ den baa Yehowa Adansefo so bere tenten. Dɛn na wɔn suahu no kyerɛ yɛn wɔ nyamesom mu ɔtaa ho? Na dɛn na yebetumi asua afi sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ amanehunu mu no mu?

“Wɔnyɛ Wiase no Fã”

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nkurɔfo a wodi mmara so, wɔpɛ asomdwoe, na wɔteɛ wɔ abrabɔ fam. Wɔnsɔre ntia nniso ahorow anaasɛ wɔnhwehwɛ sɛ wɔne wɔn bedi akameakame, na saa ara na wɔnkɔfa ɔtaa mma efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ mogya adansefo. Saa Kristofo yi nnyina afã biara wɔ amammuisɛm mu. Eyi ne Yesu nsɛm yi hyia: “[M’akyidifo] nyɛ wiase no fã, sɛnea menyɛ wiase no fã no.” (Yohane 17:16, NW) Nniso dodow no ara gye afã biara a Adansefo nnyina no tom. Nanso katabaako nniso ahorow mmu Bible ahwehwɛde a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ wiase no fã no.

Wɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔyɛ saa no mu wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Heidelberg Sukuupɔn mu wɔ Germany, wɔ November 2000 mu no ase. Ná nhyiam no asɛmti ne “Nhyɛso ne Anuɔden: Yehowa Adansefo Asetra Wɔ Ɔman Sohyialist ne Komunis Katabaako Nniso Ase.” Ɔbenfo Clemens Vollnhals a ɔwɔ Hannah-Arendt-Suabea a Wɔyɛ Katabaako Nniso Mu Nhwehwɛmu no kae sɛ: “Katabaako nniso ahorow no mma wɔn dwumadi nso amammuisɛm nkutoo so. Wɔhwehwɛ nipa mũ no nyinaa.”

Nokware Kristofo ntumi mfa wɔn “nipa mũ no nyinaa” mma nnipa nniso bi, efisɛ wɔaka ntam sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo na wɔde wɔn ho nyinaa bɛma no. Adansefo a wɔte Katabaako nniso ase ahu sɛ ɛtɔ mmere bi a nneɛma a Ɔman hwehwɛ ne nea wɔn gyidi hwehwɛ sɛ wɔyɛ no nhyia. Dɛn na wɔayɛ wɔ ntawntawdi a ɛtete saa ho? Yehowa Adansefo de Yesu Kristo asuafo no nnyinasosɛm no adi dwuma wɔ wɔn asetra mu wɔ mmere a abɛsen kɔ no mu: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 5:29.

Adansefo mpempem pii akɔ so akura wɔn gyidi mu atwe wɔn ho afi amammuisɛm ho, a ɔtaa a emu yɛ den sen biara mfa ho. Wɔyɛɛ dɛn tumi gyinae? Ɛhe na wonyaa ahoɔden de yɛɛ saa? Yɛmma wɔn ankasa mmua. Na ma yɛnhwɛ sɛnea yɛn mu biara, Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo nyinaa, betumi asua biribi afi wɔn suahu ahorow no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany hyiaa ɔtaa a emu yɛ den bere tenten wɔ afeha a ɛto so 20 no katabaako nniso nyinaa ase

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Katabaako nniso ahorow no mma wɔn dwumadi nso amammuisɛm nkutoo so. Wɔhwehwɛ nipa mũ no nyinaa.”

Ɔbenfo Clemens Vollnhals

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Wogyee Kusserow abusua no ahofadi fii wɔn nsam esiane sɛ wɔannyae wɔn gyidi mu ansiesie nti

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Wokum Johannes Harms wɔ Nasi afiase wɔ ne gyidi ho