Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wodii Nkonim Wɔ Ɔtaa Mu

Wodii Nkonim Wɔ Ɔtaa Mu

Wodii Nkonim Wɔ Ɔtaa Mu

WƆWOO Frieda Jess wɔ afe 1911 mu wɔ Denmark, na ɔne n’awofo tu kɔtraa Husum a ɛwɔ Germany atifi fam. Mfe bi akyi no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Magdeburg, na wɔ afe 1930 mu no wɔbɔɔ no asu sɛ Bible Suani, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Hitler bedii tumi wɔ afe 1933 mu, na wɔ Frieda fam no, eyi na ɛde mfirihyia 23 a ɔde daa afiase ma wɔyɛɛ no ayayade, a ɛnyɛ katabaako nniso biako na ɛyɛɛ no saa, na mmom abien no bae.

Wɔ March 1933 mu no, German nniso no ma wɔtow aba. Ɔbenfo Detlef Garbe, a ɔyɛ Neuengamme Nneduaban Nkaede Akorae a ɛbɛn Hamburg no panyin no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná Ɔman Sohyialistfo no pɛ sɛ wɔhyɛ nnipa dodow no ara ma wɔtow aba ma wɔn panyin ne wɔn kannifo, Adolf Hitler.” Yehowa Adansefo dii Yesu afotu no akyi twee wɔn ho fii amammuisɛm ho na ‘wɔanyɛ wiase no fã,’ enti wɔantow aba no bi. Dɛn na efii mu bae? Wɔbaraa Adansefo no.—Yohane 17:16.

Frieda kɔɔ so yɛɛ ne Kristofo som adwuma no wɔ sum ase, na ɔboae mpo ma wotintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no. Ɔka sɛ: “Yewiaa yɛn ho de nsɛmma nhoma no bi kɔɔ nneduaban mu kɔmaa yɛn mfɛfo gyidifo no.” Gestapofo kyeree no afe 1940 mu bisabisaa no nsɛm, na ɛno akyi no wɔde no too obiakofo afiase-dan mu asram pii. Ɔyɛɛ dɛn gyinaa mu? Ɔka sɛ: “Mede me ho too mpaebɔ so. Mifii ase bɔɔ mpae anɔpatutuutu, na mebɔɔ mpae mpɛn pii da biara. Mpaebɔ maa minyaa ahoɔden, na ɛboaa me ma mannnwennwen pii.”—Filipifo 4:6, 7.

Woyii Frieda, nanso Gestapofo kyeree no bio wɔ afe 1944 mu. Saa bere yi de wɔde no too afiase mfirihyia ason wɔ Waldheim. Frieda toa so sɛ: “Afiase ahwɛfo no maa me ne mmea bi kɔyɛɛ adwuma wɔ aguaree ne tiafi so. Me ne ɔdeduani bi a ofi Czechoslovakia yɛɛ adwuma mpɛn pii, enti mekaa Yehowa ne me gyidi ho asɛm pii kyerɛɛ no. Saa nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so hyɛɛ me gyidi den.”

Woyii no Nanso Ankyɛ

Soviet asraafo bɛko gyee Waldheim afiase no wɔ May 1945 mu, na Frieda nyaa ahofadi san kɔɔ Magdeburg kɔyɛɛ baguam asɛnka adwuma no nanso ankyɛ. Wɔsan yɛɛ nyiyim tiaa Adansefo no bio, saa bere yi de na ɛyɛ atumfoɔ a wɔwɔ Nsase a Sovietfo Ako Afa no so. Gerald Hacke a ɔwɔ Hannah-Arendt-Suabea a Wɔyɛ Katabaako Nniso Mu Nhwehwɛmu no kyerɛwee sɛ: “Yehowa Adansefo yɛ wiase akuw horow a ɛkame ayɛ sɛ German katabaako nniso ahorow nyinaa kɔɔ so taa wɔn no mu biako.”

Dɛn nti na wɔsan yɛɛ nyiyim no? Ɛha nso, na asɛntitiriw no ara ne afã biara a Kristofo nnyina no. Wɔ afe 1948 mu no, East Germany manfo nyinaa tow aba, na sɛnea Hacke kyerɛkyerɛ mu no, “ade a ɛma [wɔtaa Yehowa Adansefo] ne sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ abatow no mu.” Wɔ August 1950 mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ East Germany. Wɔkyeree Adansefo no ɔhaha pii, a na Frieda ka ho.

Wɔde Frieda kɔɔ asɛnnibea bio na wɔde no too afiase mfe asia. “Saa bere yi de, me ne me mfɛfo gyidifo na ɛbɔe, na fekubɔ no boaa me yiye.” Bere a woyii no afe 1956 mu no, ɔkɔtraa West Germany. Frieda adi mfirihyia 90, na ɔte Husum mprempren a ɔda so resom nokware Nyankopɔn, Yehowa.

Frieda hyiaa ɔtaa mfirihyia 23 wɔ katabaako nniso abien ase. “Nasifo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe me wɔ honam fam; Komunisfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe m’anigye. Ɛhe na minyaa ahoɔden? Minya fii Bible adesua ho su pa mu bere a na mewɔ ahofadi no, mpae a mebɔɔ no bere nyinaa bere a na mayɛ ankonam no, fekubɔ a me ne mfɛfo gyidifo nyae bere biara a na ɛbɛyɛ yiye no, ne me gyidi ho asɛm a meka kyerɛɛ afoforo bere biara a hokwan buei no.”

Kankabi Nniso Wɔ Hungary

Ɔman foforo a Yehowa Adansefo gyinaa nyiyim ano wom mfirihyia pii ne Hungary. Ɛnyɛ katabaako nniso abien nsam na ebinom hyiaa ɔtaa, na mmom abiɛsa. Nhwɛso biako ne Ádám Szinger. Wɔwoo Ádám wɔ Paks, Hungary, wɔ afe 1922 mu, na wɔtetee no wɔ Protestant asɔre mu. Bible Asuafo bi kɔɔ Ádám fie wɔ afe 1937 mu, na ɔkyerɛɛ wɔn asɛm no ho anigye ntɛm ara. Nea osua fii Bible mu no ma ogye dii sɛ n’asɔre nkyerɛkyerɛ nnyina Bible no so. Enti ogyaee Protestant Asɔre no de ne ho hyɛɛ baguam asɛnka adwuma a Bible Asuafo no yɛ no mu.

Ná Kankabi nniso renya nkɛntɛnso wɔ Hungary. Polisifo hui sɛ Ádám reyɛ afie afie asɛnka adwuma no mpɛn pii, na wɔkyeree no kobisabisaa no nsɛm. Womiaa nhyɛso a wɔde baa Adansefo so no mu, na wɔbaraa wɔn dwumadi ahorow no wɔ afe 1939 mu. Wɔ afe 1942 mu no, wɔkyeree Ádám too afiase hwee no pasaa. Dɛn na ɛboaa no bere a na wadi mfirihyia 19 no ma otumi gyinaa amanehunu ne asram pii afiasenna no ano? “Bere a na mewɔ fie no, misuaa Bible no yiye nyaa Yehowa atirimpɔw ahorow ho ntease a edi mũ.” Woyii Ádám fii afiase ansa na ɔrebɔ asu sɛ Yehowa Dansefo. Wɔbɔɔ no asu anadwosum mu wɔ August 1942 mu, wɔ asubɔnten bi a ɛbɛn ne fie mu.

Afiasenna Wɔ Hungary, Adwumayɛban Mu Nna Wɔ Serbia

Wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no, Hungary de ne ho bɔɔ Germany ko tiaa Soviet Union, na wɔ afe 1942 otwa bere mu no, wɔhyɛɛ Ádám sɛ wɔde no rekɔ sraadi. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Mekae sɛ mintumi mfa me ho nhyɛ sraadi mu esiane nea masua afi Bible mu nti. Mekyerɛkyerɛɛ ɔfã biara a minni no mu.” Wɔde no too afiase mfirihyia 11. Nanso Ádám ankyɛ pii wɔ Hungary.

Wɔ afe 1943 mu no, wɔkyeree Yehowa Adansefo bɛyɛ 160 de wɔn guu nhyɛmma mu de wɔn faa Danube Asubɔnten no so kɔɔ Serbia. Na Ádám ka wɔn ho. Afei saa nneduafo yi baa Hitler German Ahemman a Ɛto so Abiɛsa no tumidi ase wɔ Serbia. Wɔde wɔn guu adwumayɛban mu wɔ Bor, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma wɔ nkoron a wotu kɔbere wom mu. Bɛyɛ afe biako akyi no, wɔde wɔn san kɔɔ Hungary, baabi a Soviet asraafo bɛko yii Ádám wɔ afe 1945 fefɛw bere mu no.

Hungary Wɔ Komunis Nniso Ase

Nanso ahofadi no ankyɛ. Eduu 1940 mfe no awiei no, Komunis atumfoɔ a wɔwɔ Hungary no siw Yehowa Adansefo adwuma no ho kwan, sɛnea na Fasistfo no ayɛ ansa na ɔko no reba no. Wɔ afe 1952 mu no, wɔkyeree Ádám, a saa bere yi na wadi mfirihyia 29 a na waware awo mma baanu no bio bɔɔ no sobo bere a wamfa ne ho anhyɛ sraadi mu no. Ádám kyerɛkyerɛɛ mu wɔ asɛnnibea sɛ: “Ɛnyɛ eyi ne nea edi kan a mamfa me ho anhyɛ sraadi mu. Wɔ ɔko no mu no, wɔde me too afiase, na wotwaa me asu kɔɔ Serbia wɔ asɛnkoro yi ara ho. M’ahonim nti na mamfa me ho anhyɛ sraadi mu no. Meyɛ Yehowa Dansefo, na memfa me ho nhyɛ amammuisɛm mu.” Wɔde Ádám too afiase mfirihyia awotwe, na wɔtew so baa mfirihyia anan akyiri yi.

Wɔkɔɔ so yɛɛ nyiyim tiaa Ádám besii 1970 mfe no mfinimfini, bɛboro mfirihyia 35 fi bere a Bible Asuafo no baa ne nkyɛn wɔ n’awofo fie no. Saa bere yi nyinaa mu no, asɛnnibea ahorow asia de no too afiase mfirihyia 23, na anyɛ yiye koraa no ɔdaa afiase ne nneduaban ahorow du mu. Ohyiaa ɔtaa a ɛtoatoaa so wɔ nniso abiɛsa ase—Fasistfo nsam wɔ Hungary ansa na ɔko no reba, German Ɔman Sohyialisfo nsam wɔ Serbia, ne Komunisfo nsam wɔ Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no mu wɔ Hungary.

Ádám da so te ne kurow Paks mu resom Onyankopɔn nokware mu. So ɔwɔ ahoɔden soronko bi a ɛma otumi gyinaa amanehunu mu nkonimdi mu no? Dabi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Ná Bible adesua, mpaebɔ, ne mfɛfo gyidifo fekubɔ ho hia. Nanso, mepɛ sɛ misi nneɛma foforo abien so dua. Nea edi kan no, Yehowa ne ahoɔden Mafo. Abusuabɔ a emu yɛ den a me ne no nyae na egyee me nkwa. Na nea ɛto so abien no, memaa asɛm a ɛwɔ Romafo ti 12 no traa m’adwenem: ‘Munnnidi mo ho were.’ Enti mannya obiara ho adwemmɔne da. Mpɛn pii na minyaa hokwan sɛ anka metumi ayɛ biribi atua wɔn a wɔtaa me no so ka, nanso manyɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛde ahoɔden a Yehowa de ama yɛn no di dwuma de bɔne tua bɔne so ka.”

Ɔtaa Nyinaa Awiei

Frieda ne Ádám resom Yehowa nnɛ a biribiara nsiw wɔn kwan. Nanso, dɛn na osuahu ahorow a ɛte sɛ wɔn de no da no adi wɔ nyamesom mu ɔtaa ho? Sɛ wɔde ɔtaa a ɛte saa ba nokware Kristofo so a—enkosi hwee. Bere a ɔtaa a wɔde ba Yehowa Adansefo so sɛe sika pii, na ɛma wohu amane kɛse no, entumi nni ne botae ho dwuma. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo renya nkɔso wɔ Europa, baabi a katabaako nniso abien no dii tumi bere bi no.

Ɔkwan bɛn so na Adansefo no yɛɛ wɔn ade wɔ ɔtaa ho? Sɛnea Frieda ne Ádám ho nsɛm no da adi no, wɔde Bible mu afotu yi dii dwuma: “Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!” (Romafo 12:21) So papa betumi adi bɔne so nkonim ampa? Yiw, sɛ efi Onyankopɔn mu gyidi a emu yɛ den mu a. Nkonim a Yehowa Adansefo adi wɔ ɔtaa mu wɔ Europa no yɛ nkonim a ɛda Onyankopɔn honhom adi, ɛyɛ tumi a wɔde yɛ papa ho ɔyɛkyerɛ a efi gyidi a honhom kronkron sow wɔ Kristofo ahobrɛasefo mu no mu. (Galatifo 5:22, 23) Wɔ ɛnnɛ wiase a basabasayɛ wom yi mu no, ɛyɛ asuade a yɛn nyinaa betumi adi akyi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Bere a wɔkyeree Frieda Jess (mprempren Thiele) no ne nnɛ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Bere a wɔde Ádám Szinger too afiase no ne nnɛ