Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kan Ne Akyiri Yi—N’asetra Sesae

Kan Ne Akyiri Yi—N’asetra Sesae

“Mommɛn Onyankopɔn, Na Ɔbɛbɛn mo”

Kan Ne Akyiri Yi—N’asetra Sesae

HWƐ sɛnea na Matsepang asetra ayɛ nea anigye nnim na mfaso biara nni so! Ná ɔyɛ abeawa a ɔte Lesotho, ɔman bi a ɛda South Africa mfinimfini no mu. Wɔtetee Matsepang wɔ Katolek asɔre mu. Nanso, sɛ anka wɔbɛboa no ma wabɛn Onyankopɔn no, mmea nkokorafo no de sika daadaa no ma ɔde ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu mfirihyia pii.

Ne saa nti, Matsepang abam bui wɔ nyamesom ho, na wannye anni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a ɔwɔ dɔ a odwen n’abɔde a wɔyɛ nnipa no ho ankasa. Esiane sɛ wɔtoo Matsepang asaworam na wɔyɛɛ no ayayade nti, onyaa nkate fam haw a emu yɛ den, na ɔtee nka sɛ mfaso biara nni ne so. Onyin bɛyɛɛ obi a n’ani yɛ den na ɔyɛ basabasa. Eyi ma ɔbɛyɛɛ ɔsɛmmɔnedifo.

Awiei koraa no, Matsepang de ne ho bɔɔ apoobɔfo bi a na wɔbɔ nkurɔfo apoo wɔ keteke mu ho. Wɔkyeree no de no too afiase wɔ South Africa. Akyiri yi, wotwaa no asu ma ɔkɔɔ ne kurom, Lesotho, baabi a ɔkɔtoaa ne nsɛmmɔnedi, n’asabow, basabasayɛ, ne ɔbrasɛe no so.

Bere a Matsepang haw kɛse wɔ n’asetram no, ɔde ahoyeraw bɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Onyankopɔn, sɛ manwu a, mɛyɛ nea metumi de asom wo.”

Ankyɛ na Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo baanu kɔɔ Matsepang nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔne no besua Bible no. Ɔnam n’adesua no so behui sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a nnipa asɛm mfa ne ho na onnwen afoforo ho. Nokwarem no, ohui sɛ Satan, “atoro agya” no nam anifere ne nnaadaa so ma ebinom nya adwene sɛ mfaso nni wɔn so, na ɔma wogye di sɛ Yehowa rennɔ wɔn da.—Yohane 8:44; Efesofo 6:11.

Mmom no, hwɛ sɛnea Matsepang nyaa awerɛkyekye bere a obehui sɛ, sɛ yɛsakra fi yɛn kan bɔne ho, hwehwɛ Onyankopɔn hɔ fafiri, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ n’ani a, yebetumi anya obu a ɛfata ama yɛn ho no! Wɔboaa no ma ɔtee ase sɛ “Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma” na ohu yɛn wɔ ɔkwan bi a ɛyɛ soronko koraa so wɔ sɛnea yehu yɛn ho no ho.—1 Yohane 3:19, 20.

Matsepang ani gyei sɛ ɔkenkan odwontofo Dawid nsɛm yi: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Sɛ́ wɔn a “wɔn honhom apɛtɛw” no mu biako no, obehui sɛ sɛ Yehowa asomfo no mu bi abam bu anaasɛ wɔbɛte nka sɛ wɔn ho nhia mpo a, onnyaw wɔn. N’ani gyei sɛ ohui sɛ Onyankopɔn dwen ne nguan nyinaa ho na ɔwowaw wɔn wɔ ahohia bere mu no. (Dwom 55:22; 1 Petro 5:6, 7) Nea ɛkaa ne koma paa ne saa nsɛm yi: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.

Ankyɛ na Onyankopɔn Asɛm, Bible no, tumi daa adi wɔ Matsepang asetra mu. Ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow daa, na ogyaee ne nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia no. Dɛn na efii mu bae? Ɔnte nka bio sɛ ɔmfata sɛ onya Onyankopɔn dɔ ne n’anim dom. Efi bere a ɔbɔɔ asu sɛ Yehowa Dansefo no, ɔde nnɔnhwerew mpempem pii ayɛ Kristofo som adwuma no sɛ Ahenni ɔsɛmpakafo. Ɛmfa ho ɛyaw a Matsepang dii wɔ bere a atwam no, mprempren n’asetra ayɛ nea anigye wom na mfaso wɔ so. Tumi a Bible wɔ sɛ ɛma asetra tu mpɔn ho adanse bɛn ara ni!—Hebrifo 4:12.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Onyankopɔn, sɛ manwu a, mɛyɛ nea metumi de asom wo”

[Adaka wɔ kratafa 9]

Bible Nnyinasosɛm Reyɛ Adwuma

Bible nnyinasosɛm a akyekye wɔn a wɔayɛ wɔn ayayade werɛ no bi na edidi so yi:

“Me mu dadwen dɔɔso a, [Onyankopɔn] awerɛkyekye gye me kra ani.” (Dwom 94:19) Yehowa “awerɛkyekye” a ɛwɔ N’asɛm mu ma awerɛkyekye kɛse. Sɛ yesusuw ho wɔ bere a yedwennwen nneɛma ho ne bere a yɛbɔ mpae a, ɛboa brɛ yɛn dadwen ase na ɛma yenya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ Adamfo a ɔte yɛn ase.

‘Yehowa sa wɔn a wɔn koma abubu yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.’ (Dwom 147:3) Sɛ yɛn ani sɔ Yehowa mmɔborohunu ne ne nsiesiei a ɔnam so kata yɛn bɔne so denam Yesu ogye afɔre no so no a, yebetumi de ahotoso akɔ Onyankopɔn anim a yɛn koma mmu yɛn fɔ bio. Eyi betumi ama yɛanya awerɛkyekye ne asomdwoe a enni kabea.

“Obi ntumi mma me [Yesu Kristo] nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.” (Yohane 6:44) Yehowa ankasa nam ne honhom kronkron ne Ahenni asɛnka adwuma no so twe yɛn bɛn ne Ba no, na ɔma yenya daa nkwa ho anidaso.