Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ohia Befi Hɔ Da Bi?

So Ohia Befi Hɔ Da Bi?

So Ohia Befi Hɔ Da Bi?

TETE Israel hene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!” (Ɔsɛnkafo 4:1) Akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔn a wɔhyɛ wɔn so a wɔn ho asɛm wɔ n’adwenem no mu pii di hia nso.

Ɛnyɛ sika a obi nni nkutoo na wɔde bu sɛ odi hia. Sɛnea akontaabu bi a Wiase Nyinaa Sikakorabea no de too gua wɔ June 2002 mu kyerɛ no, “wɔabu akontaa sɛ wɔ 1998 mu no, wiase nnipa ɔpepepem 1.2 na na sika a wodi da koro no nnu $1 . . . na nnipa ɔpepepem 2.8 na na sika a wodi da koro no nnu $2.” Wɔkae sɛ ɛwom sɛ saa nnipa dodow no wɔ fam sen akontaa ahorow a wobui mmere bi a atwam no de, “nanso sɛ wɔde toto amane a nnipa rehu ho a, na ɛwɔ soro paa.”

So ohia befi hɔ da bi? Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: ‘Mowɔ ahiafo wɔ mo nkyɛn daa.’ (Yohane 12:8) Na so eyi kyerɛ sɛ ohia ne nneɛma bɔne a ɛde ba no bɛkɔ so bere nyinaa? Dabi, efisɛ ɛwom sɛ Yesu anhyɛ n’akyidifo bɔ sɛ wɔn nyinaa bedi yiye honam fam de, nanso ɛnsɛ sɛ yegyina ne nsɛm no so ka sɛ anidaso biara nni hɔ mma ahiafo.

Ɛmfa ho mmɔden a nnipa rebɔ ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ bɔ ahorow a wɔhyɛ sɛ ohia bɛba awiei no di nkogu bere nyinaa no, Onyankopɔn Asɛm, Bible no, ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ obiara renni hia bio. Nokwarem no, Yesu ‘kaa asɛmpa kyerɛɛ ahiafo.’ (Luka 4:18) Nea ɛka asɛmpa yi ho ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ohia befi hɔ no. Eyi bɛbam bere a Onyankopɔn Ahenni de trenee tebea ba asase so no.

Hwɛ soronko ara a saa wiase no bɛyɛ! Ɔsoro Hene Yesu Kristo ‘behu abrɛfo ne ahiafo mmɔbɔ, na obegye ahiafo kra nkwa.’ Nokwarem no, “obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:13, 14.

Ɛdefa saa bere no ho no, Mika 4:4 ka sɛ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.” Onyankopɔn Ahenni bedi adesamma haw nyinaa ho dwuma, na ayi yare ne owu mpo afi hɔ. Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa, na Amansan Hene Yehowa bɛpopa ani nyinaa so nusu.’—Yesaia 25:8.

Wubetumi anya bɔhyɛ ahorow yi mu ahotoso efisɛ efi Onyankopɔn ankasa honhom mu. Dɛn nti na wonhwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow yɛ nea wotumi de ho to so no mu?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

FAO photo/M. Marzot