Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Kristofo Ne Mose Mmara No

Tete Kristofo Ne Mose Mmara No

Tete Kristofo Ne Mose Mmara No

“Mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan.”—GALATIFO 3:24.

1, 2. Mfaso horow a Israelfo a wɔde ahwɛyiye dii Mose Mmara no so nyae no bi ne dɛn?

WƆ AFE 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa maa Israelfo no mmara apam. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wotie ne nne a, obehyira wɔn na wobenya asetra a anigye ne akomatɔyam wom.—Exodus 19:5, 6.

2 Saa Mmara apam a na wɔfrɛ no Mose Mmara, anaasɛ yebetwa no tiawa a, “Mmara no,” na ɛyɛ “kronkron ne trenee ne papa.” (Romafo 7:12) Ɛhyɛɛ su pa te sɛ ayamye, nokwaredi, ɔbra pa, ne yɔnkodɔ ho nkuran. (Exodus 23:4, 5; Leviticus 19:14; Deuteronomium 15:13-15; 22:10, 22) Mmara no nso kanyan Yudafo no ma wɔdodɔɔ wɔn ho wɔn ho. (Leviticus 19:18) Bio nso, na ɛnsɛ sɛ wɔne Amanaman mufo a wonni Mmara no ase no bɔ fekuw anaasɛ wɔne wɔn di ayeware. (Deuteronomium 7:3, 4) Te sɛ “ɔfasu” a etwa Yudafo no ne Amanaman mufo no ntam no, Mose Mmara no bɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban na wɔamfa abosonsomfo adwene ne nneyɛe angu wɔn ho fĩ.—Efesofo 2:14, 15; Yohane 18:28.

3. Esiane sɛ obiara antumi anni Mmara no so pɛpɛɛpɛ nti, dɛn na ɛmaa no daa adi?

3 Nanso, Yudafo a na wɔyɛ ahwɛyiye paa no mpo antumi anni Onyankopɔn Mmara so pɛpɛɛpɛ. So na Yehowa rehwehwɛ pii afi wɔn hɔ? Dabi. Atirimpɔw ahorow nti a wɔde Mmara no maa Israel no mu biako ne sɛ ‘ɛbɛma Mmara atotõatotõ ada adi.’ (Galatifo 3:19) Mmara no maa Yudafo anokwafo hui sɛ wohia Ogyefo bi ntɛm. Bere a saa Ogyefo no bae no, Yudafo anokwafo dii ahurusi. Na gye a wobegye wɔn afi bɔne ne owu nnome ase no abɛn!—Yohane 1:29.

4. Ntease bɛn mu na na Mmara no yɛ “yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan”?

4 Na Mose Mmara no yɛ bere tiaa mu nhyehyɛe. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw krataa akɔma ne mfɛfo Kristofo no, ɔkaa ho asɛm sɛ ‘ɔyɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan.’ (Galatifo 3:24) Wɔ tete mmere mu no, na ɔyɛnfo de mmofra kɔ sukuu san de wɔn ba. Ná ɛnyɛ ɔno ne ɔkyerɛkyerɛfo no ankasa; na ɔkyerɛ mmofra no kwan kɔ ɔkyerɛkyerɛfo no nkyɛn kɛkɛ. Saa ara na wɔhyehyɛɛ Mose Mmara no sɛ ɛnkyerɛ Yudafo a wosuro Onyankopɔn no kwan nkɔ Kristo nkyɛn. Yesu kae sɛ ɔbɛka n’asuafo no ho “nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:20) Enti bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ no, “ɔyɛnfo” no—Mmara no—anni atirimpɔw foforo biara ho dwuma bio. (Romafo 10:4; Galatifo 3:25) Nanso, Yudafo Kristofo binom ante saa nokwasɛm a ɛho hia yi ase ntɛm. Ne saa nti, wɔkɔɔ so dii Mmara no mu ahwehwɛde horow bi so wɔ Yesu wusɔre akyi mpo. Nanso, afoforo yɛɛ nsakrae wɔ wɔn nsusuwii mu. Wɔnam saa a wɔyɛe no so yɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no. Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

Kristofo Nkyerɛkyerɛ Ho Ntease Foforo a Ɛyɛ Anigye

5. Akwankyerɛ bɛn na Petro nyae wɔ anisoadehu mu, na dɛn nti na ne ho dwiriw no?

5 Wɔ afe 36 Y.B. mu no, Kristoni somafo Petro nyaa anisoadehu bi a na ɛyɛ nwonwa. Saa bere no ɛnne bi fi soro ka kyerɛɛ no sɛ onkum ntakraboa ne mmoa a na wobu wɔn sɛ wɔn ho ntew wɔ Mmara no ase no nni. Petro ho dwiriw no! Na onnii “biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da.” Nanso ɛnne no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyide.” (Asomafo no Nnwuma 10:9-15) Sɛ anka Petro de Mmara no bɛkyekyere ne ho katee no, ɔyɛɛ nsakrae wɔ ne nsusuwii mu. Eyi ma ohuu biribi a ɛyɛ nwonwa a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho.

6, 7. Dɛn na ɛmaa Petro tumi hui sɛ afei de obetumi aka asɛm no akyerɛ Amanaman mufo, na dɛn na ɔsan hui?

6 Nea esii ni. Mmarima baasa kɔɔ ofie a na Petro te mu mu, kɔsrɛe sɛ ɔne wɔn nkɔ Amanaman muni momonotoni a osuro Onyankopɔn a wɔfrɛ no Kornelio no fie. Petro frɛɛ mmarima yi kɔɔ ne fie na ogyee wɔn ani wɔ hɔ. Esiane sɛ na Petro ate nea anisoadehu no kyerɛ nti, ɔne mmarima no kɔɔ Kornelio fie da a edi hɔ no. Petro dii Yesu Kristo ho adanse fefeefe wɔ hɔ. Saa bere no, Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Ɛnyɛ Kornelio nko na ɔkyerɛɛ Yesu mu gyidi na mmom n’abusuafo ne ne nnamfo nso, na ‘honhom kronkron beguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so.’ Bere a Petro huu sɛ Yehowa nsa wɔ asɛm no mu no, “ɔhyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn asu [Yesu Kristo] din mu.”—Asomafo no Nnwuma 10:17-48.

7 Dɛn na ɛmaa Petro tumi kae sɛ afei de Amanaman mufo a na wonni Mose Mmara no ase no betumi abɛyɛ Yesu Kristo akyidifo? Honhom fam nhumu. Esiane sɛ na Onyankopɔn akyerɛ sɛ ɔpene Amanaman mufo momonotofo yi so denam ne honhom kronkron a ohwie guu wɔn so nti, Petro hui sɛ wobetumi afata ama asubɔ. Bere koro no ara no, ɛda adi sɛ Petro hui sɛ Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no bedi Mose Mmara no so ansa na wɔafata ama asubɔ. Sɛ na wowɔ hɔ saa bere no a, so anka wubenya ɔpɛ te sɛ Petro na woasesa wo nsusuwii?

Ebinom Kɔɔ So Dii ‘Ɔyɛnfo’ no Akyi

8. Twetiatwa ho adwene a na ɛyɛ soronko wɔ Petro de ho bɛn na Kristofo binom a na wɔte Yerusalem hyɛɛ ho nkuran, na dɛn ntia?

8 Bere a Petro fii Kornelio fie akyi no, ɔkɔɔ Yerusalem. Ná asafo a ɛwɔ hɔ no ate sɛ Amanaman mufo momonotofo “agye Onyankopɔn asɛm no,” na asɛm no haw Yudafo a na wɔyɛ asuafo no mu binom. (Asomafo no Nnwuma 11:1-3) Bere a na wogye tom sɛ Amanaman mufo nso betumi abɛyɛ Yesu akyidifo no, “wɔn a wɔyɛ twetiafo” no hyɛe katee sɛ ɛsɛ sɛ saafo a wɔnyɛ Yudafo no di Mmara no so ansa na wɔagye wɔn nkwa. Nanso, wɔ mmeae a Amanaman mufo dɔɔso na Yudafo Kristofo kakraa bi wɔ no de, na twetiatwa nyɛ asɛm a wɔtaa kasa ho. Nsusuwii abien yi kɔɔ so bɛyɛ mfe 13. (1 Korintofo 1:10) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi yɛɛ sɔhwɛ maa tete Kristofo—titiriw Amanaman mufo a na wɔte Yudafo mu no!

9. Dɛn nti na na ɛho hia sɛ wosiesie twetiatwa ho asɛm no?

9 Awiei koraa no asɛm no bɛyɛɛ kɛse wɔ afe 49 Y.B. mu, bere a Kristofo a wofi Yerusalem baa Antiokia a ɛwɔ Siria, baabi a na Paulo reka asɛm no. Wofii ase kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wotwa Amanaman mufo a wɔasakra no twetia sɛnea Mmara no kyerɛ no. Ɛde akasakasa ne akyinnyegye a emu yɛ den baa wɔne Paulo ne Barnaba ntam! Sɛ wɔanhwɛ ansiesie asɛm no a, na ɛbɛto Kristofo binom hintidua, sɛ wofi Amanaman mu anaasɛ wɔyɛ Yudafo no. Enti, wɔyɛɛ nhyehyɛe maa Paulo ne afoforo kakra kɔɔ Yerusalem kɔsrɛɛ Kristofo sodikuw no sɛ wonsiesie asɛm no ma ɛto ntwa koraa.—Asomafo no Nnwuma 15:1, 2, 24.

Wɔn Adwene Anhyia Mfiase—Nanso, Akyiri Yi Wɔyɛɛ Biako!

10. Nneɛma a sodikuw no dwennwenee ho ansa na wɔresi Amanaman mufo no gyinabea ho gyinae no bi ne nea ɛwɔ he?

10 Wɔ nhyiam bi a wɔyɛe ase no, ɛda adi sɛ ebinom kyerɛe sɛ wɔfoa twetiatwa so, na afoforo nso kyerɛɛ wɔn adwene ɔkwan foforo so. Nanso wɔannyina wɔn nkate so anyɛ ade. Bere a wɔkasakasaa pii wiei no, asomafo Petro ne Paulo kaa sɛnkyerɛnne a na Yehowa ayɛ wɔ momonotofo no mu no ho asɛm kyerɛe. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn ahwie honhom kronkron agu Amanaman mufo momonotofo no so. Saa kwan no so no, wobisae sɛ: ‘So Kristofo asafo no betumi apo wɔn a Onyankopɔn agye wɔn atom no ma afata?’ Afei osuani Yakobo kenkan kyerɛwsɛm bi a ɛboaa wɔn a na wɔwɔ hɔ no ma wɔtee Yehowa apɛde wɔ asɛm no ho ase.—Asomafo no Nnwuma 15:4-17.

11. Dɛn na wɔannyina so ansi twetiatwa ho gyinae no, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yehowa nhyira wɔ gyinaesi no so?

11 Afei na obiara rehwɛ gyinae a sodikuw no besi. So na Yudafo a wɔyɛ no bɛma wɔadan asɛm no ani abua sɛ wontwa twetia? Dabi. Ná saa mmarima anokwafo yi asi wɔn bo sɛ wobedi nea Kyerɛwnsɛm no ka ne Onyankopɔn honhom kronkron akwankyerɛ akyi. Bere a wotiee adanse a ɛho hia nyinaa wiei no, sodikuw no de adwenkoro gye toom sɛ ɛho nhia sɛ wotwa Amanaman mufo Kristofo no twetia ma wɔbɛhyɛ Mose Mmara no ase. Bere a anuanom no tee gyinaesi no, wodii ahurusi, na asafo horow no “kɔɔ so dɔe daa.” Wɔde Kyerɛwnsɛm mu mmuae a ɛwɔ nnyinaso pa maa saa Kristofo a wogyee teokrase akwankyerɛ a emu da hɔ toom no. (Asomafo no Nnwuma 15:19-23, 28, 29; 16:1-5) Nanso, na asɛmmisa a ɛho hia bi da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wobua.

Na Yudafo Kristofo no Nso Ɛ?

12. Asɛmmisa bɛn na wɔammua?

12 Ná sodikuw no akyerɛ pefee sɛ ɛho nhia sɛ wotwa Amanaman mufo Kristofo no twetia. Na Yudafo Kristofo no nso ɛ? Sodikuw no anhyɛ da ammua saa asɛmmisa no wɔ wɔn gyinaesi no mu.

13. Dɛn nti na na ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛka sɛ ɛsɛ sɛ obi di Mose Mmara no so ansa na wanya nkwagye?

13 Yudafo Kristofo binom a na “wɔbɔ mmara no ho mmɔden” no kɔɔ so twaa wɔn mma twetia na wodii Mmara no mu nsɛntitiriw bi so. (Asomafo no Nnwuma 21:20) Afoforo nso yɛɛ ade kɔɔ akyiri, wɔhyɛɛ katee mpo sɛ ɛsɛ sɛ Yudafo Kristofo di Mmara no so ansa na wɔagye wɔn nkwa. Wodii mfomso kɛse wɔ eyi mu. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ dɛn na na Kristoni de aboa bɛbɔ afɔre de apata ama ne bɔne? Ná Kristo afɔrebɔ no ama afɔrebɔ a ɛtete saa no abɛyɛ nea ne bere atwam. Mmara no fa a na ɛhwehwɛ sɛ Yudafo kwati sɛ wɔne Amanaman mufo bɛbɔ fekuw denneennen no nso ɛ? Ná ɛbɛyɛ den paa ama Kristofo asɛmpakafo a wɔyɛ nsi no sɛ wobedi saa anohyeto horow no so na bere koro no ara no wɔadi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnkyerɛkyerɛ Amanaman mufo no nea Yesu ahyɛ wɔn nyinaa no so. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8; 10:28) * Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ sodikuw no kyerɛkyerɛɛ saa asɛm no mu wɔ nhyiam a wɔyɛe no bi ase. Nanso, wɔannyaw asafo no saa ara a wɔamma wɔn mmoa biara.

14. Akwankyerɛ a ɛfa Mmara no ho bɛn na Paulo nkrataa a efi honhom mu no de mae?

14 Wonyaa akwankyerɛ a na ɛnyɛ krataa a efi sodikuw no hɔ, na mmom wɔ nkrataa ahorow a efi honhom mu a asomafo no kyerɛwee mu. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo de nkrasɛm a tumi wom kɔmaa Yudafo ne Amanaman mufo a wɔte Roma no. Wɔ krataa a ɔde kɔmaa wɔn mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yudani ankasa “ne nea ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ne nea wɔayɛ no komam, wɔ honhom mu.” (Romafo 2:28, 29) Wɔ krataa koro no ara mu no, Paulo de mfatoho bi dii dwuma de kyerɛe sɛ Kristofo nni Mmara no ase bio. Ɔkae sɛ ɔbea biako ntumi nware mmarima baanu wɔ bere koro mu. Nanso, sɛ ne kunu wu a, ɔde ne ho sɛ ɔbɛware foforo. Afei Paulo kyerɛkyerɛɛ mfatoho no mu, na ɔkyerɛe sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ntumi nhyɛ Mose Mmara no ase na wɔnsan nso nyɛ Kristo de wɔ bere koro mu. Ná ɛsɛ sɛ ‘wokum wɔn ma Mmara’ no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi apata wɔne Kristo abom.—Romafo 7:1- 5.

Wɔante Ase Ntɛm

15, 16. Dɛn nti na Yudafo Kristofo binom ante Mmara no ho asɛm no ase, na dɛn na eyi kyerɛ yɛn wɔ hia a ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ honhom fam no ho?

15 Na adwene mu naayɛ biara nni nkyerɛkyerɛmu a Paulo de mae wɔ Mmara no ho no mu. Afei, ɛyɛɛ dɛn na Yudafo Kristofo binom ante asɛm no ase? Ade biako ne sɛ, na wonni honhom fam nhumu. Sɛ nhwɛso no, wɔtotoo honhom fam aduan a ɛyɛ den a wobedi no ase. (Hebrifo 5:11-14) Afei nso na wɔntaa nkɔ Kristofo nhyiam ahorow. (Hebrifo 10:23-25) Ade foforo nti a ebia ebinom ante asɛm no ase nso befi sɛnea na Mmara no te ankasa no. Na egyina nneɛma a wotumi hu, ɛka wɔn, na wotumi so mu, te sɛ asɔrefie no ne asɔfodi so. Na ɛyɛ mmerɛw ma obi a ne honhom fam gyinabea nye sɛ obegye Mmara no atom sen sɛ ɔbɛbata Kristosom mu nnyinasosɛm a emu dɔ a ennyina nneɛma a wɔde wɔn ani hu so ho.—2 Korintofo 4:18.

16 Paulo kaa biribi foforo nti a na ebinom a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no ani gye sɛ wobedi Mmara no so no ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Galatifo no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na saa mmarima yi pɛ sɛ wohu wɔn sɛ wɔn a wɔfata obu, ne ɔsom a nnipa dodow no ara gye tom no mufo. Sɛ anka wɔbɛda nsow wɔ mpɔtam a wɔte sɛ Kristofo no, ɛkame ayɛ sɛ na wɔpɛ sɛ wogyae wɔn ho mu ma biribiara na ama wɔatumi ne ɔmanfo no abɔ. Na wɔn ani gye ho kɛse sɛ wɔbɛsɔ nnipa ani sen sɛ wobenya Onyankopɔn anim dom.—Galatifo 6:12.

17. Bere bɛn na Mmara no so di ho adwene a ɛfata no mu bɛdaa hɔ fann?

17 Kristofo a wɔwɔ nhumu a wɔde ahwɛyiye suaa nsɛm a Paulo kyerɛwee a efi honhom mu ne nea afoforo kyerɛwee no tee Mmara no ase yiye. Nanso, ɛyɛ afe 70 Y.B. mu ansa na Yudafo Kristofo no nyinaa rebenya Mose Mmara no ho adwene a ɛfata a emu da hɔ fann. Eyi bae bere a Onyankopɔn maa wɔsɛee Yerusalem, n’asɔrefie, ne kyerɛwtohɔ horow a ɛfa n’asɔfodi ho no. Eyi ma ɛbɛyɛɛ nea entumi nyɛ yiye sɛ obi betumi adi Mmara no afã horow nyinaa so.

Asuade no a Yɛde Bedi Dwuma Nnɛ

18, 19. (a) Su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yenya na su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati na ama yɛn ho akɔ so ayɛ den honhom fam? (b) Dɛn na nhwɛso a Paulo yɛe no kyerɛ yɛn wɔ akwankyerɛ a yenya fi anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa hɔ a yebedi akyi no ho? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 24 no.)

18 Bere a woasusuw saa nsɛm a esisii tete yi ho awie no, ebia woreka wɔ wo tirim sɛ: ‘Sɛ na mewɔ hɔ saa bere no a, ɔkwan bɛn so na anka mɛyɛ m’ade bere a na Onyankopɔn apɛde reda adi nkakrankakra no? So anka mekura tete adwene a na ɛwɔ Mmara no ho mu katee? Anaasɛ anka menya abotare atwɛn akosi sɛ Mmara no ho ntease pa bɛda adi? Na bere a ɛbɛdaa adi no, so anka mifi koma nyinaa mu begye atom?’

19 Nokwarem no, yentumi nhu sɛnea anka yɛbɛyɛ yɛn ade saa bere no. Nanso yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na meyɛ m’ade bere a wɔde Bible mu ntease ho nkyerɛkyerɛmu ahorow a emu da hɔ ma nnɛ no? (Mateo 24:45) Sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ ma a, so mebɔ mmɔden de yɛ adwuma, a ɛnyɛ mmara no mu nsɛm nkutoo na mehwɛ na mmom nea ɛkyerɛ nso? (1 Korintofo 14:20) So mede boasetɔ twɛn Yehowa bere a ɛte sɛ nea nsɛmmisa bi a ɛhaw me ho mmuae mma ntɛm no?’ Ɛho hia sɛ yɛde honhom fam aduan a ɛwɔ hɔ nnɛ no di dwuma nyansam, na amma “yɛansiane ho da bi.” (Hebrifo 2:1) Sɛ Yehowa nam N’asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde so de akwankyerɛ ma a, momma yentie no yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa de asetra a enni awiei a anigye ne akomatɔyam wom behyira yɛn.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Bere a Petro kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no, ɔne Amanaman mufo a wɔyɛ gyidifo no nyaa fekubɔ a ɔdɔ wom. Nanso, bere a Yudafo Kristofo fi Yerusalem bae no, “ɔtwee ne ho tew ne ho fii wɔn ho, efisɛ osuro wɔn a wofi twetiafo mu no.” Yebetumi asusuw sɛnea asɛm no bɛyɛ Amanaman mufo a wɔasakra no yaw bere a ɔsomafo a wobu no yiye no ne wɔn annidi no.—Galatifo 2:11-13.

Wubebua Dɛn?

• Ntease bɛn mu na na Mose Mmara no te sɛ ‘ɔyɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan’?

• Wobɛkyerɛkyerɛ sɛnea Petro ne “wɔn a wɔyɛ twetiafo” yɛɛ wɔn ade wɔ nsakrae a ɛma wɔte nokware no ase no ho mu dɛn?

• Dɛn na woasua wɔ ɔkwan a Yehowa fa so da nokware no adi nnɛ no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]

Paulo Fi Ahobrɛase Mu Gyinaa Sɔhwɛ Bi Ano

Wɔ Paulo asɛmpatrɛw adwuma a ɛyɛ anigye akyi no, ɔkɔɔ Yerusalem wɔ afe 56 Y.B. mu. Ná sɔhwɛ bi da hɔ retwɛn no. Na asafo no ate sɛ ɔrekyerɛkyerɛ sɛ wɔayi Mmara no asi nkyɛn. Na mpanyimfo no suro sɛ Mmara no ho asɛm a Paulo ka no penpen no bɛto Yudafo a wɔasakra abɛyɛ Kristofo foforo no hintidua ma ebia wɔbɛka sɛ Kristofo mmu Yehowa nhyehyɛe. Na Yudafo Kristofo baanan wɔ asafo no mu a na wɔahyɛ bɔ, ebia ahotua ho bɔhyɛ. Na ɛsɛ sɛ wɔkɔ asɔrefie hɔ kowie bɔhyɛ no ho ahwehwɛde nyinaa.

Mpanyimfo no ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔne baanan no nkɔ asɔrefie hɔ na ontua wɔn ho aka. Anyɛ yiye koraa no na Paulo akyerɛw nkrataa abien a efi honhom mu ma waka wom sɛ nkwagye nnyina Mmara no a obi bedi so no so. Nanso, osusuw afoforo ahonim ho. Na wadi kan akyerɛw sɛ: “Wɔn a wɔwɔ mmara ase no . . . meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no.” (1 Korintofo 9:20-23) Ɛmfa ho sɛ na Paulo rennyae ne ho mu da wɔ baabi a ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm di dwuma no, ɔtee nka sɛ obetumi agye nyansahyɛ a efi mpanyimfo no hɔ no atom. (Asomafo no Nnwuma 21:15-26) Na ɛnyɛ mfomso sɛ ɔbɛyɛ saa. Na nhyehyɛe a ɛwɔ bɔhyɛ ahorow no ho nyinaa gyina Kyerɛwnsɛm no so, na na wɔde ɔsom kronn ma wɔ asɔrefie hɔ, ɛnyɛ abosonsom. Afei, esiane sɛ na Paulo mpɛ sɛ ɔbɛto afoforo hintidua nti, ɔyɛɛ nea mpanyimfo no kae no. (1 Korintofo 8:13) Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo daa ahobrɛase kɛse adi wɔ eyi mu, adeyɛ a ɛma anisɔ a yɛwɔ ma no no mu yɛ den.

[Mfonini wɔ kratafa 22, 23]

Mose Mmara no ho adwene a ɛsonsono kɔɔ so wɔ Kristofo mu mfe pii