Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã A Manya Wɔ Wiase Nyinaa Bible Nkyerɛkyerɛ Nkɔso Mu

Ɔfã A Manya Wɔ Wiase Nyinaa Bible Nkyerɛkyerɛ Nkɔso Mu

Asetram Nsɛm

Ɔfã A Manya Wɔ Wiase Nyinaa Bible Nkyerɛkyerɛ Nkɔso Mu

SƐNEA ROBERT NISBET KA KYERƐE

Swaziland hene Sobhuza II gyee me ne me nua George fɛw so wɔ n’ahemfie hɔ. Ná afe no yɛ 1936, nanso meda so ara kae yɛn nkɔmmɔbɔ no yiye. Nea ɛyɛe a me ne ɔhene bi bɔɔ nkɔmmɔ kɔɔ akyiri yi nyinaa ka kyɛfa a manya wɔ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi mu bere tenten no ho. Seesei a madi mfe 95 wɔ asetra mu no, mede anigye kaakae ɔfã a manya wɔ saa adwuma, a ɛde me kɔɔ nsasepɔn anum so no mu.

NE NYINAA fii ase wɔ 1925 mu bere a owura bi a ɔtɔn tii a wɔfrɛ no Dobson fii ase srasraa yɛn abusua wɔ Edinburgh, Scotland no. Na aka kakra ma madi mfe aduonu, na na misua sɛnea wɔfra nnuru. Ɛwom sɛ na minnyinii pii de, nanso na nsakrae titiriw a 1914-18 wiase ko no de aba mmusua ne nkurɔfo nyamesom mu no ho asɛm hia me. Wɔ Owura Dobson nsrahwɛ no biako mu no, ogyaw The Divine Plan of the Ages nhoma no maa yɛn. Ná ɛte sɛ nea ntease wɔ sɛnea wɔakyerɛkyerɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi a ɔwɔ “nhyehyɛe” pɔtee bi ho asɛm no mu, na na ɛne Onyankopɔn a na mepɛ sɛ mesom no no hyia.

Ankyɛ na me ne Maame fii ase kɔɔ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no nhyiam ahorow no bi. Wɔ September 1926 mu no, me ne Maame nyinaa de nsu mu asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ nhyiam bi ase wɔ Glasgow. Wɔmaa asubɔfo no mu biara atade tenten bi a ekosi ne nan ase sɛ ɔnhyɛ ngu atade a wɔde guare no so. Saa bere no na wobu eyi sɛ atade a ɛfata ma adeyɛ a anibere wom saa no.

Wɔ saa mmere no mu no, ɛho behiae sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ ntease a na yɛwɔ wɔ nsɛm pii mu no ho. Ná ɛkame ayɛ sɛ asafo no mufo nyinaa di Buronya. Na wɔn mu kakraa bi pɛ na wɔkɔ asɛnka. Na mpanyimfo no bi mpo kasa tia nhoma a na yɛkyekyɛ no Kwasida no, efisɛ na wɔte nka sɛ ɛto Homeda mmara. Nanso, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ɛbae wɔ 1925 mu no fii ase kaa kyerɛw nsɛm te sɛ Marko 13:10 ho nsɛm pii: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.”

Ná wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa wiase nyinaa adwuma no? Bere a edi kan a mesɔɔ afie afie asɛnka hwɛe no, nea meka kyerɛɛ ofiewura no ara ne sɛ metɔn nyamesom nhoma ahorow a ɛyɛ anigye, na mede The Harp of God, nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ ahorow du a ɛho hia mu, a wɔde toto nhama du a ɛwɔ sanku so ho no maa no. Akyiri yi wɔmaa yɛn adansedi krataa, a wɔakyerɛw asɛm tiawa bi wɔ so a ofiewura no bɛkenkan. Afei nso yɛde kasa a wɔde simma anan ne fã ama a wɔakyere agu apaawa so a na yetumi bɔ wɔ gramafon ketewa bi so dii dwuma. Na mfiri yi a wodii kan yɛe no mu yɛ duru, nanso akyiri yi de a wɔyɛe no de na emu yɛ hare kakra, na na wotumi de bi mpo si hɔ wɔ ne tenten mu bɔ.

Efi 1925 rekɔ 1930 mfe no mu no, yɛyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ ɔkwan a na eye sen biara a yebetumi ayɛ so. Afei, wɔ 1940 mfiase mu no, wɔhyehyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ asafo ahorow nyinaa mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛn ankasa nka Ahenni nkrasɛm no denam afiewuranom a wobetie a na yɛne wɔn bɛkasa tẽẽ so. Afei nso yesuaa hia a na ehia sɛ yɛne anigyefo bɛyɛ ofie Bible adesua no. Wɔ ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ na eyi ne nnɛyi wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no mfiase.

Nkuranhyɛ a Efi Onua Rutherford Hɔ

Ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛyɛ pii wɔ nkyerɛkyerɛ adwuma no mu no maa mede me ho hyɛɛ bere nyinaa akwampae som adwuma no mu wɔ 1931 mu. Ná ɛsɛ sɛ mifi ase wɔ ɔmantam nhyiam bi a yɛbɛyɛ wɔ London no akyi pɛɛ. Nanso, awia ahomegye bere biako mu no, Onua Joseph Rutherford a na ɔhwɛ adwuma no so saa bere no kae sɛ ɔne me bɛkasa. Ná wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛma ɔkwampaefo bi akɔ Afrika. Obisae sɛ: “Wobɛpɛ sɛ wokɔ?” Ɛwom sɛ efuw me mu de, nanso mitumi sii no pi sɛ: “Yiw, mɛkɔ.”

Wɔ saa mmere no mu no, na yɛn atirimpɔw titiriw ne sɛ yɛbɛkyekyɛ Bible ho nhoma dodow biara a yebetumi, na na ɛno bɛhwehwɛ sɛ yetu kwan bere nyinaa. Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ so nni sigya, sɛnea na anuanom a wodi anim a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa saa bere no dodow no ara yɛ no. M’asasesin no fii ase wɔ Cape Town a ɛwɔ Afrika anafo fam, na ɛtrɛw faa asasepɔn no apuei fam, a na India Po no nsupɔw a ɛwɔ mpoano no ka ho. Na ɛsɛ sɛ mitu kwan fa Kalahari Anhweatam no anhwea hyehyew no so kɔ Nil Asubɔnten no ti wɔ Ɔtare Victoria ano de kɔ atɔe fam hye no so. Ná ɛsɛ sɛ afe biara me ne me yɔnko dwumayɛni no di asram asia wɔ Afrika aman a ɛwɔ asasesin kɛse yi mu biako anaa nea ɛboro saa mu.

Honhom Fam Ahonyade Nnaka Ahanu

Bere a miduu Cape Town no, wɔde nhoma nnaka 200 a na ɛsɛ sɛ ɛkɔ Afrika Apuei fam kyerɛɛ me. Ná wɔatintim nhoma no wɔ Europa kasa anan ne Asia kasa anan mu, nanso na emu biara nni Afrika kasa horow no mu. Bere a mibisaa nea enti a nhoma yi nyinaa wɔ hɔ ansa na mibeduu hɔ mpo no, wɔka kyerɛɛ me sɛ na anka ɛyɛ Frank ne Gray Smith, akwampaefo baanu a wɔkɔɔ Kenya nnansa yi sɛ wɔrekɔka asɛm no dea. Woduu Kenya no ankyɛ koraa na wɔn nyinaa nyaa atiridiinini, na awerɛhosɛm ne sɛ Frank wui.

Ɛwom sɛ na asɛm no haw adwene de, nanso ammu m’abam. Me ne me hokafo David Norman, faa po so hyɛn fii Cape Town kɔɔ yɛn dwumadi a edi kan so wɔ Tanzania a na kwan no tenten bɛyɛ kilomita 5,000. Obi a ɔhwɛ akwantu ho nsɛm so wɔ Mombasa, Kenya no, hwɛɛ yɛn nhoma no so maa yɛn na ɔde nhoma nnaka kɔɔ baabiara a na yɛpɛ maa yɛn. Mfiase no, yedii adanse wɔ mmeae a na wɔyɛ nnwuma—sotɔɔ ne adwumayɛdan ahorow mu—wɔ kurow biara mu. Ná yɛde nhoma horow 9 ne nhomawa horow 11 na ɛbom ma, na esiane sɛ na ekura kɔla horow nti wɔbɛfrɛɛ no nyankontɔn nhoma.

Nea edi hɔ no, yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ Zanzibar supɔw, a ɛyɛ bɛyɛ kilomita 30 fi mpoano apuei fam no so. Mfehaha pii a atwam no, na Zanzibar yɛ beae titiriw a wɔtɔ nkoa nanso na pɛprɛ a yetumi te ne hua wɔ kurow no mu baabiara no nso agye din. Esiane sɛ obiara si dan wɔ baabiara a ɔpɛ nti, na ɛyɛ den kakra ma yɛn sɛ yebehu akwan no. Ná akwan no akontɔn na akyeakyea basaa ma enti na ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyera kwan. Ná ahɔhodan a yɛte mu no ye ara de, nanso na wɔde nnadewa abobɔ apon no ho, na n’afasu no yɛ pipirii, ma enti na ɛsɛ afiasedan mmom sen ahɔhodan. Nanso, yɛsow aba pa wɔ hɔ na yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ Arabfo, Indiafo, ne afoforo fi wɔn pɛ mu gyee yɛn nhoma no.

Keteke, Ahyɛmma, ne Kar Ahorow

Saa mmere no mu no, na Afrika Apuei fam akwantu nna fam. Sɛ nhwɛso no, bere a yefi Mombasa rekɔ Kenya mmepɔw nsase so no, mmoadabi dɔm bi maa yɛn keteke no gyinae. Mmoadabi ɔpepem pii kataa asase no ne keteke kwan no so, na ɛmaa ɛso yɛɛ toro dodo sɛ keteke no ntwahonan no betwa ne ho. Nea na ebetumi aboa ara ne sɛ wɔde nsuɔhyew a adɔ paa a efi keteke no mu bedi keteke no anim de ahohoro kwan no so. Saa kwan yi so no, yetumi kɔɔ nkakrankakra kosii sɛ awiei koraa no yetumi faa mmoadabi dɔm no mu kɔe. Na hwɛ sɛnea yenyaa abotɔyam bere a keteke no fii ase foroo mmepɔw no na mmepɔw no so mframa a ɛyɛ nwini faa yɛn ho no!

Bere a na yebetumi de keteke ne ahyɛmma akɔ nkurow a ɛda mpoano mu no, na nea eye sen biara ne sɛ yɛbɛfa kar akɔ nkuraa no ase. Bere a me nuabarima George bɛkaa me ho no m’ani gyei, efisɛ saa bere no yetumi tɔɔ kar kɛse a emu so, a yebetumi de mpa asisi mu, anya gyaade, adekoradan, ne mfɛnsere a ɛremma ntontom mma mu. Yɛde akasam nso sisii atifi. Yesiesiee mu wiei no, sɛ ade kye a na yetumi yɛ afie afie asɛnka, na sɛ edu anwummere a, yɛto nsa frɛ nkurɔfo ma wobetie ɔkasa a na yɛma wɔ mmeae a wodi gua no. Apaawa a na yɛtaa bɔ paa ne “Is Hell Hot?” (So Hell Yɛ Hyew?) Yɛde yɛn “fie a esi kar so” no tuu kwan biako a ne tenten yɛ kilomita 3,000 fii South Africa kɔɔ Kenya, na na ɛyɛ yɛn anigye saa bere yi sɛ yɛanya nhomawa ahorow ahorow wɔ Afrika kasa horow pii mu, a ɛhɔfo no de anigye gyei wɔ yɛn hɔ.

Osuahu a ɛyɛ anika a yenyae ne sɛ wɔ akwantu a ɛtete sɛɛ mu no, na yetumi hu Afrika wuram mmoa pii. Ɛwom, yɛn ahobammɔ nti, sɛ esum ba a na yɛtra kar no mu, nanso na ɛhyɛ gyidi den sɛ yehuu mmoa ahorow a wɔte sɛɛ a Yehowa abɔ wɔn a wɔte wuram no.

Ɔsɔretia Fi Ase

Bere a na yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ mmoa a wɔyɛ keka ho no, na yɛrentumi mfa eyi ntoto nea na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yehyia aban mpanyimfo ne nyamesom akannifo binom a wɔn bo afuw a wofii ase sɔre tiaa yɛn Ahenni asɛnka adwuma no pefee no ho koraa. Ɔhaw titiriw biako a na ɛsɛ sɛ yɛko tia ne ɔbarima onuɔdenfo bi a na ɔfrɛ ne ho Mwana Lesa, a ɛkyerɛ “Onyankopɔn Ba,” ne ne kuw a wɔfrɛ wɔn Kitawala, a awerɛhosɛm ne sɛ ɛkyerɛ “Ɔwɛn Aban” no. Bere bi a abɛsen kɔ ansa na yɛredu hɔ no, na onipa yi ama nsu afa Afrikafo pii bere a na ɔkyerɛ sɛ ɔrebɔ wɔn asu no. Awiei koraa no wɔkyeree no sɛn no. Akyiri yi, minyaa hokwan ne nea ɔsɛn Mwana Lesa no kasae na mekyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ no sɛ saa ɔbarima no ne yɛn Ɔwɛn Aban Asafo no nni twaka biara.

Wontwiwontwi baa yɛne Europafo a na wɔwɔ hɔ no pii a esiane sikasɛm nti na wɔn ani nnye yɛn nkyerɛkyerɛ adwuma no ho no ntam. Adekoradan adwuma sohwɛfo biako nwiinwii sɛ: “Sɛ oburoni bɛkɔ so atra ɔman yi mu a, ɛnsɛ sɛ Afrikani hu ɔkwan a ɔfa so nya ne ho mfaso no akyi.” Esiane asɛm koro yi ara ho nti, ɔpanyin a ɔda adwumakuw bi a wotu sika kɔkɔɔ ano no hyɛɛ me katee sɛ mimfi n’adwumayɛdan mu nkɔ. Afei ɔde abufuw dii m’akyi de me kɔɔ kwan ho.

Awiei koraa no, Rhodesia (mprempren Zimbabwe) aban no hyɛɛ yɛn sɛ yemfi ɔman no mu, a na akyinnye biara nni ho sɛ nyamesom ne aguadi asɔretiafo no na wɔhyɛ akyi kɛse. Yɛde asɛm yi kɔdan aban no na wɔmaa yɛn hokwan sɛ sɛ yɛrenka asɛm no nkyerɛ Afrikafo a, ɛnde yebetumi atra hɔ. Nea mpanyimfo no biako kae ne sɛ yɛn nhoma no “ne Afrikafo adwene nhyia.” Nanso, wɔ aman foforo so no, biribiara ansiw yɛn nkyerɛkyerɛ adwuma no kwan wɔ Afrikafo mu, na wogyee yɛn fɛw so mpo. Ná aman yi mu biako ne Swaziland.

Ɔhene Bi Gye Yɛn Fɛw so Wɔ Swaziland

Swaziland yɛ ɔman ketewa bi a ɛwɔ South Africa a wɔn ankasa di wɔn ho so, na ne kɛse yɛ kilomita ahinanan 17,364. Ɛha na yehyiaa Ɔhene Sobhuza II a ne kasa mu da hɔ yiye a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no. Ná ɔte Engiresi kasa a osuae bere a na ɔkɔ Britain sukuupɔn bi no yiye. Bere a na ɔnhyɛ n’ahentade no, ɔde anigye maa yɛn akwaaba.

Na nkɔmmɔ a yɛne no bɔe no gyina Paradise asase a Onyankopɔn ahyehyɛ ama nnipa komapafo no so. Ɛmfa ho sɛ na n’ani nnye saa asɛm no ho kɛse no, ɔdaa no adi sɛ asɛm bi a ɛte sɛ ɛno ara wɔ n’adwenem. Ná ɔhene no de asi n’ani so sɛ ɔbɛma ahiafo ne wɔn a wonnim nhoma no asetra atu mpɔn. Ná n’ani nnye Kristoman asɛmpatrɛwfo no ho, na ohu wɔn sɛ nnipa dodow a wobenya wɔn wɔ asɔre no mu ho hia wɔn sen sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ade. Nanso, na ɔhene no nim adwuma a yɛn akwampaefo no pii yɛ no, na ɔkamfoo yɛn wɔ yɛn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no ho, titiriw esiane sɛ na yefi yɛn pɛ mu yɛ a yɛnhwehwɛ akatua anaa biribi foforo biara nti no.

Bible Nkyerɛkyerɛ Nya Nkɔso Ntɛmntɛm

Wɔ 1943 mu no wɔhyehyɛɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔde bɛtete asɛmpatrɛwfo. Wɔtwee adwene sii boa a yɛbɛsan akɔboa wɔn a wɔkyerɛɛ anigye mmom so titiriw sen sɛ yɛde yɛn adwene besi Bible ho nhoma a yɛbɛkyekyɛ so. Wɔ 1950 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne George sɛ yɛnkɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 16 no bi. Ɛha na midii kan hyiaa Jean Hyde, Australiani onuawa bi a ɔwɔ ahofama a wɔmaa no asɛmpatrɛw dwumadi wɔ Japan bere a yɛn baanu nyinaa wiee sukuu akyi no. Ná sigyadi da so ara wɔ so saa bere no paa, enti yɛn adamfofa no ankɔ akyiri biara.

Wɔ yɛn Gilead ntetee akyi no, me ne George nyaa asɛmpatrɛw dwumadi wɔ Mauritius, supɔw bi a ɛwɔ India Po no so. Yɛfaa nnipa a wɔwɔ hɔ no nnamfo, suaa wɔn kasa, ne wɔn yɛɛ ofie Bible adesua ahorow. Akyiri yi, me nuabarima kumaa William ne ne yere Muriel nso wiee Gilead. Wɔde wɔn kɔɔ me kan asɛnka asasesin mu—Kenya.

Mfe awotwe twaam ntɛmntɛm, na afei, wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York wɔ 1958 ase no, me ne Jean Hyde hyiae bio. Yɛsan fii yɛn adamfofa no ase na yɛyɛɛ aware nhyehyɛe. Wɔsesaa m’asɛmpatrɛw dwumadi no fii Mauritius kɔɔ Japan, na me ne Jean waree wɔ 1959 mu wɔ hɔ. Afei yefii asɛmpatrɛw adwuma a ɛyɛ anigye paa ase wɔ Hiroshima, a saa bere no na asafo ketewa biako na ɛwɔ hɔ no. Ɛnnɛ, asafo ahorow 36 na ɛwɔ kuropɔn no mu.

Yɛne Japan Dii Nkra

Bere kɔɔ so no, yɛn baanu nyinaa akwahosan ho nsɛm fii ase maa yɛn asɛmpatrɛw adwuma no yɛɛ den kɛse, na awiei koraa no ɛho behiae sɛ yefi Japan na yɛkɔtra Jean kurom wɔ Australia. Da a yefii Hiroshima no yɛɛ awerɛhow da. Wɔ keteke gyinabea hɔ no, yɛne yɛn nnamfonom a yɛdɔ wɔn paa no nyinaa dii nkra.

Seesei yɛte Australia, na yɛkɔ so ne Armidale Asafo a ɛwɔ New South Wales kuropɔn mu no som Yehowa sɛnea yɛn ahoɔden ma yɛn kwan biara. Hwɛ anigye ara a ayɛ sɛ bɛyɛ mfe aduɔwɔtwe ni, yɛaka Kristofo nokware a ɛsom bo no ho asɛm akyerɛ nnipa pii! Mahu nkɔanim a Bible nkyerɛkyerɛ dwumadi a ɛyɛ nwonwa no anya, na m’ankasa de m’ani ahu honhom fam nsɛm atitiriw a asisi. Onipa biara anaa nnipakuw bi ntumi nnye eyi ho anuonyam. Nokwarem no, sɛ yɛbɛfa odwontofo no nsɛm aka a, ‘Yehowa ankasa na ɔmaa eyi yɛe; ɛyɛ nwonwa, yɛn ani so.’—Dwom 118:23.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Me nuabarima George wɔ yɛn fie a esi kar so no ho

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Me wɔ Ɔtare Victoria ho

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ntoaso sukuu adesuafo a wɔbaa baguam ɔkasa ase wɔ Swaziland wɔ 1938 mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Me ne Jean wɔ yɛn ayeforohyia da wɔ 1959 mu ne nnɛ