Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛnnibea Kunini Taa Nokware som Akyi Wɔ “Ararat Asase” So

Asɛnnibea Kunini Taa Nokware som Akyi Wɔ “Ararat Asase” So

Asɛnnibea Kunini Taa Nokware som Akyi Wɔ “Ararat Asase” So

Armeniani agya bi a w’afuw dwen na ɔwɔ mma baasa gyina ne man mu asɛnnibea kunini anim. Ɔne ne mfɛfo gyidifo bebree ahofadi da asiane mu. Asɛnnibea no tie no bere a ɔfa Bible mu nsɛm ka de kyerɛkyerɛ ne gyidi ahorow mu no. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea saa asɛnni yi kowiee nkonimdi kɛse mu maa nokware som wɔ saa asase no so no, momma yɛnhwehwɛ nneɛma a ɛkɔfa bae no mu nhwɛ.

ARMENIA da Turkey apuei fam na ɛwɔ Caucasus mmepɔw akɛse no kusuu fam pɛɛ. Emu nnipa boro ɔpepem abiɛsa. N’ahenkurow, Yerevan, mu na Bepɔw Ararat ho mmepɔw a ɛkorɔn abien wɔ, baabi a sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Noa adaka no kosii wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no akyi no.—Genesis 8:4. *

Yehowa Adansefo ayɛ wɔn Kristofo adwuma no wɔ Armenia fi 1975 mu. Bere a Armenia nyaa ahofadi fii kan Soviet Union nsam wɔ 1991 mu no, wɔtew Ɔman Bagua a Ɛhwɛ Ɔsom Ho Nsɛm So sɛ wɔmfa nyamesom ahyehyɛde ahorow no nhyɛ mmara ase. Nanso, saa bagua yi akɔ so apo sɛ wɔde Yehowa Adansefo bɛhyɛ mmara ase, na nea enti a ɛte saa titiriw no fi ɔfã biara a Kristofo nni ho ɔsɛmpɔw no. Ne saa nti, efi 1991 no, Adansefo nkumaa a wɔwɔ Armenia bɛboro 100 na wɔabu wɔn fɔ, na wɔ nsɛm dodow no ara mu no, wɔde wɔn agu afiase esiane wɔn Bible mu gyinabea a ɛfa sraadi ho no nti.

Bagua no srɛɛ aban atemmu dwumadibea no nso sɛ ɛnyɛ Lyova Margaryan, a ɔyɛ Kristoni panyin ne mmaranimfo a ɔyɛ nsi a ɔne ɔman atɔm dwumadibea no yɛ adwuma no som dwumadi mu nhwehwɛmu. Awiei koraa no, wogyinaa Mmara a Ɛto so 244, Soviet mmara bi a atwam a wɔhyɛe wɔ Khrushchev bere so, a na n’atirimpɔw ne sɛ wɔde besiw Yehowa Adansefo ne nyamesom akuw foforo kwan de ayi wɔn afi hɔ koraa no so bɔɔ Onua Margaryan sobo.

Saa mmara no kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛhyehyɛ anaasɛ obedi nyamesom kuw bi anim, a atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ ɔsom mu gyidi ahorow, ‘adaadaa mmabun ma wɔakɔ ɔsom bi a wɔmfa nhyɛɛ mmara ase nhyiam ahorow’ na ‘adaadaa emufo ma wɔapo ɔman nnwuma.’ Nea ɔbɔɔ sobo no twee adwene sii mmofra nkumaa a wɔkɔ nhyiam ahorow a Onua Margaryan hwɛ so wɔ Metsamor kurow mu ase no so de taa n’asɛm no akyi. Nea ɔbɔɔ sobo no san kyerɛe sɛ Onua Margaryan ahyɛ asafo no mu mmabun sɛ mma wɔnnkɔ sraadi.

Asɛnni no Fi Ase

Asɛnni no fii ase Fida, July 20, 2001, wɔ Armavir ɔmantam asɛnnibea, na Ɔtemmufo Manvel Simonyan na ɔtraa guam. Asɛnni no toaa so kosii August mu. Bere a nea ɔbɔɔ sobo no adansefo de wɔn adanse rema no, wogye toom awiei koraa sɛ Ɔman Bammɔ Asoɛe (a kan no na ɛyɛ KGB) no adwumayɛfo hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛw nsɛm bi mfa ntia Onua Margaryan, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔde wɔn nsa hyɛɛ saa nsɛm no ase. Wɔ nhwɛso biako mu no, ɔbea bi gye toom sɛ Bammɔ Asoɛe panyin bi hyɛɛ no sɛ ɔnka sɛ “Yehowa Adansefo sɔre tia yɛn aban no ne yɛn som.” Ɔbea no kae sɛ n’ankasa nnim Yehowa Dansefo biara, na mmom wate sɛ wɔbɔ wɔn sobo wɔ Ɔman television so kɛkɛ.

Bere a eduu Onua Margaryan so sɛ ɔbɛkasa no, ɔkyerɛe sɛ mmofra nkumaa a wɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow no yɛ saa wɔ wɔn awofo akwankyerɛ ase. Ɔsan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sraadi yɛ ankorankoro gyinaesi. Nea ɔbɔɔ sobo no kɔɔ so bisabisaa no nsɛm nnafua pii. Onua Margaryan fi odwo mu de Bible no dii dwuma buaa nsɛmmisa a ɛfa ne gyidi ahorow ho no, na nea ɔbɔɔ sobo no hwɛɛ Kyerɛwnsɛm a onua no twee adwene sii so no wɔ n’ankasa Bible mu.

Wɔ September 18, 2001 no, ɔtemmufo no buu Margaryan “bem,” na ɔkae sɛ “mfomso biara nni” ne dwumadi mu. Wotintim asɛm no ho amanneɛbɔ a ɛka koma wɔ Associated Press amanneɛbɔ mu. Ɛkenkan sɛ: “Wɔabu Yehowa Adansefo a wɔwɔ Armenia no kannifo bi bem nnɛ wɔ sobo a wɔbɔɔ no sɛ ɔma nkurɔfo sakra wɔn som na ɔhyɛ mmabun sɛ mma wɔnnkɔ sraadi no ho. Bere a wodii n’asɛm asram abien akyi no, Asɛnnibea no kae sɛ adanse a edi mu biara nni hɔ a etia ɔkannifo, Levon Markarian [Lyova Margaryan]. Na wɔayɛ sɛ wɔde no bɛto afiase mfe anum. . . . Ɛwom sɛ Armenia Amanyɔ Mmara no ma ɔsom mu ahofadi ho kwan de, nanso ɛyɛ den ma nyamesom akuw foforo sɛ wɔde wɔn bɛhyɛ mmara ase na na mmara no taa Armenia Apostolic Asɔre a agye ntini kɛse no akyi.” Wɔ Organization for Security and Cooperation in Europe (OSCE [Europa Bammɔ ne Biakoyɛ Ahyehyɛde]) akwansosɛm a wɔde too gua wɔ September 18, 2001 mu no, wɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ yɛn ani gye atemmu no ho de, nanso OSCE dwumadibea no kyerɛ sɛ anka ɛnsɛ sɛ wɔbɔ sobo no koraa mpo.”

Asɛnni no Kɔ So

Nanso, wɔn a wɔbɔɔ sobo no de adesrɛ kɔe, na adesrɛ no ho asɛnni dii asram anan bio. Bere a asɛnni no fii ase na eduu Onua Margaryan so sɛ ɔbɛkasa no, ɔtemmufo bi a ɔwɔ asɛnni kuw no mu na obisaa no asɛm a edi kan no. Bere a Onua Margaryan yɛe sɛ ɔrebua no, ɔtemmufo a ɔte guam no bɔɔ n’ano bisaa no nsɛm foforo. Ɛno akyi no, wamma Onua Margaryan ammua asɛmmisa biako mpo anwie. Oguamtrani no yii nsɛmmisa bebree a mmaranimfo a ɔretwitwa agye Adansefo no bisabisaa onua no fii kyerɛwtohɔ no mu no ano a wankyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa. Wɔ asɛnni no mu no, nyamesom akyitaafo a wɔsɔre tia Adansefo a na wɔahyɛ asɛnnibea hɔ ma no kɔɔ so yeyaw Onua Margaryan. Bere a ɔfã no baa awiei no, wɔde asɛnni no ho amanneɛbɔ ahorow a ɛnyɛ nokware na wɔagugu mu too gua wɔ television so, na sɛ nhwɛso no, wɔkae sɛ Onua Margaryan ankasa agye atom sɛ odi fɔ.

Bere a asɛnni no duu mfinimfini no, atemmufo baasa a wɔwɔ kuw a wɔredi asɛm no mu no guamtrani no maa wɔn a wɔwɔ asɛnnibea hɔ no ho dwiriw wɔn bere a ɔde krataa a efi Ɔman Bagua a Ɛhwɛ Ɔsom Ho Nsɛm So hɔ a ɛrekyerɛ atɛnyi dwumadibea no sɛ ɛnyɛ biribi ntia Onua Margaryan kyerɛe no. Saa adeyɛ yi maa wɔn a wofi aman horow so a wɔwɔ asɛnnibea hɔ no ho dwiriw wɔn efisɛ bere a Armenia de adesrɛ kɔe sɛ ɛbɛyɛ Europa Bagua no muni no, ɛkae sɛ ɛwɔ asɛyɛde sɛ “ɛbɛhwɛ sɛ Asɔre ahorow nyinaa anaa nyamesom kuw ahorow, titiriw ɔsom a wɔka wɔn ho asɛm sɛ ‘ennyina atetesɛm so’ no, betumi akɔ so ayɛ wɔn som adwuma a wɔnyɛ nyiyim ntia wɔn.”

Bere a asɛnni no kɔɔ so adapɛn a edi hɔ no, tebea no mu kɔɔ so yɛɛ den. Asɔretiafo no kɔɔ so haw Adansefo no tow hyɛɛ wɔn so wɔ asɛnnibea hɔ ne akyi. Wɔde wɔn anan bobɔɔ Adansefo mmea no anan anim. Bere a obi bɔɔ Ɔdansefo bi na wammua no no, ɔde ade bɔɔ n’akyi ma wɔde no kɔtoo ayaresabea.

Bere kɔɔ so no, wɔpaw atemmufo guamtrani foforo wɔ asɛm no so. Ɛmfa ho mmɔden a atiefo no bi bɔe sɛ wobehunahuna mmaranimfo a ɔretwitwa agye Adansefo no, guamtrani foforo yi dii tebea no ho dwuma, na ɔhyɛɛ polisifo mpo ma wɔpam ɔbea bi a na ɔde nteɛteɛm rehunahuna mmaranimfo a ɔretwitwa agye Adansefo no fii asɛnnibea hɔ.

Wɔde Asɛm no Kɔ Armenia Asɛnnibea Kunini

Awiei koraa, wɔ March 7, 2002 no, asɛnnibea a wɔde asɛm kɔdan no no gyee atɛn a asɛnnibea a edii kan dii asɛm no bui no toom. Anwonwasɛm ne sɛ, da a ade rebɛkye ma wɔde atemmu no ato gua no, woguu Ɔman Bagua a Ɛhwɛ Ɔsom Ho Nsɛm So no. Bio nso, nea ɔbɔɔ sobo no de adesrɛ kɔe wɔ gyinaesi no ho, saa bere yi de ɔde kɔɔ Armenia asɛnnibea kunini hɔ—Cassation Asɛnnibea. Afei nea ɔbɔɔ sobo no srɛɛ Asɛnnibea no sɛ ɛnsan nkɔfa asɛm no nni no foforo mfa “nnan atɛn a ɛmfata a wobui no ani.”

Kuw bi a atemmufo baasia na wɔwom, a Ɔtemmufo Mher Khachatryan ne guamtrani no, hyiaam April 19, 2002, anɔpa 11:00. Bere a wɔn a wɔbɔɔ sobo no biako rekasa no, ɔde abufuw kɛse kasae sɛ asɛnnibea abien a edi kan no ammu Onua Margaryan fɔ. Nanso, saa bere yi de, ɛyɛ nea ɔbɔɔ sobo no na atemmufo no mu baanan twaa nea ɔreka no so bisabisaa no nsɛm anibere so. Ɔtemmufo biako kasa tiaa nea ɔbɔɔ sobo no sɛ ɔrebɔ mmɔden asɛe Asɛnnibea kunini no adwene denam Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no ne wɔn ho a wɔmfa nhyɛɛ mmara ase a ɔde kaa sobo a ɔbɔɔ Onua Margaryan ho no so—bere a Mmara a Ɛto so 244 nka emu biara ho asɛm sɛ ɛyɛ nsɛmmɔnedi no. Enti ɔtemmufo no kaa nea ɔbɔɔ sobo no nneyɛe ho asɛm sɛ “nsɛmmɔnedi a wɔnam so taa nkurɔfo.” Ɔtemmufo foforo kaa nsɛm ahorow a wodii wɔ Europa Asɛnnibea a emu no, wogyee Yehowa Adansefo toom sɛ “ɔsom a wonim wɔn” a ɛsɛ sɛ Europa Nnipa Ahofadi Ho Mmara no bɔ wɔn ho ban. Bere a asɛnni no gu so no, ɔsɔfo bi a ɔwɔ asɛnnibea hɔ teɛɛm sɛ Yehowa Adansefo de mpaapaemu reba ɔman no mu. Asɛnnibea no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ komm.

Afei atemmufo no frɛɛ Lyova Margaryan fii dɔm no mu—ade a asɛnnibea kunini yi nyɛɛ bi da. Onua Margaryan dii adanse pa faa Yehowa Adansefo Kristofo no gyinabea a ɛfa nneɛma pii ho no ho. (Marko 13:9) Bere a Asɛnnibea no susuw nneɛma ho kakra no, wɔde adwenkoro san foaa gyinaesi no so sɛ “onni fɔ.” Wogyaee Onua Margaryan koraa. Bere a Asɛnnibea no rekyerɛw wɔn gyinaesi no, wɔkae sɛ: “Mmara a ɛwɔ hɔ no mmu [Lyova Margaryan] dwumadi yi sɛ nsɛmmɔnedi, na saa sobo yi ne Armenia Amanyɔ Mmara a Ɛto so 23 ne Europa Mmara a Ɛto so 9 no nhyia.”

Nea Efi Gyinaesi no Mu Bae

Sɛ asɔretiafo no dii nkonim wɔ sobo no mu a, anka ɛbɛma wɔne Adansefo mpanyimfo afoforo a wɔwɔ Armenia asafo ahorow mu nyinaa adi no mmara kwan so. Yɛwɔ anidaso sɛ, gyinae a emu da hɔ a Asɛnnibea no sii no besiw ɔhaw a ɛte saa no ano. Sɛ wosii gyinae a ɛmfata a, anka wobetumi agyina ɛno nso so apo sɛ wobegye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara so. Anigyesɛm ne sɛ, seesei Asɛnnibea no ayi atirimpɔw bɔne yi afi hɔ.

Daakye na yebehu sɛ wobegye Yehowa Adansefo a wɔboro 7,000 a wɔwɔ ɔman a ɛte saa yi mu no atom wɔ mmara mu anaa. Ansa na saa bere no bedu no, nokware som rekɔ so, na ɛrenya nkɔanim denneennen wɔ “Ararat asase” so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Eyi yɛ ntease biako a enti Armeniafo de Bepɔw Ararat din kaa wɔn kurow no din ho no. Wɔ tete mmere mu no, na Armenia yɛ ahemman kɛse a saa mmepɔw no ka n’asasesin ho. Enti, wɔ Yesaia 37:38 no, Hela Septuagint nkyerɛase a wɔyɛe wɔ Bible no mu no kyerɛ asɛm “Ararat asase” ase sɛ “Armenia.” Seesei Bepɔw Ararat da Turkey hye so apuei fam.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Lyova Margaryan a wɔredi n’asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Onua Margaryan ne n’abusua