Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—So Morenya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?

Mmabun—So Morenya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?

Mmabun—So Morenya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?

SƐ Hideo hwɛ n’akyi na ɔkae bere a na ɔwɔ ntoaso sukuu no a, ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ na mekɔ Kristofo nhyiam ahorow de, nanso na minni ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛsom Yehowa. Na metaa twa mfonini wɔ m’adwenem sɛ obi a magye din wɔ me mfɛfo sukuufo mu na me ne me mpena reyi akyea wɔ abɔnten so. Na minni botae pɔtee biara, na ná minni ɔpɛ sɛ menya honhom fam nkɔso bi.” Te sɛ Hideo no, ɛte sɛ nea mmabun pii nenam a wonni botae biara, wonni ɔpɛ sɛ wobedu botae ahorow a mfaso wɔ so anaasɛ wobenya nkɔso bi.

Sɛ woyɛ ɔbabun a, ebia w’ani gye yiye wɔ bere a woredi aguma anaa agoru bi no. Nanso, ebia sɛ edu honhom fam nnwuma so a, wonte nka saa. So wubetumi anya honhom fam botae ahorow ho anigye kɛse? Susuw odwontofo no nsɛm yi ho hwɛ: “[Yehowa, NW] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. . . . [Yehowa, NW] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.” (Dwom 19:7, 8) Onyankopɔn Asɛm betumi akyerɛ “ayemfo” kwan ma wayɛ n’ade nyansam, na ama ‘n’ani atew.’ Yiw, wubetumi anya honhom fam nneɛma ho anigye. Nanso dɛn na ehia na ama woate nka saa? Ɛhe na ɛsɛ sɛ wufi ase?

Ma Biribi Nkanyan Wo na Som Onyankopɔn

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ woma biribi kanyan wo. Susuw Yuda hene aberantewaa Yosia asɛm no ho hwɛ. Bere a wohuu Yehowa Mmara nhoma no wɔ asɔrefie hɔ no, Yosia maa wɔkenkanee na nea ɔtee no kaa ne koma yiye. Ne saa nti, “Yosia yiyii akyide no nyinaa fii nsase a ɛyɛ Israelfo de no nyinaa so.” (2 Beresosɛm 34:14-21, 33) Onyankopɔn Asɛm a wɔkenkanee no kanyan Yosia ma ɔyɛɛ pii de pagyaw nokware som.

Sɛ wokenkan Bible no daa na wususuw nea wokenkan no ho a, wo nso wubetumi anya ɔpɛ de asom Yehowa. Ɛno na ɛkanyan Hideo. Ofii ase ne ɔkwampaefo, Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo bi a n’ani afi bɔe kɛse. Ná ɔkwampaefo no yɛ nsi wɔ Bible sua mu, na ɔbɔɔ mmɔden de emu nkyerɛkyerɛ bɔɔ ne bra. Bere a ɔkwampaefo no nhwɛso no hyɛɛ Hideo nkuran kɛse no, ɔno nso fii ase yɛɛ saa, na onyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn ne nnipa foforo. Ne honhom fam nkɔso no maa n’asetra yɛɛ nea atirimpɔw wom.

Bible akenkan a wɔyɛ no daa betumi akanyan mmabun. Takahiro kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere biara a na mɛkae wɔ me mpa so sɛ menyɛɛ me da no Bible akenkan no, na mesɔre kɔkenkan. Ne saa nti, mihuu Yehowa akwankyerɛ. Bible akenkan a meyɛɛ no daa no boaa me kɛse wɔ me honhom fam nkɔso mu. Misii me bo sɛ mɛyɛ pii wɔ Yehowa som adwuma no mu no, mede me ho hyɛɛ daa akwampae adwuma no mu bere a miwiee ntoaso sukuu no. Na m’ani agye ho kɛse.”

Wɔ Bible akenkan akyi no, ade foforo bɛn na ebetumi aboa wo ahyɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wubeyi Yehowa ayɛ no mu den? Tomohiro maame na ɔkyerɛkyerɛɛ no Bible mu nokware no. Ɔka sɛ: “Bere a misuaa Life Does Have a Purpose nhoma no wiei koraa a na madi mfirihyia 19 no ansa na Yehowa dɔ ne Yesu agyede afɔre no reka me koma yiye. Saa anisɔ a minyae wɔ Onyankopɔn dɔ ho no kanyan me ma meyɛɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu.” (2 Korintofo 5:14, 15) Te sɛ Tomohiro no, sɛ mmabun pii de nsi yɛ kokoam Bible adesua a, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wonya honhom fam nkɔso.

Sɛ woyɛ saa mpo na ɛnkaa wo koma ara sɛ som Yehowa nso ɛ? So obi foforo wɔ hɔ a wubetumi adan akɔ ne nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu wɔ nea mopɛ na moyɛ nyinaa mu.” (Filipifo 2:13) Sɛ wobɔ mpae hwehwɛ Yehowa hɔ mmoa a, ɔbɛma wo ne honhom kronkron no kwa, na ɛnyɛ den nko na ɛbɛhyɛ wo ma ‘woayɛ adwuma’ na mmom ɛbɛma woanya ‘ɔpɛ’ nso. Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom kronkron bɛma ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛsen biara wɔ Yehowa som adwuma no mu ayɛ den, na ɛbɛboa wo ma woanyin honhom fam. Sɛnea ɛte biara no, fa wo ho to Yehowa tumi so na hyɛ wo koma den!

Fa W’ankasa Botae Ahorow Sisi W’anim

Sɛ wunya si wo bo sɛ wode wo bere pii bɛsom Yehowa a, ɛsɛ sɛ wode w’ankasa botae ahorow sisi w’anim sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma woanya honhom fam nkɔso. Mana, Kristoni ababaa bi kae sɛ: “Botae ahorow a mede sisii m’anim no boaa me yiye. Sɛ anka mɛsan m’akyi no, mitumi kɔɔ m’anim akokoduru so. Bere a me botae ahorow wɔ me tirim no, mifii komam bɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ, na mitumi nyaa nkɔso a biribiara antwetwe m’adwene.”

Ɛsɛ sɛ botae ahorow no yɛ nea ɛfata ne nea wubetumi adu ho. Bible ti biako a wobɛkenkan no da biara no betumi ayɛ botae a ɛfata. Wubetumi nso afi ase ayɛ nhwehwɛmu. Sɛ yɛde biribi a ɛwɔ Engiresi kasa mu bɛyɛ eyi ho mfatoho a, wubetumi asua Yehowa su ahorow a wɔahyehyɛ wɔ Watch Tower Publications Index mu asɛmti “Jehovah” ase asɛmti ketewaa a ɛne “Qualities by Name” (Su Ahorow a Edin no Gyina Hɔ Ma) ho ade. Nsɛm bɛyɛ 40 wɔ hɔ a wubetumi asusuw ho, na akyinnye biara nni ho sɛ nhwehwɛmu a wobɛyɛ no bɛma woabɛn Yehowa kɛse, na akanyan wo ma woayɛ pii ama no. Botae ahorow foforo a wubetumi adu ho ne sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛma mmuae biako wɔ Kristofo nhyiam a ɛhwehwɛ sɛ atiefo nya mu kyɛfa no ase, anyɛ yiye koraa no sɛ wubehu asafo no muni biako yiye wɔ asafo nhyiam biara ase, ne sɛ womma da koro mpa wo ti so a wommɔ Yehowa mpae na wonka ne ho asɛm nkyerɛ afoforo.

Sɛ wunnya mfaa wo din nhyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, ɛno bɛyɛ botae pa ama wo. So wode wo ho hyɛ baguam asɛnka adwuma no mu? Sɛ wonyɛɛ saa a, ebia wobɛpɛ sɛ wobɛyere wo ho abɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu. Wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a wubesusuw ho anibere so na woahyira wo ho so ama no no bɛyɛ ade a edi hɔ a wobɛyɛ. Mmabun pii bɔ mmɔden tra ase ma ɛne wɔn ahosohyira hyia denam bere nyinaa som adwuma no a wɔde wɔn ho hyem no so.

Bere a ɛyɛ papa sɛ wubenya botae ahorow wɔ w’asetram no, hwɛ yiye na woannya akansi honhom. Sɛ woamfa wo ho antoto afoforo ho a, wubenya anigye pii wɔ nea woyɛ mu.—Galatifo 5:26; 6:4.

Ebia wote nka sɛ wo ho nkokwawee, na ɛyɛ wo den sɛ wode botae ahorow a ɛfata besisi w’anim. Sɛ ɛte saa a di Bible afotu yi akyi: “Brɛ w’asõ ase tie anyansafo kasa.” (Mmebusɛm 22:17) Hwehwɛ w’awofo anaa Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw mmoa. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ awofo ne afoforo da ntease adi wɔ asɛm yi mu na wɔhyɛ ho nkuran. Sɛ mmabun te nka sɛ wɔrehyɛ wɔn ma wɔadu botae ahorow a afoforo de asisi hɔ ama wɔn ho a, ebetumi asɛe wɔn anigye, na ebetumi mpo asɛe atirimpɔw nti a wɔde botae ahorow no sisii hɔ no. Saa na ɛtoo abeawa bi a ɔkae sɛ: “M’awofo kɔɔ so de botae sisii m’anim, ebi te sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu a mede me ho bɛhyɛ, asɛnka adwuma mu kyɛfa a menya, asu a mɛbɔ, ne ɔkwampaefo a mɛyɛ. Meyeree me ho duu emu biara ho. Sɛ midu botae biako ho a, m’awofo nkamfo me, na mmom na wɔde botae foforo si m’anim sɛ memmɔ mmɔden nnu ho. Ne saa nti, metee nka sɛ wɔrehyɛ me bere nyinaa ma madu botae ahorow ho. Mebrɛe na mante nka sɛ matumi ayɛ biribi.” Dɛn na ankɔ yiye? Na botae ahorow no nyinaa som bo, nanso na ɛnyɛ n’ankasa de. Sɛ wubedi nkonim a, ɛsɛ sɛ wɔkanyan wo ma wufi wo pɛ mu de botae bi si w’anim!

Susuw Yesu Kristo ho hwɛ. Bere a ɔbaa asase so no, na onim nea N’agya, Yehowa, hwehwɛ fi ne hɔ. Ná Yehowa apɛde a Yesu yɛe no nyɛ botae kɛkɛ, na ɛyɛ adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Yesu buu n’adwuma no dɛn? Ɔkae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Yesu ani gyei sɛ ɔyɛɛ Yehowa apɛde na otumi yɛɛ nea N’agya hwehwɛ fi ne hɔ. Na ɛte sɛ aduan ma Yesu—onyaa anigye ne abotɔyam sɛ owiee adwuma a na wɔhwehwɛ sɛ ɔyɛ no. (Hebrifo 10:5-10) Sɛ biribi kanyan wo ɔkwan a ɛfata so ma woyɛ nea w’awofo hyɛ wo nkuran sɛ yɛ no a, wo nso wubetumi anya anigye.

Mmrɛ Wɔ Papayɛ Mu

Sɛ wunya de botae bi si w’anim a, bɔ mmɔden sɛ wubedu ho. Galatifo 6:9 ka sɛ: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.” Mfa wo ho nto w’ankasa ahoɔden anaa wo mmɔdenbɔ nkutoo so. Ɛda adi sɛ wubetumi ahyia akwanside ahorow, na ɛtɔ mmere bi a wubetumi ate nka sɛ woadi nkogu mpo. Nanso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Hu [Onyankopɔn] w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:6) Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubedu wo honhom fam botae ahorow ho a, Yehowa bɛwowaw wo.

Yiw, sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛsom Yehowa, na wunya ɔpɛ sɛ wubedu honhom fam botae ahorow ho a, wubetumi ama ‘wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.’ (1 Timoteo 4:15) Sɛ woyɛ saa a, wubenya anigye wɔ Onyankopɔn som adwuma mu.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛ wokenkan Bible no na wususuw nea wokenkan no ho a, ɛbɛkanyan wo ma woasom Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yesu yɛɛ nea N’agya hwehwɛ fi ne hɔ no