Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munyi “Odwo Nyinaa Adi Nkyerɛ Nnipa Nyinaa”

Munyi “Odwo Nyinaa Adi Nkyerɛ Nnipa Nyinaa”

Munyi “Odwo Nyinaa Adi Nkyerɛ Nnipa Nyinaa”

“Kae wɔn na . . . wonnwo bɛtɛɛ, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.”—TITO 3:1, 2.

1. Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛbɛda odwo adi?

ƆSOMAFO Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobetie afotu yi. Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw, efisɛ yɛanya pɛsɛminkominya akɔnnɔ ne suban ahorow a ɛne Kristo nhwɛso nhyia afi yɛn awofo a wodi kan no hɔ. (Romafo 3:23; 7:21-25) Nanso, sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden a, yɛn nyinaa betumi ada odwo adi. Nanso yɛn bo a yebesi kɛkɛ no ara nnɔɔso. Nneɛma bɛn bio na ɛho hia?

2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ‘odwo nyinaa adi akyerɛ nnipa nyinaa’?

2 Odwo a ɛte sɛ Onyankopɔn de no ka aba a honhom kronkron sow no ho. Dodow a yɛma Onyankopɔn adeyɛ tumi no kyerɛ yɛn kwan no, dodow no ara na aba a ɛsow no da adi. Ɛno ansa na yebetumi ada ‘odwo nyinaa’ adi ama obiara. (Tito 3:2) Ma yɛnhwehwɛ sɛnea yebetumi asuasua Yesu nhwɛso na ama wɔn a wɔne yɛn bɔ no atumi anya ‘abotɔyam’ no mu nhwɛ.—Mateo 11:29; Galatifo 5:22, 23.

Wɔ Abusua Mu

3. Abusua mu tebea bɛn na ɛda wiase honhom adi?

3 Beae biako a odwo ho hia ne abusua mu. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bu akontaa sɛ abusua mu basabasayɛ de mmea akwahosan to asiane mu kɛse sen karkwan so akwanhyia ne atiridiinini a wɔaka abom. Wɔ London, England, sɛ nhwɛso no, basabasayɛ a wɔbɔ ho amanneɛ mu nkyem anan mu biako fi fie. Polisifo taa hyia nnipa a wɔde ‘nteɛteɛm ne kasafĩ’ da wɔn nkate adi. Nea ɛsen saa no, awarefo binom ama “anobow” asɛe wɔn ntam abusuabɔ. Su ahorow yi nyinaa yɛ “wiase honhom” a wɔda no adi a ɛyɛ awerɛhow, ma enti enni afã biara wɔ Kristofo mmusua mu.—Efesofo 4:31; 1 Korintofo 2:12.

4. Nkɛntɛnso bɛn na odwo betumi anya wɔ abusua so?

4 Yehia Onyankopɔn honhom na ama yɛako atia wiase su ahorow. “Nea [Yehowa, NW] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Ɔdɔ, papayɛ, ahosodi, ne abodwokyɛre hyɛ okununom ne ɔyerenom a wɔnyɛ pɛ ntam biakoyɛ mu den. (Efesofo 5:33) Koma a edwo ma ofie tebea yɛ anika, na ɛyɛ ade a ɛbɔ akasakasa ne akameakame a ɛsɛe mmusua pii no abira. Nsɛm a obi ka ho hia, nanso ɛyɛ sɛnea ɔka no no na ɛma yehu adwene a ɛwɔ akyi. Odwo a yɛde bɛda yɛn ahiasɛm ne nsɛm a ɛhaw yɛn adi no brɛ ntawntawdi ase. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.”—Mmebusɛm 15:1.

5. Ɔkwan bɛn so na odwo betumi aboa wɔ abusua a emufo nni ɔsom biako mu mu?

5 Odwo ho hia titiriw paa wɔ abusua a emufo nni ɔsom biako mu mu. Sɛ yɛde ayamye bata ho a, ebetumi aboa ma yɛanya wɔn a wonni koma pa no ma wɔabɛsom Yehowa. Petro tuu ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo fo sɛ: “Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu. Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.”—1 Petro 3:1-4.

6. Ɔkwan bɛn so na odwo a wɔda no adi no hyɛ awofo ne mmofra ntam abusuabɔ mu den?

6 Ne titiriw no, sɛ Yehowa ho dɔ nni abusua mu a, ebetumi asɛe abusuabɔ a ɛda awofo ne mmofra ntam no. Nanso ehia sɛ yɛda odwo adi wɔ Kristofo mmusua nyinaa mu. Paulo tuu agyanom fo sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Sɛ wɔda odwo adi wɔ abusua bi mu a, ɛhyɛ abusuabɔ pa a ɛwɔ awofo ne mmofra ntam no mu den. Dean a ɔka mmofra baanum ho no kaa ne papa ho asɛm sɛ: “Na Paapa dwo. Menkae sɛ me ne no yiyii nsɛm ano da—a bere a na mewɔ me mpanyin afe so mpo ka ho. Sɛ biribi haw no mpo a, na ɔda odwo adi bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, ɔka me hyɛ dan mu anaasɛ ɔde hokwan ahorow bi kame me, nanso yɛanyiyi nsɛm ano da. Ná ɔnyɛ yɛn agya kɛkɛ. Na ɔyɛ yɛn adamfo nso, na na yɛmpɛ sɛ yedi no huammɔ.” Nokwarem no, odwo hyɛ abusuabɔ a ɛda awofo ne mmofra ntam mu den.

Wɔ Yɛn Som Adwuma Mu

7, 8. Dɛn nti na odwo a yɛbɛda no adi wɔ asɛnka adwuma mu no ho hia?

7 Baabi foforo a odwo ho hia ne asɛnka adwuma mu. Bere a yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo no, yehyia nnipa a wɔn suban gu ahorow. Ebinom de anigye tie anidaso asɛm a yɛde kɔ wɔn nkyɛn no. Esiane nsɛm bi nti, afoforo nnye yɛn fɛw so. Ɛha na odwo boa yɛn kɛse ma yetumi yɛ yɛn adwuma a ɛne sɛ yɛnyɛ adansefo nkosi asase ano nohoa tɔnn no.—Asomafo no Nnwuma 1:8; 2 Timoteo 4:5.

8 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase, odwo ne osuro mu.” (1 Petro 3:15, 16) Esiane sɛ Kristo som bo wɔ yɛn komam sɛ yɛn Nhwɛsofo nti, yɛhwɛ yiye sɛ yɛbɛda odwo ne obu nyinaa adi bere a yɛredi wɔn a wɔde abufuw kasa no adanse no. Suban a ɛte sɛɛ taa sow aba a ɛyɛ anigye.

9, 10. Ka osuahu bi fa kyerɛ mfaso a ɛwɔ odwo a wɔda no adi wɔ asɛnka mu so.

9 Bere a obi bɔɔ pon mu, na Keith yere kobuee no no, Keith ansɔre. Bere a Keith yere hui sɛ wɔn hɔho no yɛ Yehowa Dansefo no, ɔde abufuw bɔɔ Adansefo no sobo sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔyɛ mmofra ayayade. Onua no yɛɛ dinn. Ɔde odwo buae sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ wote nka saa. So metumi akyerɛ wo nea Yehowa Adansefo gye di?” Ná Keith retie nkɔmmɔbɔ no, na afei ɔbaa pon no ano sɛ ɔrebetwa onua no nsrahwɛ no so.

10 Akyiri yi awarefo no fii ase nuu wɔn ho sɛ wɔne wɔn hɔho no ankasa yiye. Na odwo a ɔdaa no adi no aka wɔn. Nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne sɛ dapɛn biako akyi no, onua no bae bio, na Keith ne ne yere ma ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa ne gyidi ho no mu. Akyiri yi wɔkae sɛ: “Mfe abien a edi hɔ no, yetiee nea Adansefo foforo kae no yiye.” Wɔpenee so ma wɔne wɔn yɛɛ Bible adesua, na awiei koraa no, wɔbɔɔ asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne. Hwɛ mfaso ara a saa Ɔdansefo a odii kan kɔɔ Keith ne ne yere nkyɛn no nyae! Mfe kakra bi akyi no, Ɔdansefo no hyiaa awarefo no na ohui sɛ afei na wɔabɛyɛ ne honhom fam nuabarima ne nuabea. Odwo kowie nkonimdi mu.

11. Ɔkwan bɛn so na odwo betumi ama obi agye Kristofo nokware no atom?

11 Osuahu a Harold nyae sɛ sraani no ma odii yaw, na n’adwenem yɛɛ no naa wɔ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho. Nea ɛsɛee Harold asɛm no koraa ne sɛ, kar akwanhyia a hyɛnkafo bi a wabow nsa ma onyae no maa odii dɛm koraa. Bere a Yehowa Adansefo baa ne fie no, Harold kae sɛ ɛsɛ sɛ wogyae ne nkyɛn ba. Nanso, da bi, Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Bill sii mu sɛ ɔrekɔsra onigyeni bi a ɔte bɛn Harold fie. Bill dii mfomso kɔbɔɔ Harold pon mu. Bere a Harold a ɔde poma abien na ɛnantew no buee pon no, ntɛm ara na Bill paa no kyɛw, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na ɛyɛ fie a ɛbɛn hɔ no mu na ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Dɛn na Harold yɛe? Bere a na Bill nnim no, na Harold ahwɛ television so dwumadi bi a na wɔreyi Adansefo a wɔde biakoyɛ resi Ahenni Asa wɔ bere tiaa bi mu. Nnipa pii a ohui sɛ na wɔde biakoyɛ reyɛ adwuma no sesaa adwene a na ɔwɔ wɔ Adansefo no ho. Sɛnea Bill tew n’anim de paa kyɛw no kaa Harold ma osii gyinae sɛ obegye Adansefo a wɔba ne fie no. Osuaa Bible no, nyaa nkɔso, na ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo a wabɔ asu.

Wɔ Asafo Mu

12. Wiase su ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo ko tia?

12 Beae a ɛto so abiɛsa a odwo ho hia ne Kristofo asafo mu. Ntawntawdi abu so wɔ nnɛ wiase. Akyinnyegye, akasakasa, ne ɔham taa kɔ so wɔ nnipa a wɔde wiase adwene susuw asetra ho no mu. Bere ne bere mu no, wiase su a ɛtete saa no ba Kristofo asafo no mu, na ɛde akameakame ne akasakasa na ɛba. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no di nsɛm a ɛtete saa ho dwuma a, ɛma wɔn werɛ how. Nanso ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn nuanom no ka wɔn ma wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan anya wɔn a wɔafom no.—Galatifo 5:25, 26.

13, 14. Dɛn na ebetumi afi ‘wɔn a wonni koma pa a yɛde odwo bɛkasa akyerɛ’ wɔn no mu aba?

13 Wɔ afeha a edi kan mu no, Paulo ne ne yɔnko Timoteo hyiaa ɔhaw ahorow fii ebinom a na wɔwɔ asafo no mu hɔ. Paulo bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ ɔnhwɛ ne ho yiye wɔ anuanom a wɔte sɛ ade a “wommu” no ho. Paulo kae sɛ: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu kyerɛkyerɛ, ɔbrɛ ne bo ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi, nsɛm mu.” Sɛ wɔhyɛ yɛn abufuw mpo na yɛda odwo adi a, ɛma akyinnyegyefo no taa susuw nsɛm a wɔka de tia yɛn no ho. Na afei, sɛnea Paulo kyerɛe no, ebia Yehowa “bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware hu mu.” (2 Timoteo 2:20, 21, 24, 25) Hyɛ no nsow sɛ Paulo de ntoboase ne ahosodi bata odwo ho.

14 Paulo de nea ɔkaa ho asɛm no yɛɛ adwuma. Bere a na ɔne “asomafo atitiriw” a wɔwɔ Korintofo asafo no mu redi nsɛm no, ɔhyɛɛ anuanom no nkuran sɛ: “Me Paulo ara na menam Kristo dwo ne n’ayamye so mitu mo fo, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ ayemfo wɔ mo mu, nanso minni mo nkyɛn a, meyɛ mo so nnam.” (2 Korintofo 10:1; 11:5) Nokwarem no, Paulo suaa Kristo. Hyɛ no nsow sɛ ɔnam Kristo “odwo” so na ɛne anuanom yi kasae. Ne saa nti, ɔkwatii sɛ ɔbɛbɔ wɔn so dwae anaasɛ ɔbɛhyɛ wɔn so. Akyinnye biara nni ho sɛ asafo no mufo a wɔwɔ koma pa no ani gyee n’afotu no ho. Osiesiee wɔn ntam nsɛmnsɛm no, na ɔtoo asomdwoe ne biakoyɛ fapem wɔ asafo no mu. So ɛnyɛ eyi ne su a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yebesuasua? Ɛsɛ sɛ mpanyimfo titiriw bɔ wɔn bra te sɛ Kristo ne Paulo.

15. Dɛn nti na odwo ho hia bere a yɛde afotu rema no?

15 Ɛnyɛ bere a asɛm bi asi a ɛreyɛ asɛe asafo no asomdwoe ne biakoyɛ nko na ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo. Ɛsɛ sɛ wodi kan de akwankyerɛ a ɔdɔ wom ma anuanom bere tenten ansa na wɔn ntam asɛe. Paulo tuu fo sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so.” Ɔkwan bɛn so? “Odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.” (Galatifo 6:1) “Odwo honhom” a obi bɛkɔ so ada no adi no nyɛ mmerɛw bere nyinaa, Efisɛ, ne titiriw no Kristofo nyinaa, a mpanyimfo a wɔapaw wɔn no ka ho, tumi yɛ bɔne. Nanso odwo na ɛbɛboa ma nea wadi mfomso no atumi ayɛ nsakrae.

16, 17. Dɛn na ebetumi aboa ma yɛadi su biara a ɛmma wɔmmfa afotu nni dwuma no so?

16 Wɔ mfitiase Hela kasa mu no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘teɛ so’ no betumi akyerɛ sɛ wɔka biribi si anim bio, anaa dompe a abu a wɔka toa bio, a ɛyɛ yaw. Oduruyɛfo a ɔka dompe a abu si anim no ka mfaso a ebefi mu aba ho asɛm pa. Sɛnea ɔto ne bo ase yɛ ade no ma awerɛkyekye. Nsɛm kakraa bi a obedi kan aka no boa dwudwo yaw a ano yɛ den paa ano. Saa ara na honhom fam nteɛso betumi ayɛ yaw. Nanso odwo betumi aboa ma ayɛ mmerɛw sɛ wobegye atom, na asiesie abusuabɔ a ɛyɛ anigye no bio, na ama nea wafom no atumi asakra n’akwan. Sɛ mfiase no ɛyɛ den ma nea wɔretu no fo no sɛ obegye atom a, odwo a ɔfotufo no bɛda no adi no betumi aboa ma wadi su biara a ɛma ɛyɛ den ma nea wɔretu no fo no sɛ ɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu bedi dwuma no so.—Mmebusɛm 25:15.

17 Sɛ yɛreboa afoforo ma wɔayɛ nsakrae a, bere nyinaa asiane wɔ hɔ sɛ ebia wɔbɛfa afotusɛm no sɛ ɔkasatia. Ɔkyerɛwfo bi kaa no saa kwan yi so sɛ: “Bere a ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn nsusuwii bɛhyɛ afoforo so ma enti ɛsɛ sɛ yɛda odwo adi sen biara ne bere a yɛretu afoforo fo no.” Odwo a efi ahobrɛase mu a yɛbɛda no adi no bɛboa Kristoni fotufo ma wakwati saa asiane yi.

“Nkyerɛ Nnipa Nyinaa”

18, 19. (a) Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama Kristofo sɛ wɔbɛda odwo adi bere a wɔne wiase atumfoɔ redi nsɛm no? (b) Dɛn na ɛbɛboa Kristofo ma wɔada odwo adi akyerɛ atumfoɔ no, na dɛn na ebefi mu aba?

18 Baabi a ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛda odwo adi ne bere a wɔne wiase atumfoɔ redi nsɛm no. Nokwarem no, sɛnea ebinom a wodi tumi no yɛ wɔn ade no da no adi sɛ wɔyɛ katee na wonni tema. (Ɔsɛnkafo 4:1; 8:9) Nanso ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛboa yɛn ma yɛagye ne tumi a ɛkorɔn sen biara no atom, na yɛde nidi a ɛsɛ ama aban mpanyimfo. (Romafo 13:1, 4; 1 Timoteo 2:1, 2) Sɛ ɛba mpo sɛ atumfoɔ no to yɛn som a yɛde ma Yehowa wɔ baguam no ano hye a, yɛde anigye hwehwɛ akwan a yebetumi afa so abɔ yɛn ayeyi afɔre no.—Hebrifo 13:15.

19 Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw ɔkwan biara so. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ntease adi bere a yennyae trenee nnyinasosɛm ahorow mu nsiesie. Saa kwan yi so no, yɛn nuanom tumi yɛ wɔn som adwuma no wɔ nsase 234 so wɔ wiase nyinaa. Yedi Paulo afotu a ese ‘yɛmmrɛ yɛn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow, yɛnyɛ osetie, yensiesie yɛn ho mma adwuma pa biara adwuma pa, yenntwiri obi, yɛnnyɛ atutupɛfo, yɛnwo bɛtɛɛ, na yenyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa’ no akyi.—Tito 3:1, 2.

20. Akatua bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔda odwo adi no?

20 Wɔn a wɔda odwo adi nyinaa benya ho nhyira pii. Yesu kae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5) Wɔ Kristo nuanom a wɔde honhom asra wɔn no fam no, odwo a wɔbɛkɔ so ada no adi no bɛma wɔanya anigye ne hokwan a ɛne sɛ wobedi asase so wɔ Ahenni nniso no ase. Wɔ “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no fam de, wɔkɔ so da odwo adi na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya Paradise mu atra wɔ asase so ha. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16; Dwom 37:11) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛwɔ hɔ daakye sɛɛ yi! Enti ɛmmra sɛ yɛn werɛ remfi nkaesɛm a Paulo de maa Kristofo a na wɔwɔ Efeso no da: ‘Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo, ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu.’Efesofo 4:1, 2.

Ntĩmu

• Nhyira horow bɛn na ebefi odwo a yɛbɛda no adi mu aba

• wɔ abusua mu?

• wɔ asɛnka mu?

• wɔ asafo mu?

• Akatua horow bɛn na wɔde ahyɛ wɔn a wodwo no bɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Odwo ho hia titiriw paa wɔ abusua a emufo nni ɔsom biako mu no mu

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Odwo hyɛ abusuafo ntam abusuabɔ mu den

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Fa odwo ne obu a emu dɔ kyerɛkyerɛ nsɛm mu

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Odwo a ɔfotufo bɛda no adi no betumi aboa nea wafom no