Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Odwo—Kristofo Su A Ɛho Hia Paa

Odwo—Kristofo Su A Ɛho Hia Paa

Odwo—Kristofo Su A Ɛho Hia Paa

“Monhyɛ . . . odwo.”—KOLOSEFO 3:12.

1. Dɛn na ɛma odwo yɛ su a ɛda nsow?

SƐ WIM dwo a, ɛyɛ anigye na ɛyɛ dɛ. Sɛ obi ho dwo, anaasɛ sɛnea yɛbɛka no no ɔwɔ odwo su a, ɛyɛ anigye sɛ yɛne no bɛbɔ. Nanso, Ɔhene Salomo kae sɛ “tɛkrɛmabere bu dompe mu.” (Mmebusɛm 25:15) Odwo yɛ su a ɛda nsow a ɛma wɔda anisɔ ne denyɛ adi.

2, 3. Abusuabɔ bɛn na odwo ne honhom kronkron wɔ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm yi mu?

2 Ɔsomafo Paulo de odwo kaa “honhom aba” a ɔbobɔɔ din a ɛwɔ Galatifo 5:22, 23 no ho. Wɔtaa kyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “odwo” wɔ nkyekyɛm 23 wɔ New World Translation mu ase sɛ “odwo su” wɔ Bible nkyerɛase foforo mu. Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ den sɛ wobenya asɛmfua bi a ɛkyerɛ Hela asɛmfua yi ase pɛpɛɛpɛ wɔ kasa dodow no ara mu efisɛ mfitiase asɛm no nkyerɛ odwo anaa ahobrɛase a wɔda no adi kyerɛ nnipa, na mmom odwo ne tema a efi komam; ɛnyɛ sɛnea obi yɛ n’ade, na mmom obi adwene ne ne koma mu nsusuwii.

3 Nea ɛbɛboa ma yɛate nea odwo kyerɛ ne mfaso a ɛwɔ so ase koraa no, ma yensusuw Bible mu nhwɛso horow anan ho nhwɛ. (Romafo 15:4) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnyɛ nea saa su yi te nko na yebehu, na mmom sɛnea yebetumi anya na yɛada no adi wɔ yɛn nsɛnnii nyinaa mu nso.

“Ne Bo Yɛ Den Onyankopɔn Anim”

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ odwo yɛ su a ɛsom bo ma Yehowa?

4 Esiane sɛ odwo ka Onyankopɔn honhom aba ho nti, ntease wom sɛ yebehu sɛ ɛne Onyankopɔn nipasu a ɛyɛ anigye no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ “honhom a edwo na ɛyɛ komm” no “bo yɛ den Onyankopɔn anim.” (1 Petro 3:4) Nokwarem no, odwo yɛ su pa; na ɛsom bo ma Yehowa paa. Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi nkutoo yɛ ade a edi mũ a enti, ɛsɛ sɛ ɛma Onyankopɔn asomfo nyinaa nya odwo su. Nanso, ɔkwan bɛn so na ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, a ɔwɔ Tumi sen biara wɔ amansan yi mu no da odwo su adi?

5. Esiane Yehowa dwo nti, anidaso bɛn na yɛwɔ?

5 Bere a nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa buu Onyankopɔn ahyɛde a emu da hɔ pefee a ɛne sɛ mma wonnni papa ne bɔne hu dua so aba no bi so no, wofi wɔn pɛ mu na wɔyɛɛ saa. (Genesis 2:16, 17) Wɔn pɛ mu a wofi yɛɛ asoɔden no kowiee bɔne, owu, ne twe a wɔne wɔn asefo twee wɔn ho fii Onyankopɔn ho mu. (Romafo 5:12) Ɛwom sɛ na Yehowa di bem koraa sɛ obuu saa atɛn no de, nanso wamfa abufuw annyae adesamma abusua no akyi di sɛ nea ɔyɛ wɔn biribiara a ɛnyɛ yiye. (Dwom 130:3) Mmom no, Yehowa fi n’adom ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔnyɛ katee—nneyɛe a ɛkyerɛ odwo—no mu de nea adesamma abɔnefo nam so bɛba ne nkyɛn bio na ama wɔanya n’anim dom mae. Yiw, ɛdenam ne Ba, Yesu Kristo agyede afɔre a Yehowa de mae so no, wama ayɛ yiye sɛ yebetumi akɔ n’ahengua a ɛkorɔn no anim a yensuro anaa yɛmmɔ hu.—Romafo 6:23; Hebrifo 4:14-16; 1 Yohane 4:9, 10, 18.

6. Ɔkwan bɛn so na yehu odwo su wɔ sɛnea Onyankopɔn ne Kain dii nsɛm no mu?

6 Bere tenten ansa na Yesu reba asase so no, Yehowa daa odwo adi bere a Adam mma baanu, Kain ne Habel bɔɔ afɔre maa Onyankopɔn no. Esiane sɛ Yehowa huu nea ɛwɔ wɔn komam nti, ɔpoo Kain afɔrebɔ no, nanso ‘n’ani sɔɔ’ Habel ne n’afɔre no. Anisɔ a Onyankopɔn kyerɛ maa ɔnokwafo Habel ne n’afɔrebɔ no anyɛ Kain dɛ. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Kain bo fuwii pii, na omunae.” Dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho? So Kain subammɔne no haw no? Dabi. Ɔde odwo bisaa Kain nea enti a ne bo afuw saa no. Na mpo, Yehowa kyerɛɛ Kain nea obetumi ayɛ na ama ‘n’anim atew.’ (Genesis 4:3-7) Nokwarem no, Yehowa ne odwo ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ.—Exodus 34:6.

Odwo Twetwe Nnipa na Ɛma Abotɔyam

7, 8. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ate odwo a Yehowa wɔ no ase? (b) Dɛn na nsɛm a ɛwɔ Mateo 11:27-29 no ka fa Yehowa ne Yesu ho?

7 Akwan a eye sen biara a yebetumi afa so anya Yehowa su horow a su biara ne no nsɛ mu ntease no mu biako ne sɛ yebesua Yesu Kristo asetra ne ne som adwuma ho ade. (Yohane 1:18; 14:6-9) Bere a na Yesu wɔ Galilea wɔ n’asɛnka ɔsatu no afe a ɛto so abien mu no, ɔyɛɛ ahoɔdenne pii wɔ Korasin, Betsaida, Kapernaum, ne nkurow a ɛbɛmmɛn hɔ no mu. Nanso na nnipa a wɔwɔ hɔ no mu pii yɛ ahantan ne anibiannaso, na wɔannye no anni. Dɛn na Yesu yɛe? Bere a ɔkyerɛɛ wɔn nea ebefi gye a wɔannye no anni no mu aba pefee no, ne yam hyehyee no wɔ ʽam ha·ʼaʹrets, mpapahwekwaa a na wɔwɔ wɔn mu no honhom fam tebea a na ɛyɛ awerɛhow no ho.—Mateo 9:35, 36; 11:20-24.

8 Ade a Yesu yɛe akyiri yi no daa no adi sɛ na ‘onim Agya no yiye,’ na osuasuaa no. Yesu de anigye too nsa frɛɛ nnipa mpapahwekwaa no sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.” Hwɛ sɛnea saa nsɛm yi maa nnipa a na wobu wɔn animtiaa na wɔhyɛ wɔn so no nyaa awerɛkyekye ne ɔhome! Ɛma yenya awerɛkyekye ne ɔhome nnɛ mpo. Sɛ yefi komam hyɛ odwo a, ɛnde yɛbɛka wɔn a ‘Ɔba no pɛ sɛ oyi’ N’agya kyerɛ wɔn no ho.—Mateo 11:27-29.

9. Su bɛn na ɛne odwo wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, na ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ eyi ho nhwɛso fɛfɛ?

9 Su foforo a ɛne odwo wɔ abusuabɔ a emu yɛ den ne ahobrɛase, sɛ obi ‘bɛbrɛ ne ho ase komam.’ Nea ɛne no bɔ abira no, ahantan de ahomaso na ɛba, na mpɛn pii no, etumi ma obi ne afoforo di nsɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ katee na tema nnim so. (Mmebusɛm 16:18, 19) Yesu daa ahobrɛase adi wɔ n’asase so som adwuma no nyinaa mu. Bere a aka nna nsia ma wawu a ɔtraa afurum so kɔɔ Yerusalem na wɔbɔ gyee no so sɛ Yudafo Hene mpo no, Yesu daa nsow koraa wɔ wiase sodifo ho. Ɔmaa Sakaria nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho no baa mu: “Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnosoa ba so.” (Mateo 21:5; Sakaria 9:9) Odiyifo nokwafo Daniel nyaa anisoadehu bi a na Yehowa de tumidi rema ne Ba no. Nanso wɔ nkɔmhyɛ bi a edii kan bae mu no, ɔkaa Yesu ho asɛm sɛ “nnipa mu hobrɛasefo.” Nokwarem no, odwo ne ahobrɛase wɔ abusuabɔ a emu yɛ den.—Daniel 4:17; 7:13, 14.

10. Dɛn nti na Kristofo su a ɛne odwo no nkyerɛ mmerɛwyɛ?

10 Odwo su a ɛyɛ anigye a Yehowa ne Yesu da no adi no boa yɛn ma yɛbɛn wɔn. (Yakobo 4:8) Nokwarem no, odwo nkyerɛ mmerɛwyɛ. Ɛnte saa koraa! Yehowa, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no da ahoɔden ne tumi a ano yɛ den sen biara adi. N’abufuw dɛw tia abɔnefosɛm. (Yesaia 30:27; 40:26) Saa ara na bere a na Yesu wɔ Satan Ɔbonsam ntua ase mpo no osii ne bo sɛ ɔrennyae ne mudi mu. Wampene ne bere so nyamesom akannifo no aguadi a na ɛmfata no so. (Mateo 4:1-11; 21:12, 13; Yohane 2:13-17) Nanso, ɔdaa odwo adi bere a na ɔredi n’asuafo no sintɔ ahorow ho dwuma no, na ɔtɔɔ ne bo ase nyaa wɔn mmerɛwyɛ ahorow no ho koma. (Mateo 20:20-28) Bible ho ɔbenfo bi kaa odwo ho asɛm ma ɛfatae sɛ: “Dwo a obi dwo no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ den.” Ɛmmra sɛ yɛbɛda Kristo su yi—odwo—adi.

Na Odwo Sen Ne Bere Sofo Nyinaa

11, 12. Sɛ yesusuw ntetee a Mose nyae no ho a, dɛn na ɛmaa odwo a ɔdaa no adi no yɛɛ soronko?

11 Nhwɛso a ɛto so abiɛsa a yebesusuw ho ne Mose de no. Bible ka ne ho asɛm sɛ na “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:3) Onyankopɔn honhom so na wɔnam kyerɛw saa asɛm yi. Odwo soronko a na Mose wɔ no na ɛma otiee Yehowa akwankyerɛ no.

12 Wɔtetee Mose wɔ ɔkwan soronko so. Yehowa hwɛ ma wɔbɔɔ Hebrifo awofo anokwafo ba yi ho ban bere a na nitan ne awudi rekɔ so. Mose maame na ɛhwɛɛ no wɔ ne mmofraase, na ɔkyerɛkyerɛɛ no nokware Nyankopɔn, Yehowa ho ade. Akyiri yi wɔfaa Mose fii ne fie de no kɔtraa baabi a na ɛyɛ soronko koraa. Tete Kristoni mogya dansefo Stefano kae sɛ: “Wɔkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu.” (Asomafo no Nnwuma 7:22) Ɔdaa ne gyidi adi bere a ohui sɛ Farao nkoa so ahwɛfo no resisi ne nuanom no. Esiane sɛ Mose kum Misrini bi a na ɔrehwe Hebrini bi nti, oguan fii Misraim kɔɔ Midianfo asase so.—Exodus 1:15, 16; 2:1-15; Hebrifo 11:24, 25.

13. Nkɛntɛnso bɛn na mfe 40 a Mose kodii wɔ Midian no nyae wɔ ne so?

13 Bere a Mose dii mfe 40 no, na ɛsɛ sɛ n’ankasa hwɛ ne ho wɔ sare so. Bere a oduu Midian no, ohyiaa Reuel mmabea baason no, na ɔboaa wɔn ma wɔsaw nsu maa wɔn agya nguankuw a wɔdɔɔso no. Bere a mmabaa no duu fie no, wɔde anigye ka kyerɛɛ Reuel sɛ “Misrini bi” na ogyee wɔn fii nguanhwɛfo a wɔhaw wɔn no nsam. Reuel too nsa frɛɛ Mose ma ɔne abusua no kɔtrae. Amanehunu a ɛtoo Mose no nyinaa amma wanni yaw; na saa ara nso na ansiw no kwan sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ n’asetram ma ɛne beae foforo a wakɔtra no ahyia. Ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde no anhinhim da. Mose nyaa su a ɛma ɔdaa nsow no wɔ mfe 40 a ɔde hwɛɛ Reuel nguan, a emu na ɔwaree Sipora, tetee ne mmabarima no nyinaa, na ɔma etuu mpɔn no mu. Yiw, Mose nam amanehunu mu suaa odwo.—Exodus 2:16-22; Asomafo no Nnwuma 7:29, 30.

14. Kyerɛkyerɛ asɛm bi a esii bere a na Mose yɛ Israel kannifo, a ɛdaa no adi sɛ odwo no mu.

14 Bere a Yehowa de Mose yɛɛ Israel man no so kannifo no, na ɔda so ara yɛ obi a odwo. Aberante bi kɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ Eldad ne Medad reyɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ nsra no mu—ɛwom sɛ na wonni hɔ bere a Yehowa hwiee ne honhom guu mpanyimfo 70 a na wɔbɛsom sɛ Mose aboafo so no de. Yosua kae sɛ: “Me wura Mose, bara wɔn!” Mose de odwo buae sɛ: “Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka [Yehowa, NW] man nyinaa adannan adiyifo, na [Yehowa, NW] de ne honhom agu wɔn so.” (Numeri 11:26-29) Odwo boae ma wodwudwoo tebea a na emu yɛ den no ano.

15. Ɛwom sɛ na Mose nyɛ pɛ de, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi ne nhwɛso akyi?

15 Bere bi de, ɛyɛe sɛnea na Mose nyɛ obi a odwo. Wɔ Meriba a ɛbɛn Kades no, Mose amfa anuonyam amma Yehowa, Nea Ɔyɛ Anwowade no. (Numeri 20:1, 9-13) Ná Mose nyɛ pɛ de, nanso ne gyidi a na enhinhim no boaa no wɔ n’asetram nyinaa, na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ mpo ani gye odwo soronko a ɔdaa no adi no ho.—Hebrifo 11:23-28.

Atirimɔden ne Odwo

16, 17. Dɛn kɔkɔbɔ na yenya fi Nabal ne Abigail asɛm no mu?

16 Yenya kɔkɔbɔ nhwɛso bi fi Dawid bere so, bere a Onyankopɔn diyifo Samuel wui akyi bere tiaa bi no. Ɛfa awarefo bi, Nabal ne ne yere Abigail ho. Na ɛsono sɛnea nnipa baanu yi mu biara yɛ n’ade koraa! Bere a na Abigail “wɔ adwempa” no, na ne kunu no ‘tirim yɛ den, na ne nneyɛe nye.’ Nabal nam aniammɔnho so bɔɔ Dawid mmarima a na wɔaboa ma wɔahwɛ Nabal nguan so afi akorɔmfo nsam no atirimmɔden. Dawid a ɔfaa abufuw a ɛteɛ no ne ne mmarima bobɔɔ wɔn nkrante sii kwan so sɛ wɔne Nabal rekɔko.—1 Samuel 25:2-13.

17 Bere a Abigail tee nea na asi no, ntɛm ara na osiesiee abodoo, bobesa, nam, nkyewe, ne borɔdɔma, na osiim kohyiaa Dawid. Abigail srɛɛ no sɛ: “Me wura, me so na amumɔyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’asom ɛ, na tie w’afenaa nsɛm.” Odwo a Abigail de kasae no kaa Dawid koma. Bere a Dawid tiee Abigail nkyerɛkyerɛmu no wiei no, ɔkae sɛ: “Nhyira nka [Yehowa, NW], Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi. Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankodi mogya ho sõ.” (1 Samuel 25:18, 24, 32, 33) Awiei koraa no, Nabal atirimɔden no kowiee owu mu. Abigail suban pa no ma onyaa anigye a ɛne sɛ ɔbɛyɛɛ Dawid yere. Odwo a ɔdaa no adi no yɛ sɛnnahɔ ma wɔn a wɔsom Yehowa nnɛ nyinaa.—1 Samuel 25:36-42.

Di Odwo Akyi

18, 19. (a) Sɛ yɛhyɛ odwo a, nsakrae bɛn na ɛma ɛda adi? (b) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn ho mu yiye?

18 Ɛnde, na odwo yɛ su a ɛho hia. Ɛkyerɛ pii sen sɛ wobɛyɛ w’ade brɛbrɛ; ɛyɛ koma a edwo a ɛma afoforo nya abotɔyam. Ebia kan no na yɛtaa kasa abufuw so, na na yɛyɛ ade atirimɔden so. Nanso, bere a yebesuaa Bible mu nokware no, yɛsesae na yɛbɛyɛɛ nnipa a afoforo ani gye yɛn ho. Paulo kaa nsakrae yi ho asɛm bere a ɔhyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre” no. (Kolosefo 3:12) Bible de nsakrae yi toto nkekaboa—pataku, ɔsebɔ, gyata, osisi, ne ɔkyereben—a wɔdan yɛ afieboa a wɔn ho dwo—oguammaa, abirekyi ba, nantwi ba, ne nantwi—ho. (Yesaia 11:6-9; 65:25) Nipasu mu nsakrae yi da nsow ara ma afoforo a wohu no ho dwiriw wɔn. Nanso, yegye tom sɛ Onyankopɔn honhom no dwumadi na ɛde nsakrae yi ba, efisɛ odwo ka aba soronko a ɛsow ankasa no ho.

19 So eyi kyerɛ sɛ sɛ yenya yɛ nsakrae a ehia na yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, ɛho nhia bio sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda odwo adi? Ɛnte saa. Sɛ nhwɛso no, ehia sɛ yɛkɔ so hwɛ ntama foforo so yiye na ama ayɛ fɛ bere nyinaa. Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛpɛɛpɛɛ mu na yɛasusuw nhwɛso horow a ɛwom ho no boa yɛn ma yɛsan de nokwaredi hwehwɛ yɛn ho mu yiye. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a ɛte sɛ ahwehwɛ no ma ɛda adi wɔ wo ho?—Yakobo 1:23-25.

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada odwo adi?

20 Nnipa suban gu ahorow fi awosu mu. Ɛyɛ mmerɛw ma Onyankopɔn asomfo binom sɛ wɔbɛda odwo adi asen afoforo. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa sow Onyankopɔn honhom aba, a odwo ka ho no. Paulo fi ɔdɔ mu tuu Timoteo fo sɛ: “Di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.” (1 Timoteo 6:11) Asɛmfua ‘di akyi’ no kyerɛ sɛ egye mmɔdenbɔ. Bible nkyerɛase bi kyerɛ afotu yi ase ‘fa wo koma si so.’ (New Testament in Modern English, a J. B. Phillips yɛe) Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubesusuw nhwɛso fɛfɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ho a, ebetumi aka w’adwenem te sɛ nea wɔde adua wo mu. Ɛbɛtete wo na akyerɛ wo kwan.—Yakobo 1:21.

21. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi odwo akyi? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

21 Sɛnea yɛne afoforo di nsɛm no da sɛnea yɛrebɔ yɛn ho mmɔden wɔ saa kwan yi so no adi. Osuani Yakobo bisa sɛ: “Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu.” (Yakobo 3:13) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Kristofo su yi adi wɔ fie, wɔ Kristofo som adwuma no mu, ne wɔ asafo no mu? Asɛm a edi hɔ no de akwankyerɛ a mfaso wɔ so bɛma.

Ntĩmu

• Odwo ho ade bɛn na wusua fii

• Yehowa?

• Yesu?

• Mose?

• Abigail, nhwɛso no mu?

• Dɛn nti na ehia sɛ yedi odwo akyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn nti na Yehowa ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yesu daa no adi sɛ odwo ne ahobrɛase wɔ abusuabɔ

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Mose daa odwo ho nhwɛso pa adi