Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Wiɛ, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Safan abusua ho ade a yebesua no so mfaso?

Ná Safan yɛ ɔkyerɛwfo ma Yuda hene Yosia. Sɛ́ ɔbarima a na ɔwɔ nkɛntɛnso wɔ ahemman no mu no, Safan boaa ɔhene no wɔ ɔsa a otui san de nokware som sii hɔ no mu. Safan mmabarima baanu gyinaa odiyifo Yeremia afã. Na saa ara na ne ba foforo ne ne mmanana baanu de wɔn nkɛntɛnso taa nokware som akyi. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nneɛma ne yɛn nkɛntɛnso taa nokware som akyi.—12/15, nkratafa 19-22.

Ɔkwan bɛn so na Irene Hochstenbach adi dɛmdi kɛse bi so na watumi asom Yehowa?

Bere a odii mfe ason no, ɔdanee mum. Ɛmfa ho sɛ ɔyɛ mum no, wasua sɛ ɔne afoforo bedi nkitaho, na mprempren ɔne ne kunu (ɔmansin sohwɛfo) tutu akwan bere a ɔsom asafo ahorow a ɛwɔ Netherlands no.—1/1, nkratafa 23-6.

Adesua nhoma foforo abien bɛn na woyii no adi wɔ “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam no ase?

Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa ani gyei sɛ wɔn nsa kaa Som Nokware Nyankopɔn Koro No, a wɔasiesie ma yɛne wɔn a wɔyɛ foforo asua bere a wɔasua Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no awie no; nhoma foforo a ɛka ho no ne Bɛn Yehowa, a ɛtwe adwene si Yehowa su horow ne ne nsɛnnii so no. Ɛsan kyerɛ yɛn sɛnea yebetumi asuasua no wɔ ne su ahorow a yɛbɛda no adi no mu.—1/15, nkratafa 23-4.

Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 12:5: “Treneefo adwene teɛ” no mu ntease ne dɛn?

Treneefo nsusuwii ho tew wɔ abrabɔ fam na ɛtwe adwene si nneɛma a edi mu na ɛteɛ so. Esiane sɛ Onyankopɔn ne mfɛfo nnipa ho dɔ na ɛkanyan treneefo nti, wɔn nsusuwii yɛ papa.—1/15, kratafa 30.

Dɛn na ebetumi aboa obi ma wanya adwuma ho adwene a ɛkari pɛ?

Mfaso wɔ so sɛ wɔbɛtete obi afi mmofraberem ma wanya adwuma ho su pa. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya adwuma ho su pa na yɛnkwati anihaw. (Mmebusɛm 20:4) Ɛhyɛ Kristofo nkuran nso sɛ wɔmmma adwuma nnnye wɔn adwene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɔsom a yɛde bɛma Onyankopɔn no ne ade a ɛho hia titiriw wɔ yɛn asetram. (1 Korintofo 7:29-31) Bio nso, nokware Kristofo wɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn rennyaw wɔn.—2/1, nkratafa 4-6.

Ɛhefa na wodi kan bɔ afɔremuka din wɔ Bible mu?

Ɛyɛ Genesis 8:20, a ɛtwe adwene si afɔremuka a Noa sii bere a ofi adaka no mu bae wɔ Nsuyiri no akyi so no. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, Kain ne Habel de afɔremuka dii dwuma bere a wɔrebɔ afɔre no. (Genesis 4:3, 4)—2/15, kratafa 28.

Ɔkwan bɛn so na Kristofo binom betumi de nsɛm tebea a ɛsakra no adi dwuma ɔkwampa so?

Ebinom ayɛ nsakrae wɔ wɔn adwuma mu—anaasɛ wɔagye adwuma mu nsakrae a ɛte saa atom—na ama wɔanya bere pii ama ɔsom adwuma no. Afoforo de bere pii yɛ Onyankopɔn som adwuma anaasɛ wɔhwehwɛ ɔsom mu hokwan pii bere a wɔn mma nyinyin na wɔware no.—3/1, nkratafa 19-22.

Ɔkwan bɛn so na Yona ne ɔsomafo Petro nhwɛso no boa yɛn ma yehu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn no?

Yona ne Petro nyinaa dii mfomso kɛse wɔ wɔn nsusuwii ne ɔkwan a wodii gyidi ne setieyɛ ho sɔhwɛ ho dwuma no mu. Nanso, Yehowa huu su pa a ɛwɔ wɔn mu no ankasa na ɔkɔɔ so de wɔn dii dwuma wɔ n’adwuma mu. Sɛ afoforo fom yɛn anaasɛ wodi yɛn huammɔ a, yebetumi de adwene asi su pa bi a wɔdaa no adi mmere a atwam ne nneɛma pa a Onyankopɔn hu wɔ wɔn mu no so.—3/15, nkratafa 16-19.

Dɛn nti na ɔkwan a wɔde akontaahyɛde dii dwuma wɔ Nnwom nhoma no mu no yɛ soronko wɔ Bible nkyerɛase ahorow mu?

Nsonsonoe da sɛnea wɔde akontaahyɛde dii dwuma wɔ mfitiase Hebri kasa mu nhoma no ne ne nkyerɛase a wɔyɛ kɔɔ Hela mu wɔ Septuagint mu no ntam. Nsonsonoe betumi aba nkyerɛase ahorow a aba foforo koraa no mu, denam sɛ́ ebia wɔde nkyerɛase no gyinaa Hebri nkyerɛwee no so anaasɛ wɔde gyinaa Septuagint so no.—4/1, kratafa 31.