Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Ebinom Nyaa Mmuae

Sɛnea Ebinom Nyaa Mmuae

Sɛnea Ebinom Nyaa Mmuae

NNIPA ɔpepem pii bɔ mpae. Ebinom gye di sɛ wobua wɔn mpaebɔ. Afoforo ntumi nhu sɛ ebia wotie wɔn mpaebɔ anaa wontie. Afoforo nso hwehwɛ mmuae nanso wonnyaa adwene sɛ wɔbɛfa mpaebɔ so de wɔn adesrɛ ato Onyankopɔn anim.

Bible frɛ nokware Nyankopɔn no “mpaebɔ tiefo.” (Dwom 65:2) Sɛ wobɔ mpae a, so wugye di sɛ wo mpaebɔ no kɔ nokware Nyankopɔn no hɔ? So wo mpaebɔ yɛ nea obebua no bi?

Wɔ nnipa pii a wɔwɔ asase so mmaa nyinaa fam no, mmuae no yɛ yiw! Ɔkwan bɛn so na wonyaa mmuae no? Dɛn na wosuae?

Onyankopɔn—Ɔne Hena?

Sukuu kyerɛkyerɛfo bi a na mmea nkokorafo ne asɔfo bi akyerɛ no ade wɔ Portugal fi ne komam akɔ n’asɔre. Bere a asɔre no sesaa nneɛma bi a na wɔde akyerɛkyerɛ no sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa na wogyae akyiri di no, ɛmaa n’adwene tu frae. Akwantu ma ohuu akwan a Apuei famfo fa so som, na ofii ase susuw ho sɛ ebia nokware Nyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ anaa. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ ɔfa so som? Bere a obisaa ne sɔfo Bible mu nneɛma bi ho asɛm no, ɔbɔɔ ne nsɛmmisa no gui, na n’abam bui.

Ná Katolek asɔre no akyekyɛ krataa bi wɔ sukuu kyerɛkyerɛfo yi kurom a na ɛrebɔ asɔremma no kɔkɔ sɛ wɔne Yehowa Adansefo mmɔ nkɔmmɔ. Nanso na ne nsɛmmisa no da so wɔ hɔ. Da bi, bere a Adansefo no baa ne pon ano no, otiee wɔn, na ɔkyerɛɛ nea ɔtee no ho anigye. Ná ɛne bere a edi kan a ɔne wɔn akasa.

Nea ɛbɛyɛ na ɔbea yi anya ne nsɛmmisa pii no ho mmuae no, ofii ase ne Adansefo no suaa Bible no. Na ɔwɔ nsɛmmisa pii a ɔde twɛn wɔn dapɛn biara. Na ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn din, sɛ́ ebia nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ anaa, ɛne sɛ ebia n’ani gye ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu ho, ne nea ɛkeka ho pii. Ohui sɛ mmuae a onyae no nyinaa fi Bible mu, na ɛnyɛ ankorankoro bi adwene, enti nea na ɔresua no maa ne ho dwiriw no na n’ani gyei. Nkakrankakra no, onyaa ne nsɛmmisa pii no ho mmuae. Ɛnnɛ, ɔsom Yehowa honhom ne nokware mu, sɛnea Yesu Kristo kae sɛ “nokware asɔrefo” bɛyɛ no.—Yohane 4:23.

Wɔ Sri Lanka no, abusua bi taa bom kenkan Bible no, nanso na wonnya nsɛmmisa pii a ɛho hia wɔn no ho mmuae. Ɛwom sɛ na wohia mmoa de, nanso wɔn sɔfo no antumi ammoa wɔn. Yehowa Adansefo kɔsraa abusua no gyaw wɔn Bible ho nhoma bi a mfaso wɔ so. Akyiri yi, bere a Yehowa Adansefo maa abusua no Bible mu nsɛmmisa no ho mmuae a ntease wom no, wɔpenee so sɛ wɔne wɔn besua Bible no. Wɔn ani gyee nneɛma a wohui wɔ wɔn adesua no mu no ho kɛse.

Nanso, mmofraberem nkyerɛkyerɛ a ɔyere no nyae wɔ n’asɔre mu no amma wanhu sɛ Yesu Kristo Agya ne “nokware Nyankopɔn koro” no, sɛnea Yesu ankasa kae no. (Yohane 17:1, 3) Ná wɔakyerɛkyerɛ no sɛ Yesu ne Agya no yɛ pɛ, na ɛnsɛ sɛ wobisa “ahintasɛm” yi ho asɛm biara. Ofii komam de ahoyeraw bɔɔ Yehowa din bɔɔ mpae, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ no nipa ko a Yesu yɛ. Afei ɔde ahwɛyiye susuw kyerɛw nsɛm bi a ɛho hia ho bio. (Yohane 14:28; 17:21; 1 Korintofo 8:5, 6) Afei, te sɛ nea abon bi fii n’ani so guu fam no, ohui pefee sɛ Yehowa—ɔsoro ne asase Bɔfo ne Yesu Kristo Agya—ne nokware Nyankopɔn no.—Yesaia 42:8; Yeremia 10:10-12.

Amanehunu—Adɛn Ntia?

Ɔbarima Hiob huu amane yiye. Ahum bi kunkum ne mma nyinaa, na obedii hia. Yare bi a ɛyɛ yaw bɔɔ no, na ogyinaa nhyɛso a ne nnamfo atorofo no de baa ne so no ano. Eyi nyinaa mu no, Hiob kekaa nsɛm bi a enni nnyinaso. (Hiob 6:3) Nanso, Onyankopɔn susuw nsɛm tebea no ho. (Hiob 35:15) Na onim nea ɛwɔ Hiob komam, na ɔde afotu a na Hiob hia maa no. Ɔyɛ saa ma nnipa nnɛ nso.

Wɔ Mozambique no, na Castro adi mfirihyia du pɛ na ne maame wui. Ɛhaw no yiye. Obisae sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ owu gyaw yɛn hɔ?” Ɛwom sɛ na awofo a wosuro Onyankopɔn na atete no de, nanso afei de na ɔnte biribiara ase. Dɛn na na ebetumi adwudwo n’adwene ne ne koma? Onyaa awerɛkyekye fii Chichewa Bible ketewaa bi a ɔkenkanee na ɔne ne nuabarimanom mpanyimfo bɔɔ ho nkɔmmɔ no so.

Nkakrankakra no, Castro bɛtee ase sɛ ne maame wu a owui no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn bu atɛnkyea, na mmom efi pɛ a yɛnyɛ a yenya fii awo mu no nti. (Romafo 5:12; 6:23) Bible mu bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no maa no nyaa awerɛkyekye kɛse efisɛ ɛma onyaa awerɛhyem sɛ ɔbɛsan ahu ne maame bio. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Awerɛhosɛm ne sɛ mfirihyia anan pɛ akyi no, ne papa wui. Nanso, saa bere yi de na Castro betumi agyina adehwere no ano yiye. Ɛnnɛ, ɔdɔ Yehowa, na ofi nokwaredi mu de ne nkwa reyɛ Onyankopɔn som adwuma. Wɔn a wonim no nyinaa hu anigye a wanya no.

Nnipa pii a wɔahwere wɔn adɔfo no nya awerɛkyekye fi Bible mu nokware ahorow a ɛmaa Castro nyaa awerɛkyekye no ara mu. Nnipa bi a wɔahyia ahokyere kɛse esiane nnipa abɔnefo nneyɛe nti no abisa sɛnea Hiob yɛe no: “Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa?” (Hiob 21:7) Sɛ nnipa tie Onyankopɔn asɛm ankasa denam mmuae a wonya fi N’asɛm mu so a, wohu sɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so di nneɛma ho dwuma no ye ma wɔn ankasa yiyedi.—2 Petro 3:9.

Barbara a wɔtetee no United States no ankasa anhyia akodi mu ahude. Nanso onyinii wɔ wiase a na ɛredi ako mu. Ná ɔte akodi mu atirimɔdenne ho nsɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu daa. Bere a ɔresua ade wɔ sukuu no, abakɔsɛm mu nsɛm a esisii wɔ akwan bi a na ɛte sɛ nea wɔnhwɛ kwan so no maa ne ho dwiriw no. Dɛn na ɛma ɛbaa saa? So na Onyankopɔn dwen nea na ɛresisi no ho? Na ogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso na onni ne ho adwene a edi mu.

Nanso, esiane Yehowa Adansefo a Barbara ne wɔn bɔe nti, n’adwene sesae nkakrankakra. Otiee wɔn ne wɔn suaa Bible no. Ɔkɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Ɔkɔɔ wɔn nhyiam akɛse no biako mpo. Afei nso, ohui sɛ, sɛ obisa Adansefo no nsɛm a na ɛnsono nea obiara ka. Mmom no, na Adansefo no nsɛm hyia efisɛ na wɔn nsusuwii no gyina Bible so.

Adansefo no twee adwene sii adanse bi a ɛwɔ Bible mu so sɛ wiase no wɔ Satan Ɔbonsam, ne sodifo no nkɛntɛnso ase, na ɛda ne honhom adi. (Yohane 14:30; 2 Korintofo 4:4; Efesofo 2:1-3; 1 Yohane 5:19) Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔkaa nsɛm a na ama Barbara ho adwiriw no no ho asɛm siei wɔ Bible mu. (Daniel, ti 2, 7 ne 8) Onyankopɔn kaa ho asɛm siei efisɛ sɛ ɔpɛ sɛ ohu nneɛma a ɛbɛba daakye a, ɔwɔ tumi a ɔde behu. Onyankopɔn na ɔmaa saa nsɛm no bi sisii. Afoforo de ɔmaa ho kwan kɛkɛ. Adansefo no kyerɛɛ Barbara sɛ Bible kaa nneɛma papa ne nneɛma bɔne a ebesisi wɔ yɛn bere yi mu nyinaa nso ho asɛm siei, na ɛkyerɛkyerɛ mu. (Mateo 24:3-14) Wɔkyerɛɛ no Bible bɔhyɛ ahorow a ɛka wiase foforo a trenee bɛtra mu na amanehunu befi hɔ ho asɛm no.—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.

Nkakrankakra no, Barbara fii ase bɛtee ase sɛ bere a ɛnyɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔde amanehunu ba nnipa so no, onsiw ho kwan, sɛ nnipa paw sɛ wonnni n’ahyɛde so a, ɔnhyɛ wɔn. (Deuteronomium 30:19, 20) Onyankopɔn ayɛ nsiesiei a yɛnam so betumi atra ase daa wɔ anigye mu, nanso ɛnnɛ ɔrema yɛanya hokwan ada no adi sɛ ebia yɛbɛma yɛn asetra ne n’akwantrenee ahyia anaa. (Adiyisɛm 14:6, 7) Barbara sii gyinae sɛ obesua Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow na ɔde abɔ ne bra. Afei nso ohuu ɔdɔ a Yesu kae sɛ wɔde behu ne nokware akyidifo no wɔ Yehowa Adansefo mu.—Yohane 13:34, 35.

Wo nso wubetumi anya nsiesiei a ɛboaa no no so mfaso.

Asetra a Ɛwɔ Atirimpɔw

Wɔn a ɛte sɛ nea asetra rekɔ yiye ma wɔn no mpo betumi ahwehwɛ nsɛmmisa bi a ɛkyere wɔn adwene ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, na Matthew, aberante bi a ɔwɔ Britain ani agyina bere nyinaa sɛ obehu nokware Nyankopɔn no ne asetra atirimpɔw. Matthew papa wui bere a na Matthew adi mfirihyia 17. Ɛno akyi no, Matthew nyaa sukuupɔn mu abodin wɔ nnwonto mu. Afei ɔkɔɔ so huu sɛnea mfaso nni n’asetra a egyina honam fam nneɛma akyidi so no so. Ofii ne kurom kɔtraa London, na ɛhɔ no ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔnenom mu, kɔɔ asanombea, de ne ho hyɛɛ nsoromma mu hwɛ, ahonhonsɛmdi, ne Zen Buddhasom, ne nyansapɛ afoforo mu—a ne nyinaa mu no na ɔrehwehwɛ asetra a abotɔyam wom. Ɔde ahoyeraw su frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no mma onhu nokware no.

Nnanu akyi no, Matthew hyiaa n’adamfo dedaw bi, na ɔkyerɛkyerɛɛ ne haw no mu kyerɛɛ no. Ná saa barima yi ne Yehowa Adansefo asua ade pɛn. Bere a wobuee 2 Timoteo 3:1-5 kyerɛɛ Matthew no, sɛnea Bible kyerɛkyerɛ tebea a ɛwɔ wiase a yɛte mu yi mu pɛpɛɛpɛ no yɛɛ no nwonwa. Bere a ɔkenkan Bepɔw so Asɛnka no, ɛkaa ne koma. (Mateo, ti 5-7) Mfiase no, ɔtwentwɛn ne nan ase efisɛ na wakenkan nhoma bi a ɛkasa tia Yehowa Adansefo, nanso awiei koraa no, osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa bi a ɛbɛn so.

Matthew ani gyee nea ɔtee no ho, na ofii ase ne asafo no mu mpanyimfo no biako suaa Bible no. Ankyɛ na ohui sɛ nea na ɔresua no ne nea na ɔrehwehwɛ no, Onyankopɔn mpae a na wadi kan abɔ no ho mmuae. Bere a ogyaee nneyɛe a ɛnsɔ Yehowa ani no, onyaa mfaso ahorow. Bere a onyaa Onyankopɔn ho suro pa no, ɛkaa no ma ɔbɔɔ ne bra ma ɛne Onyankopɔn ahyɛde ahorow hyiae. Matthew hui sɛ asetra a ɛte saa wɔ atirimpɔw ankasa.—Ɔsɛnkafo 12:13.

Ná ɛnyɛ ade a wɔahyɛ ato hɔ sɛ Matthew ne afoforo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ asɛm yi mu no benya asetra kwan a abotɔyam wom. Nanso, wohui sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ atirimpɔw bi a ɔdɔ wom a ɔnam so gye wɔn a wɔde anigye paw sɛ wobedi n’ahyɛde ahorow so nyinaa tom. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nea ɛka saa atirimpɔw no ho ne daa nkwa wɔ wiase a akodi nnim, wɔade wɔn ho afi nyarewa ne ɔkɔm mu—na owu mpo nni hɔ. (Yesaia 2:4; 25:6-8; 33:24; Yohane 3:16) So saa na wopɛ? Sɛ ɛte saa a, wubetumi asua pii afa ɔkwan a wobɛfa so anya asetra a abotɔyam wom no ho denam nhyiam ahorow a egyina Bible so a wobɛkɔ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no so. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ yɛ saa.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Fi komam fa Onyankopɔn din ankasa bɔ mpae

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wo ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm ankasa no nsua ade

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Kɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Ɔnantefo: Chad Ehlers/Index Stock Photography