Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yehowa Hu Nea Woyɛ?

So Yehowa Hu Nea Woyɛ?

So Yehowa Hu Nea Woyɛ?

WUBEBUA saa asɛm no dɛn? Nnipa pii bɛka sɛ: ‘Migye di sɛ Onyankopɔn huu nnwuma a nnipa te sɛ Mose, Gideon, ne Dawid yɛe no, nanso minnye nni sɛ nea metumi ayɛ ho hia no. Mente sɛ Mose, Gideon, anaa Dawid.’

Ɛyɛ nokware sɛ anokwafo binom a wɔtraa ase Bible mmere mu no yɛɛ nneɛma soronko a na ɛda gyidi adi. ‘Wodii ahenni horow so nkonim, siw agyata ano, dum ogya tumi, na woguan nkrante ano.’ (Hebrifo 11:33, 34) Nanso, afoforo daa wɔn gyidi adi wɔ akwan a na ɛnyɛ soronko pii so, na Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn huu wɔn gyidi a wɔdaa no adi no nso. Sɛ mfatoho no, susuw Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso horow a ɛfa oguanhwɛfo, odiyifo, ne okunafo bi ho no ho hwɛ.

Oguanhwɛfo Bi Bɔ Afɔre

Dɛn na wokae wɔ Habel, Adam ne Hawa babarima a ɔto so abien no ho? Ebia wobɛkae sɛ owuu mogya dansefo wu, osuahu a yɛn mu kakraa bi na ebia yebehyia. Nanso biribi foforo nti na ɛmaa Onyankopɔn ani baa Habel so.

Da bi, Habel faa ne mmoa a wɔadɔ paa no bi kɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Ebia ɛnnɛ yɛremmu n’akyɛde no sɛ ade kɛse bi de, nanso Yehowa ammu n’ani angu so, na ɔkyerɛɛ ho anisɔ. Nanso, ɛnyɛ ne nyinaa ne no. Bɛyɛ mfirihyia mpem anan akyi no, Yehowa de honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu. Mfe pii akyi no, na Onyankopɔn werɛ mfii saa afɔrebɔ ketewaa no!—Hebrifo 6:10; 11:4.

Ɛyɛɛ dɛn na Habel paw afɔre ko a ɛsɛ sɛ ɔbɔ? Bible no nkyerɛ, nanso ɛbɛyɛ sɛ osusuw asɛm no ho yiye. Ná ɔyɛ oguanhwɛfo, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔde ne mmoa no mu bi bɔɔ afɔre no. Nanso hyɛ no nsow sɛ ɔde mmoa a wodi mu paa—“wɔn a wɔadɔ” na ɛmae. (Genesis 4:4) Ebetumi aba nso sɛ osusuw nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ ɔwɔ no wɔ Eden turo mu no ho: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15; Adiyisɛm 12:9) Ɛwom sɛ na Habel nte onii ko a “ɔbea” no ne “n’asefo” no yɛ ase de, nanso ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ na ɔbea no aseni ‘nantin a wɔbɛka’ no bɛhwehwɛ sɛ ohwie mogya gu. Akyinnye biara nni ho sɛ ohui sɛ biribiara rensom bo nsen sɛ ɔde abɔde a nkwa wom bɛma. Nea ehia sen biara no, na afɔre a ɔbɔe no fata ampa.

Te sɛ Habel no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso bɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛnyɛ wɔn nguan mu mmakan na wɔde ma, na mmom wɔbɔ “Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Yɛde yɛn anofafa bɔ dawuru, bere a yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo no.

So wobɛpɛ sɛ woma afɔre a wobɔ no tu mpɔn? Ɛnde, susuw nnipa a wɔte w’asasesin mu no ahiade ho yiye. Dɛn na ɛhaw wɔn? Nneɛma bɛn na wɔn ani gye ho? Bible mu asɛm bɛn na wɔn ani begye ho? Bere biara a wudi adanse no, susuw nnipa a wakɔ wɔn nkyɛn no ho, a atirimpɔw no ne sɛ wubetu mpɔn. Na sɛ woka Yehowa ho asɛm a, fi komam fa ahotoso yɛ saa. Ma w’afɔrebɔ no nyɛ ‘ayeyi afɔre’ ankasa.

Odiyifo Bi Kasa Kyerɛ Ne Nkurɔfo a Wɔn Koma Apirim

Afei susuw odiyifo Henok ho hwɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na ne nkutoo na odi Yehowa Nyankopɔn ho adanse. Te sɛ Henok no, so wo nkutoo na wowɔ w’abusua mu a woresom Yehowa nokware mu? So wo nkutoo na wudi Bible nnyinasosɛm ahorow so wɔ wo sukuu mu anaa wɔ w’adwumam? Sɛ saa na ɛte a, wubetumi ahyia nsɛnnennen. Ebia nnamfonom, abusuafo, mfɛfo sukuufo, anaa mfɛfo adwumayɛfo bɛhyɛ wo nkuran sɛ tõ Onyankopɔn mmara. Ebia wɔbɛka sɛ, “Obiara renhu nea woayɛ. Yɛrenka nkyerɛ obiara.” Wobetumi aka sɛ nyansa nnim sɛ wode Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɛhaw wo ho, efisɛ nea woyɛ biara mfa Onyankopɔn ho. Bere a ɛhyɛ wɔn abufuw sɛ wo nsusuwii ne wo nneyɛe nte sɛ wɔn de no, ebia wɔbɛyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma woagyae wo mudi mu.

Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubegyina nhyɛso a ɛte saa ano, nanso ɛnyɛ biribi a wuntumi nyɛ. Susuw Henok, ɔbarima a ɔto Adam so ason no ho hwɛ. (Yuda 14) Bere a wɔwoo Henok no, na nnipa dodow no ara bra asɛe. Ná wɔn kasa ho ntew; wɔn nneyɛe yɛ ‘ahodwiriw.’ (Yuda 15) Wɔyɛɛ wɔn ade sɛnea nnipa pii yɛ nnɛ no ara.

Ɔkwan bɛn so na Henok gyinaa ano? Saa asɛmmisa no ho mmuae ho hia yɛn nnɛ. Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Henok nkutoo ne onipa a ɔwɔ asase so a ɔsom Yehowa de, nanso na ɔnyɛ ankonam ankasa. Henok ne Onyankopɔn nantewee.—Genesis 5:22.

Ná Henok asetram ade titiriw ne sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Ná onim sɛ Onyankopɔn a ɔne no bɛnantew no kyerɛ pii sen sɛ ɔbɛbɔ bra pa kɛkɛ. Ná Yehowa hwehwɛ sɛ ɔbɛka asɛm no. (Yuda 14, 15) Ná ehia sɛ wɔbɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ wɔahu wɔn nneyɛe bɔne no. Henok kɔɔ so ne Onyankopɔn nantewee bɛboro mfe 300—nea ɛsen bere tenten a yɛn mu biara de agyina sɔhwɛ ano no. De kosi bere a owui no, ɔkɔɔ so ne Onyankopɔn nantewee.—Genesis 5:23, 24.

Te sɛ Henok no, yɛn nso wɔama yɛn adwuma sɛ yɛnka asɛm no. (Mateo 24:14) Adanse a yebedi wɔ afie afie akyi no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ yɛn abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, ne mfɛfo sukuufo. Nanso ɛtɔ mmere bi a, ebia yennya akokoduru mfa nkasa. So ɛte saa wɔ wo fam? Mma w’abam mmu. Suasua tete Kristofo no, na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔmma wo akokoduru. (Asomafo no Nnwuma 4:29) Mma wo werɛ mfi da sɛ bere tenten a wo ne Onyankopɔn nantew no, worenyɛ ankonam da.

Okunafo Bi Siesie Aduan

Susuw ho hwɛ, wohyiraa okunafo bi a yennim ne din mpɛn abien esiane aduan biako pɛ a osiesiei nti! Ná ɔnyɛ Israelni, na mmom na ɔyɛ ɔnanani a ɔtraa ase afeha a ɛto so du A.Y.B. wɔ Sarefat kurow mu. Na okunafo no aduan resa bere a na aka kakra ma ɔpɛ ne aduankɔm bi a ɛbaa bere tenten aba awiei no. Nea na aka ama no ara ne asikresiam nsa ma, ne ngo kakra a ɔde bɛtõ abodoo a etwa to ama ɔne ne ba.

Saa bere yi na onyaa ɔhɔho. Ná ɛyɛ Onyankopɔn diyifo Elia, na ɔsrɛɛ okunafo no sɛ ɔmma no n’aduan a aka kakra no bi nni. Ná nea aka no bɛso ɔne ne ba no nkutoo, na ɛda adi sɛ na ɔrennya bi mma ɔhɔho no. Nanso Elia nam Yehowa asɛm so maa no awerɛhyem sɛ, sɛ ɔma no n’aduan no bi a, ɔkɔm renne ɔne ne ba no. Ná egye gyidi na okunafo nanani no atumi agye adi sɛ Israel Nyankopɔn no behu no. Nanso ogyee Elia dii, na Yehowa hyiraa no. “Asikresiam kuruwa no so anhuan na ngo pɔre no so antew, sɛnea [Yehowa, NW] nam Elia so kae no.” Ɔbea no ne ne ba no nyaa aduan dii kosii sɛ ɔkɔm no twae.—1 Ahene 17:8-16.

Nanso na nhyira foforo retwɛn okunafo no. Saa anwonwade no akyi bere bi no, ne dɔba no yaree na owui. Ɛyɛɛ Elia mmɔbɔ, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ onnyan abarimaa no mmra nkwa mu bio. (1 Ahene 17:17-24) Ná ɛno bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ anwonwade a ebi nsii da. Ná kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔanyan obi afi awufo mu pɛn! So Yehowa bɛsan ada mmɔborohunu adi akyerɛ okunafo nanani yi? Ɔyɛɛ saa. Yehowa maa Elia tumi ma onyanee abarimaa no baa nkwa mu bio. Akyiri yi Yesu kaa ɔbea a onyaa hokwan kɛse yi ho asɛm sɛ: ‘Ná akunafo pii wɔ Israel de, nanso wɔsomaa Elia kɔɔ ɔbea kunafo a ɔwɔ Sidon kurow Sarefat nkyɛn.’—Luka 4:25, 26.

Ɛnnɛ, sikasɛm tebea asɛe wɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mpo mu. Nnwuma akɛse ayi adwumayɛfo a wɔde nokwaredi ayɛ adwuma mfe pii no adi. Esiane adwuma a ebetumi afi obi a ɔyɛ Kristoni nsa nti, ebetumi ama ɔde bere pii ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyi no adi mfi adwuma no mu. Ebia saa a ɔbɛyɛ no remma onnya bere pii mfa nkɔ Kristofo nhyiam ahorow, asɛnka, anaa bere a ɔde bedi n’abusua nkate fam ne honhom fam ahiade horow ho dwuma. Nanso, ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye sɛ saa adwuma no remfi ne nsa ɔkwan biara so.

Kristoni a ɔwɔ sikasɛm tebea a emu yɛ den saa mu no di bem sɛ ɔma ɛho asɛm hia no. Nnansa yi ɛyɛ den sɛ obi benya adwuma ayɛ. Yɛn mu dodow no ara mpere sɛ yebenya yɛn ho, nanso te sɛ Sarefat kunafo no, yɛpɛ sɛ yenya yɛn ano aduan. Nanso ɔsomafo Paulo bɔ yɛn nkae sɛ Onyankopɔn kae sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” Yebetumi de ahotoso aka sɛ: “[Yehowa, NW] ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?” (Hebrifo 13:5, 6) Paulo de ne ho too saa bɔhyɛ no so ne nkwa nna nyinaa, na Yehowa annyaw no da. Sɛ yɛannyae Onyankopɔn akyidi a, ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn.

Ebia yɛbɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ nneɛma a nnipa a wɔyɛ honhom mufo te sɛ Mose, Gideon, ne Dawid yɛe no bi da de, nanso yebetumi asuasua wɔn gyidi. Na yebetumi akae gyidi kakra a Habel, Henok, ne Sarefat okunafo no daa no adi no. Yehowa ani gye gyidi a yɛda no adi nyinaa—nea ɛyɛ nketewa mpo ho. Sɛ sukuuni a osuro Nyankopɔn po sɛ obegye nnuru afi atipɛnfo hɔ, sɛ Kristoni dwumayɛni ampene so amfa ne ho anhyɛ brabɔne mu wɔ adwumam, anaa sɛ Ɔdansefo a ne mfe akɔ anim kɔ asafo nhyiam ahorow daa ɛmfa ho sɛ wabrɛ na ɔyare a, Yehowa hu. Na odi ahurusi!—Mmebusɛm 27:11.

So Wuhu Nea Afoforo Yɛ?

Yiw, Yehowa hu nea yɛyɛ. Enti, sɛ nnipa a yesuasua Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebehu afoforo mmɔdenbɔ. (Efesofo 5:1) Dɛn nti na womfa w’ani nto fam nhwɛ nsɛnnennen a wo mfɛfo Kristofo hyia sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba asafo nhyiam ahorow, wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɛnka adwuma mu, na mpo wɔayɛ nnwuma a wɔyɛ no daa no?

Ɛnde, ma wo mfɛfo a wo ne wɔn som Yehowa no nhu sɛ w’ani sɔ wɔn mmɔdenbɔ. Wɔn ani begye sɛ wuhui, na dwen a wudwen wɔn ho no bɛma wɔanya awerɛhyem sɛ Yehowa nso hu wɔn.