Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kan Ne Akyiri Yi—Kan Asetra a Enye, Daakye a Ɛyɛ Anigye

Kan Ne Akyiri Yi—Kan Asetra a Enye, Daakye a Ɛyɛ Anigye

“Mommɛn Onyankopɔn, Na Ɔbɛbɛn mo”

Kan Ne Akyiri Yi—Kan Asetra a Enye, Daakye a Ɛyɛ Anigye

“ONYANKOPƆN asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Saa na ɔsomafo Paulo ka faa tumi a Onyankopɔn asɛm wɔ wɔ nkurɔfo so no ho. Tumi a ɛwɔ sɛ ebedu nnipa komam no daa adi titiriw wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Ɛmfa ho nkɛntɛnso bɔne a na ɛwɔ hɔ saa bere no, wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo no hyɛɛ nipasu foforo no.—Romafo 1:28, 29; Kolosefo 3:8-10.

Tumi a Onyankopɔn asɛm wɔ sɛ ɛbɛsakra nkurɔfo, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no, da adi nnɛ nso. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbarima tenten gramoo bi a wɔfrɛ no Richard asɛm no ho hwɛ. Esiane Richard abufuhyew nti, sɛ obi hyɛ no abufuw kakraa bi a, na ɔne no bɔ atwɛre. Basabasayɛ sɛee n’asetra. Richard kɔdɔm akuturukubɔ kuw bi mpo. Ɔyeree ne ho suaa sɛnea wɔbɔ akuturuku yiye ma ɔbɛyɛɛ kuturukubɔ mu kunini wɔ Westphalia, Germany. Ná Richard nom nsa nso yiye, na na ɔtaa ko ntɔkwaw. Wɔ mmere a ɛte saa biako mu no, wokum obi, na ɛkaa kakraa bi ma anka wɔde Richard too afiase.

Richard aware nso ɛ? Richard ka sɛ: “Ansa na me ne Heike resua Bible no, na yɛn mu biara yɛ nea n’ankasa pɛ. Ná Heike gye bere pii wɔ ne nnamfonom mmea ho, na me de, na nneɛma a m’ani gye ho nkutoo akyi na midi—titiriw akuturukubɔ, po asorɔkye a wɔde tu mmirika, ne asukɔdɔ.”

Bere a Richard ne Heike fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, adwene a na ɛne sɛ ɛsɛ sɛ Richard yɛ nsakrae a ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye na ama n’asetra ne Onyankopɔn Asɛm mu gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn ahyia no maa ne ho dwiriw no. Nanso bere a Richard behuu Yehowa Nyankopɔn yiye no, onyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛsɔ n’ani. Richard hui sɛ Onyankopɔn ani nnye wɔn a wɔdɔ basabasayɛ anaa wɔde gye wɔn ani no ho. Richard suae sɛ: “Nea ɔpɛ amim de, [Yehowa] kra tan no.”—Dwom 11:5.

Bio nso, asase so paradise a wɔbɛtra daa ho anidaso kanyan Richard ne Heike nyinaa. Wɔpɛe sɛ wɔn nyinaa bom kɔ hɔ! (Yesaia 65:21-23) Nsato a ɛne “mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo” no kaa Richard yiye. (Yakobo 4:8) Ohuu bo a ɛsom sɛ obetie afotu a efi honhom mu yi: “Ntwe otirimɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw n’akwan mu biara. Na ɔkɔnkɔnsani yɛ [Yehowa, NW] akyide, na tẽefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.”—Mmebusɛm 3:31, 32.

Ɛmfa ho sɛ Richard nyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛsesa n’akwan no, ohui sɛ ontumi mfi n’ankasa ahoɔden mu nyɛ saa. Obehuu hia a ehia sɛ ɔhwehwɛ Onyankopɔn mmoa wɔ mpaebɔ mu. Enti ɔyɛɛ ade maa ɛne nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ N’asomafo no hyiae sɛ: “Mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.”—Mateo 26:41.

Bere a Richard huu adwene a Onyankopɔn kura wɔ basabasayɛ ne abufuhyew ho no, akyinnye biara nni ho sɛ ohui sɛ akuturukubɔ yɛ agumadi a ɛmfata. Ɛdenam Yehowa mmoa ne nkuranhyɛ a efi wɔn a wɔne no suaa Bible no hɔ so no, Richard gyaee basabasayɛ. Ogyaee akuturukubɔ ne ntɔkwako na osii gyinae sɛ ɔbɛma n’abusua asetra atu mpɔn. Richard, a seesei ɔyɛ ɔhwɛfo a ne ho dwo wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu no, ka sɛ: “Nokware no a misua fii Bible mu no aboa ma migyina susuw nsɛm ho ansa na mayɛ ade.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɔdɔ ne obu ho nnyinasosɛm na ɛkyerɛ me kwan seesei wɔ me ne me yere ne yɛn mma ntam abusuabɔ mu. Ne saa nti, biakoyɛ aba yɛn abusua no mu.”

Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔte Yehowa Adansefo ho nsɛmmɔne no bɔ wɔn sobo sɛ wɔtoto mmusua ntam. Nanso, ankorankoro te sɛ Richard nhwɛso no kyerɛ sɛ nea wɔka no nyɛ nokware. Nokwasɛm no ne sɛ, Bible mu nokware betumi de asomdwoe aba abusua mu na ama wɔn a na wɔn kan asetra nye no anya daakye a ɛyɛ anigye.—Yeremia 29:11.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Paradise asetra ho anidaso kanyan me maa mesakrae”

[Adaka wɔ kratafa 9]

Bible Nnyinasosɛm Reyɛ Adwuma

Bible no betumi anya nkurɔfo asetra so nkɛntɛnso a emu yɛ den. Nnyinasosɛm ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so a aboa nnipa bi a na wɔpɛ basabasayɛ ma wɔasakra no bi na edidi so yi:

“Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.” (Mmebusɛm 16:32) Abufuw a wonni so kyerɛ mmerɛwyɛ, ɛnyɛ ahoɔden.

“Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” (Mmebusɛm 19:11) Tebea bi ho nimdeɛ ne ntease a obi benya no boa ma ohu dekode pɔtee a ɛde ntawntawdi ba na ɛma ɔtwentwɛn n’abufuw ase.

‘Wo ne obufufafo mmfa yɔnko, na woansua n’akwan.’ (Mmebusɛm 22:24, 25) Kristofo fi nyansa mu po sɛ wɔne wɔn a wɔpɛ abufufa bɛbɔ fekuw.