Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo Kasa Kyerɛ Asafo Horow no

Kristo Kasa Kyerɛ Asafo Horow no

Kristo Kasa Kyerɛ Asafo Horow no

“Sɛɛ na nea okura nsoromma ason ne nifa mu . . . no se.”—ADIYISƐM 2:1.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nea Kristo ka kyerɛɛ asafo ason no wɔ Asia Kumaa no ho hia yɛn?

YEHOWA Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, ne Kristofo asafo no Ti. Nea ɛbɛyɛ na wama asafo a n’akyidifo a wɔasra wɔn wom no ho atew no, Kristo di ne tiyɛ no ho dwuma denam nkamfo ne nteɛso a ɔde ma wɔn so. (Efesofo 5:21-27) Eyi ho nhwɛso ahorow wɔ Adiyisɛm ti 2 ne 3, faako a yehu Yesu nsɛm a tumi wom na ɛda ɔdɔ adi a ɔka kyerɛɛ asafo ason a ɛwɔ Asia Kumaa no.

2 Ansa na ɔsomafo Yohane rete Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ asafo ason no, wɔma onyaa “Awurade da no” ho anisoadehu. (Adiyisɛm 1:10) Saa “da” no fii ase bere a wɔde Mesia Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu no. Enti nea Kristo ka kyerɛɛ asafo ahorow no ho hia paa wɔ awiei bere yi mu. Ne nkuranhyɛ ne afotu no boa ma yegyina mmere a emu yɛ den yi ano.—2 Timoteo 3:1-5.

3. Dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so no, “nsoromma,” “abɔfo,” ne “sika akaneadua” a ɔsomafo Yohane hui no kyerɛ?

3 Yohane huu Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam a “okura nsoromma ason ne nifa mu” no sɛ “ɔnam sika akaneadua ason,” anaa asafo ahorow no “mfinimfini.” “Nsoromma” no ne “asafo ason no abɔfo.” (Adiyisɛm 1:20; 2:1) Ɛtɔ mmere bi a nsoromma gyina hɔ ma honhom abɔde a wɔyɛ abɔfo, nanso Kristo remfa onipa nni dwuma mma ɔnkyerɛw nsɛm mma honhom abɔde. Ne saa nti, sɛnea ntease wom no, “nsoromma” yi gyina hɔ ma ahwɛfo a wɔde honhom asra wɔn anaa mpanyimfo akuw no. Asɛmfua “abɔfo” no fa dwuma a wodi sɛ asomafo no ho. Esiane sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no ayɛ kɛse nti, “ofiepanyin nokwafo” no nso apaw Yesu “nguan foforo” no mu mmarima a wɔfata sɛ ahwɛfo.—Luka 12:42-44; Yohane 10:16.

4. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo nya tie a wotie nea Kristo ka kyerɛ asafo ahorow no so mfaso?

4 “Nsoromma” no wɔ Yesu nsa nifa mu—wɔwɔ ne tumi ase, wɔwɔ n’anim dom, na ɔbɔ wɔn ho ban. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ wobu akontaa kyerɛ no. Sɛ nnɛyi mpanyimfo tie nsɛm a ɔka kyerɛɛ asafo ason no a, wobehu sɛnea wobedi tebea horow a ɛtete saa ho dwuma. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa tie Onyankopɔn Ba no. (Marko 9:7) Enti dɛn na yɛnam nsɛm a Kristo ka kyerɛ asafo ahorow no a yebetie so betumi asua?

De Kɔma Ɔbɔfo a Ɔwɔ Efeso No

5. Ná Efeso yɛ kurow bɛn?

5 Yesu kamfoo asafo a ɛwɔ Efeso no, na ɔkaa wɔn anim. (Kenkan Adiyisɛm 2:1-7.) Ná nyamewa Artemi abosonnan kɛse bi si saa beae a aguadi ne nyamesom kɔ so paa wɔ Asia Kumaa atɔe fam mpoano ha yi. Ɛwom sɛ na ɔbrasɛe, atoro som, ne ntafowayi abu so wɔ Efeso de, nanso Onyankopɔn hyiraa asɛnka adwuma a ɔsomafo Paulo ne afoforo yɛe wɔ saa kurow no mu so.—Asomafo no Nnwuma, ti 19.

6. Ɔkwan bɛn so na Kristofo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no te sɛ wɔn a na wɔwɔ tete Efeso no?

6 Kristo kamfoo asafo a na ɛwɔ Efeso no sɛ: “Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wuntumi nkura wɔn a wɔyɛ bɔne, na woasɔ wɔn a wose wɔyɛ asomafo na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn atorofo.” Ɛnnɛ, Yesu akyidifo anokwafo asafo horow no wɔ nneyɛe pa, adwumaden, ne boasetɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛte saa ara. Wɔmpene anuanom atorofo a wɔpɛ sɛ wobu wɔn sɛ asomafo no so. (2 Korintofo 11:13, 26) Te sɛ Efesofo no, Kristofo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ‘ntumi nkura wɔn a wɔyɛ bɔne’ no. Enti nea ɛbɛyɛ na wɔakɔ so ama Yehowa som ho atew na wɔabɔ asafo no ho ban no, wɔne awaefo abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu no mmɔ.—Galatifo 2:4, 5; 2 Yohane 8-11.

7, 8. Aniberesɛm bɛn na na ɛwɔ Efeso asafo no mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi tebea a ɛte saa ho dwuma?

7 Nanso na Kristofo a wɔwɔ Efeso no wɔ ɔhaw bi a anibere wom. Yesu kae sɛ: “Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.” Ná ɛsɛ sɛ asafo no mufo no kanyan kan dɔ a na wɔwɔ ma Yehowa no. (Marko 12:28-30; Efesofo 2:4; 5:1, 2) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yiye sɛ yennyaw kan dɔ a na yɛwɔ ma Onyankopɔn no. (3 Yohane 3) Nanso sɛ nneɛma te sɛ honam fam nneɛma ho akɔnnɔ anaa anigyede akyidi redi akoten wɔ yɛn asetram nso ɛ? (1 Timoteo 4:8; 6:9, 10) Ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae denneennen hwehwɛ Onyankopɔn mmoa na yɛde Yehowa ho dɔ ne nea ɔne ne Ba no ayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ si suban a ɛte saa ananmu.—1 Yohane 4:10, 16.

8 Kristo hyɛɛ Efesofo no nkuran sɛ: “Kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no!” Na sɛ wɔanyɛ eyi a, dɛn na ɛbɛba? Yesu kae sɛ: “Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea.” Sɛ nguan no nyinaa gyaw wɔn kan dɔ no a, na wobeyi “kaneadua” anaa asafo no afi ne sibea. Enti sɛ́ Kristofo a yɛyɛ nsi no, momma yɛnyɛ adwumaden na ama asafo no akɔ so ahyerɛn wɔ honhom fam.—Mateo 5:14-16.

9. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu mpaapaemu?

9 Nea ɛfata nkamfo no, na Efesofo no tan “Nikolaifo nnwuma.” Nea wɔka faa saa fekuw yi ho wɔ Adiyisɛm mu akyi no, yenni faako a wofi, wɔn nkyerɛkyerɛ, ne wɔn nnwuma ho nimdeɛ biara. Nanso esiane sɛ Yesu kasa tiaa nnipa akyidi nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tan mpaapaemu, sɛnea Kristofo a wɔwɔ Efeso yɛe no.—Mateo 23:10.

10. Dɛn na wɔn a wotie nea honhom no ka no benya?

10 Kristo kae sɛ: ‘Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’ Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔde Onyankopɔn honhom na ɛkasae. (Yesaia 61:1; Luka 4:16-21) Enti afei ɛsɛ sɛ yetie nea Onyankopɔn nam honhom kronkron so fa Yesu so ka no. Yesu nam honhom no akwankyerɛ ase hyɛɛ bɔ sɛ: “Nea odi nkonim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.” Wɔ wɔn a wɔasra wɔn a wotie nea honhom no ka no fam no, eyi kyerɛ nkwa a owu nnim a wobenya wɔ soro, “Nyankopɔn paradise” mu, anaa wɔ Yehowa ankasa anim. “Nnipakuw kɛse” a wɔn nso wotie nea honhom no ka no benya asase so paradise adi, baabi a wɔbɛnom “nkwa nsu asubɔnten,” na wɔde “dua” a esisi nsu no nkyɛn no “nhaban” asa wɔn yare.—Adiyisɛm 7:9; 22:1, 2; Luka 23:43.

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akanyan ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no?

11 Ná Efesofo no agyaw wɔn kan dɔ no, nanso sɛ tebea bi a ɛte saa resɔre wɔ asafo bi mu nnɛ a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ́ ankorankoro no, momma yɛn nyinaa nkanyan ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no denam ɔdɔ mu a ofi yɛ nneɛma ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ no so. Yebetumi akyerɛ ɔdɔ mu a Onyankopɔn fi nam ne Dɔba no so de agyede no mae no ho anisɔ. (Yohane 3:16; Romafo 5:8) Sɛ yenya hokwan a, yebetumi de Onyankopɔn dɔ ho asɛm ahyɛ mmuae a yɛma ne nhyiam ahorow ase dwumadi a yenya mu. Yebetumi akyerɛ ɔdɔ a yɛn ankasa wɔ ma Yehowa denam ayeyi a yɛde bɛma ne din wɔ Kristofo som adwuma no mu so. (Dwom 145:10-13) Yiw, nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe betumi ayɛ pii de akanyan asafo no kan dɔ anaa ahyɛ mu den.

De Kɔma Ɔbɔfo a Ɔwɔ Smirna No

12. Dɛn na abakɔsɛm ma ɛda adi wɔ Smirna ne ɔsom a na ɛwɔ hɔ no ho?

12 Kristo, “ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio” denam owusɔre so no kamfoo Smirna asafo no. (Kenkan Adiyisɛm 2:8-11.) Wɔkyekyee Smirna (mprempren Izmir, Turkey) wɔ Asia Kumaa atɔe fam mpoano. Helafo na wɔkɔtraa kurow no mu, nanso Lidiafo bɛsɛee no wɔ bɛyɛ afe 580 A.Y.B. Wɔn a wodii Alexander Ɔkɛseɛ ade no san kyekyee Smirna wɔ beae foforo. Ɛbɛkaa Roma mantam a ɛwɔ Asia no ho, na na ɛyɛ beae a aguadi kɔ so yiye a na aban adan a ɛyɛ fɛ wɔ. Tiberio Kaesare abosonnan a na ɛwɔ hɔ no maa ɛbɛyɛɛ beae titiriw a na wɔsom ɔhempɔn. Ná ɛsɛ sɛ asomfo no hyew aduhuam na wɔka sɛ “Kaesare ne Awurade.” Ná Kristofo no ntumi nni so efisɛ wɔn fam no, na “Yesu ne Awurade.” Ne saa nti, wohuu amane.—Romafo 10:9.

13. Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Smirna no di hia honam fam de, nanso ɔkwan bɛn so na na wɔyɛ adefo?

13 Amanehunu akyi no, Kristofo a na wɔwɔ Smirna no gyinaa ohia ano, na ebetumi aba sɛ wohyiaa sika fam ahokyere esiane sɛ na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔhempɔn som mu nti. Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛyi nso betumi ahyia ɔtaa a ɛte saa ara. (Adiyisɛm 13:16, 17) Ɛwom sɛ wɔn a wɔte sɛ Kristofo a na wɔwɔ Smirna no di hia honam fam de, nanso wɔyɛ adefo honhom fam, na ɛno na ehia ankasa!—Mmebusɛm 10:22; 3 Yohane 2.

14, 15. Awerɛkyekye bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no betumi anya afi Adiyisɛm 2:10 no mu?

14 Ná Yudafo a wɔwɔ Smirna no dodow no ara yɛ “Satan hyiadan” efisɛ wokuraa atetesɛm a ennyina Kyerɛwnsɛm so, poo Onyankopɔn Ba no, na wɔkaa n’akyidifo no ho nsɛmmɔne. (Romafo 2:28, 29) Nanso hwɛ awerɛkyekye ara a wɔn a wɔasra wɔn no betumi anya afi Kristo nsɛm a edi so no mu! Ɔka sɛ: “Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.”—Adiyisɛm 2:10.

15 Ná Yesu nsuro sɛ obegyina Yehowa tumidi akyi na wawu. (Filipifo 2:5-8) Ɛwom sɛ mprempren Satan reko tia nkaefo a wɔasra wɔn no de, nanso wonsuro ahokyere a ɛsɛ sɛ wɔfa mu sɛ kuw no—amanehunu, afiasenna, anaa owu yayaw. (Adiyisɛm 12:17) Wobedi wiase no so nkonim. Na sɛ́ anka wɔn a wɔasra wɔn a wobenya owusɔre no benya nhwiren a ɛnkyɛ na akisa a na wɔde hyɛ wɔn a wodi nkonim wɔ abosonsomfo agumadi mu no, Kristo de “nkwa abotiri” na ɛhyɛ wɔn bɔ sɛ wobenya asetra a owu nni mu wɔ soro. Akyɛde a ɛsom bo bɛn ara ni!

16. Sɛ yɛwɔ asafo bi a ɛte sɛ tete Smirna de no mu a, ɔsɛmpɔw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?

16 Sɛ ebia yɛn anidaso wɔ soro anaa asase so no, sɛ yɛwɔ asafo bi a ɛte sɛ tete Smirna de no mu nso ɛ? Ɛnde momma yɛmmoa yɛn mfɛfo asomfo mma wɔmfa wɔn adwene nsi ade pɔtee nti a Onyankopɔn ma ɔtaa ho kwan—amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw—no so. Yehowa Dansefo biara a okura ne mudi mu no ma Satan yɛ ɔtorofo, na ɔkyerɛ sɛ nnipa a wɔtaa wɔn mpo betumi agyina hokwan a Onyankopɔn wɔ koraa sɛ odi tumi sɛ Amansan Hene no akyi pintinn. (Mmebusɛm 27:11) Momma yɛnhyɛ Kristofo afoforo nkuran mma wonnyina ɔtaa ano na ‘wɔnsom Yehowa a ehu nni mu, ahotew ne trenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa’—nkosi daa.—Luka 1:68, 69, 74, 75.

De Kɔma Ɔbɔfo a Ɔwɔ Pergamo No

17, 18. Ɔsom bɛn paa na na agye ntini wɔ Pergamo, na sɛ obi amfa ne ho anhyɛ abosonsom a ɛte saa mu a, dɛn na na ebetumi afi mu aba?

17 Wɔkamfoo asafo a ɛwɔ Pergamo no san kaa wɔn anim. (Kenkan Adiyisɛm 2:12-17.) Pergamo yɛ kurow a abosonsom ahyɛ hɔ ma a ɛda Smirna atifi fam bɛyɛ kilomita 80. Ɛte sɛ nea Kaldeafo nsoromma mu ahwɛfo guan fii Babilon kɔɔ hɔ no. Ayarefo pii kɔɔ Asclepius, ayaresa ne aduru nyame, no abosonnan a ɛwɔ Pergamo a agye din no mu. Esiane sɛ na abosonnan a wɔde som Kaesare Augusto wɔ Pergamo nti, na wɔfrɛ no “beae titiriw a wɔsom ɔhempɔn wɔ tete ahemman no nniso ase.”—Encyclopædia Britannica, 1959, Po 17, kratafa 507.

18 Ná wɔasi afɔremuka bi ama Seus wɔ Pergamo. Afei na ɔsom a Ɔbonsam hyɛ ho nkuran, nnipa a wɔde wɔn yɛ anyame, agye ntini wɔ kurow no mu. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔka sɛ asafo a ɛwɔ hɔ no te baabi a “Satan ahengua” si! Sɛ obi a ogyina Yehowa tumidi akyi ansom ɔhempɔn no a, na wotumi kum no. Wiase no da so ara wɔ Ɔbonsam tumi ase, na wɔsom aman sɛnkyerɛnne ahorow. (1 Yohane 5:19) Efi afeha a edi kan no mu besi nnɛ no, Kristofo anokwafo pii ahyia mogya dansefo wu te sɛ nea Kristo frɛɛ no ‘dansefo nokwafo Antipa a wokum no wɔ mo ho no.’ Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo kae asomfo anokwafo a wɔte saa no.—1 Yohane 5:21.

19. Dɛn na Bileam yɛe, na dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ wɔn ho yiye wɔ ho?

19 Afei Kristo kaa “Bileam kyerɛ” ho asɛm. Esiane honam fam nneɛma a na atoro diyifo Bileam ani bere nti, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdome Israel. Bere a Onyankopɔn dan Bileam nnome no nhyira no, Bileam ne Moabfo hene Balak yɛɛ biako daadaa Israelfo pii ma wɔde wɔn ho hyɛɛ abosonsom ne nna mu ɔbrasɛe mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo yɛ pintinn te sɛ Pinehas a ɔyɛɛ ade tiaa Bileam nnwuma no. (Numeri 22:1–25:15; 2 Petro 2:15, 16; Yuda 11) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ yiye wɔ abosonsom ne nna mu ɔbrasɛe biara a ɛbɛba abɛhyɛ asafo no mu no ho.—Yuda 3, 4.

20. Sɛ Kristoni bi afi ase renya awaefo adwene a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

20 Ná asafo a ɛwɔ Pergamo no wɔ asiane kɛse mu efisɛ na wɔama kwan ma wɔn a ‘wokura Nikolaifo kyerɛ no atra wɔn mu.’ Kristo ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Enti sakra w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anom afoa ne wo ako.” Nkurɔfo a wɔde mpaapaemu ba no pɛ sɛ wopira Kristofo wɔ honhom fam, na wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔde mpaapaemu ne fekusɛm bɛba no rennya Onyankopɔn Ahenni no. (Romafo 16:17, 18; 1 Korintofo 1:10; Galatifo 5:19-21) Sɛ Kristoni bi afi ase renya awaefo adwene na ɔpɛ sɛ ɔtrɛw mu a, ɛsɛ sɛ otie Kristo kɔkɔbɔ no! Nea ɛbɛyɛ na wayi ne ho afi asiane mu no, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ honhom fam mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ. (Yakobo 5:13-18) Ɛnsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase koraa, efisɛ Yesu reba ntɛm abebu atɛn.

21, 22. Henanom na wodi “mana a ahintaw” no bi, na ɛyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

21 Ɛho nhia sɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ne wɔn ayɔnkofo anokwafo no suro atemmu a ɛreba no. Wɔn a wotie Yesu afotu a wɔnam Onyankopɔn honhom kronkron so de mae no nyinaa benya nhyira. Sɛ nhwɛso no, wɔbɛto nsa afrɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔadi wiase so nkonim no ma wɔabedi “mana a ahintaw” no bi, na wɔbɛma wɔn “ɔbo fitaa” a wɔakyerɛw “din foforo” bi wɔ so.

22 Onyankopɔn maa Israelfo no mana ma ɛwowaw wɔn wɔ wɔn mfe 40 sare so akwantu no mu. Wɔde saa “aduan” no bi siee sika pɔre a esi apam adaka no mu no mu, ma wɔde siee ntamadan no Kronkron mu Kronkronbea, faako a hann bi a ɛyɛ nwonwa a na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ hɔ wɔ no. (Exodus 16:14, 15, 23, 26, 33; 26:34; Hebrifo 9:3, 4) Wamma kwan amma obiara anni saa mana a ahintaw no bi. Nanso bere a wonyan Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no, wonya nkwa a owu nni mu, a ɛyɛ “mana a ahintaw” a wodi no ho sɛnkyerɛnne.—1 Korintofo 15:53-57.

23. Dɛn na “ɔbo fitaa” ne “din foforo” no kyerɛ?

23 Ná ɔbo tuntum kyerɛ afobu wɔ Romafo asɛnnibea, na na fitaa kyerɛ bemdi. “Ɔbo fitaa” a Yesu de maa Kristofo a wɔadi nkonim no kyerɛ sɛ wabu wɔn bem, wɔn ho nni nkekae, na wɔn ho tew. Afei esiane sɛ na Romafo no de mmosea kyerɛ ansa na wɔama wɔakɔ dwumadi atitiriw bi ase nti, “ɔbo fitaa” no betumi akyerɛ gye a wɔagye wɔn a wɔasra wɔn no kɔ baabi wɔ soro, wɔ Oguammaa no ayeforo ase. (Adiyisɛm 19:7-9) Ɛda adi sɛ “din foforo” no kyerɛ Yesu a wɔne no bɛbom adi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no. Hwɛ sɛnea eyinom nyinaa hyɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo a wɔne wɔn som Yehowa a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra asase so paradise mu no nkuran!

24. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ɔwae ho?

24 Nyansa wom sɛ yɛbɛkae sɛ na awaefo de Pergamo asafo no ato asiane mu. Sɛ tebea a ɛte saa pɛ sɛ ɛsɛe asafo a yɛwom no yiyedi a, momma yɛmpo ɔwae no koraa na yɛnkɔ so nnantew nokware no mu. (Yohane 8:32, 44; 3 Yohane 4) Esiane sɛ atoro akyerɛkyerɛfo anaa ankorankoro a wɔredan awaefo betumi asɛe asafo mũ nyinaa nti, ɛsɛ sɛ yɛko tia ɔwae denneennen, na ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma nnaadaasɛm biara twe yɛn fi nokware no a yebetie ho.—Galatifo 5:7-12; 2 Yohane 8-11.

25. Nsɛm a Kristo ka kyerɛɛ asafo ahorow bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

25 Nsɛm a ɛkanyan adwene a Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no de kamfoo asafo abiɛsa a na ɛwɔ Asia Kumaa, ne afotu a ɔde maa wɔn a yɛasusuw ho bɛn ara ni! Nanso sɛnea honhom kronkron de akwankyerɛ mae no, na ɔwɔ pii ka kyerɛ asafo anan a aka no. Yebesusuw nsɛm yi a ɔka kyerɛɛ Tiatira, Sardi, Filadelfia, ne Laodikea no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie nea Kristo ka kyerɛ asafo ahorow no?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa ma asafo bi akanyan ne kan dɔ?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo a na wɔwɔ tete Smirna a na wodi hia honam fam no yɛ adefo?

• Sɛ yesusuw tebea a na ɛwɔ asafo a ɛwɔ Pergamo mu no ho a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu awaefo adwene?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini wɔ kratafa 10]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

HELA

ASIA KUMAA

Efeso

Smirna

Pergamo

Tiatira

Sardi

Filadelfia

Laodikea

[Mfonini wɔ kratafa 12]

“Nnipakuw kɛse” no benya asase so paradise mu atra

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Kristofo a wɔataa wɔn no adi wiase so nkonim