Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyerɛwtohɔ a Ɛkanyan Anigye

Kyerɛwtohɔ a Ɛkanyan Anigye

Kyerɛwtohɔ a Ɛkanyan Anigye

OBI a okyin hwehwɛ nsase so, Richard E. Byrd tutuu akwan ahorow anum faa Antartic Po so fi 1928 kosi 1956. Ɛdenam kyerɛwtohɔ ahorow a edi mu a ɔne ne mfɛfo akwantufo yɛe so no, wotumi huu sɛnea mframa bɔ, wɔyɛɛ asase ho mfonini, na wonyaa nsɛm a edi mu fa Antartic asasepɔn no ho.

Byrd akwantu no ma yehu sɛnea kyerɛwtohɔ ho hia fa. Wɔyɛɛ akwantu bi ho kyerɛwtohɔ a ɛkɔ akyiri wɔ kyerɛwtohɔ nhoma mu. Wobetumi de saa nsɛm yi adi dwuma akyiri yi de ahu nea esii anaasɛ wɔde ayɛ asɛm bi a ebetumi aboa wɔ daakye akwantu ahorow mu ho nhwehwɛmu.

Kyerɛwnsɛm no de Noa bere so Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ a ɛtwe adwene ma. Saa wiase nyinaa Nsuyiri no dii bɛboro afe biako. Sɛ́ ahosiesie a wɔde retwɛn Nsuyiri no, Noa, ne yere, ne wɔn mmabarima baasa ne wɔn yerenom de bɛboro mfe 50 anaa 60 pam adaka—adaka kɛse bi a na ne kɛse yɛ bɛyɛ mita ahinasa 40,000. Ná n’atirimpɔw ne dɛn? Sɛ́ ɛbɛkora nnipa ne mmoa bi so wɔ Nsuyiri no mu.—Genesis 7:1-3.

Enti, Bible mu nhoma a ɛne Genesis no kura biribi a wobetumi afrɛ no Noa kyerɛwtohɔ a ɛfa nsɛm a esisii fi Nsuyiri no mfiase kosi bere a ɔne n’abusua fii adaka no mu ho. So ekura biribi titiriw bi ma yɛn nnɛ?