Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Muntintim, na Moadi Nkonim Wɔ Nkwa Ho Mmirikatu no Mu

Muntintim, na Moadi Nkonim Wɔ Nkwa Ho Mmirikatu no Mu

Muntintim, na Moadi Nkonim Wɔ Nkwa Ho Mmirikatu no Mu

SƐ ƐSƐ sɛ wutu kwan wɔ ɛpo a ahum retu wɔ so so a, anka hyɛn bɛn na wode bɛkɔ? So anka wobɛfa ahyɛmma ketewa a enni ahoɔden anaa hyɛn a wɔayɛ no yiye a ɛwɔ ahoɔden? Akyinnye biara nni ho sɛ anka wobɛfa hyɛn no esiane sɛ ebetumi afa asorɔkye a ano yɛ den mu yiye nti.

Bere a yɛte nneɛma nhyehyɛe a basabasayɛ wom na emu yɛ hu yi mu no, yehyia nsɛnnennen a ɛhaw adwene. Sɛ nhwɛso no, mmabun ani so betumi atan wɔn wɔ mmere bi mu na wɔate nka sɛ wonni ahobammɔ wɔ wiase yi a emu nsusuwii ne emu nneɛma atoto yi mu. Wɔ ɔkwan bi so no ebia ankorankoro a wɔabɛyɛ Kristofo nnansa yi ara da so ara te nka sɛ wohinhim. Ebia ebinom mpo a wɔatim a wɔde mfe pii asom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu no rehyia sɔhwɛ esiane sɛ wɔn nsa nnya nkaa nea wɔhwehwɛ nyinaa nti.

Nkate horow a ɛte saa no nyɛ ade foforo. Yehowa asomfo anokwafo te sɛ Mose, Hiob, ne Dawid hawee mmere bi. (Numeri 11:14, 15; Hiob 3:1-4; Dwom 55:4) Nanso, wɔn asetra kwan daa no adi sɛ wogyinaa pintinn wɔ ɔsom a wɔde maa Yehowa no mu. Wɔn nhwɛso pa no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛn nso yennyina pintinn, nanso Satan Ɔbonsam pɛ sɛ ɔtwe yɛn san wɔ daa nkwa ho mmirika a yɛretu no mu. (Luka 22:31) Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn akɔ so atim, ‘agyina hɔ pintinn wɔ gyidi no mu’? (1 Petro 5:9) Na ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ yɛn mfɛfo gyidifo den?

Yehowa Pɛ sɛ Yetim

Sɛ yedi Yehowa nokware a, ɔwɔ hɔ bere nyinaa a ɔbɛboa yɛn ma yɛakɔ so agyina pintinn. Odwontofo Dawid hyiaa tebea horow a ɛyɛ den pii, nanso ɔde ne ho too Onyankopɔn so ma enti otumi too dwom sɛ: “[Yehowa] tee me sufrɛ. Na oyii me fii ɔsɛe amoa mu, fii atɛkyɛ mu, na ɔde me nan sii ɔbotan so, ɔmaa m’anammɔn tintimii.”—Dwom 40:2.

Yehowa hyɛ yɛn den ma yɛko “gyidi ko pa no” sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘aso daa nkwa mu.’ (1 Timoteo 6:12) Ɔma yɛn nea yɛnam so betumi atim na ama yɛadi nkonim wɔ yɛn honhom fam ko no mu nso. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu,’ na ‘wɔnhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na ama wɔatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.’ (Efesofo 6:10-17) Nanso dɛn na ebetumi ama yɛahaw? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi ako atia nkɛntɛnso bɔne a ɛte saa?

Hwɛ Yiye Wɔ Nneɛma a Ebetumi Ama Woahinhim Ho

Nyansa wom sɛ yɛkae asɛnhia yi: Awiei koraa no, gyinae a yesisi no ka pintinn a yɛbɛyɛ sɛ Kristofo no wɔ ɔkwan a eye anaa nea enye so. Mmabun hyia nneɛma te sɛ adwuma, sukuu a wɔbɛtoa so, ne aware ho gyinae a wobesisi. Ebia ɛho behia sɛ mpanyimfo si gyinae sɛ wobetu akɔ beae foforo anaasɛ wɔbɛyɛ adwuma foforo aka nea wɔyɛ ho. Da biara yesisi gyinae fa sɛnea yɛde bere bedi dwuma ne nneɛma foforo pii ho. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a nyansa wom a ɛbɛboa ma yɛayɛ den sɛ Onyankopɔn asomfo? Kristoni bi a ɔde mfe pii asom kae sɛ: “Sɛ meresisi gyinae a mibisa Yehowa hɔ mmoa. Migye di sɛ ɛho hia sɛ yegye afotu a ɛwɔ Bible mu, nea wɔde ma wɔ Kristofo nhyiam ase, nea mpanyimfo de ma, ne nea ɛwɔ Bible ho nhoma ahorow mu no tom na yɛde yɛ adwuma.”

Sɛ yɛresisi gyinae a, ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So m’ani begye gyinae a meresisi nnɛ no ho anaasɛ menu me ho wɔ ho wɔ mfe anum anaa mfe du akyi? So mebɔ mmɔden hwɛ hu sɛ me gyinaesi ahorow no mma me honhom fam nkɔso mmrɛ ase na mmom ɛbɛboa ma me honhom fam nkɔso atu mpɔn?’—Filipifo 3:16.

Esiane sɛ ebinom a wɔabɔ asu agyae wɔn ho mu ama sɔhwɛ ahorow anaasɛ wɔama hokwan ma anka wɔreyɛ ato Onyankopɔn mmara nti, ama wobu bra a ɛmfata. Nnipa kakraa bi a wɔatu wɔn afi asafo no mu esiane sɛ wɔkɔ so yɛ bɔne na wonnu wɔn ho mfi wɔn kwammɔne no ho nti no abɔ wɔn ho mmɔden ma wɔasan agye wɔn, nanso wɔatu wɔn bio—ɛtɔ mmere bi a, bere tiaa bi akyi—esiane sɛ wɔyɛɛ bɔne a ɛte saa ara nti. So ebetumi aba sɛ wɔmmɔɔ mpae nsrɛɛ ɔsoro mmoa sɛ ‘wobekyi bɔne na wɔabata papa ho’ anaa? (Romafo 12:9; Dwom 97:10) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ‘siesie ɔkwan trenee ma yɛn anan.’ (Hebrifo 12:13) Enti momma yensusuw nsɛm bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina pintinn wɔ honhom fam ho.

Kɔ So Tim Denam Kristofo Adwuma So

Ɔkwan biako a yebetumi afa so atu nkwa ho mmirika no ne sɛ yebenya pii ayɛ wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu. Yiw, yɛn Kristofo som adwuma no yɛ ade a ɛsom bo a ɛboa yɛn ma yɛde yɛn koma ne yɛn adwene si Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so na yɛde yɛn ani si daa nkwa akatua no so denneennen. Eyi nti, Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ: “Me nuanom adɔfo, muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Korintofo 15:58) “Muntintim” kyerɛ sɛ ‘yebegyina pintinn.’ “Munnhim” betumi akyerɛ sɛ ‘yɛmma kwan mma wontutu yɛn ase.’ Enti sɛ yɛyɛ pii wɔ yɛn som adwuma no mu a, ebetumi ama yɛatim sɛ Kristofo. Afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔabehu Yehowa no ma yɛn asetra nya atirimpɔw, na ɛma yɛn ani gye.—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Pauline, Kristoni bi a wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo ne bere nyinaa som adwuma foforo bɛboro mfe 30 no ka sɛ: “Ɔsom adwuma no yɛ ahobammɔ efisɛ asɛm no a meka kyerɛ afoforo no ma minya ahotoso sɛ mewɔ nokware no.” Yenya ahotoso a ɛte saa ara nso fi Kristofo nnwuma foforo a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu daa, te sɛ ɔsom nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ ne kokoam Bible adesua a yɛde nsi bɛyɛ mu.

Yɛn Nuayɛ Kuw a Ɔdɔ Wom no Ma Yetim

Nokware asomfo ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa no muni a yɛbɛyɛ no betumi ama yɛatim kɛse. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛne wiase nyinaa onuayɛ kuw a wɔwɔ dɔ no bɔ! (1 Petro 2:17) Na yɛn nkɛntɛnso betumi ama yɛn mfɛfo gyidifo atim.

Susuw ɔbarima Hiob a ɔteɛ nneyɛe pa no ho. Elifas a na ɔyɛ ɔwerɛkyekyefo nkontomponi no mpo gyee asɛm a ɛka sɛ: “Wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina, na nankroma a agurow no, woahyɛ no den” no toom. (Hiob 4:4) Yɛreyɛ yɛn ade dɛn wɔ eyi ho? Yɛn sɛ ankorankoro no wɔ asɛyɛde sɛ yɛboa yɛn nuanom ma wogyina mu wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔ yɛne wɔn nsɛnni mu no, yebetumi ayɛ yɛn ade ma ɛne nsɛm yi ahyia: “Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu.” (Yesaia 35:3) Ɛnde dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛhyɛ mfɛfo Kristofo mu biako anaa baanu den na woahyɛ wɔn nkuran bere biara a wo ne wɔn behyia no? (Hebrifo 10:24, 25) Nkamfo a ɛhyɛ nkuran ne anisɔ a yebenya ama mmɔden a wɔkɔ so bɔ sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani no betumi aboa wɔn yiye ma wɔatim a adwene no ne sɛ wobedi nkonim wɔ nkwa ho mmirikatu no mu.

Kristofo mpanyimfo betumi ayɛ pii denam nkuran a wɔbɛhyɛ afoforofo so. Wobetumi ayɛ eyi denam nyansahyɛ a mfaso wɔ so ne Kyerɛwnsɛm mu afotu a emu da hɔ a wɔde bɛma wɔn ne asɛnka adwuma a wɔne wɔn bɛyɛ so. Bere biara na ɔsomafo Paulo de hokwan ahorow hyɛ afoforo den. Na n’ani gyina sɛ obehu Kristofo a wɔwɔ Roma no na ama watumi aboa ahyɛ wɔn den honhom fam. (Romafo 1:11) Obuu ne nuanom a wɔwɔ Filipi no sɛ ‘n’anigye ne n’abotiri,’ na otuu wɔn fo sɛ ‘wonnyina Awurade mu saa.’ (Filipifo 4:1) Bere a Paulo tee ahokyere a ne nuanom a wɔwɔ Tesalonika wom no, ɔsomaa Timoteo sɛ ‘ɔnkɔhyɛ wɔn den na ontu wɔn fo, na amanehunu anhaw obiara.’—1 Tesalonikafo 3:1-3.

Ɔsomafo Paulo ne Petro gyee wɔn mfɛfo asomfo nokware mmɔdenbɔ no toom na wɔkyerɛɛ ho anisɔ. (Kolosefo 2:5; 1 Tesalonikafo 3:7, 8; 2 Petro 1:12) Saa ara na yɛn nso mommma yɛmmfa yɛn adwene nnsi yɛn nuanom mmerɛwyɛ so, na mmom yɛmfa yɛn adwene nsi wɔn su pa ahorow ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegyina pintinn na wɔahyɛ Yehowa anuonyam no so.

Sɛ yenya adwemmɔne anaa yɛyɛ akasatiafo a, ebia yɛbɛma ayɛ den kɛse ama binom sɛ wobegyina pintinn wɔ gyidi no mu a yennim. Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛbɛkae sɛ yɛn nuanom ‘abrɛ na wɔsam hɔ’ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu! (Mateo 9:36) Wɔ Kristofo asafo no mu no, wɔhwɛ kwan sɛ wobenya awerɛkyekye ne abotɔyam. Ɛnde, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ nea yebetumi nyinaa de ahyɛ mfɛfo gyidifo den na yɛaboa wɔn ma wɔagyina pintinn.

Wɔ bere ne bere mu no ebia afoforo ne yɛn bedi wɔ ɔkwan a ebetumi ama yɛayɛ mmerɛw so. So yɛbɛma asɛm a ɛyɛ yaw anaa atirimɔdenne bi ama ɔsom a yɛde ma Yehowa no abrɛ ase anaa? Ɛmmra sɛ yɛremma obiara ntwe yɛn mfi yɛn tim a yɛatim no mu!—2 Petro 3:17.

Onyankopɔn Bɔhyɛ—Ade a Ɛma Yetim

Yehowa bɔhyɛ a ɛfa daakye a ɛyɛ anigye wɔ Ahenni nniso ase ho no ma yenya anidaso a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so tim pintinn. (Hebrifo 6:19) Na ahotoso a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn ma ne bɔhyɛ bam bere nyinaa no kanyan yɛn ma ‘yɛwɛn, na yegyina gyidi no mu.’ (1 Korintofo 16:13; Hebrifo 3:6) Ebia Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛte sɛ nea ne mmamu akyɛ ba no bɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ. Enti ɛho hia paa sɛ yɛhwɛ yiye na wɔamfa atoro nkyerɛkyerɛ annaadaa yɛn antwe yɛn amfi yɛn anidaso no ho.—Kolosefo 1:23; Hebrifo 13:9.

Ɛsɛ sɛ Israelfo a wɔannya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi nti wowuwui no nhwɛso bɔne no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. (Dwom 78:37) Mmom no sɛ anka yɛbɛyɛ sɛ wɔn no, ɛmmra sɛ yebetintim de anidahɔ asom Onyankopɔn wɔ nna a edi akyiri yi mu. Ɔpanyin bi a ne ho akokwaw kae sɛ: “Mebɔ me bra da biara da te sɛ nea Yehowa da kɛse no bɛba ɔkyena.”—Yoel 1:15.

Yiw, Yehowa da kɛse no abɛn. Nanso, sɛ yɛkɔ so bɛn Onyankopɔn a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yesuro biribiara. Sɛ yɛbata ne trenee gyinapɛn ahorow ho denneennen na yetintim a, yebetumi adi nkonim wɔ daa nkwa ho mmirikatu no mu!—Mmebusɛm 11:19; 1 Timoteo 6:12, 17-19.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

So woreyɛ nea wubetumi nyinaa de aboa mfɛfo Kristofo ma wɔatintim?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]

The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck