Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Noa Kyerɛwtohɔ No—So Ɛkyerɛ Biribi Ma Yɛn?

Noa Kyerɛwtohɔ No—So Ɛkyerɛ Biribi Ma Yɛn?

Noa Kyerɛwtohɔ No—So Ɛkyerɛ Biribi Ma Yɛn?

BERE a Yesu de nneɛma a ɛbɛyɛ ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe awiei ho sɛnkyerɛnne ho nkɔmhyɛ rema no, ɔkae sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:3, 37) Ɛda adi pefee sɛ, Yesu ka siei sɛ nneɛma a ɛresisi wɔ yɛn bere yi so no te sɛ nea esisii Noa bere so no. Nsɛm a esisii Noa bere so ho kyerɛwtohɔ a edi mu na wotumi de ho to so no betumi ayɛ akorade a ɛsom bo.

So Noa kyerɛwtohɔ no yɛ akorade a ɛte saa? So ekura nneɛma titiriw bi a ɛma ɛyɛ kyerɛwtohɔ a edi mũ wɔ abakɔsɛm mu? So yebetumi ahu bere a Nsuyiri no sii ankasa?

Bere Bɛn na Nsuyiri no Sii?

Bible no kura mmerebu ho nsɛm bi a ɛma yetumi bu mmere kosi adesamma abakɔsɛm mfiase. Wɔ Genesis 5:1-29 no, yehu awo ntoatoaso ho kyerɛwtohɔ a efi onipa a odi kan, Adam, so kosi Noa awo so. Nsuyiri no fii ase wɔ “Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu.”—Genesis 7:11.

Sɛ yebehu bere a Nsuyiri no sii a, ɛsɛ sɛ yefi ase fi da titiriw bi so. Kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yefi ase fi da bi a wogye tom wɔ wiase abakɔsɛm mu na ɛne adeyɛ titiriw a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no hyia so. Yebetumi afi saa bere titiriw no so abu akontaa ahu da pɔtee a Nsuyiri no sii, a egyina Gregory kalenda a nnipa pii de di dwuma nnɛ no so.

Bere titiriw biako ne 539 A.Y.B., afe a Persia hene Kores tuu Babilon gui no. Nneɛma a ɛma wohu bere a ɔde dii ade no bi ne Babilon abopon ne Diodorus, Africanus, Eusebius, ne Ptolemy nhoma ahorow no. Esiane ahyɛde a Kores de mae nti, Yudafo nkaefo bi fii Babilon, na woduu wɔn asase so wɔ 537 A.Y.B. mu. Ɛno na ɛde Yuda mfirihyia 70 amamfõyɛ a sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, efii ase wɔ 607 A.Y.B. mu no, baa awiei. Sɛ yesusuw bere a atemmufo no de traa ase ne bere a Israel ahemfo de dii ade no ho a, yebetumi ahu sɛ Israel Akwantu a wotu fii Misraim no sii 1513 A.Y.B. mu. Mmerebu a egyina Bible so de yɛn kɔ mfirihyia 430 foforo so wɔ bere a wɔne Abraham yɛɛ apam wɔ 1943 A.Y.B. mu no so. Nea edi hɔ no, ɛsɛ sɛ yesusuw Tera, Nahor, Serug, Reu, Peleg, Eber, ne Sela, ne afei Arfaksad, a wɔwoo no “nsuyiri no akyi mfe abien” no awo ne mfe a wɔde traa nkwa mu no nso ho. (Genesis 11:10-32) Enti yebetumi aka sɛ Nsuyiri no fii ase 2370 A.Y.B. mu. *

Nsuyiri no Fi Ase

Ansa na yebesusuw nsɛm a esisii wɔ Noa nna no mu ho no, ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan Genesis ti 7 nkyekyɛm 11 kosi ti 8 nkyekyɛm 4. Ɛdefa osutɔ no ho no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu [2370 A.Y.B.], ɔsram a etia abien so, ɔsram no dadu nnanson so, da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paapaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei.”—Genesis 7:11.

Noa kyekyɛɛ afe no mu yɛɛ no asram 12 a nnafua 30 na na ɛwɔ emu biara mu. Wɔ tete mmere mu no, na ɔsram a edi kan no fi ase bɛyɛ yɛn kalenda ɔsram a ɛne September no mfinimfini. Nsu no fii ase tɔe wɔ “ɔsram a etia abien so, ɔsram no dadu nnanson so” na ɛtoaa so tɔe adaduanan awia ne anadwo wɔ 2370 A.Y.B. mu wɔ November ne December asram mu.

Ɛdefa Nsuyiri no ho no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Nsu no boroo so wɔ asase so nna ɔha aduonum. . . . Na nsu no twe fii asase so ara; na nna ɔha aduonum akyi no na nsu no so rehuan. Na ɔsram a ɛto so ason, ɔsram no da a ɛto so dunson na adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so.” (Genesis 7:24–8:4) Enti efi bere a nsu no boroo so wɔ asase so kosi bere a nsu no so huanee no yɛ nnafua 150, anaa asram anum. Enti adaka no bɛtaa Ararat mmepɔw so wɔ April 2369 A.Y.B. mu.

Afei ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan Genesis 8:5-17. Edii bɛyɛ asram abien ne fã (nnafua 73), “ɔsram a ɛto so du [June] no da a edi kan,” ansa na mmepɔw no atifi reda hɔ. (Genesis 8:5) * Asram abiɛsa (nnafua 90) akyi—wɔ Noa “afe a ɛto so ahansia ne biako, ɔsram a edi kan no da a edi kan no,” anaasɛ September, 2369 A.Y.B. mfinimfini no—Noa yii suhyɛ no fii adaka no so. Afei de, na otumi hu sɛ “asase ani awo.” (Genesis 8:13) Ɔsram biako ne nnafua 27 (nnafua 57) akyi, wɔ “ɔsram a etia abien no da a ɛto so aduonu ason [November, 2369 A.Y.B. mfinimfini] no na asase so awo koraa.” Afei Noa ne n’abusua fii adaka no mu baa asase kesee so. Enti, Noa ne afoforo a wɔka ne ho no dii afe biako ne nnafua du (nnafua 370) wɔ adaka no mu.—Genesis 8:14.

Dɛn na kyerɛwtohɔ ahorow a edi mu a ɛfa nsɛm a esisii, sɛnea na nsɛm no te ankasa, ne mmere ho no da no adi? Nea ɛda no adi ara ni: Ná Hebrini diyifo Mose, a ɛda adi sɛ ogyinaa kyerɛwtohɔ ahorow a ne nsa kae so kyerɛw Genesis nhoma no, reda nokwasɛm adi, ɛnyɛ anansesɛm bi. Enti Nsuyiri no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn nnɛ.

Ɔkwan Bɛn So na Bible Akyerɛwfo Afoforo Buu Nsuyiri No?

Sɛ Genesis kyerɛwtohɔ no da nkyɛn a, nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛtwe adwene si Noa anaa Nsuyiri no so. Sɛ nhwɛso no:

(1) Nhwehwɛmufo Esra kaa Noa ne ne mmabarima (Sem, Ham, ne Yafet) ho asɛm wɔ Israel awo ntoatoaso no mu.—1 Beresosɛm 1:4-17.

(2) Oduruyɛfo ne Asɛmpa kyerɛwfo Luka kaa Noa ho asɛm bere a ɔrebobɔ Yesu Kristo nananom din no.—Luka 3:36.

(3) Ɔsomafo Petro twee adwene sii Nsuyiri no kyerɛwtohɔ so kɛse bere a ɔrekyerɛw mfɛfo Kristofo no.—2 Petro 2:5; 3:5, 6.

(4) Ɔsomafo Paulo ka gyidi kɛse a Noa daa no adi bere a ɔreyɛ adaka a wɔde begye ne fiefo nkwa ho asɛm.—Hebrifo 11:7.

So adwenem naayɛ bi betumi asɔre sɛ saa nnipa a honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛw Bible yi gye Genesis kyerɛwtohɔ a ɛfa Nsuyiri ho no tom? Akyinnye biara nni ho sɛ wobuu no sɛ ade a esii ankasa.

Yesu ne Nsuyiri No

Yesu Kristo traa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. (Mmebusɛm 8:30, 31) Ná ɔyɛ honhom abɔde wɔ soro bere a Nsuyiri no rekɔ so no. Enti sɛ́ obi a ɔde n’ani huu bi no, Yesu de Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛsen biara ma faa Noa ne Nsuyiri no ho. Yesu kae sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”—Mateo 24:37-39.

So na Yesu bɛto anansesɛm de abɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei a ɛreba ho? Dabida! Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔde ɔsoro atemmu a wɔde baa amumɔyɛfo so ho nhwɛso a edi mu na edii dwuma. Yiw, nkurɔfo hweree wɔn nkwa de, nanso yebetumi anya awerɛkyekye afi nim a yenim sɛ wɔkoraa Noa ne n’abusua so wɔ Nsuyiri no mu no mu.

“Noa nna no” ho hia titiriw ma wɔn a wɔte ase nnɛ wɔ “onipa ba,” Yesu Kristo, “no ba” mu no. Bere a yɛkenkan wiase nyinaa Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ a edi mu a Noa yɛ too hɔ no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛyɛ abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a edi mu ankasa. Na Genesis kyerɛwtohɔ a efi Onyankopɔn honhom mu a ɛfa Nsuyiri no ho no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn. Sɛnea Noa, ne mmabarima, ne wɔn yerenom kyerɛɛ Onyankopɔn nkwagye tumi mu gyidi no, saa ara na yɛn nso yebetumi aba Yehowa ahobammɔ ase denam Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi a yɛbɛkyerɛ so. (Mateo 20:28) Bio nso, yebetumi anya anidaso sɛ yɛbɛka wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no ho sɛnea Noa kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ ɔne n’abusua nyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri a ɛde amumɔyɛ wiase bi baa awiei saa bere no mu no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ bere a Nsuyiri no sii ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Yehowa Adansefo tintimii, no Po 1 no nkratafa 458-60.

^ nky. 12 Keil-Delitzsch Commentary on the Old Testament, Po 1, kratafa 148, ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ bere a adaka no besii hɔ nnafua 73 akyi no, wohuu mmepɔw no atifi, a ɛyɛ Armenia mmepɔw atifi, baabi a adaka no kosii no.”

[Adaka wɔ kratafa 5]

So Wɔtraa Ase Bere Tenten Saa?

BIBLE ka sɛ: “Noa nna a odii nyinaa si mfe ahankron aduonum, na owui.” (Genesis 9:29) Noa nana Metusala dii mfe 969—mfe a ɛware sen biara a onipa de atra ase pɛn. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mfe a awo ntoatoaso du a wɔtraa ase fi Adam so kosi Noa so no mu biara dii yɛ mfe 850. (Genesis 5:5-31) So nnipa a wɔtraa ase saa bere no nyin kyɛe saa?

Ná Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ankasa ne sɛ nnipa bɛtra ase daa. Bere a wɔbɔɔ ɔbarima a odi kan, Adam no, wɔde hokwan a ɛne sɛ ɔbɛtra ase daa maa no, bere tenten a na ɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn no. (Genesis 2:15-17) Nanso Adam anyɛ setie na ɔhweree saa hokwan no. Adam dii mfe 930 no, ne honam gowee nkakrankakra kosii sɛ owui, na ɔsan kɔɔ dɔte a woyii no fii mu no mu. (Genesis 3:19; 5:5) Ɔbarima a odi kan no de bɔne ne owu maa n’asefo nyinaa.—Romafo 5:12.

Nanso, na nnipa a wɔtraa ase saa bere no bɛn Adam mfitiase pɛyɛ no, na ɛda adi sɛ eyi nti na wɔtraa ase kyɛ sen wɔn a wɔbae akyiri yi a na wɔmmɛn saa pɛyɛ no. Enti, wɔ mmere a edi Nsuyiri no anim mu no, na onipa nkwa nna bɛn mfirihyia apem, na ɛso tewee koraa wɔ Nsuyiri no akyi. Sɛ nhwɛso no, Abraham dii mfe 175 pɛ. (Genesis 25:7) Na wɔ saa tete agya nokwafo no wu akyi bɛyɛ mfe 400 no, odiyifo Mose kyerɛwee sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude.” (Dwom 90:10) Saa pɛpɛɛpɛ na tebea no te nnɛ.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 6, 7]

Yɛkan Fi Bere a Kores De Ahyɛde Mae sɛ Yudafo no Mfi Nnommumfa Mu Kɔ Yɛn Akyi Kosi Noa Bere So Nsuyiri no So

537 Kores ahyɛde *

539 Tu a Persiani Kores tuu Babilon gui

Mfe 68

607 Yuda mfirihyia 70 amamfõyɛ fi ase

Mfe 906 a akannifo,

atemmufo, ne ahemfo de

dii Israel so

1513 Israel Akwantu a wotu fii Misraim

Mfe 430 Mfe 430 a Israelfo de traa

Misraim ne Kanaan asase so

(Exodus 12:40, 41)

1943 Abraham apam a wɔde sii hɔ

Mfe 205

2148 Tera awo

Mfe 222

2370 Nsuyiri no mfiase

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 35 “Persia hene Kores afe a edi kan mu” na Kores de ahyɛde mae sɛ Yudafo no mfi nnommumfa mu, a ɛda adi sɛ na ɛyɛ 538 A.Y.B. mu anaasɛ wɔ 537 A.Y.B. mfiase.