Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na April 1, 2002, Ɔwɛn-Aban no kae wɔ kratafa 11, nkyekyɛm 7, sɛ nsu mu asubɔ a Yudafo gyidifo a wɔyɛ foforo no bɔe wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no yɛ “wɔn ankasa ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne denam Kristo so,” bere a ntease a na yekura dedaw ne sɛ asu a Yudafo no bɔe fi afe 33 Y.B. mu kosi afe 36 Y.B. mu no nhwehwɛ ankorankoro ahosohyira a ɛte saa no?

Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa Nyankopɔn maa Israelfo no nyaa hokwan bɛyɛɛ ɔman kronkron maa no a na egyina ‘ne nne a wobetie na wɔadi n’apam so’ no so. Wobuae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.”—Exodus 19:3-8; 24:1-8.

Israelfo nam pene a wɔpenee so sɛ wobedi Mose Mmara apam no so no so hyiraa wɔn ho so maa Onyankopɔn. Wɔwoo Yudafo awo ntoatoaso a edii hɔ no nyinaa baa ɔman a wɔahyira wɔn ho so yi mu. Nanso, na asu a Yudafo a wɔbɛyɛɛ Yesu Kristo akyidifo fi Pentekoste 33 Y.B. mu reba bɔe no kyerɛ pii sen wɔn ho a wɔde maa Onyankopɔn sɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so mufo kɛkɛ. Ɛyɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ foforo a wɔnam Yesu Kristo so ne no anya no ho sɛnkyerɛnne. Ɔkwan bɛn so?

Bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo bɛyɛ 120 a na wɔahyiam wɔ abansoro bi so wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu so akyi no, ɔsomafo Petro sɔre gyinae, na ofii ase kaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra wɔn som abɛyɛ Yudafo a na wɔahyiam rebɛhwɛ nea na asi no. Bere a odii adanse fefeefe wiei no, ɔka kyerɛɛ Yudafo a na wɔn ahonim akanyan wɔn no sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri.” Bere a wɔreyɛ afotu foforo a Petro de mae ho biribi no, “wɔn a wɔde fɛw gyee n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.”—Asomafo no Nnwuma 2:1-41.

So na Yudafo a wɔbɔɔ asu wɔ Petro afotu no akyi no nyɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so dedaw no mufo? So na wɔne Onyankopɔn nni abusuabɔ a wɔahyira so? Dabi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ‘na Onyankopɔn apopa Mmara no denam asɛndua ho a ɔde kɔbɔe no so.’ (Kolosefo 2:14) Yehowa Nyankopɔn nam wu a Kristo wui wɔ afe 33 Y.B. mu no so yii Mmara apam no—ade titiriw a Onyankopɔn gyinaa so de Israelfo no baa wɔne Ne ntam abusuabɔ a wɔahyira so mu no—fii hɔ. Na Onyankopɔn ankasa apo ɔman a wɔpoo Onyankopɔn Ba no. Ná ‘honam fam Israel’ ntumi nka sɛ wɔyɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn bio.—1 Korintofo 10:18; Mateo 21:43.

Woyii Mmara apam no fii hɔ wɔ afe 33 Y.B. mu, nanso ɔdom soronko ne Onyankopɔn adwene a na ɔde asi Yudafo so no amma awiei saa bere no. * Na saa bere no bɛkɔ so akosi afe 36 Y.B. mu, bere a Petro kaa asɛm kyerɛɛ Italiani Kornelio ne n’abusua ne Amanaman mufo foforo no. (Asomafo no Nnwuma 10:1-48) Dɛn nti na wɔtrɛw ɔdom bere yi mu?

Daniel 9:27 ka sɛ: ‘Mesia no ne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den dapɛn biako.’ Ná apam a wɔde mfirihyia ason, anaa “dapɛn biako” yɛe, fi Yesu asubɔ ne Mesia no baguam asɛnka mfiase wɔ afe 29 Y.B. mu so no yɛ Abraham apam. Sɛ na obi bɛtra saa apam no mu a, na ɛsɛ sɛ onii no yɛ Abraham a ɔyɛ Hebrini no aseni. Saa apam a wɔne abusuakuw biako yɛe no amma kwan sɛ ankorankoro behyira wɔn ho so na wɔne Yehowa anya abusuabɔ. Enti, ɛwom sɛ na Yudafo gyidifo a wɔbɔɔ asu wɔ Petro kasa a ɔmae wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu akyi no wɔ ɔdom soronko sɛ Yudafo de, nanso wɔankyerɛ sɛ na wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ bi bere a na wɔayi Mmara apam no afi hɔ no. Na ehia sɛ wɔn ankasa hyira wɔn ho so ma Onyankopɔn.

Ade foforo a ɛho hia wɔ hɔ nti a Yudafo ne wɔn a wɔasakra wɔn som abɛyɛ Yudafo no hyiraa wɔn ho so de wɔn ho mae ma wɔbɔɔ wɔn asu Pentekoste da afe 33 Y.B. mu. Ɔsomafo Petro tuu n’atiefo no fo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu Yesu din mu. Saa a wɔyɛe no hwehwɛe sɛ wɔpo wiase akwan na wogye Yesu tom sɛ Awurade ne Mesia, Ɔsɔfopanyin, ne nea ɔte Onyankopɔn nifa so wɔ soro. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Kristo Yesu so bɔ Yehowa Nyankopɔn din ma wogye wɔn nkwa, a na ɛhwehwɛ sɛ wɔkyerɛ Kristo mu gyidi na wogye no tom sɛ wɔn Kannifo. Afei de na nea wobegyina so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ na wɔnam so anya bɔne fafiri no asesa. Sɛ́ ankorankoro no, na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔagye adi no gye nhyehyɛe foforo yi tom. Ɔkwan bɛn so? Denam wɔn ho so a wobehyira ama Onyankopɔn na wɔada no adi wɔ baguam denam nsu mu asubɔ a wɔbɛbɔ wɔ Yesu Kristo din mu no so. Ná nsu mu asubɔ no yɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne, na wɔnam Yesu Kristo so ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ foforo.—Asomafo no Nnwuma 2:21, 33-36; 3:19-23.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Bere a Yesu Kristo foro kɔɔ soro na ɔde ne desani nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no bo a ɛsom kɔmaa Yehowa Nyankopɔn no, woyii Mose Mmara apam no fii hɔ na wɔtoo “apam foforo” no fapem.—Yeremia 31:31-34.