Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obiara Bɛtra Ne Borɔdɔma Ase

Obiara Bɛtra Ne Borɔdɔma Ase

Obiara Bɛtra Ne Borɔdɔma Ase

ONWINI yɛ ade a ɛsom bo wɔ Mediterranea Supɔw no nsase so wɔ ahohuru bere mu. Dua biara a ɛma obi nya hintabea fi owia hyew ano no yɛ ade a ɛma abotɔyam, titiriw sɛ ɛbɛn obi fie a. Ɛkame ayɛ sɛ borɔdɔma a n’ahaban yɛ akɛseakɛse na ne nnubaa dennan no ma nwini sen dua foforo biara wɔ ɔmantam no mu.

Sɛnea Plants of the Bible nhoma no kyerɛ no, “wɔkyerɛ sɛ [borɔdɔma] ase nwini mu dwo na ɛyɛ nwini sen ntamadan mu mpo.” Akuafo gyee wɔn ahome kakra wɔ borɔdɔma a na esisi bobe nturo nhanoa wɔ tete Israel no ase.

Ɛda a ewim yɛ hyew anwummere no, na abusuafo tumi tra wɔn borɔdɔma ase nya fekubɔ a ɛyɛ anigye. Afei nso, borɔdɔma nam aba pii a ahoɔden wom a ɛsow so ma ne wura nya so akatua. Enti, efi Ɔhene Salomo bere so no, na obi borɔdoma ase a ɔbɛtra no kyerɛ asomdwoe, yiyedi, ne aduan pii a wanya.—1 Ahene 4:24, 25.

Mfehaha pii a na atwam no, odiyifo Mose kaa Bɔhyɛ Asase no ho asɛm sɛ ‘asase a borɔdɔma wɔ so.’ (Deuteronomium 8:8) Akwansrafo dumien no de borɔdɔma ne nnuaba foforo baa Israel nsraban mu bedii adanse sɛ asase no yɛ asase pa. (Numeri 13:21-23) Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, ɔkwantuni bi a ɔkɔɔ nsase a Bible ka ho asɛm no so bɔɔ amanneɛ sɛ na borɔdɔma ne nnua a ɛdɔɔso sen biara wɔ hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwnsɛm no taa bɔ borɔdɔma ne borɔdɔma nnua din!

Dua a Ɛsow Mprenu Afe Biara

Borɔdɔma tumi yɛ yiye wɔ nsase dodow no ara so, na ne ntini a ɛkɔ akyiri no tumi ma egyina Mediterranea Supɔw no so ahohuru bere a ɛkyɛ na asase no so kyen no ano. Dua no da nsow efisɛ ɛsow ma wɔtew borɔdɔmakan no June mu, na borɔdɔma tew bere ankasa du so fi August rekɔ. (Yesaia 28:4) Ná Israelfo taa di borɔdɔmakan no mono. Na wɔhata aba a wɔtew no akyiri no na wɔadi no afe mu nyinaa. Wotumi bɔ borɔdɔma atɔatɔw, na ɛtɔ mmere bi a wɔde ɔsonkoran fra mu. Na saa borɔdɔma a wɔabɔ no atɔatɔw yi nyɛ na, ahoɔden wom, na ɛyɛ dɛ.

Ɔbea ɔbadwemma Abigail maa Dawid borɔdɔma a wɔabɔ no atɔatɔw 200, na akyinnye biara nni ho sɛ na osusuw sɛ eyi bɛyɛ aduan a ɛfata ma aguanfo no. (1 Samuel 25:18, 27) Na borɔdɔma a wɔabɔ no atɔatɔw no yɛ aduru nso. Wɔde borɔdɔma a wɔahata a wɔabɔ no tɔw too mpɔmpɔ bi a na ɛreyɛ akum Ɔhene Hesekia no so, ɛwom sɛ Onyankopɔn ho a ɔde gyee asɛm no mu titiriw na ɛmaa ne ho tɔɔ no de. *2 Ahene 20:4-7.

Tete mmere mu no, na borɔdɔma a wɔahata som bo kɛse wɔ Mediterranea mantam no nyinaa mu. Ɔmanyɛfo Cato de borɔdɔma kyerɛɛ Roma Mmarahyɛ bagua no ma ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ nhyehyɛe ne Carthage kɔkoo ɔko a wɔtoo din Punic Ko a Ɛto so Abiɛsa no. Wonyaa borɔdɔma a wɔahata a eye sen biara a ɛwɔ Roma no fii Caria, Asia Kumaa. Enti, carica bɛyɛɛ Latin din a egyina hɔ ma borɔdɔma a wɔahata. Wɔda so nya borɔdɔma a wɔahata a eye sen biara wɔ saa ɔmantam koro no ara a ɛwɔ nnɛyi Turkey no mu.

Ná Israel akuafo taa dua borɔdɔma wɔ bobe nturo mu, nanso na wotwa nnua a ɛnsow aba no gu. Na asase pa ho yɛ na sɛ wɔbɛma nnua a ɛnsow aba asisi so asɛe no. Wɔ Yesu mfatoho a ɛfa borɔdɔma a ɛnsow aba ho mu no, okuafo no ka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: “Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so?” (Luka 13:6, 7) Esiane sɛ na wotua nnua a ɛsow nnuaba ho tow wɔ Yesu bere so nti, na dua biara a ɛnsow aba no bɛyɛ sika fam adesoa a ɛmfata nso.

Ná borɔdɔma ho hia kɛse wɔ Israelni aduandi mu. Enti, sɛ borɔdɔma ansow yiye a—ebia na ɛyɛ atemmu a efi Yehowa hɔ—na ɛbɛyɛ asiane kɛse. (Hosea 2:12; Amos 4:9) Odiyifo Habakuk kae sɛ: “Na borɔdɔma rengu nhwiren, na aba bi nni abobe so; ngodua sow di huammɔ, na mfuw mma aduan . . . Nanso [Yehowa, NW] mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.”—Habakuk 3:17, 18.

Ɔman a Wonni Gyidi Sɛnkyerɛnne

Ɛtɔ mmere bi a Kyerɛwnsɛm no de borɔdɔma anaa borɔdɔma nnua di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so. Sɛ nhwɛso no, Yeremia de Yudafo nnommum anokwafo a wɔsow aba no totoo borɔdɔma pa a egu nkyerɛnkyɛ mu, borɔdɔma a ɛbere kan a na wɔtaa di no amono no ho. Nanso, wɔde nnommum a wɔanni nokware no totoo borɔdɔma a enye a wontumi nni na ɛsɛ sɛ wɔtow gu ho.—Yeremia 24:2, 5, 8, 10.

Wɔ Yesu mfatoho a ɛfa borɔdɔma a ɛnsow aba ho mu no, ɔkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn daa boasetɔ adi wɔ Yuda man no ho. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, ɔkaa ɔbarima bi a na wadua borɔdɔma wɔ ne bobeturo mu ho asɛm. Na dua no nsowee mfirihyia abiɛsa, na anka turo wura no rebetwa akyene. Nanso, turomhwɛfo no kae sɛ: “Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefumfunu ho, na megu ase sumina. Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene.”—Luka 13:8, 9.

Bere a Yesu maa mfatoho yi no, na waka asɛm no mfirihyia abiɛsa dedaw, na na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yuda man no anya gyidi. Yesu yeree ne ho wɔ adwuma no mu, ɔde “ɔyɛ-asase-yiye” guguu sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma—Yuda man—no ase, na ɔmaa enyaa hokwan sɛ ɛbɛsow aba. Nanso, aka dapɛn ma Yesu awu no, ɛbɛdaa adi sɛ na ɔman mũ no apo Mesia no.—Mateo 23:37, 38.

Yesu de borɔdɔma yɛɛ mfatoho bio de kyerɛkyerɛɛ honhom fam tebea bɔne a na ɔman no wom no mu. Aka nnanan ama wawu, bere a na ofi Betania rekɔ Yerusalem no, ohuu borɔdɔma dua bi a na nhaban pii wɔ so nanso aba biara nni so. Esiane sɛ borɔdɔmakan ne nhaban bom fefɛw—na ɛtɔ mmere bi a aba no di kan ansa na nhaban no afefɛw—nti, aba a na enni dua no so no ma ɛdaa adi sɛ na mfaso nni so.—Marko 11:13, 14. *

Te sɛ borɔdɔma a ɛnsow aba a ɛyɛ frɔmm no, na Yuda man hwɛbea yɛ nnaadaa. Nanso, na wɔnsow aba a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na awiei koraa no, wɔpoo Yehowa ankasa Ba no. Yesu domee borɔdɔma dua a ɛnsow aba no, na ɛda a edi hɔ no, asuafo no hui sɛ na awu dedaw. Saa dua a ewui no yɛɛ po a na Onyankopɔn rebɛpo Yudafo sɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata.—Marko 11:20, 21.

“Munsua Borɔdɔma Ho Bɛ No”

Yesu de borɔdɔma kyerɛkyerɛɛ ne mmae no ho asuade titiriw bi mu. Ɔkae sɛ: “Munsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano!” (Mateo 24:32, 33) Borɔdɔma nhaban a ɛyɛ ahabammono a ani hyerɛn no yɛ ade a ɛda adi ma wohu na ɛyɛ ahohuru bere ho sɛnkyerɛnne a wonnye ho kyim koraa. Saa ara na Yesu nkɔmhyɛ titiriw a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, ne Luka ti 21 no ma yenya ne ba a waba wɔ ɔsoro Ahenni tumi mu no ho adanse a emu da hɔ fann.—Luka 21:29-31.

Esiane sɛ yɛte abakɔsɛm mu bere a ɛho hia sɛɛ mu nti, akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yesua biribi fa borɔdɔma ho. Sɛ yɛyɛ saa na yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ honhom fam a, yɛwɔ anidaso sɛ yebehu bɔhyɛ kɛse no mmamu: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”—Mika 4:4.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 H. B. Tristram a ɔyɛ abɔde ho nimdefo a ɔkɔ kɔhwɛɛ nsase a Bible ka ho asɛm no wɔ afeha a ɛto so 19 no mfinimfini no hui sɛ ɛhɔfo da so ara de borɔdɔma to mpɔmpɔ so.

^ nky. 16 Asɛm yi sii wɔ beae bi a ɛbɛn Betfage akuraa no. Edin no kyerɛ “Borɔdɔmakan Fie.” Eyi betumi akyerɛ sɛ na wonya borɔdɔmakan bebree wɔ saa beae no.