Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tatian—Ɔkasamafo Anaa Asɔre Mu Otuatewfo?

Tatian—Ɔkasamafo Anaa Asɔre Mu Otuatewfo?

Tatian—Ɔkasamafo Anaa Asɔre Mu Otuatewfo?

ƐDE rekɔ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no awiei no, ɔne Efeso asafo no mu mpanyimfo yɛɛ nhyiam. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim sɛ mekɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so. Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Asomafo no Nnwuma 20:29, 30.

Sɛnea Paulo kae no, nsakrae ne ɔwae a wɔkaa ho asɛm siei no nyinaa bae wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu. Ná Honhom mu Nimdeɛ-som, nyamesom ne nyansapɛ fekusɛm a atrɛw a ɛsɛee gyidifo binom gyidi no rekɔ so. Honhom mu Animdefo gye dii sɛ honhom fam nneɛma yɛ papa na honam fam nneɛma nyinaa yɛ bɔne. Wosusuwii sɛ honam nyinaa yɛ bɔne, enti wɔpoo aware ne awo, kyerɛe sɛ Satan na ofii eyinom ase. Wɔn mu binom gye dii sɛ esiane sɛ honhom fam nneɛma nkutoo na eye nti, nea onipa de ne nipadua bɛyɛ ho nhia. Nsusuwii a ɛte saa maa wɔde wɔn ho hyɛɛ asetra kwan a ɛkɔ akyiri mu, sɛ́ wobetua wɔn ho nneɛma bi anaasɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ honam akɔnnɔ mu akɔ akyiri. Honhom mu Animdefo kyerɛe sɛ wɔnam anwonwakwan so Honhom mu Nimdeɛ-som, anaa ankorankoro Nimdeɛ so nkutoo na enya nkwagye, na woyii Onyankopɔn Asɛm mu nokware ho adwene biara fii hɔ.

Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo no yɛɛ wɔn ade wɔ Honhom mu Nimdeɛ-som no ho? Nhomanimfo bi kasa tiaa n’atoro nkyerɛkyerɛ no, bere a enyaa afoforo so nkɛntɛnso. Sɛ nhwɛso no, Irenaeus ko tiaa asɔre mu atuatew nkyerɛkyerɛ ne nkwa nna nyinaa. Polycarp, ɔbarima a ɔtraa ase wɔ asomafo no bere so, na ɔkyerɛkyerɛɛ no. Polycarp kamfo kyerɛɛ nkurɔfo denneennen sɛ wɔmfa wɔn ho mmɔ Yesu Kristo ne n’asomafo no nkyerɛkyerɛ ho. Nanso, ɛmfa ho sɛ Florinus a na ɔyɛ Irenaeus adamfo ne no nyaa nkyerɛkyerɛ koro no, ɔde nkakrankakra de ne ho kɔhyɛɛ Valentinus, a na ɔyɛ honhom mu Animdefo fekuw no kannifo titiriw a ɔsen biara no nkyerɛkyerɛ mu. Na saa mmere no mu yɛ den ankasa.

Tatian, afeha a ɛto so abien no mu ɔkyerɛwfo a wonim no yiye no nhoma ahorow ka tebea ahorow a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho asɛm. Ná Tatian yɛ onipa bɛn? Ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛfrɛɛ ne ho Kristoni? Na Tatian yɛɛ n’ade dɛn wɔ honhom mu Animdefo asɔre mu atuatew no nkɛntɛnso ase? Ne mmuae ahorow a ɛyɛ nwonwa ne n’ankasa nhwɛso ma wɔn a wɔhwehwɛ nokware nnɛ no nya asuade ahorow a mfaso wɔ so.

“Ananafo Nhoma Bi” a Ohui

Ná Tatian yɛ Siriani. Akwan pii a otutui ne nhoma pii a ɔkenkanee ma ɔbɛtee ne bere so Helafo ne Romafo amammerɛ ase yiye. Tatian baa Roma sɛ baguam ɔkasafo kwantufo. Nanso, bere a na ɔwɔ Roma no, wɔdan n’adwene kɔɔ Kristosom so. Ofii ase de ne ho bɔɔ Justin Martyr ho, na ebia ɔbɛyɛɛ ne suani.

Bere a Tatian reka sɛnea ɔbɛyɛɛ nea wɔfrɛɛ no Kristosom muni ho asɛm no, ne kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Mehwehwɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahu nokware no.” Bere a ɔno ankasa reka bere a obehuu Kyerɛwnsɛm no ho asɛm no, ɔkyerɛe sɛ: “Mihuu ananafo nhoma bi, sɛ wode toto Helafo adwene ahorow ho a na ɛyɛ dedaw koraa, ná ɛkorɔn koraa sen wɔn de a mfomso pii wom no; emu nsɛm a emu da hɔ, nokware a akyerɛwfo no dii, nsɛm a ebesisi daakye a wohu kae, emu mmara a edi mu, ne amansan nniso a ɛkyerɛ sɛ egyina Onipa biako so no maa migye dii.”

Tatian antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛto nsa afrɛ ne bere sofo ma wɔahwehwɛ ne bere so Kristosom mu na ama wɔahu sɛ sɛ wɔde toto abosonsom a ɛyɛ hwanyann no ho a, Kristosom yɛ nea asete nyɛ den na emu da hɔ. Dɛn na yebetumi asua afi ne nhoma ahorow a ɔkyerɛwee no mu?

Dɛn na Ne Nhoma Ahorow Da no Adi?

Tatian nhoma ahorow ma ɔda adi sɛ ɔyɛ ɔkasamafo, ɔkyerɛwfo a ɔde akokoduru ko ma ne gyidi. Na okyi abosonsom nkyerɛkyerɛ kɔkɔɔkɔ. Wɔ Tatian nhoma, Address to the Greeks mu no, osii mfaso a enni abosonsom so ne ntease a ɛwɔ nea wɔfrɛɛ no Kristosom mu no so dua. Sɛ ɔrekasa atia Helafo nneyɛe a na ɔka no katee. Sɛ nhwɛso no, ɔkaa nyansapɛfo Heracleitus ho asɛm sɛ: “Nanso, owu maa yehuu kwasea a saa barima yi yɛ no; bere a ɔyaree ataataa no, esiane sɛ na wasua nnuruyɛ ne nyansapɛ nti, ɔde nantwibin sraa ne ho, na bere a ɛwoe no, ɛmaa ne nipadua nyinaa kyenkyenee, ɛmaa ne mu tetewee, na owui.”

Tatian buu Onyankopɔn biako, nneɛma nyinaa Bɔfo mu gyidi no kɛse. (Hebrifo 3:4) Wɔ Address to the Greeks mu no, ɔfrɛɛ Onyankopɔn “Honhom,” na ɔkae sɛ: “Ɔno nkutoo na onni mfiase, na Ɔno Ankasa na ɔyɛ nneɛma nyinaa mfiase.” (Yohane 4:24; 1 Timoteo 1:17) Bere a Tatian repo ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi afrɛ nnua ne abo anyame?” (1 Korintofo 10:14) Ná ogye di sɛ Asɛm, anaa Logos no, ne abakan a ɔsoro Agya no yɛɛ no, na ɛno akyi no, ɔde no dii dwuma ma ɔbɔɔ amansan a aniwa hu no. (Yohane 1:1-3; Kolosefo 1:13-17) Ɛdefa owusɔre a ɛbɛba wɔ bere a wɔahyɛ mu ho no, Tatian kae sɛ: “Yegye di sɛ nneɛma nyinaa awiei no, nipadua bɛsɔre.” Ɛdefa nea enti a yewu ho de, Tatian kyerɛwee sɛ: “Wɔammɔ yɛn sɛ yenwu, na mmom yɛn ankasa mfomso na ɛma yewu. Yɛn pɛ mu a yefi yɛ ade na asɛe yɛn; yɛn a na anka yɛwɔ ahofadi no abɛyɛ nkoa; bɔne nti wɔatɔn yɛn.”

Nkyerɛkyerɛmu a Tatian de ma wɔ ɔkra ho mu nna hɔ. Ɔkae sɛ: “Ɔkra no ankasa yɛ nea entumi nwu, O Helafo, nanso ewu. Nanso ebetumi ayɛ yiye sɛ ɛrenwu. Nokwarem no, sɛ ennim nokware no a ewu, na ɛne nipadua no yera, nanso awiei koraa no ɛne nipadua no bɛsɔre bio wɔ wiase awiei, na ebewu a ɛrensɔre bio koraa.” Nea na Tatian nam saa nsɛm yi so rekyerɛ no mu nna hɔ yiye. So ebetumi aba sɛ bere a na ɔrebata Bible nkyerɛkyerɛ bi ho no, ɔbɔɔ mmɔden nso sɛ obenya ne bere sofo anim anuonyam ma enti ɔde abosonsomfo nyansapɛ frafraa Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow mu?

Tatian nhoma titiriw foforo ne Diatessaron, anaa Harmony of the Four Gospels. Tatian ne obi a odii kan maa asafo ahorow a ɛwɔ Siria no nyaa Nsɛmpa no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Na eyi yɛ nhoma a wobu no kɛse paa, a wɔaka Nsɛmpa anan no nyinaa abom biako. Siria Asɔre no de dii dwuma.

Kristoni Anaa Asɔre Mu Otuatewfo?

Sɛ yɛhwehwɛ Tatian nhoma ahorow no mu yiye a, ɛda adi sɛ na onim Kyerɛwnsɛm no, na na obu emu nsɛm no. Ɔkyerɛw nkɛntɛnso a enyae wɔ ne so ho asɛm sɛ: “Menhwehwɛ sɛ menya me ho; mepo asraafo tumi; mikyi aguamammɔ; minni ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛkɔ po so akonya me ho; . . . edin a megye nnyee m’adwene . . . Owia biako na yɛn nyinaa wɔ, na yɛn nyinaa wu owu biako, sɛ́ ebia wodi yiye anaasɛ wodi hia no.” Tatian tuu fo sɛ: “Twe wo ho fi wiase nneɛma ho, na kyi emu nkwaseasɛm no. Tra ase ma Onyankopɔn, na nya Ne ho ntease na yi wo nipasu dedaw no kyene.”—Mateo 5:45; 1 Korintofo 6:18; 1 Timoteo 6:10.

Nanso, susuw Tatian nhoma a n’asɛmti ne On Perfection According to the Doctrine of the Savior no ho hwɛ. Ɔkae wɔ saa nhoma yi mu sɛ Ɔbonsam na ɔhyehyɛɛ aware. Tatian kasa tiaa aware denneennen sɛ nnipa nam aware so de wɔn ho hyɛ nkoayɛ mu wɔ wiase a ɛbɛsɛe yi mu.

Ɛte sɛ nea bɛyɛ afe 166 Y.B. mu, bere a Justin Martyr wui no, Tatian tew ahotuafo fekuw bi a wɔfrɛɛ no Encratefo anaasɛ ɔde ne ho bɔɔ wɔn. Emufo no sii ahosodi ne obi nipadua so a obedi so dua katee. Wotuaa wɔn ho nneɛma hwehwɛe sɛ wɔtwe wɔn ho fi nsa, aware, ne agyapade ho.

Biribi a Ɛsɛ sɛ Yesua

Dɛn nti na Tatian man koraa fii Kyerɛwnsɛm no ho? So ɔbɛyɛɛ “otiefo werɛfirifo”? (Yakobo 1:23-25) So Tatian antumi ammɔ atosɛm angu ma enti nnipa nyansapɛ faa no dommum? (Kolosefo 2:8; 1 Timoteo 4:7) Esiane sɛ na mfomso ahorow a ɔbɔɔ ho dawuru yɛ kɛse nti, so ebetumi aba sɛ onyaa adwenemhaw bi?

Sɛnea ɛte biara no, Tatian nhoma ne ne nhwɛso ahorow no ma yenya ne bere so nyamesom ho nsɛm bi. Ɛkyerɛ sɛnea wiase nyansapɛ betumi asɛe ade afa. Momma yentie ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ a ɛne sɛ yɛntwe yɛn ho mfi “nsɛnhuhuw a ɛho ntew ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm no ho.”—1 Timoteo 6:20.