Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Nea Honhom No Ka no!

Tie Nea Honhom No Ka no!

Tie Nea Honhom No Ka no!

‘Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.’—ADIYISƐM 3:22.

1, 2. Afotusɛm bɛn na wotĩ mu wɔ nkrasɛm a Yesu de kɔmaa asafo ason a wɔabobɔ din wɔ Adiyisɛm nhoma mu no mu?

ƐSƐ sɛ Yehowa asomfo tie nsɛm a efi honhom mu a Yesu Kristo kyerɛw kɔmaa asafo ason a wɔabobɔ din wɔ Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm mu no. Nokwarem no, afotusɛm yi wɔ nkrasɛm no mu biara mu: ‘Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.’—Adiyisɛm 2:7, 11, 17, 29; 3:6, 13, 22.

2 Yɛadi kan asusuw nkrasɛm a Yesu de kɔmaa abɔfo anaa ahwɛfo a wɔwɔ Efeso, Smirna, ne Pergamo no ho. Yɛbɛyɛ dɛn anya nea ɔnam honhom kronkron no so ka kyerɛɛ asafo anan a aka no so mfaso?

De Kɔma Ɔbɔfo a Ɔwɔ Tiatira No

3. Ɛhefa na na Tiatira wɔ, na aguade bɛn na na wɔyɛ a na ama wɔagye din?

3 “Onyankopɔn ba” no de afotu ne animka nyinaa ma Tiatira asafo no. (Kenkan Adiyisɛm 2:18-29.) Wɔkyekyee Tiatira (mprempren Akhisar) wɔ asuten bi a ɛbɔ Gediz (tete Hermus) Asubɔnten mu wɔ Asia Kumaa atɔe fam no ho. Na kurow no agye din wɔ adwinni horow a na wɔyɛ wɔ hɔ no mu. Ná wɔn a wɔhyɛ ntama aduru no nya wɔn tankɔkɔɔ no fi ogyama nhini mu. Ná Lidia a ɔbɛyɛɛ Kristoni bere a Paulo kɔɔ Filipi wɔ Hela no ‘tɔn ɔtankɔkɔɔ wɔ Tiatira.’—Asomafo no Nnwuma 16:12-15.

4. Nneɛma bɛn ho na wɔkamfoo asafo a ɛwɔ Tiatira no?

4 Yesu kamfoo asafo a ɛwɔ Tiatira no wɔ wɔn nnwuma pa, wɔn dɔ, wɔn gyidi, wɔn boasetɔ, ne adwuma a na wɔyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu ho. Nokwarem no, ‘wɔn nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no.’ Sɛ yɛwɔ din pa mpo a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu sɛnea yɛbɔ yɛn bra so.

5-7. (a) Ná hena ne saa “ɔbea Isebel” no, na dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ne nkɛntɛnso ho? (b) Kristo nkrasɛm a ɔde kɔmaa Tiatira asafo no boa mmea a wosuro Nyankopɔn ma wɔyɛ dɛn?

5 Ná asafo a ɛwɔ Tiatira no rema abosonsom, atoro nkyerɛkyerɛ, ne ɔbrasɛe ho kwan. Ná saa “ɔbea Isebel”—ebia na mmea kuw bi a wɔda Ɔhemmaa Isebel tirimmɔdenfo a na ɔwɔ Israel mmusuakuw du Ahemman mu suban no bi adi—wɔ wɔn mu. Nhomanimfo binom susuw sɛ Tiatira ‘diyifobea’ no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Kristofo no ma wɔasom aguadi kuw anyame ne anyamewa, na wama wɔde wɔn ho ahyɛ afahyɛ ahorow a na wodi nam a wɔakum ama abosom wɔ ase mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ odiyifobea biara kwan ma ɔdaadaa afoforo wɔ nnɛyi Kristofo asafo no mu!

6 Ná Kristo ‘de ɔbea Isebel rebɛto yarepa so, na ɔde wɔn a wɔne no bɔ aguaman no nyinaa agu ahohia kɛse mu, gye sɛ wɔsakra wɔn adwene wɔ ne nnwuma ho.’ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye sɛ wɔremma atoro nkyerɛkyerɛ ne nkɛntɛnso bɔne a ɛte saa ho kwan, na ɛnsɛ sɛ Kristoni biara bɔ honhom fam ne honam fam aguaman anaa ɔde ne ho hyɛ abosonsom mu sɛnea ɛbɛyɛ a obehu sɛ nneɛma a ɛwɔ “Satan bun mu” nyinaa yɛ bɔne. Sɛ yetie Yesu kɔkɔbɔ no a, ‘yebeso nea yɛwɔ no mu,’ na bɔne renni yɛn so nim. Esiane sɛ wɔn a wɔasra wɔn, a wɔanya owusɔre no poo nneyɛe bɔne ne akɔnnɔ bɔne, na wɔamfa wɔn ani anto nneɛma hunu so nti, wonya “amanaman so tumi” na wɔbɛka Kristo ho ma wɔabubu wɔn pasaa. Mprempren asafo ahorow no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nsoromma, na wɔbɛma wɔn a wɔasra wɔn no “adekyee nsoromma a ɛharan,” Ayeforokunu, Yesu Kristo, bere a wɔanyan wɔn kɔ soro no.—Adiyisɛm 22:16.

7 Wɔbɔɔ Tiatira asafo no kɔkɔ sɛ ɔmmma mmea awaefo no nkɛntɛnso bɔne no kwan. Kristo nsɛm a efi honhom mu no boa mmea a wosuro Nyankopɔn ma wɔkyerɛ dibea a Onyankopɔn de ama wɔn nnɛ no ho anisɔ. Wɔmmɔ mmɔden sɛ wobedi mmarima so na wɔnnaadaa anuanom mmarima biara nkɔ honhom fam anaa honam fam aguamammɔ mu. (1 Timoteo 2:12) Mmom no, mmea a wɔte saa no yɛ nhwɛso wɔ nnwuma pa ne ɔsom a wɔde yi Onyankopɔn ayɛ mu. (Dwom 68:11; 1 Petro 3:1-6) Sɛ asafo no hwɛ nea ɛwɔ—nkyerɛkyerɛ ne suban a ɛho tew, ne Ahenni adwuma a ɛyɛ agyapade—no so yiye a, Kristo remmebu wɔn atɛn na mmom ɔde akatua a ɛyɛ anigye na ɛbɛbrɛ wɔn.

De Kɔma Ɔbɔfo a Ɔwɔ Sardi No

8. (a) Ɛhe na na Sardi wɔ, na dɛn ne ɛho nsɛm no bi? (b) Dɛn nti na na asafo a ɛwɔ Sardi no hia mmoa?

8 Ná asafo a ɛwɔ Sardi no hia mmoa ntɛm ara efisɛ na wawu wɔ honhom fam. (Kenkan Adiyisɛm 3:1-6.) Ná Sardi yɛ kurow a emufo di yiye a ɛda Tiatira anafo fam kilomita 50. Sɛnea na aguadi, kuayɛ, ne ntama a wɔde mmoa nhwi yɛ nya nkɔso wɔ hɔ no ka ho bi na ɛyɛɛ kurow a emufo di yiye a na bere bi nnipa 50,000 na wɔte hɔ no. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, na Yudafo pii te Sardi wɔ afeha a edi kan A.Y.B. no mu. Efeso nyamewa Artemi hyiadan ne n’abosonnan ka nneɛma a aka wɔ n’amamfõ so no ho.

9. Sɛ yehu sɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no yɛ bi ne bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Kristo ka kyerɛɛ Sardi asafo mu bɔfo no sɛ: “Minim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.” Sɛ ɛba sɛ yɛagye din sɛ yɛyɛ honhom mufo nanso yɛyɛ anibiannaso wɔ Kristofo som mu hokwan ahorow ho, na yɛn som yɛ bi ne bi, na honhom fam no, ‘yɛrebewu’ nso ɛ? Ɛnde na ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so susuw sɛnea yenyaa’ Ahenni asɛm no na ‘yɛtee’ no ho, na yɛkanyan yɛn ho wɔ ɔsom kronn mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yefi ase fi koma nyinaa mu nya Kristofo nhyiam ahorow mu kyɛfa. (Hebrifo 10:24, 25) Kristo bɔɔ asafo a ɛwɔ Sardi no kɔkɔ sɛ: “Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.” Yɛn bere yi nso ɛ? Ɛrenkyɛ na yɛabu akontaa.

10. Wɔ tebea a ɛte sɛ nea na ɛwɔ Sardi mu mpo no, dɛn na ebetumi aba sɛ Kristofo kakra yɛ?

10 Wɔ tebea a ɛte sɛ nea na ɛwɔ Sardi mu mpo no, ebetumi aba sɛ nnipa kakra wɔ yɛn mu a ‘wonguu wɔn ntade ho fi na wobetumi ne Kristo anantew ntade fitaa mu esiane sɛ wɔfata nti.’ Wɔhwɛ Kristofo a wɔyɛ no so yiye, wongu wɔn ho fĩ, na wɔtwe wɔn ho fi wiase yi mu abrabɔ anaa nyamesom mu nkekae biara ho. (Yakobo 1:27) Ne saa nti, Yesu ‘renyi wɔn din mfi nkwa nhoma no mu da biara da, na mmom obegye wɔn atom wɔ N’agya ne abɔfo anim.’ Wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew a ɛyɛ Onyankopɔn ahotefo trenee ho sɛnkyerɛnne no befura Kristo ayeforo kuw a wɔasra wɔn no, efisɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ wɔne Kristo nantew. (Adiyisɛm 19:8) Ɔsom hokwan a ɛyɛ anigye a ɛretwɛn wɔn wɔ ɔsoro no kanyan wɔn ma wodi wiase so nkonim. Wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase so no nso benya nhyira horow. Wɔn nso, wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu.

11. Sɛ yɛretɔ nko wɔ honhom fam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

11 Yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔbɛkɔ honhom fam tebea a enye a Sardi asafo no kɔɔ mu no mu. Nanso sɛ yehu sɛ yɛretɔ nko honhom fam nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ntɛm so na yɛankɔ asiane mu. Fa no sɛ wɔretwetwe yɛn ama yɛayɛ nneɛma bi a ɛmfata anaa yɛreyɛ anibiannaso wɔ nhyiamkɔ anaa asɛnka mu. Momma yɛmmɔ Yehowa mpae denneennen mfa nhwehwɛ ne mmoa. (Filipifo 4:6, 7, 13) Bible a yɛbɛkenkan daa ne Kyerɛwnsɛm ne nhoma ahorow a “ofiepanyin nokwafo” no atintim a yebesua no bɛboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ wɔ honhom fam. (Luka 12:42-44) Ɛno ansa na yɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔwɔ Sardi a na wɔwɔ Kristo anim dom no, na yɛbɛyɛ nhyira ama yɛn mfɛfo gyidifo.

De Kɔma Ɔbɔfo a Ɔwɔ Filadelfia No

12. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ nyamesom tebea a na ɛwɔ tete Filadelfia no mu?

12 Yesu kamfoo Filadelfia asafo no. (Kenkan Adiyisɛm 3:7-13.) Ná Filadelfia (mprempren Alasehir) yɛ baabi a wɔyɛ bobesa paa wɔ Asia Kumaa atɔe fam a na ɛhɔfo di yiye. Nokwarem no, na wɔn nyame titiriw ne Dionysus, bobesa nyame no. Ɛda adi sɛ Yudafo a na wɔwɔ Filadelfia no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan Yudafo Kristofo no ti ma wɔakura Mose Mmara no mu nneyɛe bi mu anaasɛ wɔasan akodi akyiri, nanso anyɛ yiye.

13. Ɔkwan bɛn so na Kristo de “Dawid safe” no adi dwuma?

13 Kristo ‘kura Dawid safe,’ ma enti wɔde Ahenni nneɛma nyinaa ne gyidi fiefo sohwɛ ahyɛ no nsa. (Yesaia 22:22; Luka 1:32) Yesu de saa safe no dii dwuma de buee Ahenni hokwan ahorow maa Kristofo a na wɔwɔ tete Filadelfia ne mmeae foforo no. Efi afe 1919 no, wabue “ɔpon kɛse” a ɛma wɔyɛ Ahenni asɛnka a ɔtamfo biara ntumi ntom ama “ofiepanyin nokwafo” no. (1 Korintofo 16:9; Kolosefo 4:2-4) Nokwarem no, wɔato pon a ɛma wonya Ahenni nneɛma hokwan no mu ma wɔn a wɔyɛ “Satan hyiadan” mufo no ntumi nhyɛn mu efisɛ wɔnyɛ honhom fam Israelfo.

14. (a) Ɛbɔ bɛn na Yesu hyɛɛ asafo a ɛwɔ Filadelfia no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanhwe ase wɔ “sɔhwɛ dɔn” no mu?

14 Yesu hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ tete Filadelfia no bɔ yi sɛ: “Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ dɔn a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so no ahwɛ, no mu.” Asɛnka adwuma no hwehwɛ sɛ yɛda boasetɔ a Yesu daa no adi no bi adi. Wannyae ne ho mu amma ɔtamfo no da, na mmom ɔkɔɔ so ara yɛɛ N’agya apɛde. Ne saa nti wonyan Kristo maa no nkwa a owu nnim wɔ ɔsoro. Sɛ yekura gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛsom Yehowa no mu na yegyina Ahenni no akyi denam asɛmpa no a yɛbɛka so a, wɔbɛkora yɛn so na yɛanhwe ase wɔ mprempren “sɔhwɛ dɔn” no mu. Yɛbɛkɔ so ‘aso nea yɛanya’ afi Kristo nkyɛn no mu denam mmɔden a yɛbɛbɔ ama Ahenni nneɛma adɔɔso so. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛma wɔn a wɔasra wɔn no anya ɔsoro abotiri na wɔn ayɔnkofo anokwafo no nso anya daa nkwa wɔ asase so.

15. Dɛn na wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ ‘adum wɔ Onyankopɔn asɔrefie’ no yɛ?

15 Kristo toa so sɛ: “Nea odi nkonim no, mɛyɛ no odum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi adi bio, na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din wɔ no so, ne me Nyankopɔn kurow foforo a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforo no.” Ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔasra wɔn no kura nokware som mu. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara fata sɛ “Yerusalem foforo” no mufo denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a wɔbɛka na wɔama wɔn ho atew honhom fam no so. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ adum wɔ ɔsoro asɔrefie a wɔahyɛ no anuonyam no mu na wokura Onyankopɔn kurow no din sɛ ne soro mma na wokura Kristo din sɛ n’ayeforo a, eyi ho hia. Na nokwarem no, ɛsɛ sɛ wonya aso a ‘etie nea honhom no ka kyerɛ asafo no.’

De Kɔma Ɔbɔfo a Ɔwɔ Laodikea No

16. Dɛn ne nsɛm bi a ɛfa Laodikea ho?

16 Kristo kaa asafo a na ɛwɔ Laodikea a wɔyɛ anibiannaso no anim. (Kenkan Adiyisɛm 3:14-22.) Ná Laodikea yɛ kurow a adwinnan ne sikakorabea adan wom a emufo di yiye, na ɛda Efeso apuei fam bɛyɛ kilomita 150, wɔ aguadi akwan atitiriw a ɛkɔfa Lycus Asubɔnten no bon a kuayɛ kɔ so yiye wɔ hɔ mu no mu. Na ntama a wɔde mmoa nhwi tuntum yɛ no ama agye din paa. Sɛ́ baabi a na nnuruyɛfo adesuabea a agye din yiye wɔ no, ɛda adi sɛ Laodikea na na wɔyɛ ani aduru a wɔfrɛ no Frigia pawda no. Ná kurow no anyame atitiriw no biako ne Asclepius, aduruyɛ nyame no. Ɛte sɛ nea na Yudafo pii te Laodikea, na na ɛda adi sɛ wɔn mu binom yɛ adefo.

17. Dɛn nti na wɔkaa Laodikeafo anim?

17 Bere a Yesu nam asafo a ɛwɔ Laodikea “bɔfo” no so rekasa akyerɛ no no, ɔde tumi kasae sɛ ‘ɔdansefo nokwafo ne Onyankopɔn abɔde mfiase.’ (Kolosefo 1:13-16) Wɔkaa Laodikeafo no anim sɛ ‘wɔnyɛ nwini na wɔnyɛ hyew’ wɔ honhom fam. Esiane sɛ na wɔyɛ boturobodwo nti, na Kristo bɛfe wɔn afi n’anom. Ná ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte saa asɛm no ase. Ná Hierapoli a ɛbɛn hɔ no wɔ nsuɔhyew, na Kolose wɔ nsuonwini. Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ wɔde nsu fa dorobɛn mu fi akyirikyiri kɔ Laodikea nti, ɛda adi sɛ ebedu kurow no mu no, na ayɛ boturobodwo. Edu baabi a, na nsu no fa nsuka mu. Sɛ ɛreyɛ adu Laodikea a, ɛfa abotan a wɔato asisi anim a wɔabɔne mu tokuro no mu.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa nnɛyi Kristofo a wɔte sɛ wɔn a na wɔwɔ Laodikea no?

18 Ankorankoro a wɔte sɛ Laodikeafo nnɛ no nyɛ hyew, na wɔnyɛ nwini nso. Te sɛ nsu boturobodwo no, wɔbɛfe wɔn agu! Yesu mpɛ sɛ ɔde wɔn di dwuma sɛ ‘abɔfo a wɔkasa ma Kristo.’ (2 Korintofo 5:20) Sɛ wɔansakra a, hokwan a wɔwɔ sɛ Ahenni adawurubɔfo no befi wɔn nsa. Laodikeafo no hwehwɛɛ wiase ahonyade, na na ‘wonnim sɛ wɔyɛ amanehunufo, mmɔborɔfo, ahiafo, anifuraefo, ne nnipa a wɔda adagyaw.’ Nea ɛbɛyɛ na nnɛ wɔn a wɔte sɛ wɔn no ayi honhom fam ohia, anifurae, ne adagyaw no afi wɔn so no, ɛsɛ sɛ wɔtɔ “sika a wɔapa mu ogya mu,” a ɛyɛ gyidi a wɔasɔ ahwɛ, trenee “atade fitaa,” ne “aniduru” a ɛbɛma wɔahu ade honhom fam fi Kristo hɔ. Kristofo ahwɛfo ani gye sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔama wɔn honhom fam nneɛma ho ahia wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ “gyidi mu ahonyafo.” (Yakobo 2:5; Mateo 5:3) Bio nso, ehia sɛ ahwɛfo boa wɔn ma wɔde honhom fam “aniduru” di dwuma—sɛ wobegye Yesu nkyerɛkyerɛ, n’afotu, ne nhwɛso, ne ne nsusuwii atom. Eyi yɛ aduru a ɛko tia yare a ɛne “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa.”—1 Yohane 2:15-17.

19 Yesu de nkaanim ne asotwe ma wɔn a ɔdɔ wɔn nyinaa. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔhyɛ n’ase no de brɛbrɛ yɛ afoforo saa ara. (Asomafo no Nnwuma 20:28, 29) Ná ehia sɛ Laodikeafo no ‘yɛ nsi na wɔsakra wɔn adwene,’ na wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn nsusuwii ne wɔn abrabɔ mu. Wiɛ, so yɛn mu binom anya su a ɛma yepia ɔsom kronn a yɛde ma Onyankopɔn no to nkyɛn wɔ yɛn asetra mu? Ɛnde momma ‘yɛntɔ aniduru mfi Yesu nkyɛn’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu hia a ehia sɛ yɛde nsiyɛ hwehwɛ Ahenni no kan no.—Mateo 6:33.

20, 21. Ɛhefo na wɔregye ɔpon a Yesu ‘rebom’ nnɛ no so, na dɛn ne wɔn anidaso?

20 Kristo ka sɛ: “Hwɛ, mabegyina ɔpon no ano na mebom; sɛ obi betie me nne na wahiɛ ɔpon no a, mɛhyɛn mu maba ne nkyɛn, na mene no abedidi, na ɔne me nso adidi.” Mpɛn pii no, sɛ Yesu redidi a, na ɔde honhom fam akwankyerɛ ahorow ma. (Luka 5:29-39; 7:36-50; 14:1-24) Afei ɔbɔ asafo a ɛte sɛ Laodikeafo de no pon mu. So emufo no begye no so, na wɔasan akanyan ne ho dɔ a wɔwɔ, agye no aba wɔn nkyɛn, na wɔama wakyerɛkyerɛ wɔn? Sɛ saa a, Kristo ne wɔn bedidi na wɔanya honhom fam mfaso kɛse.

21 Sɛnkyerɛnne kwan so no, ɛnnɛyi “nguan foforo” no abue pon ama Yesu, na adeyɛ a ɛte saa no bɛma wɔanya daa nkwa. (Yohane 10:16; Mateo 25:34-40, 46) Kristo bɛma nkonimdifo a wɔasra wɔn no mu biara anya hokwan ‘ne no atra n’ahengua so, sɛnea ɔno nso dii nkonim na ɔne N’agya te n’ahengua so no.’ Yiw, Yesu hyɛ nkonimdifo a wɔasra wɔn no bɔ sɛ wɔne no bɛtra nhengua so wɔ N’agya nifa so wɔ ɔsoro. Na nguan foforo a wobedi nkonim no hwɛ kwan sɛ wobenya baabi a ɛyɛ anigye atra wɔ asase so wɔ Ahenni nniso no ase.

Asuade Ma Yɛn Nyinaa

22, 23. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo nyinaa betumi anya Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa asafo ason no so mfaso? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

22 Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo nyinaa betumi anya Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa asafo ason a na ɛwɔ Asia Kumaa no so mfaso pii. Sɛ nhwɛso no, bere a Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ hyɛ no nsow sɛ Kristo de nkamfo a ɛfata mae no, ɛkanyan wɔn ma wɔkamfo ankorankoro ne asafo ahorow a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden honhom fam no. Faako a mpanyimfo no hu sɛ mmerɛwyɛ wɔ no, wɔboa mfɛfo gyidifo ma wɔde Kyerɛwnsɛm mu nyansahyɛ ahorow di dwuma. Yɛn nyinaa betumi anya afotu a Kristo de maa asafo ason no afã horow so mfaso, bere dodow a yɛbɔ ho mpae denneennen na yɛde di dwuma ntɛm ara no. *

23 Awiei bere yi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ anibiannaso, yedi ade dodowpɛ anaa biribi foforo biara a ɛbɛma yɛayɛ Onyankopɔn adwuma bi ne bi akyi. Momma yɛn a yɛwɔ asafo no mu nyinaa nkɔ so nhyerɛn sɛ akaneadua a Yesu ma esii ne sibea no. Sɛ́ Kristofo anokwafo no, ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ aso atie Kristo bere a ɔkasa, na yɛatie nea honhom no ka no. Ɛno ansa na yebenya daa anigye sɛ hann kurafo de ahyɛ Yehowa anuonyam.

[Ase hɔ asɛm]

Wubebua Dɛn?

• Ná hena ne saa “ɔbea Isebel” no, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ mmea a wosuro Nyankopɔn suasua no?

• Tebea bɛn na na ɛwɔ Sardi asafo no mu, na dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanyɛ sɛ Kristofo pii a na wɔte hɔ no?

• Bɔhyɛ ahorow bɛn na Yesu de maa Filadelfia asafo no, na ɔkwan bɛn so na ɛfa yɛn ho nnɛ?

• Dɛn nti na wɔkaa Laodikeafo no anim, nanso anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristofo a wɔyɛ nsi no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɛsɛ sɛ yɛkwati saa “ɔbea Isebel” no akwammɔne no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yesu de “ɔpon kɛse” a ɛma wonya Ahenni hokwan ahorow asi n’akyidifo anim

[Mfonini wɔ kratafa 20]

So wugye Yesu na wutie no?