Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnyina Na Monhwɛ Yehowa Nkwagye!

Munnyina Na Monhwɛ Yehowa Nkwagye!

Munnyina Na Monhwɛ Yehowa Nkwagye!

‘Munnyina hɔ, monyɛ komm, na monhwɛ Yehowa nkwagye.’—2 BERESOSƐM 20:17.

1, 2. Dɛn nti na ntua a ‘Gog a ofi Magog asase so’ de reba no yɛ hu koraa sen amanaman ntam amumɔyɛsɛm?

EBINOM akyerɛkyerɛ amumɔyɛsɛm mu sɛ ntua a wɔde ba wiase aman anaa nnipa nyinaa so. Ntease wom sɛ yɛfa ahunahuna a ɛte saa aniberesɛm. Nanso, ntua foforo a ɛyɛ hu koraa wɔ hɔ a wiase no mfa wɔn adwene nkɔ so ahe biara, anaasɛ wonnwen ho koraa. Ɛyɛ ntua bɛn?

2 Ɛyɛ ‘Gog a ofi Magog asase so’ ntua a Bible ka ho asɛm wɔ Hesekiel ti 38 mu no. So ɛyɛ asɛm a yɛka gugu mu sɛ yɛbɛka sɛ saa ntua yi yɛ hu koraa sen amanaman ntam amumɔyɛsɛm no? Dabida, efisɛ Gog ntua no kɔ akyiri sen ntua a wɔde ba nnipa nniso ahorow so ara kwa. Ɛko tia Onyankopɔn soro nniso no! Nanso, nea ɛnte sɛ nnipa a ebia nkonim kakraa bi pɛ na wobetumi adi wɔ ntua a wɔde ba wɔn nhyehyɛe so no, Ɔbɔadeɛ no betumi adi Gog ntua a emu yɛ den paa no ho dwuma koraa.

Ntua a Wɔde Ba Onyankopɔn Nniso So

3. Efi afe 1914 no, dɛn na wɔaka akyerɛ wiase sodifo sɛ wɔnyɛ, na ɔkwan bɛn so na wɔayɛ wɔn ade?

3 Ntawntawdi a ɛwɔ Onyankopɔn Hene a ɔredi tumi mprempren ne Satan nhyehyɛe bɔne no ntam no yɛ nea akɔ so fi bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu. Saa bere no, wɔka kyerɛɛ nnipa sodifo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Sodifo a Onyankopɔn apaw no no ase. Nanso wɔnyɛɛ saa, sɛnea wɔkaa ho asɛm siei no: “Asase so ahene sɔre gyina, na atumfo bom tu agyina hyɛ [Yehowa, NW] ne nea wasra no no. Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛntow wɔn nhama mfi yɛn ho ngu.” (Dwom 2:1-3) Ko a wɔko tia Ahenni nniso no bedu ne kɛse mu pefee wɔ Gog a ofi Magog ntua no mu.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na nnipa betumi ne Onyankopɔn soro nniso a aniwa nhu no ako?

4 Ebia yebesusuw ho sɛ ɛbɛyɛ dɛn na nnipa betumi ne ɔsoro nniso a aniwa nhu ako. Bible da no adi sɛ nnipa “mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so” ne “oguammaa no,” Kristo Yesu na wɔwɔ saa nniso yi mu. (Adiyisɛm 14:1, 3; Yohane 1:29) Esiane sɛ nniso foforo yi wɔ soro nti wɔfrɛ no “ɔsoro foforo,” bere a wɔfrɛ ne manfo a wɔbɛtra asase so “asase foforo” ma ɛfata no. (Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13) Nnipa 144,000 a wɔne Kristo bedi ade no mu dodow no ara awie wɔn asase so adwuma nokwaredi mu dedaw. Enti wɔada wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wɔyɛ wɔn som adwuma foforo no wɔ soro.

5 Nanso, 144,000 no nkaefo kakraa bi da so wɔ asase so. Nnipa bɛboro 15,000,000 a wɔbaa Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase wɔ afe 2002 mu no mu 8,760 pɛ na wɔdaa no adi sɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔapaw wɔn ama ɔsoro adwuma yi. Nokwarem no, obiara a ɔbɛko atia Ahenni no mufo a wɔaka no reko atia Onyankopɔn Ahenni ankasa.—Adiyisɛm 12:17.

Ɔhene no Wie Ne Nkonimdi

6. Yehowa ne Kristo bu ɔsɔretia a wɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no dɛn?

6 Wɔkaa nea Yehowa bɛyɛ wɔ ɔsɔretia a wɔde ba N’ahenni a wɔde asi hɔ so no ho asɛm siei sɛ: “Nea ɔte soro no serew, [Yehowa, NW] di wɔn ho fɛw. Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu. Na me na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so.” (Dwom 2:4-6) Afei na bere adu sɛ Kristo ‘wie ne nkonimdi’ wɔ Yehowa akwankyerɛ ase. (Adiyisɛm 6:2) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bu ɔsɔretia a wɔde ba ne nkurɔfo so wɔ nkonimdi bere a etwa to yi mu no? Obu no sɛ nea wɔde ba n’ankasa ne ne Hene a ɔredi ade no so. Yehowa ka sɛ: “Nea ɔka mo no, waka [m’aniwa, NW] kesuwa.” (Sakaria 2:8) Na Yesu kaa no pefee sɛ obu nea nkurɔfo yɛ ma ne nuanom a wɔasra wɔn anaa wɔnyɛ mma wɔn no sɛ nea wɔyɛ ma no anaasɛ wɔnyɛ mma no.—Mateo 25:40, 45.

7. Dɛn nti na Gog abufuw ba “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no so?

7 Nokwarem no, Gog abufuw bɛba wɔn a wɔde nnamyɛ gyina nkaefo a wɔasra wɔn no akyi no nso so. Eyinom a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra Onyankopɔn “asase foforo” no so no yɛ “nnipakuw kɛse” a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Wɔka wɔn ho asɛm sɛ ‘wogyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa.’ Enti wɔwɔ gyinabea pa wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu anim. Bere a “wokurakura berɛw” no, woyi Yehowa ayɛ sɛ amansan Sodifo a ɔfata a ɔnam ne Hene a ɔde no asi ahengua so, Yesu Kristo, “Onyankopɔn guammaa no” so di tumi.—Yohane 1:29, 36.

8. Dɛn na Gog ntua no bɛma Kristo ayɛ, dɛn na ebefi mu aba?

8 Gog ntua no bɛma Onyankopɔn Hene a ɔredi tumi no adi ako wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16) Wɔbɛsɛe wɔn a wonnye Yehowa tumidi ntom no. Nanso, wɔn a wɔagyina ahohia mu adi Onyankopɔn Ahenni nokware no benya ahotɔ akosi daa. Eyi ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛno na ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee agyirae, sɛ wobehu mo sɛ Onyankopɔn ahenni a muhu ho amane no fata mo. Efisɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka, na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.”—2 Tesalonikafo 1:5-8.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa Yuda dii atamfo a wɔyɛ den so nkonim? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ?

9 Wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba a ɛbɛkɔ akowie Harmagedon mu no, Kristo bɛko atia bɔne nyinaa. Nanso ɛho renhia sɛ n’akyidifo ko, sɛnea na ɛho nhia sɛ mmusuakuw abien ahemman a ɛne Yuda no ko wɔ mfe mpempem pii a atwam no. Ná ɔko no yɛ Yehowa de, na Yehowa maa wodii nkonim. Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “[Yehowa, NW] maa atɛwfo baa Amonfo, Moab ne Seir bepɔw sofo a wɔbaa Yuda so no so, na wɔkaa wɔn gui. Na Amon ne Moabfo no sɔre hyɛɛ Seir bepɔw sofo no sɛee wɔn pasaa. Na wowiee Seirfo no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkum sɛe wɔn ho wɔn ho. Na Yuda duu ahwɛe a ɛkyerɛ sare so na wɔdan wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛse no, na hwɛ, wɔn afunu na egugu fam, na obi amfi mu.”—2 Beresosɛm 20:22-24.

10 Saa pɛpɛɛpɛ na na Yehowa aka asie: “Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko.” (2 Beresosɛm 20:17) Eyi yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ Kristofo di akyiri bere a Yesu Kristo yɛ ade ‘wie ne nkonimdi’ no. Enkosi saa bere no, wɔkɔ so ko tia bɔne a ɛnyɛ honam fam akode na wɔde di dwuma, na mmom honhom fam de. Wɔnam saayɛ so de “papa di bɔne so nim!”—Romafo 6:13; 12:17-21; 13:12; 2 Korintofo 10:3-5.

Hena na Obedi Gog Ntua no Anim?

11. (a) Ahyehyɛde ahorow bɛn na Gog nam so de ne ntua no bɛba? (b) Dɛn na yɛn ani a ɛbɛda hɔ honhom fam no hwehwɛ?

11 Wɔda Gog a ofi Magog no adi sɛ ɔno ne Satan Ɔbonsam a wɔabrɛ no ase fi afe 1914 no. Sɛ́ honhom abɔde no, ɔrentumi mfa ne ntua no mma tẽẽ, nanso ɔde nnipa ahyehyɛde ahorow na ebedi dwuma. Henanom na wɔbɛyɛ nnipa ahyehyɛde ahorow yi? Bible nka ho asɛm nkɔ akyiri, nanso ɛma yɛn nneɛma bi a yebetumi agyina so ahu nkurɔfo kõ. Bere a nsɛm resisi wiase ma Bible nkɔmhyɛ ahorow nya ne mmamu no, yɛbɛkɔ so ahu nneɛma ani so nkakrankakra. Yehowa nkurɔfo mmɔ wɔn tirim nka nsɛm nanso wɔma wɔn ani da hɔ wɔ honhom fam, na wohu amammui ne nyamesom mu nsɛm a ɛne Bible nkɔmhyɛ mmamu hyia.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na odiyifo Daniel kaa ntua a etwa to a wɔde bɛba Onyankopɔn nkurɔfo so ho asɛm siei?

12 Odiyifo Daniel kaa ntua a etwa to a wɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no ho asɛm, bere a ɔkyerɛwee eyi no: ‘Apuei fam hene no de anibere kɛse befi akɔ sɛ ɔkɔsɛe na wadwerɛw nnipa bebree. Na obesi n’ahemfi ntamadan ɛpo ne bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam.’—Daniel 11:44, 45.

13 Bible mmere mu no, na “ɛpo” no ne Ɛpo Kɛse, anaa Mediterranea Po no, na na “bepɔw kronkron” no ne Sion a Yehowa kaa ho asɛm sɛ: “Me na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so” no. (Dwom 2:6; Yosua 1:4) Enti wɔ honhom fam no, asase a ‘ɛda ɛpo ne bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam’ no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no honhom fam asase fɛfɛ no. Wɔne adesamma po a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no mmɔ bio, na wɔhwɛ kwan sɛ wɔne Kristo Yesu bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu. Ɛda adi pefee sɛ, apuei fam hene no de n’ani besi Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo anokwafo nnipakuw kɛse no so, bere a ɔde ne ntua a emu yɛ den ba ma Daniel nkɔmhyɛ no nya ne mmamu no.—Yesaia 57:20; Hebrifo 12:22; Adiyisɛm 14:1.

Onyankopɔn Asomfo Bɛyɛ Wɔn Ade Dɛn?

14. Sɛ wɔde ntua ba Onyankopɔn nkurɔfo so a, nneɛma abiɛsa bɛn na wɔbɛyɛ?

14 Sɛ wɔde ntua ba Onyankopɔn asomfo so a, dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ? Eyi mu nso, sɛnea Onyankopɔn man yɛɛ wɔn ade wɔ Yehosafat bere so no yɛ nhwɛso. Hyɛ no nsow sɛ wɔhyɛɛ ɔmanfo no sɛ wɔnyɛ nneɛma abiɛsa: (1) wonnyina hɔ, (2) wɔnyɛ komm, na (3) wɔnhwɛ Yehowa nkwagye. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ wɔn ade ma ɛne saa nsɛm yi ahyia?—2 Beresosɛm 20:17.

15. Gyina a Yehowa nkurɔfo begyina hɔ no kyerɛ dɛn?

15 Wonnyina hɔ: Onyankopɔn nkurɔfo bɛkɔ so agyina hɔ ataa Onyankopɔn Ahenni no akyi pintinn a wonhinhim. Wɔbɛkɔ so akura ɔfã biara a wonni sɛ Kristofo no mu. ‘Wobetintim, wonhinhim’ wɔ nokware som a wɔde ma Yehowa no mu, na wɔbɛkɔ so ayi Yehowa ayɛ wɔ baguam wɔ n’adɔe ho. (1 Korintofo 15:58; Dwom 118:28, 29) Nhyɛso a ɛwɔ hɔ nnɛ ne nea ɛbɛba daakye biara nni hɔ a ebetumi ama wɔagyae gyinabea a ɛsɔ Onyankopɔn ani yi mu.

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo begyina hɔ komm?

16 Monyɛ komm: Yehowa nkurɔfo remmɔ mmɔden sɛ wobegye wɔn ho na mmom wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so koraa. Ɔno nkutoo na obetumi agye n’asomfo afi wiase basabasayɛ no mu, na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa. (Yesaia 43:10, 11; 54:15; Kwadwom 3:26) Nea ɛka yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so ho ne sɛ yɛde yɛn ho bɛto ne nnɛyi ahyehyɛde a ada adi pefee sɛ ɔde redi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma mfirihyia pii ni no so. Ɛho behia sɛ nokware Kristofo benya wɔn mfɛfo asomfo a Yehowa ne ne Hene a ɔredi ade no ama wɔn tumi sɛ wonni wɔn anim no mu ahotoso saa bere no asen bere biara. Saa mmarima anokwafo yi bɛkyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo kwan. Wɔn ani a wobebu agu wɔn akwankyerɛ so no betumi de wɔn akɔ asiane mu.—Mateo 24:45-47; Hebrifo 13:7, 17.

17. Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo anokwafo behu Yehowa nkwagye?

17 Monhwɛ Yehowa nkwagye: Wɔn a wogyina hɔ kura wɔn mudi mu sɛ Kristofo na wɔde wɔn ho to Yehowa so hwehwɛ ogye no nyinaa benya nkwagye sɛ akatua. Enkosi sɛ awiei no bɛba no—wɔbɛbɔ Yehowa atemmuda a ɛreba no ho dawuru—akodu baabi a wobetumi. Ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa hu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn, ɛne sɛ, ɔwɔ asomfo anokwafo wɔ asase so. Fata a Yehowa tumidi fata ho remma asɛm bere tenteenten bio.—Hesekiel 33:33; 36:23.

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na nkonimdi dwom a ɛwɔ Exodus ti 15 no da wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Gog ntua no mu no nkate adi? (b) Dɛn na ɛfata sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ mprempren?

18 Onyankopɔn nkurɔfo de ahoɔden foforo bɛkɔ wiase foforo no mu a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛto nkonimdi dwom anigye so, sɛnea tete Israelfo yɛe bere a wogyee wɔn nkwa wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no. Sɛ́ ankorankoro ne nnipakuw a wɔbɛkyerɛ Yehowa ahobammɔ ho anisɔ akosi daa no, wɔbɛka nsɛm a wɔkae tete no bi: “Mɛto [Yehowa, NW] dwom, na ɔma na wama ne ho so, . . . [Yehowa, NW] yɛ dɔmmarima, [Yehowa, NW] ne ne din. [Yehowa, NW] wo nsa nifa no dwɛre atamfo no. Na wo tumi a ɛso no ara na wode butuw wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no. Wosoma w’abufuhyew ba, ɛhyew wɔn sɛ sakran. . . . Wode w’adɔe gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ trabea. . . . Wode wɔn bɛba abɛtew wɔn w’agyapade bepɔw no so, [Yehowa, NW], nea wode hɔ ayɛ wo trabea, kronkronbea a, [Yehowa, NW], wo nsa asiesie no. [Yehowa, NW] bedi hene de bɛkɔ akosi daa daa.”—Exodus 15:1-19.

19 Mprempren a daa nkwa ho anidaso da adi kɛse sen bere biara no, hwɛ sɛnea saa bere yi yɛ bere pa ma Onyankopɔn asomfo sɛ wɔbɛda ahofama a wɔwɔ ma Yehowa no adi na wɔahyɛ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛsom no sɛ wɔn Hene akosi daa no mu den!—1 Beresosɛm 29:11-13.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na Gog ntua bɛba wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no so?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo begyina hɔ?

• Sɛ́ wɔbɛyɛ komm no kyerɛ dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo bɛhwɛ Yehowa nkwagye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa maa Yehosafat ne ne nkurɔfo dii nkonim, a anhia sɛ wɔko

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no nyinaa gyina Yehowa tumidi akyi

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Te sɛ tete Israelfo no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛto nkonimdi dwom nnansa yi ara