Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munsuro Na Mo Koma Nntutu”

“Munsuro Na Mo Koma Nntutu”

“Munsuro Na Mo Koma Nntutu”

‘Munsuro na mo koma nntutu, na Yehowa bedi mo akyi.’—2 BERESOSƐM 20:17.

1. Nkɛntɛnso bɛn na amumɔyɛsɛm anya wɔ nkurɔfo so, na dɛn nti na ehu a aka wɔn no yɛ nea ntease wom?

AMUMƆYƐSƐM! Asɛmfua no a yɛte kɛkɛ no ma ehu ka yɛn, ɛma yɛte nka sɛ yenni ahobammɔ na yentumi nyɛ ho hwee nso. Ɛma yɛn ho dwiriw yɛn, awerɛhow ka yɛn, na yɛn bo fuw. Na ɛyɛ asɛmfua a ɛkyerɛ sɛnea ade a nnipa pii suro no bɛhaw adesamma mfirihyia pii. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aman pii ako atia amumɔyɛsɛm ahorow a wontumi nnii so ahe biara no ma ehu a aka nkurɔfo saa no yɛ nea ntease wom.

2. Yehowa Adansefo yɛ wɔn ade dɛn wɔ amumɔyɛsɛm ho, na ɛma nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

2 Nanso, biribi titiriw bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so anya anidaso. Yehowa Adansefo a wɔde nnamyɛ reka asɛm wɔ nsase ne nsasesin 234 so no wɔ anidaso a ɛyɛ nwonwa. Sɛ́ anka wobenya osuro bi sɛ wontumi nyi amumɔyɛsɛm mfi hɔ da no, wɔwɔ ahotoso sɛ wobetumi ayi afi hɔ—na ɛrenkyɛ koraa. So ɛfata sɛ wubenya wɔn anidaso no bi? Hena na obetumi ayi ɔhaw yi afi wiase, na ɔkwan bɛn so na ɔbɛfa ayi afi hɔ? Esiane sɛ wɔayɛ yɛn nyinaa basabasa bi pɛn nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ nea yebegyina so anya anidaso a ɛte saa no mu.

3. Nneɛma a eyi hu bɛn na ɛwɔ hɔ, na dɛn na wɔaka asie afa yɛn bere yi ho?

3 Nneɛma ahorow pii na ama osuro aka nnipa na wɔabɔ hu nnɛ. Susuw nnipa pii a esiane onyin nti wontumi nhwɛ wɔn ho, nnipa pii a nyarewa a enni sabea ama wɔayɛ mmerɛw, ne mmusua a wɔredi apere sɛ wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano no ho hwɛ. Nokwarem no, susuw sɛnea asetra ankasa nni nnyinaso no ho hwɛ! Ɛte sɛ nea akwanhyia anaa atoyerɛnkyɛm betumi ato yɛn ama yɛahyia ɔpatuwu bere biara, na ama yɛahwere biribiara a yɛn ani gye ho no. Ehu ne dadwen a ɛte saa, ne ntawntawdi ne abasamtu, ama yɛn mmere yi ne nea ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no ahyia pɛpɛɛpɛ: “Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa.”—2 Timoteo 3:1-3.

4. Anidaso bɛn na ɛwɔ nsɛm a ɛyɛ hu a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-3 no mu?

4 Ɛwom sɛ saa kyerɛwsɛm yi ka nneɛma a ɛyɛ hu ho asɛm de, nanso ɛka anidaso ho asɛm nso. Hyɛ no nsow sɛ mmere a emu yɛ den no bɛba wɔ Satan mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no “nna a edi akyiri” mu. Eyi kyerɛ sɛ ogye abɛn, na ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ pɛ no nniso a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no abesi wiase nhyehyɛe bɔne no ananmu. (Mateo 6:9, 10) Saa Ahenni no ne Onyankopɔn soro nniso a sɛnea odiyifo Daniel kae no “wɔrensɛe no da, . . . na ebebubu [nnipa] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

Ɔfã Biara a Kristofo Nni ne Amumɔyɛsɛm

5. Amanaman no ayɛ wɔn ade dɛn wɔ amumɔyɛsɛm ho nnansa yi?

5 Amumɔyɛsɛm akunkum nnipa mpempem pii mfirihyia pii ni. Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ani aba asiane yi so kɛse fi bere a wɔde ntua baa New York City ne Washington, D.C., so wɔ September 11, 2001 no. Esiane sɛnea amumɔyɛsɛm adɔɔso wɔ wiase nyinaa nti, wiase aman nyinaa yɛɛ biako ntɛm ara sɛ wɔbɛko atia. Sɛ nhwɛso no, wɔ December 4, 2001 no, sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔ kyerɛ no “amannɔne nsɛm ho asoafo 55 a wofi Europa, Amerika Atifi fam, ne Asia Mfinimfini fam aman mu yɛɛ nokoro gyee nhyehyɛe bi a wɔyɛe” a wɔnam so bedi wɔn nsusuwii ho dwuma toom. U.S. aban panyin titiriw bi kamfoo nhyehyɛe yi sɛ ama nhyehyɛe a wɔnam so ko tia amumɔyɛsɛm no anya “tumi foforo.” Mpofirim ara, nnipa ɔpepehaha pii de wɔn ho hyɛɛ nea The New York Times Magazine frɛɛ no “ɔko kɛse bi mfiase” no mu. Sɛnea wɔnam nhyehyɛe a ɛte saa so bedi nkonim de, yennya nhui. Mmom no, nea ebefi ɔko a etia amumɔyɛsɛm a ɛte saa mu aba no ama ehu aka nnipa pii, nanso ɛmmaa ehu nkaa wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no.

6. (a) Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye Kristofo gyinabea a ɛne ɔfã biara a Yehowa Adansefo nni no atom? (b) Ɛdefa amammuisɛm ho no, nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa n’akyidifo?

6 Wonim Yehowa Adansefo yiye sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu. Bere a ebia nnipa dodow no ara befi wɔn pɛ mu agye gyinabea yi atom bere a biribiara kɔ yiye no, sɛ tebea horow a ɛyɛ soronko sɔre a, wonnya saa gyinabea yi ho koma. Mpɛn pii no, ehu ne adwenem naayɛ a ɔko de ba no ma nkurɔfo nya ɔmampɛ honhom a emu yɛ den. Eyi ma etumi yɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte nea enti a obi mpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔsa ahorow a ɔman no nyinaa retu mu ase. Nanso, nokware Kristofo nim sɛ ɛsɛ sɛ wodi Yesu ahyɛde a ese ‘ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wiase no fã’ no so. (Yohane 15:19; 17:14-16; 18:36; Yakobo 4:4) Eyi hwehwɛ sɛ wɔkɔ so yɛ nkurɔfo a wonni ɔfã biara wɔ amammui anaa asetram nsɛm mu. Yesu ankasa yɛɛ nhwɛso a ɛfata too hɔ. Sɛ yesusuw ne nyansa a ɛyɛ pɛ ne ɔdom akyɛde soronko a ɔwɔ no ho a, anka obetumi aboa yiye wɔ nnipa nsɛm mu wɔ ne bere so. Nanso, wamfa ne ho anhyehyɛ amammuisɛm mu. Wɔ ne som adwuma no mfiase no, ɔpoo di a Satan kae sɛ ɔbɛma wadi wiase ahenni nyinaa so no koraa. Akyiri yi, ɔyɛɛ ade ntɛm so twee ne ho fii twe a anka wɔretwe no akɔhyɛ amammuisɛm mu no ho.—Mateo 4:8-10; Yohane 6:14, 15.

7, 8. (a) Dɛn na ɔfã biara a Yehowa Adansefo nnyina wɔ amammuisɛm mu no nkyerɛ, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na Romafo 13:1, 2 mma kwan sɛ obi de ne ho bɛhyɛ basabasa a wɔyɛ tia nniso ahorow mu?

7 Ɛnsɛ sɛ wɔfa ɔfã biara a Yehowa Adansefo nnyina no sɛ wɔboa basabasayɛ anaasɛ wɔpene so. Basabasayɛ akyi a wobegyina no bɛkyerɛ sɛ wɔnyɛ “asomdwoe Nyankopɔn” no asomfo ankasa. (2 Korintofo 13:11) Wɔasua sɛnea Yehowa te nka wɔ basabasayɛ ho. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) Wonim nea Yesu ka kyerɛɛ ɔsomafo Petro no nso: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.”—Mateo 26:52.

8 Ɛwom sɛ abakɔsɛm da no adi pefee sɛ atoro Kristofo atwe “nkrante” mpɛn pii de, nanso ɛnte saa wɔ Yehowa Adansefo fam. Wɔtwe wɔn ho fi nneɛma ɛtete saa nyinaa ho. Adansefo no fi nokwaredi mu tie afotu a ɛwɔ Romafo 13:1, 2 no: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam [aban mpanyimfo] no ase. Na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ. Enti obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi; na wɔn a wodi asi no benya afobu.”

9. Akwan abien bɛn na Yehowa Adansefo fa so ko tia amumɔyɛsɛm?

9 Nanso, esiane sɛ amumɔyɛsɛm yɛ bɔne kɛse nti, so ɛnsɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ biribi de boa ma wɔko tia? Yiw, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi, na wɔreyɛ. Nea edi kan koraa no, wɔn ankasa twe wɔn ho fi nneyɛe biara a ɛte saa ho. Nea ɛto so abien no, wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Kristofo nnyinasosɛm a sɛ wodi akyi a eyi basabasayɛ biara fi hɔ. * Afe a etwaam no, Adansefo no de nnɔnhwerew 1,202,381,302 na ɛboaa nkurɔfo ma wosuaa Kristofo asetra kwan ho ade. Eyi nyɛ bere sɛe, efisɛ esiane saa adwuma yi nti, nnipa 265,469 na wɔbɔɔ asu sɛ Yehowa Adansefo, na wɔnam so daa no adi wɔ baguam sɛ wɔapo basabasayɛ koraa.

10. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wobeyi basabasayɛ afi hɔ wɔ ɛnnɛ wiase mu?

10 Afei nso, Yehowa Adansefo nim sɛ wɔn ankasa ntumi nyi bɔne mfi wiase da. Ɛno nti na wɔde wɔn ho to onii a obetumi ayi afi hɔ—Yehowa Nyankopɔn—so koraa no. (Dwom 83:18) Ɛmfa ho mmɔden a edi mu biara a nnipa bɛbɔ no, wontumi nyi basabasayɛ mfi hɔ da. Bible kyerɛwfo a honhom kaa no no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ yɛn bere yi, “nna a edi akyiri” ho, na ɛka sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:1, 13) Sɛ yegyina eyi so susuw asɛm no ho a, ɛda adi sɛ nnipa ntumi nni nkonim wɔ ko a wɔko tia bɔne no mu. Nanso, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so sɛ obeyi basabasayɛ afi hɔ koraa akosi daa.—Dwom 37:1, 2, 9-11; Mmebusɛm 24:19, 20; Yesaia 60:18.

Wonsuro Ntua a Ɛreba No

11. Akwan bɛn na Yehowa afa so dedaw de rebeyi basabasayɛ afi hɔ?

11 Esiane sɛ asomdwoe Nyankopɔn no kyi basabasayɛ nti, yebetumi ate nea enti a wafi ase refa akwan bi so abɛsɛe nea ɔde ba, Satan Ɔbonsam no ase. Nokwarem no, Wama Satan adi nkogu animguase mu wɔ ɔbɔfo panyin Mikael—Onyankopɔn Hene a wɔde no asi agua so foforo, Kristo Yesu—nsam. Bible ka ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adiyisɛm 12:7-9.

12, 13. (a) Ade titiriw bɛn na ɛda adi wɔ afe 1914 ho? (b) Dɛn na Hesekiel nkɔmhyɛ no ka siei wɔ wɔn a wogyina Onyankopɔn Ahenni akyi no ho?

12 Bible mmerebu ne nsɛm a ɛresisi wiase no twe adwene si afe 1914 so sɛ ɛne bere a saa ko no sii wɔ soro. Efi saa bere no, wiase nsɛm tebea akɔ so asɛe. Adiyisɛm 12:12 kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”

13 Ntease wom sɛ Ɔbonsam adan n’abufuw no aba Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no so titiriw. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 12:17) Ɛrenkyɛ ɔsɔretia yi bedu ne kɛse mu bere a Ɔbonsam de ntua a emu yɛ den bɛba wɔn a wogyina Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no akyi na wɔde wɔn ho ato so no nyinaa so no. Wɔka ntua a emu yɛ den yi ho asɛm wɔ Hesekiel ti 38 sɛ ‘Gog a ofi Magog asase so’ ntua.

14. Ahobammɔ bɛn na Yehowa Adansefo anya wɔ mmere a atwam no, na so eyi bɛkɔ so bere nyinaa?

14 Fi bere a wotuu Satan fii soro no, mmere bi wɔ hɔ a amammuifo bi abɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban afi Satan ntua a ɔde ba wɔn so no ho, sɛnea wɔaka ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Adiyisɛm 12:15, 16 no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible kyerɛ sɛ wɔ Satan ntua a etwa to mu no, nnipa ahyehyɛde biara nni hɔ a ɛbɛbɔ wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no ho ban. So ɛsɛ sɛ eyi ma Kristofo suro anaa ehu ka wɔn? Dabida!

15, 16. (a) Anidaso bɛn na awerɛhyem nsɛm a Yehowa de maa ne nkurɔfo wɔ Yehosafat bere so no ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nya? (b) Nhwɛso bɛn na Yehosafat ne nkurɔfo no yɛ maa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

15 Onyankopɔn begyina ne nkurɔfo akyi sɛnea ogyinaa ne man akyi wɔ Ɔhene Yehosafat bere so no. Yɛkenkan sɛ: “Yuda nyinaa ne Yerusalemfo ne ɔhene Yehosafat, muntie! Sɛ [Yehowa, NW] se mo ni: Mo de, munnsuro na mo koma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn. . . . Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ [Yehowa, NW] a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na [Yehowa, NW] bedi mo akyi.”—2 Beresosɛm 20:15-17.

16 Wɔmaa Yudafo awerɛhyem sɛ ɛho renhia sɛ wɔko. Saa ara na sɛ Gog a ofi Magog tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, wɔremfa akode mmɔ wɔn ho ban. Mmom no, ‘wobegyina na wɔahwɛ Yehowa nkwagye.’ Nokwarem no, gyina a wobegyina hɔ no renkyerɛ sɛ wɔrenyɛ adwuma biara, sɛnea Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase Yehosafat bere so no antra hɔ kwa no. Yɛkenkan sɛ: “Ɛnna Yehosafat kotowee de n’anim butuw fam, na Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa hwehwee fam [Yehowa, NW] anim sɔree [Yehowa, NW]. . . . Na [Yehosafat ne] ɔman no tuu agyina, na oyiyii nnwontofo a wɔto [Yehowa, NW] dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefi adi no, wodii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkae sɛ: Monna [Yehowa, NW] ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa.” (2 Beresosɛm 20:18-21) Yiw, wɔ atamfo ntua mu mpo no, nkurɔfo no kɔɔ so yii Yehowa ayɛ. Eyi yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo di akyi bere a Gog de ntua ba wɔn so no.

17, 18. (a) Su pa bɛn na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ wɔ Gog ntua ho? (b) Nkaesɛm bɛn na wɔde maa Kristofo a wɔyɛ mmabun nnansa yi?

17 Enkosi saa bere no—ne bere a Gog ntua no afi ase mpo no—Yehowa Adansefo bɛkɔ so agyina Onyankopɔn Ahenni akyi. Wɔbɛkɔ so anya ahoɔden ne ahobammɔ bere a wɔne asafo ahorow bɛboro 94,600 a ɛwɔ wiase nyinaa bɔ no. (Yesaia 26:20) Hokwan a wɔde yi Yehowa ayɛ akokoduru so bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ Gog ntua a abɛn no mma wɔmmɔ hu ntwe wɔn ho. Mmom no, ɛhyɛ wɔn nkuran, na wɔma wɔn ayeyi afɔre no nya nkɔanim kodu baabi a wobetumi.—Dwom 146:2.

18 Mmabun mpempem pii a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma wɔ wiase nyinaa no ada su pa yi adi ma ayɛ nea ɛfata. Woyii kratawa Mmabun—Dɛn na Mode Mo Asetra Bɛyɛ? no adi wɔ afe 2002 ɔmantam nhyiam ahorow ase de sii korɔn a asetra kwan a ɛte saa a obi bɛpaw korɔn no so dua. Kristofo, mmofra ne mpanyin, nyinaa ani sɔ nkaesɛm a ɛba wɔ ne bere mu saa no.—Dwom 119:14, 24, 99, 119, 129, 146.

19, 20. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo suro anaasɛ wɔbɔ hu ɔkwan biara so? (b) Dɛn na adesua asɛm a edi hɔ no bɛyɛ?

19 Wiase nsɛm tebea nyinaa akyi no, ɛnsɛ sɛ Kristofo suro anaasɛ wɔbɔ hu. Wonim sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa Ahenni abeyi basabasayɛ nyinaa afi hɔ koraa. Wonya awerɛkyekye nso sɛ wonim sɛ nnipa pii a wɔahwere wɔn nkwa wɔ basabasayɛ mu no nam owusɔre so bɛsan aba nkwa mu bio. Bere a eyi bɛma ebinom anya hokwan asua Yehowa ho ade nea edi kan no, ɛbɛma afoforo akɔ so asom no nokwaredi mu.—Asomafo no Nnwuma 24:15.

20 Sɛ́ nokware Kristofo no, yenim hia a ehia sɛ yɛbɛkɔ so akura ɔfã biara a yenni sɛ Kristofo no mu, na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa. Yɛpɛ sɛ yɛkɔ so kura akwanhwɛ a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ ‘yebegyina na yɛahwɛ Yehowa nkwagye’ no mu. Asɛm a edi hɔ no bɛhyɛ yɛn gyidi den denam nsɛm a ɛresisi nnɛ a ɛma yɛde nkakrankakra te Bible nkɔmhyɛ mmamu ase kɔ akyiri a ɛbɛma yɛahu no so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ nnipa bi a wogyaee basabasayɛ bɛyɛɛ Adansefo ho nhwɛso ahorow a, hwɛ Engiresi Nyan! March 22, 1990, kratafa 21; August 8, 1991, kratafa 18; ne Ɔwɛn-Aban January 1, 1996, kratafa 5; August 1, 1998, kratafa 5.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na nnipa pii nni anidaso nnɛ saa?

• Dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ daakye ho anidaso?

• Dɛn na Yehowa ayɛ wɔ nea ɛde basabasayɛ nyinaa aba no ho dedaw?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro Gog ntua no ɔkwan biara so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yesu yɛɛ ɔfã biara a Kristofo nni ho nhwɛso a ɛfata

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Adansefo nkumaa ɔpepem pii de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu anigye so

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]

UN PHOTO 186226/M. Grafman