Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Salomo Ankekã ne Ho sɛ Eyinom Mu Biako Mpo’

‘Salomo Ankekã ne Ho sɛ Eyinom Mu Biako Mpo’

‘Salomo Ankekã ne Ho sɛ Eyinom Mu Biako Mpo’

NHWIREN, te sɛ nea yehu wɔ ha no, yɛ afifide a wohu no kɛse wɔ Afrika anafo fam akwan ho. Wɔfrɛ no cosmos na ɛnyɛ nã wɔ Amerika mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no. Saa nhwiren fɛfɛ yi betumi ama obi akae asuade bi a Yesu kyerɛkyerɛe. Ná n’atiefo pii yɛ ahiafo, na na wodwen wɔn honam fam ahiade, wɔn ano aduan ne ntade ho.

Yesu bisae sɛ: “Adɛn na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mise mo sɛ, Salomo anuonyam nyinaa mu po wankekã ne ho sɛ eyinom mu biako.”—Mateo 6:28, 29.

Wɔde adwenkyerɛ ahorow ama afa nhwiren ko a na ɛwɔ Yesu adwenem no ho. Nanso, Yesu kɔɔ so de totoo afifide a ɛnyɛ na ho sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?”—Mateo 6:30.

Ɛwom sɛ cosmos nni Israel de, nanso ɛfoa asuade a na Yesu rekyerɛkyerɛ no so ɔkwan biara so. Sɛ́ wugyina akyirikyiri na ɛrehwɛ anaasɛ wobɛn ho no, ɛyɛ nhwiren a ɛyɛ fɛ yiye na ɛyɛ biribi a mfoninitwafo ne mfoniniyɛfo ani gye ho ankasa. Nokwarem no, na Yesu rengugu nsɛm mu bere a ɔkae sɛ, “Salomo anuonyam nyinaa mu po wankekã ne ho sɛ eyinom mu biako” no.

Asuade bɛn na ɛwom ma yɛn nnɛ? Wɔn a wɔsom Nyankopɔn no betumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔanya asetram ahiade wɔ mmere a emu yɛ den mpo mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni, na wɔde eyinom nyinaa [te sɛ aduan ne ntade a yehia] bɛka mo ho.” (Luka 12:31) Yiw, Onyankopɔn Ahenni a yɛbɛhwehwɛ no de mfaso pii ba. Nanso so wunim nea Onyankopɔn Ahenni kyerɛ ne nea ɛbɛyɛ ama adesamma? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woanya mmuae no afi Bible mu.