Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua a Yebesua sɛ Yɛpene Nea Yɛwɔ So

Sua a Yebesua sɛ Yɛpene Nea Yɛwɔ So

Sua a Yebesua sɛ Yɛpene Nea Yɛwɔ So

Wɔ krataa bi a ɛhyɛ nkuran a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Filipi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Masua sɛ asetra biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔ me so. . . . Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi.”—Filipifo 4:11, 12.

Dɛn na ɛmaa Paulo tumi penee nea ɔwɔ so? Sɛ yesusuw nneɛma bo a ayɛ den ne sikasɛm tebea a ɛsakra bere nyinaa wɔ yɛn bere yi mu no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ nokware Kristofo hu sɛnea wɔbɛpene nea wɔwɔ so na ama wɔatumi de wɔn adwene asi ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no so.

WƆ Paulo krataa no mfiase no, ɔkaa adwuma pa a na ɔyɛ bere bi no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Sɛ ɔfoforo bi susuw sɛ ɔwɔ ɔhonam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bi. Wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe, mifi Israel asefo mu, Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrifo mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini, mmɔden fam, metaa asafo no, mmara mu trenee fam, wɔannya me ho asɛm.” (Filipifo 3:4-6) Bio nso sɛ Yudani a na ɔyɛ nsi no, na wɔde dwumadi ahyɛ Paulo nsa a ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Yerusalem no taa n’akyi. Ná eyi nyinaa betumi ama wanya tumi ne anuonyam—amammui mu, nyamesom mu, ne sika fam—wɔ Yudafo nhyehyɛe no mu.—Asomafo no Nnwuma 26:10, 12.

Nanso bere a Paulo bɛyɛɛ Kristoni somfo a ɔyɛ nsi no, nneɛma sesae koraa. Esiane asɛmpa no nti, ofii ne pɛ mu gyaee adwuma a na ɛbɛma wadi yiye, ne nneɛma a na ɛbata ho a na anka wobu no sɛ ehia paa no nyinaa. (Filipifo 3:7, 8) Ɔkwan bɛn so na na afei ɔbɛfa ahwɛ ne ho? So na obegye akatua sɛ ɔsomfo? Ɔbɛyɛ dɛn anya n’ahiade ahorow?

Paulo yɛɛ ne som adwuma no a wannye akatua biara. Nea ɛbɛyɛ na ɔrenyɛ adesoa mma wɔn a na ɔsom wɔn no, ɔkaa Akwila ne Priskila ho ma wɔyɛɛ ntamadan bere a na ɔwɔ Korinto no, na ɔyɛɛ nneɛma afoforo de hwɛɛ ne ho. (Asomafo no Nnwuma 18:1-3; 1 Tesalonikafo 2:9; 2 Tesalonikafo 3:8-10) Paulo tutuu akwan kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ mmeae abiɛsa a na ɛwɔ akyirikyiri, na otutuu akwan kɔɔ asafo horow a na wohia nsrahwɛ nso mu. Esiane sɛ na Onyankopɔn som agye ne bere nyinaa nti, na onni ahode pii. Mpɛn pii no, na anuanom de n’ahiade ahorow ma no. Nanso ɛtɔ mmere bi a, esiane tebea a na enye koraa nti, na odi hia ma ne ho kyere no. (2 Korintofo 11:27; Filipifo 4:15-18) Ne nyinaa mu no, Paulo anwiinwii wɔ ne tebea no ho, na n’ani ammere nea afoforo wɔ. Ofi ne pɛ mu de anigye yɛɛ adwuma maa mfɛfo Kristofo nyaa so mfaso. Nokwarem no, ɛyɛ Paulo na ɔfaa Yesu nsɛm a wonim no yiye yi kaa asɛm: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” Nhwɛso a ɛda nsow a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa suasua bɛn ara ni!—Asomafo no Nnwuma 20:33-35.

Nea Pene a Yɛbɛpene Nea Yɛwɔ So no Kyerɛ

Ade titiriw a ɛmaa Paulo nyaa anigye ne abotɔyam no gyina sɛnea na ɔpene nea ɔwɔ so no so. Nanso dɛn na nea obi wɔ a ɔbɛpene so no kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wobɛma nea wowɔ adɔɔ wo so. Ɛdefa eyi ho no, Paulo ka kyerɛɛ Timoteo, ne som adwuma mu yɔnko no sɛ: “Nso onyamesom pa a ɔpene wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Timoteo 6:6-8.

Hyɛ no nsow sɛ Paulo de pene a yɛbɛpene nea yɛwɔ so no totoo onyamesom pa ho. Ohui sɛ nokware anigye fi Onyamesom pa, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn som a yɛde bedi kan, na ɛnyɛ honam fam nneɛma anaa ahode mu. Ná ‘nnuan ne nea ɔde bɛkata ne ho’ bɛboa no ma wakɔ so adi Onyamesom pa akyi. Enti Paulo fam no, nea ɛma ɔpenee nea ɔwɔ so ne ne ho a ɔde too Yehowa so, ɛmfa ho sɛnea na ne nsɛm tebea te biara.

Ɛnnɛ, dadwen ahyɛ nnipa pii so na wodi awerɛhow efisɛ wonnim ade a ɛbɛma wɔapene nea wɔwɔ no so anaasɛ wobu wɔn ani gu so. Sɛ́ anka wɔbɛpene nea wɔwɔ so no, wɔpaw sɛ wɔde wɔn ho bɛto sika ne nea wobetumi de sika atɔ so mmom. Nnwuma a wɔbɔ aguade ho dawuru ne nsɛm ho amanneɛbɔfo ma nkurɔfo susuw sɛ sɛ wobenya anigye a, gye sɛ wonya nneɛma ne mfiri a aba so foforo a edi mu a ne bo yɛ den—na wɔn nsa ka no ntɛm ara—ansa na wɔanya anigye. Ne saa nti, nnipa pii gyaa wɔn ho mu ma sika ne honam fam nneɛma akyidi. Sɛ anka wobenya anigye ne abotɔyam no, ‘wɔhwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.’—1 Timoteo 6:9, 10.

Wɔahu Nea Ɛbɛma Wɔapene Nea Wɔwɔ So No

So ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛde nyamesom pa bɛtra ase na yɛapene nea yɛwɔ so anya anigye ne abotɔyam wɔ nnɛ bere yi mu? Yiw, ɛte saa. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa ɔpepem pii reyɛ saa. Wɔahu sɛnea wɔbɛpene honam fam nneɛma a wɔwɔ no so. Wɔne Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn, na wɔyɛ n’apɛde na wɔkyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ baabiara n’atirimpɔw no.

Sɛ nhwɛso no, susuw wɔn a wɔatu wɔn ho ama sɛ wɔntete wɔn mfa wɔn nkɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ aman a wonnim so mu ma wɔnkɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ hɔ no ho hwɛ. (Mateo 24:14) Mpɛn pii no, asetram tebea a ɛwɔ aman a wɔde wɔn kɔ hɔ no nnyaa nkɔanim wɔ honam fam te sɛ aman a wofi mu no. Sɛ nhwɛso no, bere a asɛmpatrɛwfo duu Asia man biako mu wɔ afe 1947 mfiase mu no, wokohuu sɛnea na ɔko ayɛ ɔman no, na afie kakraa bi na anyinam nkanea wom no. Wɔ aman pii mu no, asɛmpatrɛwfo no hu sɛ sɛ́ anka wɔde wɔn nneɛma a ayɛ fĩ begu afiri a wɔde horo nneɛma mu ahoro no, woyiyi no mmiako mmiako horo wɔ dua so, anaasɛ ɔbotan a etim asubɔnten ho so. Nanso wɔaba sɛ wɔrebɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible mu nokware, enti wɔyɛ nsakrae ma ɛne ɛhɔnom tebea hyia na wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu denneennen.

Afoforo nso de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu anaasɛ wɔatu kɔ mmeae a wonnya ntee asɛmpa no. Adulfo asom sɛ bere nyinaa somfo bɛboro mfe 50 wɔ Mexico mmeae pii. Ɔka sɛ: “Te sɛ ɔsomafo Paulo no, me ne me yere asua sɛ yɛbɛyɛ nsakrae ma ɛne tebea horow no ahyia. Sɛ nhwɛso no, na asafo ahorow a yɛkɔɔ mu no mu biako ne kurom anaa aguadibea ntam kwan ware yiye. Sɛ edu adidi bere a, anuanom no ani sɔ sɛ wɔanya paano biako pɛ a wɔde nam ketewa bi ne nkyene ahyem ne kɔfe redi. Nea na wobenya adi ara ni—paano a nnam hyem abiɛsa da biara. Enti yesuae sɛ yɛbɛma yɛn asetra ayɛ sɛ anuanom de no. Manya osuahu ahorow a ɛte sɛ eyi pii wɔ mfe 54 a mede asom Yehowa sɛ bere nyinaa somfo no mu.”

Florentino kaakae sɛnea na ɛsɛ sɛ ɔne n’abusua yɛ nsakrae wɔ tebea a na emu yɛ den mu no. Bere a ɔreka ne mmofraase ho asɛm no, ɔka sɛ: “Ná me papa yɛ oguadini a odi yiye paa. Ná ɔwɔ nsase pii. Meda so ara kae ɔpon a na yɛtɔn nneɛma wɔ so wɔ yɛn sotɔɔ a na yɛtɔn nnuan wom no. Ná adaka bi a ne ntrɛwmu bɛyɛ sɛntimita 50 na emudɔ yɛ sɛntimita 20 a wɔakyekyɛm anan hyɛ ɔpon no ase. Emu na na yɛde nneɛma a wɔbɛtɔ wɔ da no mu ho sika gu. Ebedu anwummere no, na sika ahyɛ mu ma abu so.

“Nanso mpofirim ara, yebehyiaa sikasɛm mu ahokyere ma yɛbɛdanee ahiafo koraa. Biribiara fii yɛn nsa ma ɛkaa yɛn fie pɛ. Eyi nyinaa akyi no, me nuabarimanom biako hyiaa akwanhyia ma obubui. Biribiara sakrae. Mekɔtɔnee nnuaba ne nnam kakra. Afei nso meyɛɛ adwuma wɔ afum sɛ obi a ɔtete asaawa, bobe, ne alfalfa adua, na maboa ma wɔagugu afuw so pɛn. Nnipa binom dii me ho fɛw sɛ minim adwuma biara yɛ. Ná me maame taa kyekye yɛn werɛ sɛ yɛwɔ nokware no, honhom fam ahonyade a nnipa kakraa bi na wɔwɔ. Enti mihuu ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi. Mprempren a masom Yehowa sɛ bere nyinaa somfo bɛyɛ mfe 25 yi no, metumi aka daa sɛ, manya nhyira a ɛne sɛ mapaw asetra kwan a eye sen biara—Yehowa a mede bere nyinaa som no.”

Bible ka kyerɛ yɛn pefee sɛ ‘wiase su resakra.’ Ne saa nti, ɛsan hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Ma wɔn a wɔn ani gye nyɛ sɛnea wɔn ani nnye, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛnea wonni hwee, na wɔn a wodi wiase nyɛ sɛnea wonni nkosi ase.’—1 Korintofo 7:29-31.

Enti ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛnea wobɔ wo bra yiye. Sɛ wunni nneɛma pii a, hwɛ yiye na wɔanwiinwii, na ahoɔyaw ne anibere anhyɛn wo mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛmfa ho honam fam nneɛma dodow biara a ebia wowɔ no, ɛbɛyɛ papa sɛ wopɛ baabi a ɛfata de hyɛ wɔ w’asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a enni wo so. Sɛnea ɔsomafo Paulo tuu fo no, ɛmmra sɛ woremfa ‘w’ani nto ahonyade a enni hɔ daa so, na mmom sɛ wode bɛto Onyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.’ Sɛ woyɛ saa a, ɛnde wo nso wubetumi aka sɛ woahu sɛnea wobɛpene nea wowɔ so.—1 Timoteo 6:17-19.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nea ɛbɛyɛ na Paulo renyɛ adesoa mma afoforo no, ɔde n’ankasa nsa yɛɛ adwuma

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nnipa ɔpepem pii renya anigye wɔ asetra a ɛma wɔde ‘nyamesom pa tra ase na wɔpene nea wɔwɔ so’ mu