Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Alexander VI—Pope a Rome Werɛ Remfi No

Alexander VI—Pope a Rome Werɛ Remfi No

Alexander VI—Pope a Rome Werɛ Remfi No

“WƆ Katolekni fam no, wontumi nnya nsɛm a emu yɛ den a ɛfata a wɔbɛka de atia Alexander VI.” (Geschichte der Päpste seit dem Ausgang des Mittelalters [Popenom Ho Abakɔsɛm a Efi Mfinimfini Mmere no Awiei]) “Onni anoyi biara wɔ n’ankasa asetram nsɛm ho . . . Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ pope yi adwuma nhyɛ Asɔre no anuonyam. Ɛwom sɛ na Borgia abusua no bere sofo ahu abusude ahorow a ɛtete saa pɛn de, nanso wɔn amumɔyɛde a ɛyɛ hu a nkurɔfo hui no maa wɔn ho dwiriw wɔn kɛse, na bɛboro mfirihyia ahanan ni no, werɛ mfii nea efii mu bae no koraa.”—L’Église et la Renaissance (1449-1517)(Asɔre no ne Ɔsesɛw No).

Dɛn nti na Roma Katolek Asɔre no ho abakɔsɛm nhoma a wobu no kɛse no ka pope bi ne n’abusua ho nsɛm a emu yɛ den saa? Dɛn na wɔyɛe a ɛma wɔkasa tiaa wɔn saa? Adekyerɛde bi a wɔyɛe wɔ Rome (October 2002–February 2003), a n’asɛmti ne I Borgia—l’arte del potere (Borgia Abusua No—Dwuma a Tumi Di), maa nkurɔfo nyaa hokwan susuw tumi a popenom dii, titiriw no sɛnea Rodrigo Borgia, anaa Alexander VI (pope 1492-1503) de dii dwuma no ho.

Tumi a Onya

Wɔwoo Rodrigo Borgia wɔ afe 1431 mu too abusua titiriw bi mu wɔ Játiva, Aragon, mprempren Spain, ahemman mu. Ne wɔfa Alfonso de Borgia, Valencia sɔfopanyin, hwɛɛ ne wɔfase no nhomasua so, na bere a Rodrigo nnya nnii mfirihyia 20 no ɔhwɛ maa ɔyɛɛ adwuma wɔ asɔre no mu ma odii yiye (asɔre no mu adwuma a akatua wɔ ho). Bere a Rodrigo dii mfirihyia 18 no, wɔ Alfonso a saa bere no na wabɛyɛ ɔsɔfopɔn no mmoa so no, Rodrigo kɔɔ Italy kosuaa mmara. Bere a Alfonso bɛyɛɛ Pope Calixtus III no, ɔyɛɛ Rodrigo ne ne wɔfase foforo asɔfopɔn. Wɔyɛɛ Pere Lluís Borgia amrado wɔ nkurow pii so. Ankyɛ na wɔpaw Rodrigo sɛ asɔre no sohwɛfo abadiakyiri, gyinabea a okuraa mu wɔ pope ahorow ase, na ɛma onyaa dwumadi ne ahonyade pii, dii tumi kɛse, na odii yiye wɔ asetram te sɛ ɔdehye.

Na Rodrigo yɛ ɔkasafo nyansafo a n’ano atew, ɔhwɛ maa nhomasua nyaa nkɔanim, na na ɔyɛ obi a otumi du ne botae ahorow ho. Nanso, ɔne mmea pii bɔɔ aguaman, na ɔne ne mpena woo mma baanan ne mmea foforo nso woo mma pii. Ɛwom sɛ Pope Pius II kaa Rodrigo anim wɔ “ahosodi a na onni” wɔ anikade ne “anigyede akyidi bebrebe” no ho de, nanso wansakra n’akwan.

Bere a Pope Innocent VIII wui wɔ afe 1492 mu no, asɔfopɔn no hyiae sɛ wɔrepaw obi a obedi n’ade. Akyinnye biara nni ho sɛ Rodrigo Borgia, nam akyɛde akɛse ne ɔkasatia pefee so maa ne mfɛfo asɔfopɔn no pii tow aba maa no paw no sɛ Pope Alexander VI. Ɔkwan bɛn so na otuaa asɔfopɔn no ka wɔ aba a wɔtow maa no no ho? Otuaa wɔn ka denam asɔre mu dibea, asɔfofie akɛse, aban akɛse, nkurow akɛse sodi, nkokorafie sohwɛ, ne amansin sohwɛ a akatua kɛse wom a ɔde maa wɔn so. Wubetumi ate nea enti a asɔre ho abakɔsɛm kyerɛwfo bi frɛɛ Alexander VI nniso no sɛ “Roman Asɔre no dimmɔne ne aniwusɛm bere” no ase.

Onye Nsen Wiase Ahemfo

Alexander VI nam ne honhom fam tumi a na odi sɛ asɔre no ti so kyɛɛ nsase foforo a na wɔahu wɔ Amerika no mu maa Spain ne Portugal. Bere tiaa mu tumi a onyae no maa ɔyɛɛ aman a ɛhyɛ pope ase no sodifo a na ɔwɔ nsase wɔ Italy mfinimfini fam, na odii n’ahemman no so sɛ Ɔsesɛwfo sodifo afoforo ara pɛ. Te sɛ pope ahorow a wodii Alexander VI anim ne n’akyi nyinaa nniso no, adanmugye ne animhwɛ hyɛɛ no ma, na wɔbɔɔ no sobo bɛboro pɛnkoro wɔ awudi ho.

Tumidifo bi ko peree Italy nsase ho wɔ basabasayɛ bere yi mu, na pope no de ne ho hyɛɛ mu. Nea enti a ɔde ne ho hyehyɛɛ amammuisɛm ne apam ahorow bi mu na ɔsɛee bi ne sɛ ɛbɛma wanya tumi kɛse, ama ne mma nnwuma anya nkɔanim, na wama Borgia abusua no so asen afoforo nyinaa. Ne babarima Juan waree Castile hene wɔfa babea, na wɔyɛɛ no Gandía, Spain, sodifo. Ne babarima foforo, Jofré, waree Naples hene banana.

Bere a na pope no hia apamfo de ahyɛ ɔne France ntam abusuabɔ mu den no, obuu ne bɔ a na wahyɛ sɛ ɔde ne babea Lucrezia a na wadi mfirihyia 13 bɛma Aragonni otitiriw bi aware no so, na ɔde no maa Milan sodifo busuani bi aware mmom. Bere a ohui sɛ mfaso biara nni saa aware no so wɔ amammuisɛm mu no, ɔfaa kwan bi so guu aware no, na ɔde Lucrezia maa Alfonso a ofi Aragon adehye abusua foforo mu no aware. Saa bere no na Lucrezia nuabarima Cesare Borgia onuonyampɛfo ne otirimɔdenfo no ne Louis XII a ofi France no yɛɛ apam, na ɛmaa ne nuabea no ne Aragonni no aware a na ɛnkyɛe no bɛyɛɛ aniwusɛm. Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Nhoma bi ka sɛ, “awudifo baanan bi piraa” Alfonso, ne kunu a na ɔnam ne baabi no “wɔ Ɔhotefo Petro atrapoe so. Bere a na ɔrete apɔw no, Cesare nkoa no biako tim n’amenewa kum no.” Bere a na pope no pɛ sɛ ɔyɛ apam foforo na ɔnam so nya biribi no, ɔyɛɛ aware a ɛto so abiɛsa ho nhyehyɛe maa Lucrezia a saa bere yi na wadi mfirihyia 21 no, ma ɔwaree sodifo Ferrara a ɔwɔ tumi no babarima.

Wɔaka Cesare nnwuma ho asɛm sɛ “asisisɛm a mogyahwiegu ayɛ no ma.” Ɛwom sɛ Cesare papa paw no ɔsɔfopɔn bere a na wadi mfirihyia 17 de, nanso na ɔfata akodi sen sɛ obedi asɔre mu nsɛm, efisɛ na ɔyɛ onitefo, onuonyampɛfo, a na ne bra asɛe sen biara. Bere a ogyaee asɔre adwuma no, ɔwaree France hene babea, na ɔnam so bɛyɛɛ Valentinois sodifo. Afei, ɔnam France asraafo mmoa so fii ase de ntua ne nnipakum tuu sa sɛ ɔde Italy atifi fam bɛhyɛ n’ase.

Nea ɛbɛyɛ na Cesare anya France asraafo mmoa de adi ne botae ahorow ho dwuma no, pope no penee awaregyae a Louis XII a ofi France hwehwɛe a na eye ma no nanso na ɛyɛ aniwusɛm no so maa no nyaa hokwan waree Anne a ofi Brittany, na ɔde ne nsase kaa n’ahemman no ho. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, pope no nam saayɛ so “de Asɔre no anuonyam ne ne nnyinasosɛm a emu yɛ den no sesaa bere tiaa mu mfaso a n’abusua benya no.”

Wɔkasa Tia Pope Nneyɛe Bɔne a Ɛtra So No

Borgia abusua no adifudepɛ no ma wonyaa atamfo, na afoforo kasa tiaa wɔn. Ne titiriw no, pope no buu n’ani guu wɔn a na wɔkasa tia no no so, nanso obi a wantumi ammu n’ani angu ne de so ne Girolamo Savonarola. Ná ɔyɛ Dominica kokorani, ɔsɛnkafo a ɔyɛ hyew, ne ɔmanyɔfo panyin wɔ Florence. Ɔkasa tiaa nneɛma bɔne a na wɔyɛ wɔ pope fie ne amammuisɛm a pope no de ne ho hyehyɛɛ mu no, kae sɛ wontu no ade so na wɔnyɛ nsakrae wɔ asɔre no mu. Savonarola kaa no anibere so sɛ: “Asɔre mpanyimfo, . . . mokɔ mo mpenafo nkyɛn anadwo na mobɛyɛ asɔre anɔpa.” Akyiri yi, ɔkae sɛ: “[Saa mpanyimfo no] anim yɛ aguaman anim, na edin a wɔagye no sɛe Asɔre no. Meka kyerɛ mo sɛ, eyinom nni Kristosom mu gyidi.”

Bere a pope no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ biribi de abɔ Savonarola ano no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛyɛ no sɔfopɔn, nanso wampene. Awiei koraa no, sɛ́ ebia ɛyɛ pope na Savonarola kasa tiaa no anaa n’asɛnka no, woyii no fii asɔre no mu, kyeree no, yɛɛ no ayayade ma ɔkaa n’anom nsɛm, na afei wɔsɛn no hyew no.

Nsɛmmisa a Anibere Wom

Nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu yi ma nsɛmmisa a ɛho hia sɔre. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛkyerɛkyerɛ pope no ahodwirisɛm ne ne nneyɛe a ɛte saa no mu? Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛkyerɛ mu? Wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ akwan horow so.

Nnipa pii susuw sɛ ɛsɛ sɛ wogyina adwene a na saa bere no sofo kura so susuw Alexander VI ho. Wɔkyerɛ sɛ n’amammuisɛm ne nnwuma a ɔyɛe wɔ asɔre no mu no fi asomdwoe a na ɔpɛ sɛ ɛtra aman a na akameakame wɔ wɔn ntam no mu, na ɔhyɛ adamfofa a na ɛda aman a wɔne wɔn yɛɛ apam a na wɔbɛbɔ pope tumidi ho ban no ntam no mu den, na wama Kristoman ahemfo no ayɛ biako ako atia Turkeyfo no.

Ná ne nneyɛe nso ɛ? Nhomanimfo bi ka sɛ: “Kristofo a wɔnyɛ papa ne asɔfo a wɔmfata atra Asɔre no mu bere biara. Nea ɛbɛyɛ na eyi amma obiara ho annwiriw no no, Kristo ankasa kaa ho asɛm siei; ɔde N’asɔre no totoo afuw bi a awi ne wura fifii wom, anaa asawu a ebumaa mpataa pa ne mpataa bɔne ho, sɛnea na Yuda bi nso ka n’asomafo no ho a onyaa ne ho abotare no ara pɛ.” *

Nhomanimfo koro no ara kɔ so sɛ: “Sɛnea ɔkam a ɛba dade a wogu aboɔden abo wom ho no mma ɛbo a aboɔden abo no som so ntew no, saa ara na ɔsɔfo bi bɔne . . . ntumi mma nkyerɛkyerɛ a ɔde ma no nyɛ bɔne ankasa. . . . Sika kɔkɔɔ kɔ so yɛ sika kɔkɔɔ, sɛ́ nsa a ɛho tew anaa nea ɛho agu fĩ na eyiyi mu no.” Katolekni abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ gyinapɛn a na ɛsɛ sɛ Katolekfo komapafo di akyiri wɔ Alexander VI asɛm no mu yɛ afotu a Yesu de maa n’asuafo no wɔ kyerɛwfo ne Farisifo no ho no: ‘Monyɛ nea wobese mo no, na monnyɛ wɔn nnwuma.’ (Mateo 23:2, 3) Nanso, nokwarem no, so wugye nsusuwii a ɛte saa tom?

So Eyi Yɛ Nokware Kristosom?

Yesu gyaw akwankyerɛ a emu da hɔ a yɛnam so bɛsɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ahwɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma akraate so? Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa. Enti wɔn aba na mode behu wɔn.”—Mateo 7:16-18, 20.

Sɛnea ɛte no, ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo adu nokware Kristosom gyinapɛn ho nhwɛso a Yesu de sii hɔ na ne nokware akyidifo yɛɛ ho nhwɛso no ho wɔ mfehaha pii a atwam no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔreyɛ wɔn ade wɔ ho nnɛ? Ma yensusuw nneɛma abien pɛ ho—amammuisɛm mu a wɔde wɔn ho hyehyɛ ne wɔn asetra kwan.

Ná Yesu nyɛ wiase hene. Ɔmaa n’asetra kwatii akɛsesɛm araa ma, sɛnea ɔkae no, na onni “nea ɔde ne ti to” mpo. Ná N’ahenni “mfi wi yi ase,” na na ɛnsɛ sɛ n’asuafo ‘yɛ wiase no fã, sɛnea na ɔno nso nyɛ wiase no fã no.’ Enti Yesu amfa ne ho anhyehyɛ ne bere so amammuisɛm mu.—Mateo 8:20; Yohane 6:15; 17:16; 18:36.

Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ nyamesom ahyehyɛde ahorow de wɔn ho ahyehyɛ amammui sodifo mfehaha pii ahwehwɛ tumi ne ahonyade, ma eyi de ahokyere aba mpapahwekwa so? So ɛnyɛ nokware nso sɛ wɔn asɔfo no mu pii asetra da akɛsesɛm adi, ɛwom sɛ ebia nnipa pii a ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn no di hia?

Yesu honam fam nua Yakobo kae sɛ: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase no adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Dɛn nti na ɔyɛ “Onyankopɔn tamfo”? Yohane Nhoma a Edi Kan 5:19 ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.”

Ɛdefa Alexander VI abrabɔ ho no, Borgia bere soni bi a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo kyerɛwee sɛ: “Ná ɔbɔ ahohwibra. Ná n’ani nwu ade na ɔnka nokware, na onni gyidi na saa nso na na ɔnyɛ nyamesomni. Ná ɔyɛ anibere bɔne, pɛ anuonyam ntraso, yɛ omumɔyɛfo, na na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ne mma pii no benya nkɔso wɔ asetra mu.” Nokwarem no, ɛnyɛ Borgia nkutoo ne sɔfopanyin a ɔyɛɛ n’ade saa kwan yi so.

Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ nneyɛe a ɛte saa ho? Ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman . . . ne awaresɛefo . . . ne aniberefo . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Korintofo 6:9, 10.

Atirimpɔw ahorow nti a wɔyɛɛ Borgia abusua no ho adekyerɛde nnansa yi wɔ Rome no mu biako ne sɛ “yebegyina abakɔsɛm mu bere a saa nnipa atitiriw yi traa ase so ate wɔn nsɛm tebea ase . . . , sɛ́ yɛbɛte wɔn ase na ɛnyɛ sɛ yebebu wɔn bem anaasɛ yebebu wɔn fɔ.” Nokwarem no, wogyaw maa nsrahwɛfo no sɛ wɔn ankasa nsi wɔn gyinae wɔ asɛm no ho. Enti gyinae bɛn na woasi?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Sɛ wopɛ saa mmɛ yi ho nkyerɛkyerɛmu a edi mu a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae February 1, 1995, kratafa 5-6, ne June 15, 1992, kratafa 17-22.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Rodrigo Borgia, Pope Alexander VI

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Lucrezia Borgia papa de no dii dwuma ma onyaa tumi kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ná Cesare Borgia yɛ onuonyampɛfo a ne bra asɛe

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Esiane sɛ Girolamo Savonarola anka n’ano antom nti, wɔsɛn no hyew no