Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gilead Sukuu—Mfirihyia 60 Asɛmpatrɛw Ho Ntetee

Gilead Sukuu—Mfirihyia 60 Asɛmpatrɛw Ho Ntetee

Gilead Sukuu—Mfirihyia 60 Asɛmpatrɛw Ho Ntetee

“ESIANE Bible a yesua kɔɔ akyiri nti, yɛbɛnee Yehowa na yesuaa n’ahyehyɛde no ho ade pii. Eyi siesiee yɛn maa amannɔne dwumadi mu asetra.” Saa na adesuakuw a edi kan no muni bi ka faa ade a osuae wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no ho. Efi bere a wobuee Gilead Sukuu no mfirihyia 60 a atwam ni no, akɔ so asoma asɛmpatrɛwfo. Wɔ March 8, 2003 no, wɔyɛɛ adesuakuw a ɛto so 114 no adesua awiei ho nhyiam wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York, no. Nnipa 6,404 a wohyiaam wɔ nhyiam asa so ne mmeae a wɔhwɛe wɔ television so no yɛɛ aso tiee dwumadi a na ɛyɛ ɔkasa, nsɛm a wobisabisa, ne kuw nkɔmmɔbɔ no.

Ná oguamtrani no ne Theodore Jaracz, Sodikuw no muni no. Ne nnianim nsɛm no twee adwene sii sɛnea atiefo no yɛ nkurɔfo a wofi aman horow mu a ebinom fi Asia, Caribbean, Amerika Mfinimfini ne Anafo fam, ne Europa no so. Bere a Onua Jaracz de ne kasa no gyinaa 2 Timoteo 4:5 so no, osii asɛmpatrɛwfo a wɔatete wɔn Gilead no adwuma titiriw so dua—sɛ́ ‘wɔbɛyɛ ɔsɛmpakafo adwuma.’ Asɛmpatrɛwfo no nam Bible no a wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no so di nokware no ho adanse.

Adesuafo no Nya Akwankyerɛ a Edi Akyiri

John Larson a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no na ofii ɔkasa ntiantiaa a edidii so no ase, na ɔmaa ɔkasa no faa asɛm a ɛhyɛ gyidi den a n’asɛmti ne “Sɛ Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa a, Hena na Ɔne Yɛn Bedi Asi?” no ho. (Romafo 8:31) Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ Bible nnyinasosɛm a enti ɛsɛ sɛ adesuafo no nya Yehowa tumi mu ahotoso koraa sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔadi akwanside biara a wobehyia wɔ wɔn dwumadi mu so no mu. Bere a Onua Larson de Romafo 8:38, 39 redi dwuma no, otuu adesuafo no fo sɛ: “Munnyina na munsusuw tumi a Onyankopɔn de redi mo ho dwuma no ho, na monkae sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi atetew mo ne Yehowa ntam abusuabɔ no mu.”

Ɔkasafo a odii hɔ wɔ dwumadi no mu ne Guy Pierce, a ɔyɛ Sodikuw no muni no. Ɔpaw asɛmti a ɛne “Momma Mo Ani Nnye!” (Luka 10:23) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea ɛka nokware anigye ho ne sɛ yebehu Yehowa, ate ne daa atirimpɔw ase, na yɛahu Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu. Adesuafo no nam wɔn ani a wɔbɛma agye so betumi akura wɔn anigye mu wɔ baabiara a wɔbɛkɔ. Onua Pierce hyɛɛ adesuafo a wɔrewie no nkuran sɛ wonnwen Yehowa papayɛ ho nkɔ akyiri na wɔmfa wɔn adwene ne wɔn koma nsi N’apɛdeyɛ so. (Dwom 77:12) Sɛ adesuafo a wɔawie no kɔ so kura adwempa mu a, wobetumi adi nsɛnnennen biara a wobehyia so.

Afei adesuafo no akyerɛkyerɛfo no mu baanu a na wɔakyerɛ wɔn ade daa no kaa nkuranhyɛ nsɛm kyerɛɛ wɔn ne wɔn dii nkra. “So Worehwehwɛ Anuonyam?” yɛɛ asɛm a Lawrence Bowen bisae wɔ ne kasa no asɛmti mu. Nnipa dodow no ara bu anuonyam sɛ ayeyi, nidi, ne obu soronko a wobenya. Nanso, odwontofo Asaf behuu dekode a nokware anuonyam yɛ ankasa—abusuabɔ a ɛsom bo sen biara a yɛne Yehowa wɔ no. (Dwom 73:24, 25) Wɔhyɛɛ adesuafo a wɔrewie no nkuran sɛ wonkura wɔne Yehowa ntam abusuabɔ no mu denam Bible no a wobesua akɔ akyiri no so. Abɔfo “pɛ sɛ wɔhwehwɛ” Yehowa atirimpɔw a ɛnam Kristo so bɛbam no mu kɔ akyiri. (1 Petro 1:12) Wɔpɛ sɛ wosua wɔn Agya no ho ade sɛnea wobetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛda n’anuonyam adi. Afei ɔkasafo no hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔnhyɛ Yehowa anuonyam wɔ wɔn asɛmpatrɛw adwuma no mu denam afoforo a wɔbɛboa wɔn ma wɔahu ademude a ɛsom bo sen biara no so.

Wallace Liverance, a ɔyɛ sukuufo no ho kyerɛwtohɔ maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Monka Onyankopɔn Nyansa Ahintasɛm Mu” de kasa ahorow a edi anim no baa awiei. (1 Korintofo 2:7) Dɛn ne Onyankopɔn nyansa a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu no? Ɛyɛ nyansakwan ne tumi a Yehowa nam so de asomdwoe ne biakoyɛ bɛba amansan yi mu no. Saa nyansa yi gyina Yesu so. Sɛ́ anka Paulo bɛka asɛmpa a egyina honam fam nneɛma so no, ɔboaa nkurɔfo ma wohuu sɛnea Onyankopɔn besiesie nneɛma a Adam bɔne no de aba no nyinaa. (Efesofo 3:8, 9) Ɔkasafo no tuu n’atiefo fo sɛ: “Fa ɔsom hokwan a woanya no di dwuma sɛnea Paulo a obuu n’asɛmpatrɛw adwuma no sɛ hokwan a ɔde bɛboa nkurɔfo ma wɔahu sɛnea Yehowa bedi n’atirimpɔw ho dwuma no yɛe no.”

Eyi akyi no, Mark Noumair, a ɔno nso yɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no, dii anim ne adesuakuw no mufo pii bɔɔ nkɔmmɔ bi a ɛyɛ anigye. Asɛmti a ɛne “Onyankopɔn Asɛm Sua Ma Wonya Asomfo a Wɔyɛ Nsi” no sii Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 10:10 no so dua. Adesuakuw no mufo kaa asɛnka mu osuahu ahorow a wɔanya bere a na wɔrekɔ sukuu no. Wɔn suahu no daa no adi sɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm dwennwen ho a, Yehowa Nyankopɔn ne N’ahenni no ho nneɛma bɛhyɛ yɛn koma ma na yɛaka ho asɛm. Wɔ asram anum a adesuafo no de traa Ɔwɛn Aban Adesuabea hɔ no, wɔne anigyefo a wɔwɔ asafo ahorow a ɛbemmɛn hɔ nsasesin a wɔayɛ mu adwuma fekɔfekɔ mu no fii ofie Bible adesua bɛboro 30 ase.

Wɔn a Wɔn Ho Akokwaw Kasa

Wɔ adesuafo no sukuu bere no mu no, wonyaa United States Betel abusua no mufo a wɔne wɔn bɔe no so mfaso. Baa dwumadibea hɔ adwumayɛfo Robert Ciranko ne Robert P. Johnson bisabisaa Yehowa asomfo anokwafo a wɔde mfe pii asom a na ahwɛfo akwantufo a na wɔregye ntetee soronko wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea hɔ ka ho no nsɛm. Na wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no nyinaa yɛ wɔn a wɔawie Gilead a na wɔasom sɛ asɛmpatrɛwfo pɛn. Na ɛyɛ awerɛkyekye ma adesuafo no, wɔn abusuafo, ne wɔn nnamfonom sɛ wɔbɛte nyansasɛm afi honhom fam mmarima a wɔwɔ osuahu yi hɔ.

Nea na ɛka wɔn afotu no ho ne: “Monkɔ so nyere mo ho wɔ ɔsom adwuma no ne asafo no mu.” “Mummmu mo ho dodo. Monkɔ so mfa mo adwene nsi mo atirimpɔw a ɛne asɛmpatrɛw no so, na momfa baabi a mosom no nyɛ mo fie.” Nsɛm foforo a mfaso wɔ so kyerɛkyerɛɛ sɛnea Gilead ntetee siesie ɔsomfo ma adwuma pa, ɛmfa ho baabi a wɔde no bɛkɔ no. Emu bi ni: “Yesuae sɛ yɛbɛyɛ biako na yɛabom ayɛ ade.” “Sukuu no boaa yɛn ma yegyee amammerɛ foforo toom.” “Wɔkyerɛɛ yɛn ma yɛde Kyerɛwnsɛm no dii dwuma wɔ akwan foforo so.”

John E. Barr, a ɔde bere tenten asom sɛ Sodikuw no muni na ɔmaa dwumadi no kasa titiriw no. N’asɛmti a na egyina Kyerɛwnsɛm no so ne “Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So.” (Romafo 10:18) Obisaa asɛm yi, So Onyankopɔn nkurɔfo atumi adi asɛyɛde yi ho dwuma? Yiw, wɔadi ho dwuma! Bɛyɛ afe 1881 mu no, wobisaa Ɔwɛn-Aban akenkanfo sɛ: “So woreka asɛm no?” Afei ɔkasafo no kaee atiefo no ɔfrɛ titiriw a wɔde too gua wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., ɔmantam nhyiam ase wɔ afe 1922 mu no sɛ: “Mommɔ Ɔhene no ne N’ahenni no Dawuru!” Bere kɔ so no, nsi kanyan Onyankopɔn asomfo anokwafo no ma wɔkaa Ahenni nokware ahorow no ho asɛm kyerɛɛ amanaman nyinaa. Wɔnam nhoma ne nsɛm a wɔka so de asɛmpa no adu asase ano nohoa—wɔde ne nyinaa hyɛ Yehowa anuonyam yi no ayɛ. Bere a Onua Barr de asɛm no reba awiei anigye so no, otuu adesuafo a wɔrewie no fo sɛ wonsusuw nhyira ahorow a wɔanya ho: “Da biara da, bere a wobɔ Yehowa mpae wɔ wo dwumadi mu no, fi wo koma nyinaa mu da no ase wɔ kyɛfa a woanya wɔ nsɛm yi, ‘Wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so’ mmamu mu no ho.”

Ɔkasa yi akyi no, wɔkenkan nkyia ahorow a wɔn nsa aka, na guamtrani no de adesua ho adansedi krataa maa adesuani biara. Afei, bere a na anigye ne awerɛhow aka adesuafo no sɛ wɔrebefi sukuu a wɔn ani gye ho no mu akɔ no, adesuakuw no nanmusifo kenkan tirimbɔ bi a ɛka koma a wɔkyerɛw kɔmaa Sodikuw no ne Betel abusua no, a ɛkyerɛ sɛnea adesuafo a wɔawie no asi wɔn bo sɛ wobehyira Yehowa “afi nnɛ akosi daa” no.—Dwom 115:18.

Yɛbɔ mpae sɛ adesuafo a wɔawie yi bɛyɛ nsakrae atra wɔn nkurow foforo no mu na wɔaboa ma wiase nyinaa asɛnka adwuma no akɔ so, sɛnea wɔn a wodii wɔn anim ayɛ bɛyɛ mfirihyia 60 ni no.

[Adaka wɔ kratafa 23]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 12

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 16

Adesuafo no dodow: 48

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 34.4

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 17.6

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.5

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 114 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Rosa, D.; Garrigolas, J.; Lindström, R.; Pavanello, P.; Tait, N. (2) Van Hout, M.; Donabauer, C.; Martínez, L.; Millar, D.; Festré, Y.; Nutter, S. (3) Martínez, P.; Clarke, L.; Maughan, B.; Fischer, L.; Romo, G. (4) Romo, R.; Eadie, S.; Tuynman, C.; Campbell, P.; Millar, D.; Rosa, W. (5) Lindström, C.; Garrigolas, J.; Markevich, N.; Lindala, K.; van den Heuvel, J.; Tait, S.; Nutter, P. (6) Maughan, P.; Pavanello, V.; Eadie, N.; West, A.; Clarke, D.; Markevich, J. (7) Fischer, D.; Donabauer, R.; Curry, P.; Curry, Y.; Carfagno, W.; West, M.; Tuynman, A. (8) Van Hout, M.; Campbell, C.; Festré, Y.; Carfagno, C.; van den Heuvel, K.; Lindala, D.