Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kristo​—Adanse A Ɛkyerɛ Sɛ Ɔtraa Asase so

Yesu Kristo​—Adanse A Ɛkyerɛ Sɛ Ɔtraa Asase so

Yesu Kristo​—Adanse A Ɛkyerɛ Sɛ Ɔtraa Asase so

SO WUGYE di sɛ ɔbarima a wɔfrɛ no Albert Einstein traa ase? Ebia wubebua ntɛm ara sɛ yiw, nanso dɛn nti na wubua saa? Nnipa dodow no ara amfa wɔn ankasa aniwa anhu no. Nanso nea otumi yɛe ho amanneɛbɔ a wogye tom di adanse sɛ ɔtraa ase ampa. Yɛnam nneɛma a ɔyɛe a yɛde di dwuma wɔ nyansahu mu so tumi hu sɛ ɔtraa ase ampa. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii nya anyinam ahoɔden a wonya fi nuklea ahoɔden mu denam Einstein akontaabu a agye din, E=mc2 (nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ nuklea ahoɔden ne emu duru ne hann mmirika mmɔho abien yɛ pɛ) so no so mfaso.

Saa ara na yebetumi aka afa Yesu Kristo, a wogye no tom sɛ onipa a wagye din sen obiara wɔ abakɔsɛm mu no ho. Nea wɔkyerɛw faa ne ho ne nkɛntɛnso a onyae a ɛda adi pefee no kyerɛ pefee sɛ ɔtraa ase ampa. Ɛmfa ho sɛnea nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu a ɛfa Yakobo din a wɔkyerɛwee ho yɛ anigye no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu traa ase no nnyina adwinni yi anaa foforo biara so. Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi anya adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu traa ase no afi nea wiase abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛw faa ɔne n’akyidifo ho no mu.

Abakɔsɛm Akyerɛwfo Adanse

Sɛ nhwɛso no, susuw Flavius Josephus, afeha a edi kan mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo a na ɔyɛ Farisini no adanse ho hwɛ. Ɔkaa Yesu Kristo ho asɛm wɔ Jewish Antiquities nhoma no mu. Ɛwom sɛ ebinom gye Josephus asɛm a odii kan kyerɛw faa Yesu ho sɛ Mesia no ho kyim de, nanso Ɔbenfo Louis H. Feldman a ɔwɔ Yeshiva Sukuupɔn mu no ka sɛ nnipa kakraa bi na wɔagye nokwasɛm a ɛwɔ asɛm a ɛto so abien no mu ho kyim. Josephus kae wom sɛ: “[Ɔsɔfopanyin Ananus] boaboaa Sanhedrin atemmufo no ano, na ɔde ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yakobo, Yesu a na wɔfrɛ no Kristo no nua, begyinaa wɔn anim.” (Jewish Antiquities, XX, 200) Yiw, obi a ɔyɛ Farisini, fekuw a na emufo yɛ Yesu atamfo no, gye toom sɛ “Yakobo, Yesu nua no” traa ase.

Wohuu nkɛntɛnso a na Yesu asetra wɔ no wɔ adwuma a n’akyidifo yɛe no mu. Bere a wɔde ɔsomafo Paulo too afiase wɔ Roma wɔ bɛyɛ afe 59 Y.B. mu no, Yudafo mu atitiriw ka kyerɛɛ no sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:17-22) Wɔfrɛɛ Yesu asuafo no “fekuwsɛm yi.” Sɛ na wɔkasa tia wɔn wɔ baabiara a, ɛda adi sɛ wiase abakɔsɛm akyerɛwfo bɛka wɔn ho asɛm, anaa ɛnte saa?

Tacitus a wɔwoo no bɛyɛ afe 55 Y.B., a wobuu no sɛ wiase no mu abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔsen biara no mu biako no kaa Kristofo ho asɛm wɔ ne Annals no mu. Wɔ asɛm a ɛfa sɛnea Nero de ogya kɛse a ɛtɔɔ Roma wɔ afe 64 Y.B. mu ho asodi too Kristofo so mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nero de wɔn a obuu wɔn atɛn no bɔɔ dua mu, na ɔyɛɛ kuw a na wɔn abususɛm nti wɔtan wɔn, a na ɔmanfo no frɛ wɔn Kristofo no ayayade a ɛsen biara. Pontio Pilato kum Kristo a wonyaa din no fii ne din mu no, wɔ Tiberio ahenni mu.” Kyerɛwtohɔ yi mu nsɛm ne Yesu a ne ho asɛm wɔ Bible mu no hyia.

Ɔkyerɛwfo foforo a ɔkaa Yesu akyidifo ho asɛm ne Pliny Kumaa, a na ɔyɛ amrado wɔ Bitinia no. Wɔ bɛyɛ afe 111 Y.B. mu no, Pliny kyerɛw Ɔhempɔn Trajan bisaa no nea ɔnyɛ Kristofo. Pliny kyerɛwee sɛ, na nkurɔfo a wodii mfomso kae sɛ wɔyɛ Kristofo no bɔ mpae srɛ anyame no hɔ ade, na wɔsom Trajan honi de kyerɛ sɛ wɔnyɛ Kristofo. Pliny toaa so sɛ: “Wɔaka sɛ wuntumi nhyɛ wɔn a wɔyɛ Kristofo ankasa no mma wɔnyɛ eyinom mu biara.” Ɛno di adanse sɛ Kristo a na n’akyidifo ayɛ krado sɛ ne mu gyidi nti wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre no traa ase ampa.

Bere a The Encyclopædia Britannica (2002 de no) abɔ Yesu Kristo ne n’akyidifo ho nsɛm a afeha a edi kan ne nea ɛto so abien mu abakɔsɛm akyerɛwfo kae mua awie no, ewiee asɛm no sɛ: “Nnipa ankorankoro kyerɛwtohɔ ahorow yi da no adi sɛ wɔ tete mmere mu no, Kristosom asɔretiafo mpo annye kyim da sɛ Yesu antra ase, ade a wogyinaa nnyinasosɛm a enni mu so dii kan dii ho anobaabae wɔ afeha a ɛto so 18 awiei, wɔ afeha a ɛto so 19 mu, ne afeha a ɛto so 20 mfiase no.”

Yesu Akyidifo Adanse

The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ Apam Foforo no de abakɔsɛm mu adanse a ɛkyerɛ Yesu asetra ne nea na ɔbɛyɛ, ne nea Kristofo ka faa ne ho nyinaa ma.” Ebia akyinnyegyefo rennye Bible no ntom sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu traa ase. Nanso nsɛm abien a wogyinaa Kyerɛwnsɛm so susuw ho titiriw no boa ma yehu ampa sɛ Yesu traa asase so.

Sɛnea yehui no, Einstein nsɛm a emu dɔ no ma yehu sɛ ɔtraa ase. Saa ara nso na Yesu nkyerɛkyerɛ di adanse sɛ ɔtraa ase. Fa Bepɔw so Asɛnka, ɔkasa a Yesu mae a agye din yiye no sɛ nhwɛso. (Mateo atiri 5-7) Ɔsomafo Mateo kyerɛw nkɛntɛnso a saa asɛm no nyae ho asɛm sɛ: “Ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn kyerɛwfo no.” (Mateo 7:28, 29) Ɛdefa nkɛntɛnso a ɔkasa no anya wɔ nkurɔfo so wɔ mfehaha pii a atwam mu no, Ɔbenfo Hans Dieter Betz kae sɛ: “Nkɛntɛnso a Bepɔw so Asɛnka wɔ no kɔ akyiri tra Yudasom ne Kristosom, anaa Atɔe famfo amammerɛ mpo.” Ɔde kaa ho sɛ, wobetumi de ɔkasa yi “adi dwuma wɔ wiase mmaa nyinaa.”

Susuw saa Bepɔw so Asɛnka no mu anyansasɛm ntiantia a mfaso wɔ so a edidi so yi ho hwɛ: “Nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no.” “Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim.” “Munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho.” “Monntow mo nhene pa nngu mprako anim.” “Mummisa, na wɔbɛma mo.” “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu.” “Wɔn aba na mode behu wɔn.” “Dua pa biara sow aba pa.”—Mateo 5:39; 6:1, 34; 7:6, 7, 12, 13, 16, 17.

Akyinnye biara nni ho sɛ woate nsɛm yi bi anaa aba a ɛwom no pɛn. Ebetumi aba sɛ adan abebusɛm wɔ wo kasa mu. Wɔfaa eyi nyinaa fii Bepɔw so Asɛnka no mu. Nkɛntɛnso a saa ɔkasa yi anya wɔ nnipa ne mmusuakuw so no di adanse sɛ “ɔkyerɛkyerɛfo kɛse” no traa ase.

Ma yɛmfa no sɛ obi na ɔbɔɔ ne tirim de onipa te sɛ Yesu Kristo bae. Fa no sɛ na saa onipa no adwenem abue araa ma otumi de Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no bae. So ɔremma nnipa nyinaa ani nnye Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ ho sɛnea obetumi? Nanso ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa; na yɛn de, yɛka Kristo a wɔsɛn no no ho asɛm; ɔyɛ hintidua ma Yudafo, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufo.” (1 Korintofo 1:22, 23) Yudafo anaa amanaman mufo no ani annye asɛm a ɛfa Kristo a wɔsɛn no ho no ho. Nanso saa Kristo no na afeha a edi kan mu Kristofo no kaa ne ho asɛm. Dɛn nti na wɔkaa Kristo a wɔsɛn no no ho asɛm? Nkyerɛkyerɛmu a ɛbɛtɔ asom ara ne sɛ Yesu asetra ne ne wu ho nokwasɛm na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo no kyerɛw too hɔ.

Ade foforo a wogyina so di adanse sɛ Yesu traa ase ne nsi a n’akyidifo de kaa asɛm no. Yesu fii ne som adwuma no ase bɛyɛ mfirihyia 30 pɛ akyi no, Paulo tumi kae sɛ “wɔaka” asɛmpa no “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Yiw, ɛmfa ho ɔsɔretia no, Yesu nkyerɛkyerɛ trɛw kɔɔ tete wiase no baabiara. Paulo a ɔno nso wɔtaa no sɛ Kristoni no kyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔannyan Kristo a, ná yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidi nso yɛ ohunu.” (1 Korintofo 15:12-17) Sɛ Kristo a wɔannyan no a wɔbɛka ne ho asɛm yɛ ɔkwa a, ɛnde na Kristo a wantra ase da a wɔbɛka ne ho asɛm no bɛyɛ ɔkwa asen saa. Sɛnea yɛkenkan wɔ Pliny Kumaa asɛm no mu no, na afeha a edi kan Kristofo wɔ ɔpɛ sɛ wobewu ama gyidi a na wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no. Wɔde wɔn nkwa too asiane mu maa Kristo efisɛ na ɔyɛ obi ankasa; ɔtraa asase so na ɔbɔɔ ne bra sɛnea Nsɛmpa no ka no.

Woahu Adanse No

Ná Kristofo asɛnka no gyina Yesu Kristo wusɔre no mu gyidi so. Wo nso wubetumi de w’adwene aniwa ahu Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no denam nkɛntɛnso a ɔrenya nnɛ a wubehu no so.

Aka bere tiaa bi ma wɔabɔ Yesu asɛndua mu no, ɔhyɛɛ ba a ɔbɛba daakye no ho nkɔm kɛse bi. Afei nso ɔkae sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu na ɔbɛtra Onyankopɔn nifa so atwɛn bere a obebu n’atamfo atɛn no. (Dwom 110:1; Yohane 6:62; Asomafo no Nnwuma 2:34, 35; Romafo 8:34) Ɛno akyi no, ɔbɛpam Satan ne n’adaemone afi soro.—Adiyisɛm 12:7-9.

Bere bɛn na na eyinom nyinaa besi? Yesu de ‘ne ba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei’ ho sɛnkyerɛnne maa n’asuafo. Sɛnkyerɛnne a na ɛbɛma yɛahu sɛ waba a aniwa nhu no no bi ne akodi akɛse, aduankɔm, asasewosow, atoro adiyifo a wɔbɛba, amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso, ne ɔyaredɔm a ano yɛ den. Na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nsɛm a ɛyɛ hu saa besisi, efisɛ Satan Ɔbonsam a na wɔbɛpam no no bɛkyerɛ ‘ɔhaw ama asase no.’ Ɔbonsam asian aba asase so “na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Bio nso, nea ɛka sɛnkyerɛnne no ho ne Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka wɔ “wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no.—Mateo 24:3-14; Adiyisɛm 12:12; Luka 21:7-19.

Nneɛma a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no abam. Efi bere a Wiase Ko I pae gui wɔ 1914 mu no, yɛahu sɛnkyerɛnne a ekura afã horow a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo aba a aniwa nhu no no. Ɔredi tumi sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene na ɔwɔ nkɛntɛnso kɛse. Nsɛmma nhoma yi a ekura wo mprempren no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔreyɛ Ahenni asɛnka adwuma no nnɛ.

Nea ɛbɛma woahu nkɛntɛnso a Yesu wɔ a ɔwɔ hɔ no renya no, ɛsɛ sɛ wusua Bible no. Dɛn nti na wummisa Yehowa Adansefo mma wɔnka Yesu ba a waba no ho nsɛm pii nkyerɛ wo?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Josephus, Tacitus, ne Pliny Kumaa kaa Yesu Kristo ne n’akyidifo ho asɛm

[Asɛm Fibea]

Mfonini abiɛsa no nyinaa: © Bettmann/CORBIS

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ná tete Kristofo no gye di sɛ Yesu yɛ obi ankasa