Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmarima Awiɛmfoɔ Kyerɛ Bible No ase

Mmarima Awiɛmfoɔ Kyerɛ Bible No ase

Mmarima Awiɛmfoɔ Kyerɛ Bible No ase

WƆ AFE 1835 mu no, Henry Nott, Engiresini ɔdantofo, ne John Davies, Walesni a na ɔresua mfetemfetewade tɔn, wiee adwuma kɛse bi. Bere a wɔde bɛboro mfirihyia 30 yɛɛ adwumaden no, awiei koraa no, wowiee Bible mũ no nyinaa a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Tahiti kasa mu no. Nsɛnnennen bɛn na saa mmarima awiɛmfoɔ baanu yi hyiae, na dɛn na efii adwuma a wofii ɔdɔ mu yɛe no mu bae?

“Ɔkanyan Kɛse No”

Wɔ afeha a ɛto so 18 no fã a ɛto so abien mu no, na Protestantfo kuw bi a wɔfrɛ no Ɔkanyan Kɛse no, anaa Ɔkanyan no mufo reka asɛm wɔ Britain nkuraase mmɔnten so ne mmeae a ɛbɛn baabi a nkommena ne nnwinnan wɔ no. Na wɔn botae ne sɛ wɔbɛka asɛm akyerɛ adwumayɛfo no. Ɔkanyan asɛnkafo no de anigye hyɛɛ Bible kyekyɛ ho nkuran.

Nea ɔde kuw no bae, Baptistni bi a ne din de William Carey no, ka ho bi na wɔtew London Missionary Society (LMS), (London Asɛmpatrɛwfo Fekuw) a wɔhyehyɛɛ no afe 1795. LMS no tetee nkurɔfo a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobesua South Pacific mpɔtam hɔ kasa ahorow na wɔasom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ hɔ. Na asɛmpatrɛwfo yi botae ne sɛ wɔbɛka Asɛmpa no wɔ ɛhɔfo kasa mu.

Tahiti supɔw no a na wohui nkyɛe no, bɛyɛɛ baabi a LMS no yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma nea edi kan. Wɔ Ɔkanyan kuw no mufo fam no, na saa nsupɔw yi yɛ ‘mmeae a nimdeɛ nni’ a ɛyɛ abosonsomfo atrae, mfuw a ahoa ama otwa.

Mmarima Awiɛmfoɔ Di Asɛyɛde a Ɛyɛ Den Ho Dwuma

Nea ɛbɛyɛ na wɔaka asɛm no, wɔpaw asɛmpatrɛwfo 30 a wonnyaa ntetee papa biara ahoɔhare so ma wɔforoo Duff, po so hyɛn a LMS kuw no tɔe no. Amanneɛbɔ bi kyerɛe sɛ na wɔyɛ “asɔfo baanan [a wonnyaa asɔfo ntetee biara], dua adwumfo baasia, mpaboayɛfo baanu, adantofo baanu, ntamanwemfo baanu, adepamfo baanu, sotɔɔ sohwɛfo, nea ɔyɛ apɔnkɔ so agua, ofiehwɛfo, turo sohwɛfo, oduruyɛfo, ɔtomfo, ankorayɛfo, asaawatofo, kyɛwyɛfo, ntamayɛfo, nkonguasenfo, ɔyerenom baanum, ne mmofra baasa.”

Ná nnwinnade a asɛmpatrɛwfo yi wɔ a ɛbɛma wɔahu kasa horow a wodii kan de kyerɛw Bible no yɛ Hela ne Engiresi nsɛm asekyerɛ nhoma ne Bible bi a na Hebri nsɛm asekyerɛ nhoma wom nkutoo. Asɛmpatrɛwfo no kyeree Tahiti kasa mu nsɛmfua a na atuatewfo a wɔwɔ Bounty po so hyɛn mu a na wɔadi kan aba hɔ no titiriw akyerɛw no guu wɔn tirim wɔ asram ason a wodii wɔ po so no mu. Awiei koraa no, Duff no duu Tahiti, na March 7, 1797 mu no, asɛmpatrɛwfo no sii fam. Nanso, afe biako akyi no, na wɔn mu dodow no ara abam abu ma wɔafi hɔ. Asɛmpatrɛwfo baason pɛ na wɔkaa hɔ.

Na Henry Nott a kan no na ɔyɛ ɔdantofo a wadi mfirihyia 23 pɛ no ka nnipa baason no ho. Sɛ yɛhwɛ krataa a edi kan a ɔkyerɛwee no mu a, na ne nhomanim nkɔ akyiri. Nanso, mfiase pɛɛ na ɔdaa ne ho adi sɛ obetumi asua Tahiti kasa no. Wɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ nokwaredifo, ɔmfa asɛm nyɛ asɛm, na ne ho yɛ anika.

Wɔ afe 1801 mu no, wɔpaw Nott sɛ ɔnkyerɛ asɛmpatrɛwfo baakron a na wɔaba hɔ foforo no Tahiti kasa. Na wɔn mu biako ne Walesni John Davies a na wadi mfirihyia 28 a ɔdaa ne ho adi sɛ osuani a ɔfata ne obi a ɔyɛ adwumaden a ɔwɔ abotare ne ayamye no. Ankyɛ na mmarima baanu yi sii gyinae sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ Tahiti kasa mu.

Adwuma a Ɛyɛ Den

Nanso, esiane sɛ na wonnya nkyerɛw Tahiti kasa no nti, na nhoma ase a wɔbɛkyerɛ akɔ Tahiti kasa mu no yɛ adwuma a ɛyɛ den. Ná ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no sua kasa no denam tie a wobetie nkutoo so. Ná wonni nsɛm asekyerɛ nhoma anaa kasa mmara ho nhoma biara. Ɔkasa no nnyigyei a na wɔde menewa mu nnyigyei twitware mu, emu ɛnne nkyerɛwde bebrebe (anum tumi ba asɛmfua biako mu), ne emu anom nkyerɛwde a ɛnnɔɔso no maa asɛmpatrɛwfo no abam bui. Wɔbɔɔ abubuw sɛ: “Ɛnne nkyerɛwde ayɛ nsɛmfua pii ma, na emu biara wɔ ne nnyigyei.” Wɔkae sɛ wɔantumi “ankyere nsɛmfua no nnyigyei, sɛnea wɔbɔ no ankasa no, yiye.” Wosusuwii mpo sɛ wɔtee nnyigyei bi a enni hɔ koraa!

Nea ɛsɛee asɛm no koraa no, bere ne bere mu no, na wɔbara Tahiti kasa no mu nsɛmfua bi anaasɛ wobu no akyide ma enti na ɛsɛ sɛ wɔpɛ foforo hyehyɛ ananmu. Ná nsɛmfua a ne nkyerɛase di nsɛ nso yɛ asɛnnennen. Nsɛmfua bɛboro 70 na na ɛkyerɛ “mpaebɔ” wɔ Tahiti kasa mu. Sɛnea wɔhyehyɛ Tahiti kasa no a ɛyɛ soronko koraa wɔ Engiresi de ho no nso yɛɛ asɛnnennen foforo. Ɛmfa ho nsɛnnennen yi nyinaa no, asɛmpatrɛwfo no de nkakrankakra boaboaa nsɛmfua a na Davies de bɛyɛ nsɛm asekyerɛ nhoma a nsɛmfua 10,000 wom wɔ mfirihyia 50 akyi no ano.

Afei na Tahiti kasa no kyerɛw nso yɛ asɛnnennen. Asɛmpatrɛwfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ eyi denam sɛnea wɔkyerɛw Engiresi kasa mu nsɛmfua a wɔde dii dwuma so. Nanso, Latin nkyerɛwde a Engiresi de di dwuma no ne Tahiti kasa mu nnyigyei no anhyia. Enti, wosusuw kasa no nnyigyei ne sɛnea wɔkyerɛw no ho mpɛn pii. Esiane sɛ na asɛmpatrɛwfo no ne nnipa a wodi kan koraa a wɔkɔɔ South Seas kɔkyerɛw ɔkasa a wɔka wɔ hɔ nti, wɔbɔɔ wɔn tirim kyerɛw nsɛmfua foforo. Wɔansusuw ho da sɛ wɔn adwuma a wɔyɛe no na na wɔbɛhwɛ so akyerɛw South Pacific kasa ahorow no mu pii akyiri yi.

Na Wonni Nnwinnade Pii Nanso na Wɔwɔ Nyansakwan Pii

Na nhwehwɛmu nhoma ahorow kakraa bi pɛ na na nsɛm asekyerɛfo no wɔ. LMS no kae sɛ wɔmfa Textus Receptus ne King James Version nni dwuma sɛ wɔn nhoma titiriw. Nott kae sɛ LMS no mmrɛ wɔn Hebri ne Hela nsɛm asekyerɛ nhoma ne Bible a ɛwɔ saa kasa abien no mu. Yennim sɛ ebia ne nsa kaa saa nhoma no. Davies de, onyaa nhomanimfo nhoma bi fii ne nnamfo a wɔwɔ Wales hɔ. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no na ɔwɔ Hela nsɛm asekyerɛ nhoma, Hebri Bible, Apam Foforo a ɛwɔ Hela mu, ne Septuagint no.

Saa bere no nyinaa na asɛmpatrɛwfo no asɛnka adwuma no nsow aba. Ɛwom sɛ na asɛmpatrɛwfo no adi mfirihyia 12 wɔ Tahiti de, nanso na wɔmmɔɔ ɛhɔfo no biako mpo asu. Awiei koraa no, amanko a ɛkɔɔ so wɔ hɔ bere nyinaa no maa asɛmpatrɛwfo no nyinaa guan kɔɔ Australia, gye ɔkokodurufo Nott nkutoo. Bere bi no na ɔno nkutoo ne ɔsɛmpatrɛwfo a ɔwɔ Windward Islands a ɛyɛ Society Islands no fã no so, nanso na ɛsɛ sɛ odi Ɔhene Pomare II akyi bere a ɔhene no guan kɔɔ supɔw Moorea a ɛbɛn hɔ so no.

Nanso, Nott akwantu no amma wannyae nsɛm asekyerɛ adwuma no, na bere a Davies dii mfirihyia abien wɔ Australia no, ɔsan kɔkaa Nott ho. Saa bere no na Nott asua Hela ne Hebri ahu saa kasa ahorow no yiye. Enti, ofii ase kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi ase kɔɔ Tahiti kasa mu. Ɔpaw Bible no afã bi a na ɛhɔfo no betumi ate emu nsɛm ase ntɛm no.

Bere a na Nott ne Davies abom reyɛ adwuma no, Nott fii ase kyerɛɛ Luka Asɛmpa no ase, na owiei wɔ September 1814 mu. Ɔhyehyɛɛ nsɛm bi sɛnea wɔka wɔ Tahiti kasa mu, na Davies de totoo kyerɛw nsɛm a na ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Wɔ afe 1817 mu no, Ɔhene Pomare II kae sɛ wɔmma ontintim Luka Asɛmpa no kratafa a edi kan no. Ɔde ne nhomatintim afiri ketewa bi a asɛmpatrɛwfo no de baa Moorea no na etintimii. Wontumi nka Tahiti kasa mu Bible nkyerɛase no ho asɛm nwie a wɔremmɔ Tahitini ɔnokwafo bi a ne din de Tuahine a ɔkaa asɛmpatrɛwfo no ho mfe no nyinaa mu boaa wɔn ma wɔtee kasa no ase yiye no din.

Wowiee Nkyerɛase No

Wɔ afe 1819 mu, adwumaden a wɔde mfirihyia asia yɛe akyi no, wɔkyerɛɛ Nsɛmpa no, Asomafo no Nnwuma, ne Nnwom nhoma no ase wiei. Asɛmpatrɛwfo foforo de nhoma tintim afiri bae, na ɛboae ma saa Bible mu nhoma ahorow yi tintim ne ne kyekyɛ nyaa nkɔanim.

Wɔde wɔn ho hyɛɛ nsɛm asekyerɛ, emu hwɛ, ne emu nsakrae mu denneennen. Bere a Nott traa Tahiti mfirihyia 28 akyi no, ɔyaree wɔ afe 1825 mu, na LMS no ma ɔsan baa England. Anigyesɛm ne sɛ, eduu saa bere no na wɔreyɛ akyerɛ Hela Kyerɛwnsɛm no ase awie. Ɔkɔɔ so kyerɛɛ Bible nkae no ase wɔ kwan a na ɔretu akɔ England ne bere a ɔde traa hɔ no mu. Nott san baa Tahiti wɔ afe 1827 mu. Mfirihyia awotwe akyi, wɔ December 1835 mu no, ogyaee nkyerɛase adwuma. Bere a wɔde bɛboro mfirihyia 30 yɛɛ adwumaden akyi no, wɔkyerɛɛ Bible mũ no nyinaa ase wiei.

Wɔ afe 1836 mu no, Nott san tuu kwan kɔɔ England sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔatintim Tahiti kasa mu Bible mũ no nyinaa wɔ London. Wɔ June 8, 1838 mu no, Nott a n’ani agye no de Tahiti Bible a edi kan a wɔatintim no kɔmaa Ɔhemmaa Victoria. Ntease wom sɛ na saa bere yi yɛ anigye mmoroso bere ma kan ɔdantofo a mfirihyia 40 a atwam no ɔde po so hyɛn Duff tuu kwan, na ɔde ne ho hyɛɛ Tahitifo amammerɛ mu de wiee adwuma kɛse yi, adwuma a ɔde ne nkwa nna nyinaa yɛe no.

Asram abien akyi no, Nott san de n’ani kyerɛɛ South Pacific a na ɔde Tahiti kasa mu Bible nnaka 27 a mfuamfua 3,000 a edi kan a wotintimii wom rekɔ hɔ. Bere a wogyinae wɔ Sydney no, ɔyaree bio, nanso wampɛ sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nnaka a ɛsom bo no ho. Bere a ne ho tɔɔ no no, oduu Tahiti afe 1840 mu, na ɔmanfo befuw ne nneɛma ho a na wɔrepɛ Tahiti kasa mu Bible no bi. Nott wui wɔ Tahiti wɔ May 1844 mu bere a na wadi mfirihyia 70.

Dwuma Kɛse a Adi

Nanso Nott adwuma no angu. Ne nkyerɛase no dii dwuma kɛse wɔ Polynesia kasa ahorow mu. Asɛmpatrɛwfo no nam Tahiti kasa a wɔkyerɛwee no so koraa so. Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Nott na ɔma yenyaa Tahiti kasa mmara a edi mũ. Ɛho behia bere nyinaa sɛ yɛhwɛ Bible mu na ama yɛatumi asua Tahiti kasa no ankasa.” Nsi a nsɛm asekyerɛfo yi de yɛɛ adwuma no ama wɔakora nsɛmfua mpempem pii so a anyera. Mfirihyia ɔha akyi no, nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Tahiti kasa mu Bible a ɛda nsow a Nott kyerɛɛ ase no ne Tahiti kasa mu nhoma a edi mũ—obiara gye tom.”

Ɛnyɛ Tahitifo nkutoo na wonyaa adwuma a ɛho hia yi so mfaso na mmom ɛma wonyaa nea wobegyina so akyerɛ South Pacific kasa ahorow ase. Sɛ nhwɛso no, nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ Cook Islands ne Samoa de yɛɛ nhwɛsode. Nsɛm asekyerɛfo bi kae sɛ: “Madi Owura Nott a mahwehwɛ ne nkyerɛase no mu yiye no akyi ankasa.” Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nsɛm asekyerɛfo bi ‘hwɛɛ Hebri Nnwom nhoma no ne Engiresi ne Tahiti kasa mu de so’ bere a na ‘ɔrekyerɛ Dawid nnwom no ase akɔ Samoa kasa mu no.’

Bere a asɛmpatrɛwfo a na wɔwɔ Tahiti no redi Ɔkanyan a ɛwɔ England no mufo nhwɛso akyi no, wɔde anigye hyɛɛ akenkan ne akyerɛw ho nkuran. Nokwarem no, bɛboro mfirihyia ɔha no, na Bible nkutoo ne nhoma a Tahitifo wɔ. Enti ɛbɛyɛɛ ade titiriw wɔ Tahitifo asetra mu.

Onyankopɔn din a epuee Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu mpɛn pii no yɛ nneɛma a eye sen biara wɔ Nott Version mu no biako. Ne saa nti, ɛnnɛ wonim Yehowa din no yiye wɔ Tahiti ne ne nsupɔw so. Wohu wɔ Protestantfo asɔredan ahorow bi ho mpo. Nanso, ɛnnɛ wɔde Onyankopɔn din no bata Yehowa Adansefo ne wɔn asɛnka adwuma a wɔde Tahiti kasa mu Bible a Nott ne n’ahokafo kyerɛɛ ase no di dwuma kɛse wom wɔ ne yɛ no ho titiriw. Na adwumaden a nsɛm asekyerɛfo te sɛ Henry Nott yɛe no kae yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ sɛ adesamma mu fã kɛse no ara nsa tumi ka Onyankopɔn Asɛm nnɛ no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Tahiti kasa mu Bible nkyerɛase a edi kan, afe 1815. Yehowa din pue wom

Henry Nott (1774-1844), Tahiti kasa mu Bible asekyerɛfo titiriw

[Nsɛm Fibea]

Tahiti kasa mu Bible: Copyright the British Library (3070.a.32); Henry Nott ne krataa: Collection du Musée de Tahiti et de ses Îles, Punaauia, Tahiti; gyidikasɛm: London Missionary Society Papers na wɔmaa ho kwan, Alexander Turnbull Library, Wellington, New Zealand

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Tahiti ne Wales kasa mu gyidikasɛm a wɔyɛɛ no afe 1801 mu baabi a Onyankopɔn din pue

[Asɛm Fibea]

London Missionary Society Papers na wɔmaa ho kwan, Alexander Turnbull Library, Wellington, New Zealand

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Protestant asɔredan a Yehowa din wɔ anim, Huahine supɔw, French Polynesia

[Asɛm Fibea]

Avec la permission du Pasteur Teoroi Firipa