Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti A Yɛn Nkutoo Ntumi Nyɛ Biribiara

Nea Enti A Yɛn Nkutoo Ntumi Nyɛ Biribiara

Nea Enti A Yɛn Nkutoo Ntumi Nyɛ Biribiara

“Baanu ye sen obiako . . . na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so.”​—Ɔhene Salomo

TETE Israel hene Salomo kae sɛ: “Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn; na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so, na obiakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho mma no so nnue.” (Ɔsɛnkafo 4:​9, 10) Enti saa onyansafo a ogyen n’ani hwɛɛ nnipa nneyɛe yi si hia a yehia fekubɔ ne hia a enhia sɛ yɛtew yɛn ho no so dua. Nanso, na eyi nyɛ onipa nsusuwii kɛkɛ. Asɛm a Salomo kae no fi Onyankopɔn nyansa ne ne honhom mu.

Nyansa nnim sɛ yɛbɛtew yɛn ho. Adesamma hia wɔn ho wɔn ho. Yɛn nyinaa hia ahoɔden ne mmoa bi a afoforo nkutoo na wobetumi de ama yɛn. Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.” (Mmebusɛm 18:1) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ asetram nsɛm ho animdefo hyɛ ankorankoro nkuran sɛ wɔnnɔm kuw bi na wɔnkyerɛ afoforo ho anigye.

Nneɛma a Ɔbenfo Robert Putnam kamfo kyerɛ sɛ ebetumi ama nkurɔfo ayɛ nneɛma abom no bi ne sɛ “yɛbɛma nyamesom anya nkɛntɛnso kɛse.” Yehowa Adansefo da nsow wɔ eyi mu efisɛ wonya ahobammɔ wɔ asafo ahorow a ɛte sɛ abusua a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Nea ɛne ɔsomafo Petro nsɛm no hyia no, ‘wɔdɔ anuanom’ a ‘wosuro Onyankopɔn no nyinaa.’ (1 Petro 2:​17) Adansefo no kwati ankonamyɛ ne nnebɔne a efi mu ba no efisɛ nnwuma pa pii a ɛbata nokware som ho no ma wɔyere wɔn ho boa wɔn mpɔtamfo ma wosua nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no ho ade.​—2 Timoteo 2:15.

Ɔdɔ ne Fekubɔ Sakraa Wɔn Asetra

Yehowa Adansefo wɔ fekuw bi a emuni biara di dwuma titiriw bi. Sɛ nhwɛso no, susuw Miguel, Froylán, ne Alma Ruth, nnipa baasa a wofi Latin-Amerika abusua koro mu asɛm no ho hwɛ. Wɔde dompe mu dɛmdi bi woo wɔn a ɛmaa wɔn nyinaa yɛɛ ntiantiaa. Wɔn baasa nyinaa aka mmubuafo agua mu. Ɔkwan bɛn so na wɔne Adansefo no fekubɔ aka wɔn asetra?

Miguel ka sɛ: “Mekɔɔ ahohia mmere mu, nanso bere a mifii ase ne Yehowa nkurɔfo bɔɔ fekuw no, m’asetra sakrae. Obi ho a ɔbɛtew no yɛ hu ankasa. Mfɛfo gyidifo a me ne wɔn bɔe wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase dapɛn biara no boaa kɛse ma minyaa anigye ne abotɔyam.”

Alma Ruth de ka ho sɛ: “Ná metaa nya adwenemhaw ankasa; na midi awerɛhow kɛse. Nanso bere a misuaa Yehowa ho ade no, metee nka sɛ metumi ne no anya abusuabɔ pa. Ɛno bɛyɛɛ ade a ɛsom bo sen biara ma me wɔ asetram. M’abusua aboa yɛn yiye, na ɛno ama yɛayɛ biako ankasa.”

Miguel papa fi ɔdɔ mu kyerɛɛ Miguel akenkan ne akyerɛw. Miguel nso boaa Froylán ne Alma Ruth maa wɔn nso huu akenkan ne akyerɛw. Na eyi yɛ ade a ɛho hia ma wɔn honhom fam yiyedi. Alma Ruth ka sɛ: “Akenkan a yesuae no boaa yɛn kɛse efisɛ afei na wobetumi asiesie yɛn wɔ honhom fam denam Bible ne Bible ho nhoma ahorow a yɛkenkan no so.”

Mprempren, Miguel som sɛ Kristoni panyin. Froylán akenkan Bible mũ no nyinaa mpɛn akron. Alma Ruth atrɛw ne som a ɔde ma Yehowa no mu, na wasom sɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo fi afe 1996 mu. Ɔka sɛ: “Yehowa nhyira so na menam adu saa botae yi ho, efisɛ minya me nuanom mmea a medɔ wɔn no mmoa, na ɛnyɛ asɛm no nko na wɔboa me ma meka, na mmom wɔboa me ma mekyerɛkyerɛ, na wɔboa me ma meyɛ Bible adesua 11 a matumi afi ase no.”

Onipa foforo a ɔyɛ nhwɛso fɛfɛ biako ne Emelia, a onyaa akwanhyia a na ɛhwehwɛ sɛ ɔtra mmubuafo agua mu esiane sɛ opiraa ne nan ne n’akyi berɛmo mu nti no. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico City no ne no suaa Bible no, na wɔbɔɔ no asu wɔ 1996 mu. Emelia ka sɛ: “Ansa na merehu nokware no, na mepɛ sɛ mikum me ho; na mempɛ sɛ mɛtra nkwa mu bio. Metee nka sɛ minni anidaso biara, na misui awia ne anadwo. Nanso bere a me ne Yehowa nkurɔfo bɔe no, metee nka sɛ anuanom dɔ me. Anigye a wɔkyerɛe wɔ me ho no ahyɛ me nkuran. Mpanyimfo no biako ayɛ sɛ onua anaa agya ama me. Ɔne asafo mu asomfo foforo bi de me kɔ nhyiam ahorow ne asɛnka bere a mete me mmubuafo agua mu no.”

Ná José, a wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Ɔdansefo wɔ 1992 mu no nkutoo na ɔte. Wadi mfirihyia 70, na ɔkɔɔ pɛnhyen wɔ afe 1990 mu. Ná José taa nya adwenemhaw, nanso bere a Ɔdansefo bi kaa asɛm no kyerɛɛ no no, ntɛm ara na ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow. N’ani gyee nea ɔtee na ohui wɔ hɔ no ho. Sɛ nhwɛso no, ohuu fekubɔ a anuanom ne no anya no, na ɔtee nka sɛ wodwen ne ho sɛ onipa. N’asafo mu mpanyimfo ne asomfo na wɔhwɛ no seesei. (Filipifo 1:1; 1 Petro 5:2) Mfɛfo gyidifo a wɔte saa no ‘yɛ awerɛkyekye’ ma no. (Kolosefo 4:​11) Wɔde no kohu oduruyɛfo, kɔsra no wɔ fie, na wɔaboa no wɔ oprehyɛn ahorow anan a wɔayɛ no mu. Ɔka sɛ: “Wodwen me ho. Wɔyɛ m’abusua ankasa. M’ani gye wɔn fekubɔ ho.”

Nokware Anigye Wɔ Ɔma Mu

Bere a Ɔhene Salomo kae sɛ “baanu ye sen obiako” no, ná ɔkaa adehunu a ɛyɛ sɛ obi de n’ahoɔden nyinaa bɛhwehwɛ honam fam nneɛma no ho asɛm nkyɛe. (Ɔsɛnkafo 4:​7-9) Ɛno pɛpɛɛpɛ na nnipa pii di akyi ankasa nnɛ, ɛmfa ho mpo sɛ ɛno hwehwɛ sɛ wɔde nnipa ntam abusuabɔ, wɔ abusua no mu ne akyi nyinaa, bɔ afɔre no.

Saa adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya honhom no ama nnipa pii atew wɔn ho afi afoforo ho. Eyi mfaa anigye ne abotɔyam biara mmrɛɛ wɔn wɔ asetram, efisɛ wɔn a wogyae wɔn ho mu ma honhom a ɛte saa no taa hyia abasamtu ne huammɔdi. Nea ɛne no bɔ abira no, kyerɛwtohɔ a yɛaka ho asɛm seesei ara no kyerɛ nkɛntɛnso pa a obi nya bere a ɔne wɔn a wɔsom Yehowa na wɔdɔ no ne wɔn afipamfo bɔ fekuw no. Kristofo nhyiam ahorow a yɛkɔ daa, mmoa a mfɛfo Kristofo yɛ yɛn, susuw a wosusuw yɛn ho, ne nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no yɛ nneɛma titiriw a ɛboaa saafo yi ma wodii nkate bɔne a ankonamyɛ de bae no so.​—Mmebusɛm 17:​17; Hebrifo 10:​24, 25.

Esiane sɛ yɛdan yɛn ho yɛn ho nti, ɛyɛ ne kwan so sɛ nneɛma a yɛyɛ ma afoforo no de abotɔyam ba. Albert Einstein a ne nnwuma boaa afoforo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yehu bo a obi som . . . no wɔ n’adema mu na ɛnyɛ nea ogye mu.” Eyi ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm yi hyia sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:​35) Enti, bere a eye sɛ afoforo bɛdɔ wo no, ɛkyerɛ akwahosan ankasa nso sɛ wubeyi ɔdɔ adi akyerɛ afoforo.

Ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔde mfe pii asrasra asafo ahorow ahyɛ wɔn den wɔ honhom fam na waboa ma wɔasisi nhyiambea pii ama Kristofo a wodi hia no da ne nkate adi saa kwan yi so sɛ: “Anigye a minya bere a mesom me nuanom ne hu a mihu sɛ anisɔ ahyɛ wɔn ma no kanyan me ma mekɔ so hwehwɛ hokwan ahorow a mede bɛboa. Osuahu a manya ne sɛ afoforo ho anigye a wobɛkyerɛ no de anigye ba. Na minim sɛ sɛ́ mpanyimfo no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘sɛ mframa ano hintabea . . . , sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.’”​—Yesaia 32:2.

Hwɛ Anigye a Ɛyɛ sɛ Yɛbɛbom Atra Faako!

Nokwarem no, afoforo a yɛboa wɔn ne adamfofa a yɛne wɔn a wɔsom Yehowa benya no de mfaso pii ne nokware anigye ba. Odwontofo no kae sɛ: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.” (Dwom 133:1) Abusua mu biakoyɛ yɛ ade titiriw a ɛma abusuafo boa wɔn ho wɔn ho, sɛnea ɛdaa adi wɔ Miguel, Froylán, ne Alma Ruth asɛm no mu no. Na hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho bɛbɔ wɔ nokware som mu! Bere a ɔsomafo Petro tuu Kristofo kununom ne ɔyerenom fo wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “N’awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.”​—1 Petro 3:8.

Nokware adamfofa de nhyira pii ba, nkate ne honhom fam nyinaa. Bere a ɔsomafo Paulo rekasa akyerɛ ne mfɛfo gyidifo no, otuu wɔn fo sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa. . . . Munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho.”​—1 Tesalonikafo 5:​14, 15.

Enti, hwehwɛ akwampa a wobɛfa so ayɛ afoforo papa. ‘Yɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no’ efisɛ eyi bɛma atirimpɔw ankasa aba w’asetram na ama woanya anigye ne abotɔyam kɛse. (Galatifo 6:​9, 10) Yesu suani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn, na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?” (Yakobo 2:​15, 16) Yenim saa asɛmmisa no mmuae dedaw. ‘Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn nko yɛn de, na mmom yɛnhwɛ afoforo de bi.’​—Filipifo 2:4.

Sɛ honam fam mmoa a Yehowa Adansefo yɛ afoforo bere a wohia biribi titiriw anaa bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no da nkyɛn a, wɔbɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛboa mfɛfo nnipa wɔ ɔkwan bi a ɛho hia paa so​—denam Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka so. (Mateo 24:​14) Adansefo bɛboro 6,000,000 a wɔka anidaso ne awerɛkyekyesɛm yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ afoforo ho anigye ne ɔdɔ a edi mu. Nanso mmoa a yefi Kyerɛw Kronkron mu de ma afoforo no boa di onipa ahiade foforo ho dwuma nso. Dɛn ne saa ahiade no?

Ahiade Titiriw Bi Ho Dwuma a Wodi

Sɛ yebenya nokware anigye a, ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa. Wɔka sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, efi mfiase besi nnɛ, onipa anya nkate bi sɛ ɔbɛfrɛ biribi a ogye di sɛ ɛkorɔn na ɛwɔ tumi sen no koraa wɔ baabiara ne bere biara no kyerɛ sɛ wɔde nyamesom woo onipa, na ɛsɛ sɛ wogye tom wɔ nyansahu mu. . . . Ɛsɛ sɛ yɛde osuro, ahopopo ne nidi hu sɛnea onipa rehwehwɛ tumi pumpuni bi akyerɛ ne mu gyidi wɔ amansan nyinaa mu no.”​—Man Does Not Stand Alone, a A. Cressy Morrison kyerɛwee.

Yesu Kristo kae sɛ: ‘Anigye ne wɔn a honhom fam nneɛma ho hia wɔn.’ (Mateo 5:3) Nnipa nni yiye bere a wɔtew wɔn ho fi nnipa afoforo ho bere tenten no. Nanso, ɛyɛ hu koraa sɛ yɛbɛtew yɛn ho afi yɛn Bɔfo no ho. (Adiyisɛm 4:​11) Ɛsɛ sɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a yebenya na yɛde adi dwuma no yɛ ade titiriw wɔ yɛn asetram. (Mmebusɛm 2:​1-5) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi yɛn honhom fam ahiade ho dwuma, efisɛ yɛn nkutoo ntumi nyɛ biribiara bere a yɛtwe yɛn ho fi Onyankopɔn ho no. Asetra a anigye ne abotɔyam wom ankasa no gyina abusuabɔ pa a yɛne Yehowa, “ɔsorosoroni asase nyinaa so” no benya so.​—Dwom 83:18.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Miguel: “Mekɔɔ ahohia mmere mu, nanso bere a mifii ase ne Yehowa nkurɔfo bɔɔ fekuw no, m’asetra sakrae”

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Alma Ruth: “Bere a misuaa Yehowa ho ade no, metee nka sɛ metumi ne no anya abusuabɔ pa”

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Emelia: “Ansa na merehu nokware no, . . . metee nka sɛ minni anidaso biara”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nokware asomfo a yɛne wɔn bɔ fekuw no boa ma yedi yɛn honhom fam ahiade ho dwuma