Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ugarit​—Tete Kurow a na Ɛda Baal Nwini Ase

Ugarit​—Tete Kurow a na Ɛda Baal Nwini Ase

Ugarit​—Tete Kurow a na Ɛda Baal Nwini Ase

WƆ AFE 1928 mu no, Siriani okuafo bi fɛtɛw ade kɔkaa ɔbo bi a na ɛkata ɔboda bi a na tete nkuku sisi mu ano. Wanhu sɛnea na ade a wahu no ho hia. Bere a Fransefo kuw bi a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a Claude Schaeffer da wɔn ano tee ade a wɔahu no mpofirim yi ho asɛm no, wotuu kwan kɔɔ hɔ afe a edi hɔ no mu.

Ankyɛ na kuw no tuu nkyerɛwee bi a ɛma wotumi hui sɛ ɛhɔ yɛ amamfo so. Na ɛyɛ Ugarit, “tete nkurow a egyee din sen biara wɔ aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no mu biako.” Nhoma kyerɛwfo Barry Hoberman mpo kae sɛ: “Nneɛma a wɔatutu fam ahu biara, Ɛpo a Awu Nhoma Mmobɔwee no mpo, nni hɔ a ama yɛate Bible no ase yiye kɛse saa.”​—The Atlantic Monthly.

Nkwantanan So

Ná Ugarit a ɛda bepɔw bi a wɔfrɛ no Ras Shamra so wɔ Mediterranea Mpoano wɔ nnɛyi Siria atifi fam no yɛ firamanfiraman kurow a na ɛretrɛw paa wɔ mfirihyia apem a ɛto so abien A.Y.B. mu. Ná n’asase no trɛw bɛyɛ kilomita 60 fi Bepɔw Casius a ɛwɔ atifi fam kosi Tell Sukas a ɛwɔ anafo fam, na ɛtrɛw kilomita 30 kosi 50 fi Mediterranea no wɔ atɔe fam kosi Orontes Bon mu wɔ apuei fam.

Ayɛmmoa yɛɛ yiye wɔ Ugarit a ewim nyɛ hyew pii no. Wonyaa nnɔbae te sɛ awi, ngo, bobesa, ne nnua wɔ hɔ​—nneɛma a na ɛho yɛ den yiye wɔ Mesopotamia ne Misraim. Afei nso, aguadi kwan atitiriw nkwantanan so a na kurow no da no maa ɛyɛɛ amanaman ntam po so hyɛn gyinabea atitiriw a edi kan no mu biako. Wɔ Ugarit no, aguadifo a wofi Aegean, Anatolia, Babilon, Misraim, ne Mediterranea Supɔw no afã foforo tontɔn nnade, afum nnɔbae, ne nneɛma pii a na wɔyɛ wɔ hɔ no.

Ɛmfa ho sɛ na Ugarit di yiye wɔ honam fam no, ɛyɛɛ ahemman a na ɛhyɛ afoforo ase bere nyinaa. Na kurow no ne nea ɛda Misraim Ahemman no atifi fam tɔnn kosii sɛ ɛkɔkaa Heti Ahemman a na ɛnyɛ nyamesom man no ho wɔ afeha a ɛto so 14 A.Y.B. mu. Wɔhyɛɛ Ugarit ma etuaa tow na ɛde asraafo maa ne wuranom. Bere a “Ɛpo Sotefo” * ntuafo no fii ase sɛee Anatolia (Turkey mfinimfini fam) ne Siria atifi fam no, Hetifo no gyee asraafo ne akohyɛn fii Ugarit. Ne saa nti, Ugarit ankasa bɛyɛɛ nea enni ahobammɔ na wɔsɛee no pasaa wɔ bɛyɛ afe 1200 A.Y.B. mu.

Tete Nneɛma a Wɔsan Hui

Ugarit sɛe no ma ɛdan esiw kɛse a ne sorokɔ bɛyɛ mita 20, na ne trɛw bɛyɛ hekta 25. Saa beae yi nkyem asia mu biako na wɔatutu ahwehwɛ mu. Nneɛma a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu wɔ amamfo so hɔ no bi ne ahemfie kɛse bi a adan bɛyɛ ɔha ne abangua ahorow wom, na ne trɛw bɛyɛ mita ahinanan 10,000. Ná nsu a ɛnam durubɛn mu, aguaree ahorow, ne nsukã a nsufi fa mu wɔ ofie no mu. Ná wɔde sika kɔkɔɔ, aboɔden abo a ɛyɛ bruu, ne asonse aduradura nkongua no ho. Wɔahu asonse nhyehyɛmutɛre a wɔasen a ɛyɛ nwonwa yiye. Turo a afasu wɔ ho ne atare a wɔyeyɛe wɔ ahemfie hɔ no maa ɛhɔ yɛɛ fɛ yiye.

Ná Baal ne Dagan abosonnan ayeyɛ kurow no ne asasetaw a atwa ho ahyia no so ma. * Saa aban atenten yi, a ebia ne tenten bɛyɛ mita 20 no, na ntwironoo nketewa bi wɔ ano a wɔfa mu kɔ ɔdan kɛse bi a onyame no honi si mu no mu. Atrapoe bi kɔ abrannaa bi a na ɔhene no tra so hwɛ afahyɛ ahorow so no so. Ebetumi aba sɛ na wɔsosɔ nkanea sisi abosonnan no atifi ma ɛkyerɛ po so ahyɛn kwan ba hyɛn gyinabea hɔ anadwo anaa bere a ahum retu no. Akyinnye biara nni ho sɛ hyɛnmufo a wosusuwii sɛ ahum nyame Baal-Hadad na ɔhwɛ wɔn so ma wodi akɔneaba dwoodwoo no maa wɔn bɔhyɛ afɔrebɔde a na ɛyɛ abo sɛkyɛ 17 a wohui wɔ Baal-Hadad abosonnan mu hɔ no.

Nkyerɛwee a Ɛsom Bo a Wohui

Wohuu abopon mpempem pii wɔ Ugarit amamfo so nyinaa. Wɔahu nkyerɛwee a ɛfa sikasɛm, mmara, aman ntam nkitahodi, ne ɔman sohwɛ ho wɔ kasa horow awotwe mu wɔ nkyerɛwee anum mu. Schaeffer kuw no huu nkyerɛwee bi a ɛde besi saa bere no na wonnim kasa kõ a ɛyɛ​—wɔtoo ne din sɛ Ugarit​—ɛde cuneiform nkyerɛwde 30, a ɛyɛ nkyerɛwde a wɔahu a akyɛ sen biara no mu biako di dwuma.

Wɔ da biara da asetra ho nsɛm a Ugarit nkyerɛwee no ka akyi no, nkyerɛwee bi wom a ɛma wonya wɔn bere no so nyamesom ho adwene ne nneyɛe ho ntease foforo. Ɛte sɛ nea Ugaritfo nyamesom ne Kanaanfo a na wɔbɛn wɔn no de di nsɛ kɛse. Sɛnea Roland de Vaux kyerɛ no, saa nkyerɛwee yi “kyerɛ sɛnea na Kanaan asase no so anibuei te wɔ bere a aka kakraa bi ma Israel adi wɔn so no.”

Baal Kurow mu Nyamesom

Wɔbobɔ anyame ne anyamewa bɛboro 200 din wɔ Ras Shamra nkyerɛwee no mu. Ná El ne onyame pumpuni no, na wɔfrɛ no anyame ne nnipa agya. Na ahum nyame Baal-Hadad ne “nea ɔte omununkum so” ne “asase wura.” Wɔyɛ El mfonini sɛ akwakoraa nyansafo bi a n’abogyesɛ fitaa a ɔmmɛn nnipa koraa. Nanso, Baal yɛ onyame a ne ho yɛ den ne onuonyampɛfo a ɔpɛ sɛ odi anyame ne adesamma so.

Ebetumi aba sɛ na wɔkenkan nkyerɛwee a wohui no wɔ nyamesom afahyɛ ahorow te sɛ afe foforo anaa otwabere afahyɛ ase. Nanso, nkyerɛase no ankasa mu nna hɔ. Baal dii El dɔba, ɛpo nyame Yamm, so nkonim wɔ nniso ho apereperedi ho anwensɛm bi mu. Ebia saa nkonim yi maa Ugarit hyɛnmufo nyaa ahotoso sɛ Baal bɛbɔ wɔn ho ban wɔ po so. Mot dii Baal so wɔ akodi bi mu na osian kɔɔ asaman. Ɔpɛ sii ma nnipa antumi anyɛ adwuma biara. Baal yere ne ne nuabea Anat​—ɔdɔ ne ɔko nyamewa no​—kum Mot na ɔde Baal baa nkwa mu bio. Baal kunkum El yere, Athirat (Asherah) mmabarima, na ne nsa san kaa ahenni no. Nanso Mot san bae mfirihyia ason akyi.

Ebinom kyerɛ anwensɛm yi ase sɛ afe afe bere nkyekyɛm ho sɛnkyerɛnne a emu na ahohuru bere mu ɔhyew ano yɛ den di osu a ɛma nkwa so na osu no san ba otwabere mu. Afoforo susuw sɛ mfirihyia ason kyinhyiadi no fa ɔkɔm ne ɔpɛ a esi ho suro ho. Sɛnea ɛte biara no, wobuu Baal kɛseyɛ no sɛ ade a ɛho hia na ama adesamma adi yiye wɔ asetra mu. Nhomanimfo Peter Craigie ka sɛ: “Ná Baalsom no botae ne sɛ ɛbɛbɔ ne kɛseyɛ ho ban; na n’asomfo gye di sɛ, sɛ ɔkɔ so yɛ ɔkɛseɛ nkutoo a, na nnɔbae ne anantwi a ɛho hia paa na ama nnipa akɔ so atra nkwa mu no bɛkɔ so ayɛ yiye.”

Wɔbɔ Wɔn Ho Ban Fi Abosonsom Ho

Ade a ɛda adi pefee wɔ nkyerɛwee a wotutuu fam hui no mu ne Ugarit nyamesom mu ahohwibra no. The Illustrated Bible Dictionary ka sɛ: “Nkyerɛwee no kyerɛ nneɛma bɔne a efii anyame yi som mu bae no; akodi, aguamansɛm ne asetram animguasede na na wosi so dua.” De Vaux ka sɛ: “Sɛ obi kenkan anwensɛm yi a, ɔte sɛnea na ɔsom yi yɛ Yahwe asomfo anokwafo ne adiyifo atitiriw no abofono no ase.” Mmara a Onyankopɔn de maa tete Israel man no bɔɔ wɔn ho ban fii atoro som a ɛtete saa ho.

Wodii asumansɛm, nsoromma mu hwɛ, ne ntafowayi akyi kɛse wɔ Ugarit. Ɛnyɛ ɔsoro abɔde mu nko na wɔhwehwɛɛ nsɛnkyerɛnne na wobisaa ade na mmom yafunum ba a anyɛ yiye ne mmoa a wɔakum wɔn yam ade mu nso. Abakɔsɛm kyerɛwfo Jacqueline Gachet ka sɛ: “Ná wogye di sɛ onyame a na wokum aboa de bɔ afɔre ma no no ne aboa no bɛyɛ biako na onyame no honhom ne aboa no honhom ayɛ biako. Ne saa nti, sɛ wɔkenkan nsɛnkyerɛnne a ɛwɔ aboa no yam ade yi so no a, na wotumi hu anyame a wotumi bua asɛmmisa a ɛfa nsɛm a ebesisi daakye anaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ tebea pɔtee bi mu ho no sɛ yiw anaasɛ dabi no apɛde pefee.” (Le pays d’Ougarit autour de 1200 av.J.C.) Nea ɛne no bɔ abira no, na ɛsɛ sɛ Israelfo kwati nneyɛe a ɛtete saa no.​—Deuteronomium 18:​9-14.

Mose Mmara no baraa da a onipa ne aboa bɛda no pefee. (Leviticus 18:​23) Wobuu saa bra yi dɛn wɔ Ugarit? Wɔ nkyerɛwee a wohui no mu no, wohui sɛ na Baal ne nantwi ba da. Cyrus Gordon a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no kae sɛ: “Sɛ wɔka sɛ na Baal dan nantwinini ansa na wayɛ ade a ɛte saa no a, yentumi nka sɛ na n’asɔfo a wɔyɛ ayɛsɛm mu nneɛma a ɔyɛe no ankasa no nso dan anantwinini bere a wɔyɛ ade a ɛte saa no.”

Wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ: “Monnsesa mo ho nkamaa mmma awufo.” (Leviticus 19:​28) Nanso, bere a El redi Baal wu ho awerɛhow no, “ɔde sekan twitwaa ne ho, de oyiwan bobɔɔ ne ho akam; otwitwaa n’afono ne n’abogye.” Ɛda adi sɛ akam a na Baal asomfo bobɔ wɔn ho no yɛ ade a na wɔtaa yɛ.​—1 Ahene 18:28.

Ɛte sɛ nea Ugarit tete anwensɛm bi ka sɛ na oguan ba a wɔnoa no wɔ ne na nufusu mu no ka abawo ho amanne a na abu so wɔ Kanaanfo nyamesom mu no ho. Nanso, wɔhyɛɛ Israelfo no wɔ Mose Mmara no mu sɛ: “Nnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu.”​—Exodus 23:19.

Bible Nkyerɛwee a Wɔde Toto Ho

Wɔnam Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible no mmoa so titiriw na ɛkyerɛɛ Ugarit mfitiase nkyerɛwee no ase. Peter Craigie ka sɛ: “Nsɛmfua pii wɔ hɔ a wɔde dii dwuma wɔ Hebri nkyerɛwee no mu a ne ntease mu nna hɔ, na ɛtɔ mmere bi a yennim; nsɛm asekyerɛfo a wɔtraa ase ansa na afeha a ɛto so 20 reba no nam akwan horow so bɔɔ wɔn tirim kyerɛɛ ase. Nanso sɛ nsɛmfua a ɛte saa ara pue wɔ Ugarit nkyerɛwee no mu a wotumi te ase.”

Sɛ nhwɛso no, wɔtaa kyerɛ Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Yesaia 3:​18 no ase sɛ “ntamma.” Ugarit asɛmfua a ɛte saa kyerɛ owia ne owia nyamewa. Enti, ebetumi aba sɛ Yerusalem mmea a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ mu sɛ wɔhyehyɛ owia ne “asramfã ahyehyɛde” nketewa no hyɛɛ Kanaanfo anyame anuonyam.

Wɔ Masoret nkyerɛwee mu wɔ Mmebusɛm 26:​23 no, wɔde “ano fremfrem ne amumɔyɛ koma” toto kuruwa a wɔde “dwetɛ fĩ” adura ho ho. Ugarit mfitiase nkyerɛwee no ma wotumi yɛ ntotoho saa kwan yi so sɛ “ɛte sɛ efĩ a adura kurowagow ho.” New World Translation kyerɛ bɛ yi ase ma ɛfata sɛ: “Ano dɛdɛ ne koma bɔne te sɛ dwetɛ fĩ a wɔde adura kurowagow ho.”

So Ɛso na Wogyina Kyerɛw Bible No?

Ras Shamra nkyerɛwee no mu nhwehwɛmu ama nhomanimfo bi aka sɛ Ugarit anwensɛm nhoma mu nsɛm na wɔfa kyerɛw Bible no afã bi. André Caquot, Fransefo Asuae no muni ka sɛ “Israelfo som gyina Kanaanfo amammerɛ so.”

Ɛdefa Dwom 29 ho no, Mitchell Dahood a ɔwɔ Popenom Bible Asuae a ɛwɔ Rome no ka sɛ: “Saa dwom yi yɛ tete Kanaanfo dwom a na wɔto ma ahum nyame Baal a Yahwe asomfo afa . . . Ɛkame ayɛ sɛ yebetumi anya dwom no mu asɛmfua biara wɔ tete Kanaanfo nkyerɛwee mu.” So asɛm a ɛte saa no yɛ nokware? Dabida!

Nhomanimfo pii a wɔnyɛ katee no ahu sɛ nsɛdi no ho asɛm no yɛ nea wɔaka agugu mu. Afoforo akasa atia nea wɔfrɛ no Ugarit kasa a wɔkyerɛ sɛ emu na wonyaa biribiara no. Nyamekyerɛfo Garry Brantley ka sɛ: “Ugarit nkyerɛwee biara nni hɔ a ɛne Dwom 29 di nsɛ koraa. Adanse biara nni hɔ a obi betumi agyina so aka sɛ Dwom 29 (anaa Bible mu asɛm foforo bi) yɛ abosonsomfo atosɛm na wɔafa aka.”

So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsɛdi bi wɔ kasakoa, anwensɛm, ne sɛnea wɔakyerɛw no mu no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔfaa emu nsɛm kae? Dabi, mmom no, yebetumi ahwɛ nsɛdi a ɛte saa kwan. The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Nea ɛde nsɛdi yi aba ne sɛnea wɔakyerɛw no ne emu nsɛm a egyina amammerɛ so no: ɛmfa ho sɛ na Ugarit ne Israel ntam kwan ware na nsonsonoe kakra wɔ wɔn mu no, na wɔyɛ abusua kɛse a wɔn anwensɛm ne wɔn nyamesom mu nsɛm di nsɛ no fã.” Enti Garry Brantley de ba awiei sɛ: “Ɛmfata sɛ wobegyina nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa so akyerɛ sɛ Bible mu nsɛm fi abosonsomfo gyidi mu esiane nsɛdi a ɛwɔ nsɛmfua a wɔde di dwuma mu nti.”

Nea edi akyiri koraa no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ sɛ nsɛdi bi wɔ Ras Shamra nkyerɛwee ne Bible de mu a, ɛyɛ nkyerɛwee no nkutoo, na ɛnyɛ honhom fam nneɛma mu. Cyrus Gordon a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ka sɛ: “Abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn a ɛwɔ Bible mu no [nni] Ugarit nkyerɛwee mu.” Nokwarem no, nsonsonoe a ɛwom so sen emu nsɛdi ahorow biara koraa.

Ɛda adi sɛ Ugarit nkyerɛwee ho adesua no bɛkɔ so aboa Bible asuafo ma wɔate Bible akyerɛwfo ne Hebri man no nyinaa amammerɛ, abakɔsɛm, ne wɔn nyamesom ase. Ebia hwehwɛ a wɔbɛkɔ so ahwehwɛ Ras Shamra nkyerɛwee mu no nso bɛma yɛanya tete Hebri kasa no mu ntease foforo. Nanso, nea ɛsen ne nyinaa no, nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ Ugarit no kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ Baalsom a ɛyɛ animguase ne ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Wɔtaa kyerɛ sɛ “Ɛpo Sotefo” no yɛ hyɛnmufo a wofi Mediterranea nsupɔw so ne ne mpoano. Ɛbɛyɛ sɛ na Filistifo ka wɔn ho.​—Amos 9:7.

^ nky. 10 Bere a adwene a nkurɔfo kyerɛ gu ahorow no, ebinom kyerɛ sɛ Dagan abosonnan no ne El abosonnan. Roland de Vaux, Franseni nhomanimfo ne ɔbenfo a na ɔwɔ Yerusalem Bible Adesua Sukuu no mu no kyerɛ sɛ Dagan​—Dagon a wɔka ne ho asɛm wɔ Atemmufo 16:​23 ne 1 Samuel 5:​1-5 no​—ne El din ankasa. The Encyclopedia of Religion ka sɛ ebetumi aba sɛ “ɔkwan bi so no na Dagan ne [El] wɔ abusuabɔ anaasɛ wɔyɛ biako.” Wɔ Ras Shamra nkyerɛwee no mu no, wɔfrɛ Baal sɛ Dagan babarima, nanso yennim nea “ɔbabarima” no kyerɛ wɔ ha no yiye.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

Nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ Ugarit no ama Kyerɛwnsɛm mu ntease a yɛwɔ no ayɛ kɛse

[Asase Mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Heti Ahemman no wɔ afeha a ɛto so 14 A.Y.B. no mu

MEDITERRANEA PO

Eufrate

BEPƆW CASIUS (JEBEL EL-AGRA)

Ugarit (Ras Shamra)

Tell Sukas

Orontes

SIRIA

MISRAIM

[Nsɛm Fibea]

Baal honi ketewa ne kuku a wɔayɛ no aboa ti sɛso: Musée du Louvre, Paris; ahemfie mfonini: © D. Héron-Hugé pour “Le Monde de la Bible”

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ahemfie no ntwironoo no nkae

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ugarit atetesɛm mu anwensɛm betumi ama yɛahu Exodus 23:​19 ho nsɛm

[Asɛm Fibea]

Musée du Louvre, Paris

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Baal nkaedum

Sika kɔkɔɔ prɛte a ɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ ha

Asonse adaka a wɔde ahoɔfɛ ntoaso gu mu mmuaso a abawo nyamewa mfonini wɔ ho

[Asɛm Fibea]

Mfonini no nyinaa: Musée du Louvre, Paris