Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akatua a Ɛyɛ Anigye a Efi Boasetɔ ne Animia Mu Ba

Akatua a Ɛyɛ Anigye a Efi Boasetɔ ne Animia Mu Ba

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Akatua a Ɛyɛ Anigye a Efi Boasetɔ ne Animia Mu Ba

YESU KRISTO ka siei sɛ wɔ nna a edi akyiri mu no, ‘nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.’ Ne saa nti, wɔ wiase no mmeae pii nnɛ no, nnipa dodow no ara yɛ anibiannaso wɔ Ahenni asɛmpa no ho. Ebinom bu ɔsom animtiaa mpo.​—Mateo 24:​12, 14.

Ne saa mpo no, denam gyidi ne boasetɔ so no, Ahenni adawurubɔfo redi nsɛnnennen no so yiye, sɛnea osuahu a edi so a efi Czech Republic kyerɛ no.

Adansefo baanu kasa kyerɛɛ awuraa bi a ogyina ɔpon a wɔato mu akyi. Bere tiaa bi akyi no, obuee ɔpon no ketewaa bi na ɔteɛɛ ne nsa soo Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a Adansefo no de rema no no mu. Ɔkae sɛ “meda ase,” na ɔtoo pon no mu. Adansefo no susuw ho sɛ “wɔnsan nkɔ hɔ bio anaa?” Wɔn mu biako a ɔyɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa somfo, sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔsra no, nanso tebea koro no ara na esii bio, na eyi kɔɔ so afe.

Bere a ɔkwampaefo no sii gyinae sɛ ɔbɛsakra ɔkwan a ɔfa so di adanse no, ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa hɔ mmoa. Bere foforo a ɔmaa ɔbea no nsɛmma nhoma no, obisaa ɔbea no nsɛm wɔ adamfofa kwan so: “Wo ho te dɛn? So w’ani gyee nsɛmma nhoma no ho?” Mfiase no, wamma mmuae biara, nanso wɔ nsrahwɛ kakra bi akyi no, ɔbea no fii ase yii adamfofa su adi. Bere bi de, obue ɔpon no ano kɛse, nanso nkɔmmɔbɔ no ankyɛ.

Esiane sɛ na ɔbea no mpɛ sɛ ɔbɛkasa wɔ ɔpon no ano nti, ɔkwampaefo no sii gyinae sɛ ɔbɛkyerɛw no krataa de akyerɛkyerɛ atirimpɔw nti a ɔkɔ ne nkyɛn mu na ɔne no ayɛ Bible adesua. Awiei koraa no, bere a ɔkwampaefo no bɔɔ mmɔden nyaa ne ho abotare afe ne fã akyi no, onyaa hokwan ne ofiewura no fii Bible adesua ase. Ne ho dwiriw no nanso ɛhyɛɛ no nkuran bere a akyiri yi ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Efi bere a wufii ase de nsɛmma nhoma no brɛɛ me no, magye Onyankopɔn adi.”

Nokwarem no, boasetɔ ne animia betumi ama yɛanya anigye wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu.​—Mateo 28:​19, 20.